Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g87 12/8 kr. 3
  • Kɔkɔbɔ A Wubetie No Betumi Agye Wo Nkwa.

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Kɔkɔbɔ A Wubetie No Betumi Agye Wo Nkwa.
  • Nyan!—1987
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Kɔkɔbɔ Ahorow a Wɔantie
  • Wiase Awiei a Wɔkaa Ho asɛm Siei no Abɛn?
    Nyan!—1995
  • Kɔkɔbɔ A Wɔantie
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1987
  • Osetie Gyee Wɔn Nkwa
    Monkɔ So Nwɛn!
  • So W’ani Wɔ Nea Ɛrekɔ So Nnɛ No So?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1998
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1987
g87 12/8 kr. 3

Kɔkɔbɔ A Wubetie No Betumi Agye Wo Nkwa.

KƆKƆBƆ betumi ayɛ afirika sɛnkyerɛnne bi a ese “Tɔ Wo Bo Ase,” “Hwɛ Yiye,” anaasɛ “Gyina”; anaasɛ ebetumi ayɛ kanea bi a ɛte sɛ akokɔsrade a asɔ. Ebia wobehu wɔ aduru anaa awuduru toa bi ho. Kɔkɔbɔ ahorow a ɛtete sɛɛ a wubetie no nyɛ ahokyere kɛse biara, na ebetumi agye wo nkwa.

Nanso wɔ nsɛm bi mu no, ɛbɛkyerɛ nhyehyɛe bi a wotu gu anaasɛ honam fam nneɛma a wɔhwere. Ebia kɔkɔbɔ a ɛfa ahum ho bɛhwehwɛ sɛ apofofo san kɔ mpoano anaasɛ wɔtra ase a wɔrenyɛ adwuma saa da no. Ɛnyɛ nhyehyɛe bi a wotu gu nko na kɔkɔbɔ betumi ahwehwɛ sɛ wɔyɛ na mmom afie ne agyapade a wogyaw, anaasɛ tra a wɔbɛtra adan bi mu bere tiaa bi wɔ ahokyere mu. Ɛtɔ mmere bi a wontie kɔkɔbɔ ahorow a ɛte saa, na ɛma wɔhwere wɔn nkwa.

Sɛ nhwɛso no, wɔ afe 1902 asusow bere mu no, na biribiara rekɔ so yiye wɔ Caribbean supɔw Martinique so fɛfɛɛfɛ. Afei wofii ase tee asiane ho kɔkɔbɔ bere a Bepɔw Pelée a ɛyɛ ogya bepɔw a efi St. Pierre a ɛyɛ supɔw no kurow kɛse mu kɔ hɔ no yɛ bɛyɛ akwansin anum no kekaa ne ho no. Nkakrankakra, bere a wusiw, nsõ, ne abo a apaapae a wusiw kummɔn ka ho fii mu bae no, kurow no mufo bɔɔ hu. Tebea no kɔɔ so sɛee, na na anka ɛsɛ sɛ ɛno yɛ adanse a ɛkyerɛ sɛ asiane bɛba ɔkwan biara so,

Kɔkɔbɔ Ahorow a Wɔantie

Esiane sɛ na ahwerew twa bere rebɛn nti, St. Pierre adwumawuranom maa nnipa no nyaa awerɛhyem sɛ asiane biara remma. Amansɛmdifo a na wodwen abatow a ɛreba no ho no ampɛ sɛ nkurɔfo no guan, enti wɔn nso wɔkaa biribi a ɛte saa ara. Nyamesom akannifo no ne wɔn yɛɛ biako na wɔka kyerɛɛ wɔn asɔremma no sɛ biribiara rekɔ yiye. Afei, wɔ May 8 no, Bepɔw Pelée paee ma egyegyei kɛse. Omununkum tumm a adɔ aboro so twiw faa St. Pierre so, na nnipa bɛyɛ 30,000 wuwui.

Wɔ mfe pii mu no na Bepɔw St. Helens a a ɛwɔ Washington mantam no mu wɔ U.S.A no yɛ asomdwoe ne kommyɛ ho nhwɛsode. Ná wuram mmoa ahorow ahyɛ beae hɔ ma na na ɛhɔ ye ma mpasetu ne mpataayi. Nanso afei wɔ March 1980 mu no, asiane ho kɔkɔbɔ nam nsasewosow dodow bi ne suwusiw so bae. Eduu May mfiase mu hɔ no na bepɔw no adeyɛ no mu ayɛ den. Ɔman mpanyimfo a wɔwɔ hɔ no fii ase de asiane ho kɔkɔbɔ maa wɔn a wɔtete ogya bepɔw no ho no.

Nanso, nnipa dodow bi kɔɔ so traa hɔ, bere a afoforo nso buu wɔn ani guu sɛnkyerɛnne ahorow a ɛbɔ kɔkɔ sɛ obiara nntwam wɔ beae a asiane no wɔ no so no. Mpofirim, Kwasida anɔpatutu wɔ May 18 no, bepɔw no atifi tu kɔɔ soro bɛyɛ anammɔn 1,300 na ɛsɛee nnua ne mmoa pii, a na nnipa 60 a wɔantie kɔkɔbɔ a wɔde mae no ka ho.

Nea ɛne eyi bɔ abira no, wɔ November 1986 mu no, Bepɔw Mihara a ɛwɔ Izu-Oshima supɔw a ɛwɔ Japan so no paee mpofirim, a na supɔw mũ no nyinaa ne ɛsotefo ne nsrahwɛfo ɔpedu nkwa da asiane mu. Bere a amanneɛbɔ no bae sɛ “Munguan mprempren!” no, wotiee kɔkɔbɔ no. Nsɛm a edidi so yi a efi Japan Nyan! kyerɛwfo hɔ no ka asɛm no kyerɛ yɛn.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena