“Yɛma Wo Akye! So Wunim Onyankopɔn Din?”
Yehowa Adansefo baa dwumadibea a ɛwɔ Brazil no nsa kaa krataa a edi hɔ yi fii ntaafo bi a wɔadi mfe 12 a wɔwɔ Fortaleza kuropon mu no nkyɛn:
“Wɔ 1990 mu bere a yɛwɔ mfitiase sukuu gyinapɛn a ɛto so anum no, yɛn sukuu no yɛɛ nyansahu, adwinni, ne amammerɛ ɔyɛkyerɛ bi. Yɛkyerɛkyerɛɛ mu kyerɛɛ ɔkyerɛkyerɛfo no sɛ yɛpɛ sɛ nea yɛde bɛkyerɛ no yɛ soronko wɔ nea sukuufo afoforo no reyɛ ho nhyehyɛe no ho. Esiane sɛ ná wate pɛn sɛ yɛreka Yehowa ne Bible no ho asɛm nti, ɔhyɛɛ nyansa sɛ: ‘Ɛnde mubetumi akyerɛw mo Nyankopɔn no ho asɛm!’
“Yehuu eyi sɛ hokwan a yɛde bedi adanse, na yesii gyinae sɛ yɛde Bible nhoma ahorow a ɛtwe adwene si Yehowa din so bɛkyerɛ. Yɛkyerɛw nsɛm a ɛwɔ Dwom 83:18 no akɛse na yɛde fam Bible a wɔabue mu mfonini bi so. Afei nso, yɛde Bible nkyerɛase ahorow a Yehowa din wom guu ɔpon no so. Yɛde Bible nhoma ahorow guu ɔpon koro no ara so. Yɛde video afiri sii ɔpon no so wɔ ano na yɛde akyerɛ nkurɔfo nhwɛso biako a ɛne Yehowa din a wɔde dii dwuma wɔ sini bi a agye din kɛse mu.
“Wɔ dwumadi no mu no, sɛ obi ba yɛn pon no ho a, yɛka sɛ: ‘Yɛma wo akye! So wunim Onyankopɔn din?’ Bere a yɛama ɔhoho no hokwan ma wabua awie no, yɛtoa so sɛ: ‘Hwɛ ha! Bible nkyerɛase ahorow pii kyerɛ sɛ ne din ne Yehowa,’ na yɛkyerɛ no din no wɔ Bible ahorow te sɛ João Ferreira de Almeida de no, The Jerusalem Bible, ne New World Translation no mu. Afei yeyi sini no fã bi a emu otitiriw no da Yehowa adi sɛ ɛne Onyankopɔn din no kyerɛ no. Sɛ nkurɔfo kyerɛ ho anigye a, yɛde nsɛmma nhoma anaa kratawa bi a ɛho nsɛm pii wom ma wɔn.
“Mmofra a wɔbaa yɛn pon no ho no mu biako bisaa sɛ ɔpɛ Questions Young People Ask—Answers That Work nhoma no. Yɛn kyerɛkyerɛfo no hwehwɛɛ Wo Abusua Asetra a Wobɛma Ayɛ Anigye nhoma no mu na ɔkae sɛ: ‘Nhoma a emu yɛ anigye bɛn ara ni!’ Bere a dwumadi no baa awiei no, na yɛama nhoma ahorow 7, nkratawa 18, ne nsɛmma nhoma 67. Yɛn na yɛtoo so abiesa wɔ ɔyɛkyerɛ dwumadi no mu. Nanso nea ɛsen biara no, yɛn ani gyei yiye sɛ yenyaa hokwan de daa Onyankopɔn din Yehowa no adi.”