Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g87 12/8 kr. 9-11
  • So Wubetie Asiane Bi A Ɛreba Ho Kɔkɔbɔ No

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • So Wubetie Asiane Bi A Ɛreba Ho Kɔkɔbɔ No
  • Nyan!—1987
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Wogyee Wɔn ho Nkwa
  • Yesu Bere So Kɔkɔbɔ
  • Tie Kɔkɔbɔ no Mprempren
  • “Kronkronbea” A Wɔsɛee No​—Nea Ɛkyerɛ Nnɛ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1983
  • Osetie Gyee Wɔn Nkwa
    Monkɔ So Nwɛn!
  • Wogye Wɔn Nkwa Twa Ahohiahia Kɛse No
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1995
  • Nsuyiri No​—Tete Bere No Mu Kɔkɔbɔ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1987
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1987
g87 12/8 kr. 9-11

So Wubetie Asiane Bi A Ɛreba Ho Kɔkɔbɔ No

ASIANE ahorow a ɛnyɛ nea efi onipa de nsakrae ba nkurɔfo asetra mu; wɔ afoforo fam nso, wɔn nkwa ne wɔn agyapade pii sɛe. Nanso, mpɛn pii eyi ka asase no fã kakraa bi ne nnipa a wɔtete hɔ no nkutoo wɔ bere bi mu. Nanso, yɛn mprempren awo ntoatoaso yi rehyia asiane bi a ɛbɛka asase no ne adesamma nyinaa.

Dabi, ɛnyɛ tumi akɛse no ntam nuklea ɔko, ɛwom sɛ ɛno betumi ayɛ asiane a ɛyɛ hu de. Mmom no, yɛreka Onyankopɔn atirimpɔw a wɔada no adi sɛ obeyi nsɛmmɔnedi nyinaa afi asase ani no ho asɛm.

Yesu kaa saa asiane kɛse yi ho asɛm wɔ ne nkɔmhyɛ a ɛfa nneɛma nhyehyɛe yi nna a edi akyiri ho no mu: “Na ɛno na ahohiahia kɛse a efi wiase asefi de besi nnɛ ebi mmae da nanso ɛremma da bɛba. Na sɛ wɔantwa nna no so a anka wɔrennye ɔhonam biara.”​—Mateo 24:3, 21, 22.

Wogyee Wɔn ho Nkwa

Yesu de saa wiase nyinaa asiane yi totoo wiase sɛe bi a na adi kan aba, Noa nna no mu Nsuyiri no ho, na ose: “Na sɛnea Noa nna no yɛe no, saa ara nso na onipa ba no ba bɛyɛ.” (Mateo 24:37) Bible no kyerɛkyerɛ mu sɛ nna a edi nsuyiri no anim no, “nnipa bɔne dɔɔso pii wɔ asase so, na wɔn komam adwene nyinaa yɛ bɔne nko daa nyinaa.” Yehowa kae sɛ: “Mɛpopa nnipa a mabɔ wɔn no mafi asase ani.”​—Genesis 6:5-8.

Ɛdefa Noa ho de, yɛkenkan wɔ Hebrifo 11:7 sɛ: “Gyidi na nea wonya nhui ho asɛm baa Noa nkyɛn no, ɔde daa ne ho so siesiee adaka maa ne fi nkwagye.” Wɔkoraa Noa, ne yere, ne ne mmabarima baasa ne wɔn yerenom nkwa so wɔ Nsuyiri no mu.

Nanso, adesamma nkae a na wɔwɔ hɔ saa bere no buu wɔn ani guu kɔkɔbɔ a wɔde mae no so. Sɛnea Yesu nsɛm no kyerɛ no, nnipa a na wɔwɔ nna a edii Nsuyiri no anim mu no “didii na wɔnomee, wɔwaree na wɔmaa aware, de kosii da a Noa hyɛn adaka no mu, na wɔanhu de kosii sɛ nsu yiri bɛfaa wɔn nyinaa kɔe.”​—Mateo 24:38, 39.

Wɔ Lot nna no mu no, Onyankopɔn bɔɔ ne tirim sɛ ɔbɛsɛe Sodom ne Gomora nkurow no mufo esiane wɔn ɔbrasɛe kɛse no nti. Nanso, wɔkɔɔ so ‘didii na wɔnomee, wɔtɔe na wɔtɔnee, woduaee na wosisii adan’ te sɛ nea na biribiara remma. Ɛwom sɛ Lot bɔɔ wɔn a na anka wɔbɛyɛ ne nsewnom no kɔkɔ wɔ asiane no ho de, nanso ‘ɔyɛɛ wɔn ani so sɛ obi a ɔredi fɛw.’ Nanso Onyankopɔn tɔɔ ogya ne sufre fi soro, na ɔsɛee wɔn nyinaa. Lot ne ne mmabea yɛɛ osetie wɔ kɔkɔbɔ no ho na wogyee wɔn ho nkwa.​—Luka 17:28, 29; Genesis 19:12-17, 24.

Yesu Bere So Kɔkɔbɔ

Wɔ Yesu nna no mu no na Yudafo no apow Onyankopɔn asɛm esiane wɔn atetesɛm nti, na wɔpow Onyankopɔn Ba no nso sɛ ɔnyɛ Kristo anaa Mesia no. Onyankopɔn bɔɔ ne tirim sɛ ɔnam Romafo asraafo so de n’atemmu bɛba wɔne wɔn anuonyam kurow a ɛne Yerusalem no so. Yesu de eyi ho kɔkɔbɔ mae na ɔkaa sɛnea n’asuafo betumi aguan saa atemmu no ho asɛm kyerɛɛ wɔn. Ɔkae sɛ:

“Sɛ muhu akyide a ɛbɔ ɔman a odiyifo Daniel kae no sɛ egyina kronkronbea hɔ no a, . . . ɛno na wɔn a wɔwɔ Yudea nguan nkɔ mmepɔw so.” Ne: “Na sɛ muhu sɛ dɔm atwa Yerusalem ho ahyia a, ɛnde munhu sɛ ne bɔ abɛn. Ɛnna momma wɔn a wɔwɔ Yudea nguan nkɔ mmepɔw so, na wɔn a wɔwɔ [Yerusalem] mfi mu nkɔ, na wɔn a wɔwɔ nkuraase no, mommma wɔnnkɔ mu, efisɛ eyi ne aweredi nna, na nneɛma a wɔakyerɛw no nyinaa aba mu.” (Mateo 24:15, 16; Luka 21:20-22) Ná ɛbɛyɛ bere a ɛsɛ sɛ wɔyɛ ade anibere so, a obi rennye bere mpo mfa nkora ne honam fam nneɛma so. Yesu kae sɛ: “Nea ɔwɔ ɔdan atifi no, mma onnsian mmɛfa biribi mmfi ne dan mu; na nea ɔwɔ wuram nso nnsan n’akyi mmɛfa ne ntama.”​—Mateo 24:17, 18.

Wɔ afe 66 Y.B. mu no, Roma asraafo a wɔhyɛ Cestius Gallus ase bɛtwaa Yerusalem ho hyiae maa Yesu nkɔmhyɛ no baam. Ná Romafo a na wɔretutu asɔrefi fasu no ase ma enti na wogyina Yudafo no kronkronbea no yɛ akyide ma Yudafo no. Ná wɔahu kɔkɔbɔ sɛnkyerɛnne no nanso na ɔkwan biara nni hɔ a wɔbɛfa so aguan. Afei bere a obiara nhwɛ kwan no, Cestius Gallus san de n’asraafo no kɔe. Kristofo fii ase guan kɔɔ mmepɔw no so. Nanso, nnipa no mu fã kɛse no ara kɔɔ so traa kurow no mu na Yudafo afoforo kɔɔ so baa hɔ bɛhyɛɛ wɔn nyamesom fa ahorow.

Wɔ afe 70 Y.B. mu, bere a Twam afahyɛfo ahyɛ kurow no ma no, Roma asraafo a wɔhyɛ ɔsahene Tito ase no san de aweredi bae na wɔbɛkaa Yerusalem hyeem. Ankyɛ na wobubuu afasu no nyinaa, wɔsɛee asɔrefi no ne kurow mũ no nyinaa, na sɛnea abakɔsɛm kyerɛwfo Josephus kyerɛ no, nnipa 1,100,000 wuwui na wɔtɔn 97,000 a wonyaa nkwa no kɔɔ nkoasom mu wɔ Misraim ne nsase afoforo so. Eyi ne nea ɛtoo wɔn a wɔantie Yesu kɔkɔbɔ no. Wɔn a woguan fii kurow no mu sɛnea na Yesu ahyɛ no gyee wɔn ho nkwa.

Tie Kɔkɔbɔ no Mprempren

Ná Yesu nkɔmhyɛ a ɛwɔ Mateo 24, Marko 13, ne Luka 21 no benya mmamu wɔ ɔkwan a ɛyɛ kɛse so. Kae sɛ, ná Yesu rema n’asomafo no asemmisa a ɛfa ne ba a ɔbɛba ho sɛnkyerɛnne a Bible no de ka wiase nyinaa nneɛma nhyehyɛe awiei ho asɛm ho no ho mmuae. (Daniel 2:44; Mateo 24:3, 21) Yesu kyerɛkyerɛɛ mu sɛ ne sanba, anaa ba a waba no a aniwa ntumi nhu no bɛyɛ nea sɛnkyerɛnne bi a akokoakoko, aduankɔm, asasewosow, ɔyaredɔm, amumɔyɛ, n’asuafo a wɔtaa wɔn, amanaman ahoyeraw, ne nneɛma a wɔhwɛ a ɛreba asase so ho hu a ɛbɛka nnipa ka ho no na ɛbɛhyɛ no agyirae.​—Mateo 24:7,8,12; Luka 12:10,11,25,26.

Hena na obetumi agye nokwasɛm a ɛyɛ sɛ awo ntoatoaso a na ɛwɔ hɔ fi Wiase Ko I bere mu no ahu saa awoko yaw mfiase a anya nkɔanim no ho kyim? Sɛnea ɛbɛyɛ na nkurɔfo atɔ sɛnea saa nneɛma yi ho hia no ase nti no, Yesu hyɛɛ nkɔm sɛ: “Na wɔbɛka ahenni ho asɛmpa yi wiase nyinaa de adi amanaman nyinaa adanse, na ɛno ansa na awiei no bɛba.” (Mateo 24:14) Yehowa Adansefo de nnamyɛ aka Ahenni ho asɛmpa yi wɔ nsase bɛboro 200 so ne wɔ kasa horow bɛyɛ 200 mu na wɔrebɔ nkurɔfo kɔkɔ wɔ Onyankopɔn atemmu a ɔkwan biara so ɛbɛba no ho. Ɛdefa wɔn a wobehu awoko yaw a ɛde Wiase Ko I fii ase no ho no. Yesu kae sɛ: “Awo ntoatoaso yi rentwam gye sɛ eyinom nyinaa abam ansa.”​—Mateo 24:34.

Ɛnyɛ ɔkwan a wobɛfa so atie Yesu kɔkɔbɔ yi no ne sɛ wobeguan akɔ mmepɔw ankasa bi so anaasɛ asase no fã foforo bi, na mmom denam nokware Nyankopɔn Yehowa no nkyɛn a wɔbɛdan akɔ na woasua ne nkwa so kora nhyehyɛe no ho ade no so. Wubetumi ayɛ eyi denam Yehowa Adansefo a wɔde saa kɔkɔbɔ yi rema no a wone wɔn bedi nkitaho na woama kwan ma wɔne wo asua Bible no na wone wɔn abɔ fekuw no so.

Sɛ ná kɔkɔbɔ a wobetie yɛ ade titiriw ma Japanfo ɔpedu a woguan ogya bepɔw mu ɔsɛe no a, ɛnde hwɛ sɛnea ɛho hia titiriw sɛ yɛbɛyɛ ade mprempren de anya Yehowa ahobammɔ wɔ wiase nyinaa sɛe wɔ saa nna a edi akyiri yi mu no mu!

[Kratafa 10 mfoni]

Ɛdenam kɔkɔbɔ a Lot ne ne mmabea tiei so no, woguan ɔsɛe

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena