Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w93 3/1 kr. 2-3
  • Wɔn Nan Ase Twentwɛn Yɛɛ Asiane Kɛse!

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Wɔn Nan Ase Twentwɛn Yɛɛ Asiane Kɛse!
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1993
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Ɛnnɛ Ne Bere A Ɛsɛ Sɛ Yɛwɛn Sen Biara!
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2003
  • So Wubetie Onyankopɔn Kɔkɔbɔ?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1993
  • Ɛda a Aban a Ɛbɔ Ho Abien no Dwiriw Gui
    Nyan!—2002
  • Wiase Awiei a Wɔkaa Ho asɛm Siei no Abɛn?
    Nyan!—1995
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1993
w93 3/1 kr. 2-3

Wɔn Nan Ase Twentwɛn Yɛɛ Asiane Kɛse!

MMUSUA abiɛsa, mpanyimfo baason ne mmofra baasia, de ahopere guan peree wɔn nkwa. Ɛda adi sɛ wɔboaboaa wɔn ho ano kohintawee obi fie, a na wɔn ani da so sɛ abo a ɛretɔ ma ɛyɛ hu no begyae no, na wɔda so ara te ase. Nanso bere a abo a ɛretɔ denneeennen no gyae no, ahude foforo bae​—nsõ munumkum kumɔnn a etua ahome. Afei na hwee nni hɔ a wobetumi ayɛ sen sɛ wobeguan.

Ná ɔbarima bi a ebia ɔyɛ ɔsomfo na odi anim, na na ɔretu mmirika a kotoku bi a nnuan wom da n’abati so. Ná mmarimaa baanu, obiako adi bɛyɛ mfe anan na ɔfoforo no adi mfe anum, di n’akyi a wokura kura wɔn nsa retu mmirika. Ná wɔn a aka no di so a wɔabɔ hu, wɔpere, wɔhwehwe ase, de ahopere reguan. Wɔbɔɔ mmɔden sɛ wɔbɛhome, nanso nsõ a afɔw na wɔtwe kɔɔ wɔn mu na ɛnyɛ mframa. Nnipa 13 no nyinaa hwehwee ase mmiako mmiako na wɔankeka wɔn ho ma awiei koraa no, nsõ a na ɛretɔ no kataa wɔn so. Obiara anhu wɔn amu a ɛyɛ awerɛhow no kosii sɛ wɔn a wotutu fam hwehwɛ tetefo nneɛma kotuu wɔn wɔ nea ɛreyɛ adu 2,000 akyi ma wohuu wɔn awiei koraa a ɛyɛ awerɛhow no.

Nnipa 13 a wowuwui yi yɛ nnipa 16,000 a wobu akontaa sɛ wɔhweree wɔn nkwa wɔ tete Italy kurow Pompeii mu wɔ August 24, 79 Y.B. mu no mu kakraa bi pɛ. Bebree nyaa nkwa denam guan a woguan fii kurow no mu bere a Bepɔw Vesuvius paee nea edi kan no. Nanso, wɔn a wɔtwentwɛn wɔn nan ase no​—dodow no ara yɛ adefo a na wɔmpɛ sɛ wogyaw wɔn afie ne wɔn agyapade hɔ​—abo ne nsõ a ne sorokɔ yɛ mita 6 kataa wɔn so.

Nea esii Pompeii wɔ nea ɛreyɛ adu mfe 2,000 ni no betumi ayɛ tete abakɔsɛm de. Nanso akwan pii so no ɛne tebea a ɛda adesamma abusua no nyinaa anim nnɛ no sɛ. Sɛnkyerɛnne bi a aba wiase nyinaa, a ɛkyerɛ pii sen Bepɔw Vesuvius mmobom no, rebɔ kɔkɔ sɛ ɔsɛe bi rebɛba mprempren wiase nhyehyɛe yi so. Sɛ yebenya nkwa a, ɛsɛ sɛ yɛyɛ ade ntɛm ara. Nan ase twentwɛn yɛ asiane kɛse. Nea saa sɛnkyerɛnne no yɛ ankasa ne sɛnea yɛbɛyɛ ho biribi wɔ nyansam no na asɛm a edi hɔ no bɛka ho asɛm.

[Mfonini Fibea wɔ kratafa 2]

Cover photo by National Park Service

[Mfonini Fibea wɔ kratafa 3]

Soprintendenza Archeologica di Pompei

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena