Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • kp kr. 20-21
  • Osetie Gyee Wɔn Nkwa

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Osetie Gyee Wɔn Nkwa
  • Monkɔ So Nwɛn!
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Sɛ Kɔkɔbɔ Bi Fi Beae Pa a, Wutie?
  • So W’ani Wɔ Nea Ɛrekɔ So Nnɛ No So?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1998
  • So Wubetie Asiane Bi A Ɛreba Ho Kɔkɔbɔ No
    Nyan!—1987
  • Bible Nkɔmhyɛ Mu Gyidi Gye Nkwa
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2007
  • “Kronkronbea” A Wɔsɛee No​—Nea Ɛkyerɛ Nnɛ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1983
Hwɛ Pii Ka Ho
Monkɔ So Nwɛn!
kp kr. 20-21

Osetie Gyee Wɔn Nkwa

YESU KRISTO dii kan de kɔkɔbɔ a ɛfa Yudafo nneɛma nhyehyɛe a egyina Yerusalem asɔrefie so a na ɛbɛba awiei no ho mae. Wamfa da pɔtee a na ebesi no amma. Nanso ɔkaa nneɛma a na ɛbɛba ansa na ɔsɛe no aba ho asɛm. Ɔhyɛɛ n’akyidifo no sɛ wɔnkɔ so nwɛn na womfi beae a asiane wɔ no.

Yesu ka siei sɛ: “Sɛ muhu sɛ dɔm atwa Yerusalem ho ahyia a, ɛnde munhu sɛ ne bɔ abɛn.” Ɔsan kae sɛ: “Sɛ muhu akyide a ɛbɔ ɔman . . . sɛ egyina kronkronbea hɔ no a, . . . wɔn a wɔwɔ Yudea nguan nkɔ mmepɔw so.” Yesu hyɛɛ n’akyidifo no sɛ mma wɔnnsan nkɔ wɔn akyi nkɔfa honam fam nneɛma biara. Sɛ na wɔpɛ sɛ wɔkora wɔn nkwa so a, na ɛsɛ sɛ woguan ntɛm ara.—Luka 21:20, 21; Mateo 24:15, 16.

Wɔ afe 66 Y.B. mu no, Cestius Gallus dii Roma akofo anim baa Yerusalem so sɛnea ɛbɛyɛ a wobesiw atuatew a akɔ so akyɛ no ano. Akofo no bɔ wuraa kurow no mu twaa asɔrefie no ho hyiae mpo. Hooyɛ kɛse baa kurow no mu. Ná wɔn a wogu so rewɛn no betumi ahu sɛ asiane bi reba. Nanso so na wobetumi aguan? Mpofirim ara na Cestius Gallus yii n’asraafodɔm no hɔ. Yudafo atuatewfo no tiw wɔn. Afei na na bere aso sɛ woguan fi Yerusalem ne Yudea nyinaa!

Afe a edi hɔ no, Roma asraafodɔm no san bae a na Vespasian ne ne ba Titus di wɔn anim. Ɔko sii wɔ ɔman no nyinaa mu. Wɔ afe 70 Y.B. mu mfiase no, Romafo no de nnua a wɔasen ano hwirenhwiren yɛɛ ɔfasu twaa Yerusalem ho hyiae. Ná baabiara nni hɔ a obi betumi aguan afa. (Luka 19:43, 44) Nnipa akuwakuw a na wɔwɔ kurow no mu no kunkum wɔn ho. Romafo no kunkum nnipa a wɔkae no bi na wɔfaa ebinom nso nnommum. Wɔsɛe kurow no ne n’asɔrefie no pasaa. Sɛnea afeha a edi kan Yudani abakɔsɛm kyerɛwfo Josephus kyerɛ no, Yudafo bɛboro ɔpepem biako huu amane na wowuwui. Wɔansi saa asɔrefie no bio.

Sɛ na Kristofo no da so ara wɔ Yerusalem wɔ afe 70 Y.B. mu a, anka wobekum wɔn anaa wɔbɛfa wɔn nnommum sɛnea wɔyɛɛ nnipa a na wɔwɔ hɔ no. Nanso tete abakɔsɛm akyerɛwfo bɔ amanneɛ sɛ, Kristofo no tiee ɔsoro kɔkɔbɔ no ma woguan fii Yerusalem ne Yudea nyinaa kɔɔ mmepɔw a ɛwɔ Yordan Asubɔnten no apuei no so. Ebinom traa Pella a ɛwɔ Perea mansin mu no. Woguan fii Yudea a wɔansan ankɔ hɔ bio. Yesu kɔkɔbɔ a wotiee no gyee wɔn nkwa.

Sɛ Kɔkɔbɔ Bi Fi Beae Pa a, Wutie?

Esiane sɛ nnipa taa te kɔkɔbɔ a ɛmma mu nti, ama pii mmu kɔkɔbɔ aniberesɛm bio. Nanso, ebia kɔkɔbɔ a wubetie no begye wo nkwa.

Wɔ 1975 mu no, wɔde asasewosow a na ebesi China ho kɔkɔbɔ ahorow bi mae. Aban mpanyimfo no hyɛe sɛ womfi saa beae hɔ. Nnipa pii tiee kɔkɔbɔ no ma wɔkoraa wɔn nkwa so.

Wɔ April 1991 mu no, nnipa bi a wɔte Philippines akuraa bi a ɛbɛn Pinatubo Bepɔw ho no bɔɔ amanneɛ sɛ tutuw ne nsõ repuw fi bepɔw no mu. Bere a Philippines Asoɛe a Ɛhwehwɛ Asasewosow Mu de asram abien yɛɛ tebea no ho nhwehwɛmu kakra no, wɔde kɔkɔbɔ mae sɛ asiane bi rebesi. Ntɛm ara na woyii nnipa mpempem pii fii hɔ. Wɔ June 15 ahemadakye no, nneɛma bi a na ayam muhumuhu pae fii bepɔw no mu kɔɔ sorosoro, na afei ɛbɛsram akuraa no so. Osetie gyee nnipa pii nkwa.

Bible de nneɛma nhyehyɛe yi awiei a ɛbɛba ho kɔkɔbɔ ma. Ɛnnɛ, yɛwɔ nna a edi akyiri no mu. So wugu so ara rewɛn bere a wiase no rebɛn awiei no? So woreyɛ biribi a ɛbɛma woafi beae a asiane wɔ no? So wode ntɛmpɛ rebɔ afoforo kɔkɔ sɛ wɔn nso nyɛ saa ara?

[Mfonini wɔ kratafa 20]

Kɔkɔbɔ a wotiee no gyee nnipa pii nkwa bere a nsõ puw fii Pinatubo ogya Bepɔw mu no

[Mfonini wɔ kratafa 21]

Wogyee Kristofo a wotiee Yesu kɔkɔbɔ no nkwa wɔ ɔsɛe a ɛbaa Yerusalem so wɔ afe 70 Y.B. mu no

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena