Wiase Awiei a Wɔkaa Ho asɛm Siei no Abɛn?
DETROIT FREE PRESS MAGAZINE a ɛbae February 6, 1994 no kae sɛ: “Wiase sɛe ho adwene bɛyɛɛ kɛse wɔ nuklea mfe no ahyɛase. Bere a wɔhyew Hiroshima dwerɛbee wɔ Aug. 6, 1945 no, obiara hui pefee: Afei wiase betumi aba awiei ankasa!”
December a etwaam no, Charles B. Strozier, a ɔyɛ nkate ho oduruyɛfo wɔ New York, na ɔyɛ abakɔsɛm ho ɔbenfo kae sɛ: “Yenhia anwensɛm akyerɛwfo bio na wɔabɛka akyerɛ yɛn sɛ biribiara betumi aba awiei mpofirim, anaa nkakrankakra, anaa wɔ AIDS amanehunu mu.” Nokwarem no, ɔde kaa ho sɛ: “Seesei nsusuwii hunu na ɛmma obi nnye ntom sɛ nnipa awiei bɛba.”
Esiane sɛ Yesu Kristo na ɔkyerɛkyerɛɛ sɛ wiase bɛba awiei nti, yebetumi afi ne nkyerɛkyerɛ mu ahu sɛ ebia awiei no abɛn ankasa anaa?
Awiei No—Bere Bɛn?
Yesu asuafo no bisaa no “sɛnkyerɛnne” a wɔde behu bere a saa wiase yi, anaa nneɛma nhyehyɛe, bɛba awiei. Wobisae sɛ: “Dabɛn na eyinom bɛba, na dɛn na ɛbɛyɛ ba a woaba ne nneɛma nhyehyɛe no awiei ho sɛnkyerɛnne?” (Mateo 24:3, NW) Wubetumi ahwɛ “sɛnkyerɛnne” a Yesu de mae wɔ asemmisa yi ho mmuaema mu no. Wɔakyerɛw wɔ Bible mu wɔ Mateo ti 24, Marko ti 13, ne Luka ti 21. Nneɛma atitiriw a ɛka bom yɛ saa sɛnkyerɛnne no bi na edidi so yi:
AKODI AKƐSE: “Ɔman bɛsɔre ɔman so, ne ahenni ahenni so.” (Mateo 24:7) Akyinnye biara nni ho sɛ yɛahu sɛnkyerɛnne no fã yi mmamu. Abakɔsɛm kyerɛwfo bi kae sɛ: “Wiase Ko a Edi kan [a efii ase 1914] no yɛ ɔko a ɛbaa ‘wiase nyinaa.’” Nanso, na Wiase Ko II no nyɛ koraa sen ɛno mpɛn pii, na ekunkum nnipa bɛyɛ ɔpepem 50. Na ɔko kɔ so sɛe asase.
ADUANKƆM: ‘Ɔkɔm bɛba.’ (Mateo 24:7) Ɔkɔm a emu yɛ den bae wɔ Wiase Ko I no akyi, na efi saa bere no ɔkɔm akɔ so atrɛw wɔ asase no afã pii. Wɔ aman a wodi yiye kɛse mpo mu no, ɔkɔm ne aduampa a wonnya nni abu so.
ASASEWOSOW AKƐSE: ‘Asasewosow akɛse bɛba.’ (Luka 21:11) Susuw emu akɛse no kakraa bi ho hwɛ: 1920, China, ekunkum nnipa 200,000; 1923, Japan, nnipa 143,000 hweree wɔn nkwa; 1970, Peru, ekunkum nnipa 66,800; na 1976, China, nnipa 240,000 na wowuwui (ebinom ka sɛ nnipa 800,000). Nneɛma a wɔde gyina asasewosow ano dwumfo ɔbenfo bi frɛɛ asasewosow a esii wɔ China 1976 mu no sɛ “asasewosow a ɛsen biara a aba adesamma abakɔsɛm mu.”
ƆYARE: ‘Ɔyaredɔm bɛba mmeaemmeae.’ (Luka 21:11) Wiase Ko I no akyi pɛɛ no, Spania influensa kunkum nnipa bɛyɛ ɔpepem 21. Science Digest bɔɔ amanneɛ sɛ: “Wɔ abakɔsɛm nyinaa mu no, awuwuawuwu a ano yɛ den a ɛtrɛw ntɛmntɛm saa bi mmae da.” Efi saa bere no, komayare, kokoram, AIDS, ne nyarewa foforo pii akunkum nnipa ɔpepehaha pii.
NSƐMMƆNEDI: ‘Amumɔyɛ a ɛbɛdɔɔso.’ (Mateo 24:12) Nsɛmmɔnedi agye nsam wɔ nsase pii so. Awudi, odwowtwa, mmonnaato, basabasayɛ, ɔporɔw—yɛte nsɛmmɔnedi a ɛtete saa ho nsɛm da biara da anaasɛ ɛka yɛn ankasa.
Bible nkɔmhyɛ afoforo nso kaa tebea horow a ɛbɛba nna a edi akyiri mu ho asɛm. Sɛ nhwɛso no, apɔnkɔsotefo baanan no ammirikatu ho anisoadehu wɔ Adiyisɛm nhoma no mu. (Adiyisɛm 6:1-8) Ɔpɔnkɔsotefo a odi kan no yɛ Yesu ankasa ho mfonini sɛ Ɔhene nkonimdifo. Apɔnkɔsotefo a aka no ne wɔn apɔnkɔ no yɛ nsɛm a ebesisi asase so wɔ Yesu nniso no mfiase ho mfonini: ɔko, ɔkɔm, ne ɔpatuwu a ɛnam akwan horow so.
Bible nkɔmhyɛ afoforo nso ka nneyɛe ne tebea horow a ɛbɛkɔ so wɔ “wiase yi nna a etwa to” mu ho asɛm. Susuw nea Yesu somafo bi kyerɛwee ho hwɛ. Sɛ wokenkan saa nkɔmhyɛ yi a, bisa wo ho sɛ: Eyi nka mmere a ɔhaw wom nnɛ no ho asɛm pɛpɛɛpɛ?
Ɔsomafo no kyerɛwee sɛ: “Wiase yi nna a etwa to bɛyɛ ɔhaw mmere. Nnipa bɛyɛ wɔn a wɔdɔ sika ne wɔn ho sen biribiara; wɔbɛyɛ ahantanfo, ahohoahoafo, abususɛnkafo; wɔn a wommu wɔn awofo, bonniayɛfo, wɔn a wɔn ho ntew, wonni dɔ; wɔbɛyɛ wɔn a biribiara ntumi nnwudwo wɔn, ntwirifo, wɔn a wɔnhyɛ wɔn akɔnnɔ so na wɔyɛ keka, wɔn a wɔmpɛ adepa biara, afatwafo, anuɔdenfo, wɔn a wɔhoman. Wɔbɛyɛ nnipa a wɔde anigyede si Onyankopɔn ananmu, nnipa a wɔyɛ wɔn ho sɛ nyamesomfo, nanso wɔpow emu nokware.”—2 Timoteo 3:1-5, The New English Bible.
Wiase awiei ho nkɔmhyɛ foforo a ɛho hia ne nea ɛhyɛ bɔ sɛ Onyankopɔn ‘bɛsɛe wɔn a wɔresɛe asase no.’ (Adiyisɛm 11:18) Na nnipa a wɔtraa ase awo ntoatoaso ahorow a atwam mu no nni nyansahu ho nimdeɛ a ɛbɛma wɔatumi asɛe asase no, nanso seesei de wɔwɔ. Na ɛnnɛ nyansahu ho nimdeɛ foforo ka ho kɛse na wɔregu asase ho fĩ no. Wɔ November 1992 mu no, nsɛmti te sɛ eyi puee atesɛm nkrataa mu: “Nyansahu mu Akunini Bɔ Wiase Sɛe Ho Kɔkɔ.”
Hu Nokware Nkɔmhyɛ
Akyinnye biara nni ho. Nneɛma a Bible ka siei sɛ ɛbɛba wɔ “nna a etwa to” no anaa “nneɛma nhyehyɛe no awiei” no mu rekɔ so mprempren. Yɛrehu nokware nkɔmhyɛ mmamu, na ɛho hia sɛ yɛyɛ ho osetie. Yesu daa eyi adi bere a ɔreka tebea a ɛkɔɔ so wɔ Noa a na “ɔyɛ treneekafo” no nna mu, bere tiaa bi ansa na wiase a na ɛwɔ hɔ saa bere no reba awiei ho asɛm no.—2 Petro 2:5.
Yesu kyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Sɛnea nna a edi nsuyiri anim no mu no wodidii na wɔnomee, wɔwaree na wɔmaa aware, de kosii da a Noa hyɛn adaka no mu, na wɔanhu de kosii sɛ nsu yiri bɛfaa wɔn nyinaa kɔe no, saa ara nso na onipa ba no ba bɛyɛ.” (Mateo 24:38, 39) Sɛ wobu ani gu nokware nkɔmhyɛ so a, nea efi mu ba yɛ asiane kɛse.
Ebia wobɛka sɛ, ‘Yiw, migye saa Bible nkɔmhyɛ ahorow yi di; awiei no bɛba da bi, nanso ɛremma seesei.’ Nanso, wugye di saa? Ɛnsɛ sɛ woyɛ aso ma kɔkɔbɔ no seesei yi ara?
Kɔkɔbɔ Ahorow a Ɛsɛ sɛ Wɔyɛ Aso Ma
Ɛda adi sɛ kɔkɔbɔ ahorow bi nni nnyinaso, na ɛbɛyɛ nea nyansa nnim sɛ wobɛyɛ aso ama. Nanso afoforo nte saa. Sɛ nnipa dodow no ara a wɔte wo mpɔtam, a wɔn mu akunini ka ho, mmu kɔkɔbɔ bi aniberesɛm a, ɛno nyɛ ade a ɛsɛ sɛ wugyina so bu w’ani gu so. Susuw nhwɛso bi ho hwɛ.
Ɛyɛ March 1902 mu na ogya Bepɔw Pelée a ɛwɔ Caribbean supɔw fɛfɛ a ɛne Martinique so no kekaa ne ho. Ebeduu April no na ɛrepuw wusiw, nsõ, ne abo nketenkete ne tutuw a ɛyɛ hyew gu. Ehu kaa nkurɔfo a wɔte St. Pierre a ɛwɔ bepɔw no nkyɛn kilomita 8 no. Ɛhɔni bi kyerɛwee sɛ: “Nsõ kataa kurow no nyinaa so. Ɛmaa nnipa no mu dodow no ara de duku a afɔw kataa wɔn anim de gyinaa tutuw a ɛyɛ hyew ano.”
Ogya bepɔw no apaapae no mu yɛɛ den May mfiase. Ɛhɔ atesɛm krataa no kae sɛ: “Nsõ a ɛrepuw gu no nnyae da . . . Wɔnte lɔre nka wɔ mmɔnten so bio. Ntwahonan no nnyigye.” Ná ɛhyew no yɛ ateetee.
Afei, May 5 no, ogya bepɔw no paee ma dɔte a ɛyɛ hyew bu faa so kunkum nnipa pii wɔ baabi a etwiw fae no. Nanso dɛn na kurow no mu mpanyimfo kae?
Ná ahwerew twa bere rebɛn, na aguadifo maa nkurɔfo no nyaa awerɛhyem sɛ nea na ɛreba no renyɛ hu biara. Ná abatow a ɛreba so wɔ May 10 no ho asɛm hia amammuifo no nso nti wɔampɛ sɛ nkurɔfo no beguan. Enti wɔbɔɔ mmɔden dwudwoo nkurɔfo no suro ano. Afei nso, asɔfo no ne aguadifo ne amammui akuw horow yɛɛ biako danee wɔn asɔremma no adwene sɛ wommfi hɔ.
Afei ɛbae. Wɔ May 8, aka kakra ma abɔ anɔpa 8:00 no, Bepɔw Pelée de dede bi a ɛyɛ hu paee. Amununkum tuntum kɛse bi a ɛyɛ hyew kɛse de mmirika a ɛyɛ nwonwa sian kɔɔ St. Pierre. Mframa a ɛyɛ hyew no kunkum nnipa mpempem pii ntɛm ara. Ɛkame ayɛ sɛ obiara a ɔwɔ St. Pierre wui—nnipa bɛyɛ 30,000 anaa nea ɛboro saa. Onipa biako pɛ a ofii mu kae yɛ deduani kumaa bi a na ɔwɔ afiase dan a ɛwɔ ase bi mu no.
Tebea a Ɛwɔ Hɔ Nnɛ
Saa ara na nnipa dodow no ara mmu adanse a ɛwɔ hɔ sɛ Bible nkɔmhyɛ ahorow renya mmamu no aniberesɛm. Wɔnyɛ aso mma adanse a ɛwɔ hɔ a ɛsɛ sɛ ɛma obiara a n’adwenem da hɔ te ase sɛ saa nhyehyɛe yi awiei abɛn no. Nanso, Bible no kaa wɔn suban no mpo ho asɛm siei sɛ: “Nna a ebedi akyiri no mu, fɛwdifo a wodi wɔn ankasa akɔnnɔ akyi de fɛwdi bɛba abɛka sɛ: Né ba ho bɔhyɛ no wɔ he? Na efii sɛ agyanom dedae yi, ade nyinaa te nea ɛte fi adebɔ mfiase.”—2 Petro 3:3, 4.
Nanso nnɛyi fɛwdifo redi mfomso. Nokwasɛm ne sɛ, nneɛma asesa. Bible nkɔmhyɛ ahorow renya mmamu. Adanse a ɛwɔ hɔ sɛ awiei no abɛn no abunkam so.
Nyansa wom sɛ wontwentwɛn wo nan ase wɔ adeyɛ a ebegye wo nkwa no ho. Nanso dɛn na ɛho hia sɛ woyɛ?
[Mfonini Fibea wɔ kratafa 22]
U.S. National Archives mfonini
[Mfonini Fibea wɔ kratafa 22]
WHO/E. Hooper
[Mfonini Fibea wɔ kratafa 23]
WHO mfonini a W. Cutting twae