Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w98 9/15 kr. 3-4
  • So W’ani Wɔ Nea Ɛrekɔ So Nnɛ No So?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • So W’ani Wɔ Nea Ɛrekɔ So Nnɛ No So?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1998
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Adeyɛ a Ɛfata Gyee Nnipa Nkwa
  • Ɔsɛe a Efi Nnipa a Woguan Fi Mu
  • Osetie Gyee Wɔn Nkwa
    Monkɔ So Nwɛn!
  • Bere A Ɛsɛ Sɛ Yɛma Yɛn Ani Da Hɔ No Ni!
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1998
  • Kɔkɔbɔ A Wubetie No Betumi Agye Wo Nkwa.
    Nyan!—1987
  • So Wubetie Asiane Bi A Ɛreba Ho Kɔkɔbɔ No
    Nyan!—1987
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1998
w98 9/15 kr. 3-4

So W’ani Wɔ Nea Ɛrekɔ So Nnɛ No So?

YƐN ani a yɛbɛma ada hɔ wɔ asiane ho no betumi akyerɛ nkwa anaa owu. Yebetumi de nea esii wɔ ogya bepɔw nsupɔw abien bi so ayɛ eyi ho mfatoho.

Bepɔw Pelée, afeha 20 yi mu ogya bepɔw a akunkum nnipa sen biara no paee May 8, 1902, wɔ Caribbean supɔw a ɛne Martinique so. Ekunkum nnipa 30,000 a na wɔte Saint Pierre, kurow a na ɛwɔ ogya bepɔw no anafo no mufo nyinaa ma wɔkaa kakraa bi.

Wɔ June 1991 mu no, Bepɔw Pinatubo paee gya, a ɛkame ayɛ sɛ bepɔw bi mpaee saa da wɔ afeha yi mu. Eyi sii wɔ Philippines beae bi a na nnipa ahyɛ hɔ ma na ɛmaa nnipa 900 wuwui. Nanso, saa bere yi de, nneɛma abien bi boae maa nnipa mpempem pii nyaa wɔn ti didii mu: (1) wɔn ani a wɔma ɛdaa hɔ wɔ asiane no ho ne (2) ɔpɛ mu a wofi tiee kɔkɔbɔ.

Adeyɛ a Ɛfata Gyee Nnipa Nkwa

Ná Bepɔw Pinatubo atɛm dinn mfehaha pii ansa na ɛrefi ase ada sɛnkyerɛnne a ɛkyerɛ sɛ ɛrebɛpae adi wɔ April 1991 mu. Huruhurow ne sulfur dioxide mframa bɔne fii ase puei wɔ bepɔw no atifi. Nnipa a wɔtete hɔnom no tee asasewosow ahorow a na ano nyɛ den nka, na wohuu abotan sɛ afi ase renan puw ba soro, na na ɛyɛ asɛmmɔne ho mpopoe. Nyansahufo a na wɔwɔ Philippinesfo Ogya Bepɔw ne Asasewosow Asuae no de wɔn ani too fam hwɛɛ nea ɛrekɔ so no, na akyiri yi, wɔmaa aban mpanyimfo no tee ase sɛ ɛbɛyɛ nea nyansa wom sɛ wɔbɛma nnipa 35,000 a wɔtete nkurow ne nkuraa a ɛbɛn hɔ mu no afi hɔ.

Ɛyɛ nea ntease wom sɛ nnipa mpɛ sɛ woguan fi wɔn afie mu bere a biribiara nsii, nanso video bi a woyi de kyerɛɛ asiane a ogya bepɔw a ɛpae de ba mu fefeefe kaa nkurɔfo ma wogyaee wɔn nan ase twentwɛn no. Nnipadɔm no tu fii hɔ bere pa mu paa. Nnanu akyi no, ogya bepɔw kɛse bi pae maa nsõ kɔɔ soro kilomita awotwe. Akyiri yi, atɛkyɛ anaa abotan a anan kunkum nnipa ɔhaha pii. Nanso, ebia mpempem pii nyaa wɔn ti didii mu, esiane sɛ wɔmaa wɔn ani baa asiane no so na wɔyɛɛ wɔn ade ma ɛne kɔkɔbɔ ahorow hyiae nti.

Ɔsɛe a Efi Nnipa a Woguan Fi Mu

Wɔ Yɛn Bere yi mu afeha a edi kan mu no, na ɛsɛ sɛ Kristofo a wɔtete Yerusalem nso si gyinae sɛ wobegyaw wɔn afie hɔ anaasɛ wɔrennyaw no hɔ. Guan a woguan fii saa kurow no mu wɔ afe 66 Y.B. mu no gyee wɔn fii ɔsɛe a ɛtoo afoforo a na wɔte kurow no mu ne Yudafo mpempem pii a na wɔaba Yerusalem rebedi 70 Y.B. mu Twam afahyɛ no mu. Nnipa bɛboro ɔpepem biako na na wɔwɔ Twam no ase wɔ kurow a ɔfasu atwa ho ahyia no mu, bere a Romafo asraafo siw hokwan biara a na wɔwɔ sɛ wobeguan ano no. Ɔkɔm, apereperedi, ne tow a Romafo tow hyɛɛ wɔn so kyɛe no maa nnipa bɛboro ɔpepem biako wuwui.

Saa ɔsɛe a etwaa atua a Yudafo tew tiaa Romafo no so no amma mpofirim. Mfe dudu pii a na atwam no, Yesu Kristo ka siei sɛ wɔbɛka Yerusalem ahyem. Ɔkae sɛ: “Sɛ muhu sɛ dɔm atwa Yerusalem ho ahyia a, ɛnde munhu sɛ ne bɔ abɛn. Ɛnna momma wɔn a wɔwɔ Yudea nguan nkɔ mmepɔw so, na wɔn a wɔwɔ Yerusalem mfi mu nkɔ, na wɔn a wɔwɔ nkuraase no, mommma wɔnnkɔ mu.” (Luka 21:20, 21) Ná saa akwankyerɛ no mu da hɔ, na Yesu akyidifo no buu no aniberesɛm.

Afeha a ɛto so anan mu abakɔsɛm kyerɛwfo Eusebius a ofi Kaesarea bɔ amanneɛ sɛ Kristofo a na wɔwɔ Yudea nyinaa dii Yesu kɔkɔbɔ no so. Bere a Romafo no kaa Yerusalem hyeem nea edi kan wɔ afe 66 Y.B. mu a wɔsan fii hɔ no, Yudafo Kristofo pii guan kɔtraa Amanaman mufo kurow Pella mu, wɔ Romafo ɔmansin Perea mu. Esiane sɛ na wɔn ani wɔ nea ɛrekɔ so wɔ wɔn bere so ne Yesu kɔkɔbɔ a wodii so no so nti, wonyaa wɔn ti didii mu wɔ nea wɔaka ho asɛm sɛ “nkahyem a ɛyɛ hu sen biara wɔ abakɔsɛm nyinaa mu no biako” mu.

Ɛnnɛ, anidahɔ a ɛte saa ara ho hia. Saa ara nso na anammɔn tutu pɔtee bi ho hia. Asɛm a edi hɔ no bɛkyerɛkyerɛ nea enti a ɛte saa mu.

[Mfonini Fibea wɔ kratafa 3]

Godo-Foto, West Stock

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena