Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w93 2/1 kr. 25-29
  • Minyaa Abotɔyam Wɔ Onyankopɔn Som Mu

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Minyaa Abotɔyam Wɔ Onyankopɔn Som Mu
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1993
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Me Kan Nyamesom
  • Nsakrae Bere
  • M’abusuafo ne Afoforo Tie
  • Asetram Adwuma Foforo
  • Ɔsom Adwuma wɔ Lesotho ne Botswana
  • Ɔkyerɛkyerɛ ne Nsɛm Asekyerɛ
  • “Ɛnyɛ Ne Nɔma Ni”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2001
  • Yehowa Ahyehyɛde a Me ne no Renyin wɔ South Africa
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1993
  • Kɔ So Gu Aba​—Yehowa Bɛma Anyin
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
  • Masi Me Bo Sɛ ‘Metintim, Merenhinhim’
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1986
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1993
w93 2/1 kr. 25-29

Minyaa Abotɔyam Wɔ Onyankopɔn Som Mu

SƐNEA JOSHUA THONGOANA KA KYERƐE

Ná mayɛ basaa yiye wɔ 1942 mu. Ná meresua nhoma a Seventh-Day Adventistfo tintimii ne nhoma a Ɔwɛn Aban Asafo no tintimii. Te sɛ tete Israelfo no, ná ‘mihinhim nsɛm abien ntam.’​—1 Ahene 18:21.

NÁ SEVENTH-DAY ADVENTISTFO no brɛ me ɔkasa ahorow a wɔatintim a wɔfrɛ no “Nkɔmhyɛ Nne.” M’ani gyee ho sɛ mebua wɔn nsemmisa no, na wɔhyɛɛ me bɔ sɛ, sɛ midi nkonim wɔ me sɔhwɛ ahorow no nyinaa mu a, wɔbɛma me adansedi krataa fɛfɛ bi. Nanso mihui sɛ na wofi South Africa kuropɔn Cape Town na wɔmana “Nkɔmhyɛ Nne” ne Ɔwɛn Aban Asafo no nhoma no nyinaa. Mibisaa me ho sɛ: ‘So saa ahyehyɛde ahorow yi nim wɔn ho? So wɔn nkyerɛkyerɛ hyia? Sɛ ɛnte saa a, ɛnde hena de na ɛyɛ nokware?’

Nea ɛbɛyɛ na mahu asɛm no ano no, mede nkrataa a emu nsɛm yɛ biako kɔmaa ahyehyɛde no mu biara. Sɛ́ nhwɛso no, mekyerɛw kɔmaa Ɔwɛn Aban Asafo no sɛ: “Munim wɔn a wɔyɛ ‘Nkɔmhyɛ Nne’ no, na sɛ munim wɔn a, dɛn na moka wɔ wɔn nkyerɛkyerɛ ho?” Ankyɛ na me nsa kaa akuw abien no nyinaa mmuae. Krataa a efi Ɔwɛn Aban Asafo no hɔ no kae sɛ wonim ‘Nkɔmhyɛ Nne’ no ho asɛm, nanso wɔkyerɛkyerɛɛ mu sɛ emu nkyerɛkyerɛ te sɛ Baasakoro ne sɛ Kristo bɛsan aba asase so wɔ ɔhonam mu no ne Kyerɛwnsɛm no nhyia. Wɔde Kyerɛwnsɛm a ɛkyerɛ sɛ nkyerɛkyerɛ yi nyɛ nokware kaa krataa no ho.​—Yohane 14:19, 28.

Mmue a efi “Nkɔmhyɛ Nne” hɔ bae no kaa no tiawa sɛ wonim “Ɔwɛn Aban nkurɔfo no,” nanso wɔne wɔn nyɛ adwene wɔ wɔn nkyerɛkyerɛ ho. Wɔankyerɛkyerɛ nea enti a ɛte saa no mu. Enti mepawee Ɔwɛn Aban Asafo a ɛyɛ mmara kwan so ahyehyɛde a Yehowa Adansefo de di dwuma no. Ɛnnɛ, bere a mede me ho abɔ Adansefo no mfe 50 akyi no, anigye bɛn ara na manya sɛ misii gyinae a ɛfata sɛɛ!

Me Kan Nyamesom

Wɔwoo me 1912 wɔ akuraa bi a wɔfrɛ hɔ Makanye, a ɛwɔ South Africa kurow Pietersburg apuei fam no ase. Saa bere no ná Anglican Asɔre no wɔ nyamesom nkɛntɛnso kɛse wɔ Makanye, enti mekɔɔ saa asɔre no bi. Midii mfe du no, yɛn abusua no tu kɔɔ baabi foforo a Lutheran Berlin Mission Asɔre no mufo na wɔdɔɔso wɔ hɔ, na m’awofo kɔɔ saa asɔre no. Ankyɛ na mefatae sɛ mekɔ Awurade Adidi na mikodi abodoo sin nom bobesa kakra, nanso anni me honhom fam ahiade ahorow ho dwuma. Bere a mekɔɔ sukuu mfe awotwe wiei no, me papa de me kɔɔ Kilnerton Training Institution, na wɔ 1935 mu no, minyaa Mfe Abiɛsa Ɔkyerɛkyere ho Adesua Adansedi Krataa. Ná akyerɛkyerɛfo a me ne wɔn yɛ adwuma no biako yɛ ababaa bi, Caroline. Yɛwaree na akyiri yi Caroline woo ɔbabea ma yɛtoo ne din Damaris. Mfe kakra bi ekyi no, mebɛyɛɛ ɔkyerɛkyerɛfo panyin wɔ Sehlale Sukuu a ɛwɔ Mamatsha akuraa no mu. Esiane sɛ Dutch Reformed Asɔre no na ɛtew sukuu no nti, yɛde yɛn ho kɔbɔɔ saa asɔre no na yɛkɔɔ wɔn asɔre daa. Yɛyɛɛ eyi efisɛ na ɛne nea nnipa dodow na ara yɛ, nanso amma me abotɔyam.

Nsakrae Bere

Kwasida bi a na yɛresua nnwom wɔ asɔre wɔ 1942 mu no, oburoni aberante bi baa ɔpon no ano a okura nhoma abiɛsa a Ɔwɛn Aban Asafo no na etintimii​—Creation, Vindication ne Preparation. Misusuwii sɛ, sɛ mede nhoma no gu me nhomakorabea hɔ a, ɛbɛyɛ fɛ, enti migye tuaa siren abiɛsa. Akyiri yi, mihui sɛ ɔbarima yi a wɔfrɛ no Tienie Bezuidenhout no yɛ Yehowa Adansefo no mu biako, na ɔno nkutoo na ɔyɛ bi wɔ mpɔtam hɔ. Tienie san bɛsraa yɛn bio no, ɔde gramafon ba bɛbɔɔ ɔkasa ahorow bi a Ɔtemmufo Rutherford mae. M’ani gyee biako bi a wɔtoo din “Afiri ne Nnaadaa” no ho yiye, nanso Caroline ne me nuabea Priscilla a na ɔte yɛn nkyɛn no ani annye ho. Bere a Tienie bɛsraa yɛn ne mprɛnsa so no, ɔde gramafon no maa me na matumi abɔ akyerɛ me nnamfo.

Da koro bi mehwehwɛɛ Creation nhoma no nkratafa mu na mihuu ti asɛm a ese, “Ɛhe Na Awufo Wɔ?” no. Mifii ase kenkan a m’anidaso ne sɛ mehu anigye a akra a wɔawuwu nya wɔ soro no ho asɛm. Nanso nea ɛbɔ nea mehwɛɛ kwan no abira no, nhoma no kyerɛe sɛ awufo no wɔ wɔn adamoa mu nɛ wonnim hwee. Wɔfaa Bible mu nkyekyem ahorow te sɛ Ɔsɛnkafo 9:5,10 mu nsɛm kae de gyinaa akyi. Ná eti foforo asɛmti ne “Awufo a Wonyan Wɔn,” na wɔde Yohane 5:28, 29 kyerɛe sɛ awufo nnim biribiara na wɔretwɛn owusɔre. Ná ntease wɔ eyi mu. Ná ɛma abotɔyam.

Ɛyɛ saa bere no wɔ 1942 mu na metwee me ho fii “Nkɔmhyɛ Nne” no ho na mifii ase kaa nnɛema a na meresua fi Ɔwɛn Aban Asafo no nhoma ahorow mu no ho asɛm kyerɛɛ afoforo. Wɔn a wodii kan gye toom no mu biako ne m’adamfo, Judah Letsoalo, a na me ne no wɔ adesuakuw biako mu wɔ Kilnerton Training Institution no. Me ne Judah de baesekre twee kilomita 51 kɔɔ Afrikafo Adansefo nhyiam bi wɔ Pietersburg. Ɛno akyi no, yɛn nnamfo twaa kwan fii Pietersburg baa Mamatsha bɛboaa me ma yɛkaa Ahenni nkrasɛm no kyerɛɛ m’afipamfo. Awiei koraa no, wɔbɔɔ me asu wɔ nhyiam foforo bi a wɔyɛe wɔ Pietersburg wɔ December 1944 mu no ase de yɛɛ m’ahosohyira ma Yehowa ho sɛnkyerɛnne.

M’abusuafo ne Afoforo Tie

Caroline, Priscilla ne me babea Damaris kɔɔ so kɔɔ Dutch Reformed Asɔre no. Afei awerɛhosɛm bi sii. Caroline woo yɛn ba a ɔto so abien​—ɔba barima a na ɛte sɛ nea ɔwɔ apɔwmuden a yɛtoo no Samuel. Nanso ɔyaree mpofirim na owui. Caroline asɔre mu nnamfo amfa awerɛkyekye biara amma no, na wɔkae sɛ Onyankopɔn pɛ sɛ yɛn ba barima no bɛka ne ho wɔ soro. Caroline fi ahohia mu kɔɔ so bisae sɛ: “Dɛn nti na Onyankopɔn bɛfa yɛn ba no akɔ?”

Bere a Pietersburg Adansefo no tee awerɛhosɛm a ato yɛn no, wɔbae na wɔde nokware awerɛkyekye a egyina Onyankopɔn Asɛm so maa yɛn. Akyiri yi Caroline kae sɛ: “Ná ntease wɔ nea Bible no ka fa nea ɛde owu bae, awufo tebea, ne owusɔre anidaso ho no mu, na minyaa awerɛkyekye pii. Ná mepɛ sɛ mekɔ wiase foforo no mu na me nsa aka me ba barima no bio afi ɔdamoa mu.”

Caroline gyae asɔre kɔ, na wɔbɔɔ ɔno, Priscilla, ne Judah nyinaa asu wɔ 1946 mu. Judah asubɔ akyi pɛɛ na ofii hɔ kofii asɛnka adwuma no ase wɔ akuraa bi a wɔfrɛ hɔ Mamahlola ase, na ɔda so ara som sɛ bere nyinaa ɔkwampaefo somfo de besi nnɛ.

Bere a Judah fii hɔ no, ná me nkutoo ne ɔbarima a maka a ɛsɛ sɛ mehwɛ yɛn asafo a wɔfrɛɛ no Boyne no so. Afei Gracely Mahlatji tu bɛtraa yɛn asasesin no mu, na awiei koraa no, ɔwaree Priscilla. Ná sɛ mema baguam ɔkasa dapɛn yi a, na Gracely nso ama dapɛn a edi hɔ no, wɔ Sepedi a ɛyɛ hɔnom Afrikafo kasa no mu. Nea ɛbɛyɛ na yɛanya Bible nhoma ama nkurɔfo no, Asafo ti no kae sɛ menkyerɛ nhoma ahorow ase nkɔ Sepedi kasa mu. Minyaa abotɔyam kɛse sɛ mihui sɛ nkurɔfo renya nhoma ahorow yi mu mfaso.

Nea ɛbɛyɛ na yɛn baguam nhyiam ɔsatu no atu mpɔn no, yɛtɔɔ gramafon bi a akasam afiri kɛse bi ka ho na ama yɛatumi abɔ Bible ɔkasa horow wɔ yɛn asasesin no mu baabiara. Yɛkɔsrɛɛ teaseɛnam bi a afunum na ɛtwe de afiri a emu yɛ duru yi sii so kɔɔ mmeae mmeae. Eyi nti, yɛn afipamfo maa yɛn din sɛ “Afurum Asɔrefo.”

Saa bere yi nyinaa na yɛn asafo ketewaa no rekɔ so dɔ. Bere bi akyi no, me nuanom mmea mpanyimfo baanu ne wɔn kununom bɛyɛɛ Adansefo na wɔn nyinaa dii nokware kosii wu mu. Afei nso Boyne asafo (a mprempren wɔfrɛ no Mphogodiba) no mufo pii de wɔn ho hyɛɛ bere nyinaa asɛmpaka adwuma no mu, na wɔn mu bi da so ara wom. Mprempren asafo ahorow abien na ɛwɔ beae kɛse yi a ɛhɔnom nkuraa no atetew wɔn ho no, na sɛ wɔka bom a, adawurubɔfo bɛboro 70 na wɔde nnam yɛ asanka adwuma no.

Asetram Adwuma Foforo

Migyaee sukuu adekyerɛ wɔ 1949 mu na mebɛyɛɛ daa ɔkwampaefo somfo. Dwumadi a edi kan a wɔmaa me ne sɛ mɛkɔ abibifo apaafo a wɔyɛ adwuma wɔ aborɔfo mfuw a ɛwɔ Vaalwater, Transvaal ho mu no nkyɛn. Mfuw wuranom bi penee nnipa mu nyiyim mmara a ná wɔyɛe nkyɛe no so na na wɔka no katee sɛ ɛsɛ sɛ abibifo gye ka a wɔka sɛ wɔba fam sen aborɔfo no tom, na ɛsɛ sɛ wɔsom wɔn wuranom aborɔfo no. Enti bere a mekaa asɛm kyerɛɛ abibifo apaafo no, aborɔfo bi susuwii sɛ mekyerɛ ɔsɔretia ho ade. Ebinom mpo bɔɔ me sobo sɛ meyɛ Komunistni na wohunahunaa me sɛ wɔbɛbɔ me tuo.

Mede tebea no ho amanneɛbɔ maa Ɔwɛn Aban Asafo no baa dwumadibea no, na ankyɛ na woyii me kɔɔ akuraa bi a wɔfrɛ hɔ Duiwelskloof ase sɛ menkɔyɛ adwuma wɔ hɔ. Ɛbɛyɛ saa bere yi ara mu na me yere nso gyaee adekyerɛ adwuma no, nɛ ɔbɛkaa me ho wɔ akwampae som adwuma no mu. Yefi asɛnka bae awia bi wɔ 1950 mu bɛtoo sɛ Asafo ti no abrɛ yɛn nhoma kotoku kɛse bi. Nea ɛyɛɛ yɛn nwonwa ne sɛ, ná krataa a wɔde reto nsa afrɛ me ma woatete me sɛ ɔhwɛfo ɔkwantufo na ɛwom. Yɛde mfe abiɛsa srasraa asafo ahorow wɔ South Africa, na afei wɔ 1953 mu no, wɔde yɛn kɔɔ Lesotho, ɔman bi a ɛwɔ South Africa mfinimfini a asase atwa ho ahyia.

Ɔsom Adwuma wɔ Lesotho ne Botswana

Bere a yefii ase somee wɔ Lesotho no, ná atesɛm ahorow pii wɔ hɔ sɛ wɔtaa kum ahɔho de yi mmusu. Ɛhaw me ne me yere nyinaa, nanso yɛn nuanom Sothofo no dɔ ne wɔn ahɔhoyɛ su no boaa yɛn ma ankyɛ na yɛn werɛ fii ehu a ɛtete seɛ no.

Ná metaa fa wimhyɛn ansa na matumi akɔsom asafo ahorow a ɛwɔ Lesotho Maluti Mmepɔw so no, na migyaw me yere wo nkurow a ɛwɔ mmepɔw no ase no mu ma ɔkɔ so yɛ akwampae adwuma no kosi sɛ mɛsan aba. Ná nnamfo no fi ayamye mu de me fi asafo biako mu kɔ foforo mu na mankɔyera wɔ mmepɔw no mu.

Bere bi wɔka kyerɛɛ me sɛ, sɛ yebetumi akɔ asafo a edi hɔ no mu a, gye sɛ yɛtra ɔpɔnkɔ so twa Orange Asubɔnten. Wɔmaa me awerɛhyem sɛ me pɔnkɔ no dwo, nanso wɔbɔɔ me kɔkɔ sɛ, sɛ nsu no ano yɛ den pii a, aponkɔ no taa bɔ mmɔden sɛ wobeyi wɔn nnosoa no afi wɔn so. Ɛhaw me efisɛ na minnim apɔnko so tra yiye, na saara na minnim asuguare nso yiye. Ankyɛ na yesii asubɔnten no mu, na nsu no beduu aponkɔ so agua no ho. Mebɔɔ hu araa ma migyaa ahama a wɔde kyerɛ apɔnko kwan no mu, na misoo ɔpɔnkɔ no kɔn akyi nhwi no mu denneennen. Ahotɔ bɛn ara na minyae sɛɛ bere a yekoduu asuogya dwoodwoo no!

Mantumi anna saa anadwo no, efisɛ ɔpɔnkɔ so tra no maa me honam yɛɛ me yaw yiye. Nanso na ɔbrɛ no nyinaa fata, efisɛ nnamfo no kyerɛɛ nsrahwɛ no ho anisɔ kɛse. Bere a mifii ɔmansin adwuma no ase wɔ Lesotho no, na adawurubɔfo dodow a ɛsen biara yɛ 113. Ɛnnɛ dodow yi akɔ soro akodu 1,649.

Wɔ 1956 mu no, wɔsakraa yɛn asɛnka dwumadi no kɔɔ Bechuanaland Ɔman a mprempren wɔfrɛ hɔ Botswana no. Botswana yɛ ɔman a ɛso yiye, na na ehia sɛ yetwa kwan atenten ansa na yɛatumi adu adawurubɔfo no nyinaa nkyɛn. Yɛde keteke anaa lɔre a hwee nkata akyi na etuu kwan. Ná nkongua nnim, enti ná ɛsɛ sɛ yɛde yɛn nneɛma ka yɛn ho tra fam. Ná yɛtaa kodu nea yerekɔ no a yɛn ho abɔ mfutuma na yɛabrɛ. Yɛn nuanom Kristofo no gyee yɛn fɛw so bere nyinaa, na anigye a na ɛda adi wɔ wɔn anim no maa yɛn ahoɔden foforo.

Saa bere no, na wɔabara Asafo ti nhoma ahorow no wɔ Botswana, enti yɛde anifere yɛɛ afie afie asɛnka adwuma no, na yɛamfa Asafo ti nhoma ahorow anni dwuma. Bere bi wohuu yɛn sɛ yɛreyɛ adwuma wɔ baabi a ɛbɛn Maphashalala akuraa no ase na wɔkyeree yɛn. Yɛkenkan adwuma a wɔde ahyɛ yɛn nsa no ho asɛm fii Bible no mu sɛnea wɔakyerɛw wɔ Mateo 28:19, 20 no de yii yɛn ho ano. Ɛwom sɛ mpanyimfo no bi ani gyee ho de, nanso ɔhene no hyɛe sɛ wɔnhwe ɛho Adansefo no. Afei, nea ɛyɛɛ yɛn nwonwa ne sɛ ɔsɔfo no srɛɛ ɔhene no sɛ onhu yɛn mmɔbɔ na ɔmfa mfiri yɛn. Ɔhene no penee so na wogyaa yɛn.

Wɔ ɔtaa ne yɛn nhoma a na wɔabara no nyinaa akyi no, Ahenni adwuma no kɔɔ so. Bere a mekɔɔ Botswana no na ɛhɔnom adawurubɔfo dodow a ɛsen biara ye 154. Mfe abiɛsa akyi bere a woyii bara a wɔbaraa yɛn nhoma no, na dodow no akodu 192. Ɛnnɛ, Yehowa Adansefo 777 na wɔreka asɛm no wɔ saa ɔman no mu.

Ɔkyerɛkyerɛ ne Nsɛm Asekyerɛ

Bere bi akyi no, wɔde me dii dwuma sɛ ɔkyerɛkyerɛfo wɔ Ahenni Ɔsom Sukuu ma Kristofo mpanyimfo no mu. Akyiri yi, minyaa hokwan sɛ mɛyɛ ɔkyerɛkyerɛfo wɔ Akwampaefo Ɔsom Sukuu no mu. Me ne me yere somee nso wɔ South Africa baa dwumadibea hɔ bere ne bere mu. Sɛ yɛkɔ hɔ a, na meboa wo nsɛm asekyerɛ mu, na Caroline yɛ adwuma wɔ mukaase.

Da koro wɔ 1969 mu no, baa dwumadibea no sohwɛfo Frans Muller baa me nkyɛn bɛkae sɛ: “Onua Thongoana, mepɛ sɛ mihu wo ne wo yere wɔ me office.” Ɛhɔ na ɔkyerɛkyerɛɛ mu sɛ yɛka wɔn a wɔapaw wɔn sɛ wɔnkɔ 1969 “Asomdwoe wɔ Asase So” Ɔmantam Nhyiam wɔ London no ho. Yɛn ani gyee yɛn nuanom a wɔwɔ England ne Scotland no ahɔhoyɛ a efi ɔdɔ mu no ho, na ɛmaa anisɔ a yɛwɔ ma yɛn wiase nyinaa onuayɛ no yɛɛ kɛse.

Mfe aduanan a atwam no mu no, Caroline ayɛ ɔhokafo nokwafo wɔ yɛn adwuma sɛ bere nyinaa asɛnkafo no mu. Yɛabom anya anigye pii na yɛadi awerɛhow bi nso. Ɛwom sɛ yɛhweree yɛn mma baanu wɔ owu mu de, nanso yɛn babea Damaris nyin bɛyɛɛ Ɔdansefo pa na ɔno nso nyaa nsɛm asekyerɛ adwuma no mu kyɛfã wɔ South Africa baa dwumadibea hɔ.

Yenni ahoɔden a yɛde bɛyɛ akwantu adwuma no bio, enti wɔ mfe kakraa bi a atwam yi mu no, yɛayɛ akwampaefo atitiriw wɔ asafo bi a ɛwɔ Seshego, Afrikafo kurow bi a ɛbɛn Pietersburg mu. Mesom sɛ ɔhwɛfo guamtrani. Bible ka sɛ ‘anigye a ɛma abotɔyam wɔ Yehowa anim,’ na manya anigye ne abotɔyam wɔ Onyankopɔn som mu wɔ Afrika anaafo fam ampa.​—Dwom 16:11.

[Mfonini wɔ kratafa 26]

Yedi adanse wɔ Seshego kurom, South Africa

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena