Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w93 3/1 kr. 30-31
  • Asɛmpatrɛwfo a Wɔwɔ Micronesia

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Asɛmpatrɛwfo a Wɔwɔ Micronesia
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1993
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1993
w93 3/1 kr. 30-31

Asɛmpatrɛwfo a Wɔwɔ Micronesia

ƐWOM sɛ Pacific Po a ɛte sɛ nea enni awiei no afã bi a ɛtrɛw yiye tetew Micronesia asɛmpatrɛwfo no ntam de, nanso wotumi bɔ mmɔden hyiam afe biara ma “abusua nkabom.” Na ɛhe na asɛmpakafo a wofi nsupow a ɛwowɔ akyiri so yi nyinaa hyia? Ɔkwan a ɛfata so no, wɔ beae a ɛhɔ aban no ato din Jehovah Street no​—faako a Guam baa dwumadibea a ɛhwɛ wɔn dwumadi so no wɔ.

Wɔ June 1992, asɛmpatrɛwfo 56 behyiaam wɔ baa dwumadibea hɔ na wɔakɔ “Hann Kurafo” Ɔmantam Nhyiam no. Asereserew ne nkɔmmɔ a wɔbɔ no anigye so kɔɔ so wɔ hɔ bere a nnamfonom adedawfo hyiaam bio na wonyaa nnamfonom afoforo no. Sɛnea wɔyɛ bere nyinaa no, wɔhyehyɛɛ wɔn ho wɔ Ahenni Asa no atrapoe so twaa kuw mfonini na afei wɔtraa adidipon atenten abiɛsa ho dii asɛmpatrɛwfo afe afe aduan, a afe yi, na ase ade titiriw ne Albert Schroeder a ɔyɛ Sodikuw no muni no nsrahwɛ no.

Wɔ asɛmpatrɛwfo no bebree fam no, saa afe afe nhyiam wɔ Guam yi nkutoo ne hokwan biako pɛ a wonya de fi wɔn nhimahobea nsupɔw nketenkete no so. Na eyinom susuae yiye. Marshall Nsupɔw no mu biako, Ebeye Supɔw no, kɛse yɛ ahama 78 pɛ. Majuro asɛmpatrɛwfo fie a ɛwɔ Marshall nsupɔw no so ne Kiribati fie a ɛwɔ Gilbert Nsupɔw so no nyinaa sisi nsupɔw nketewaa a ne trɛw nnu kilomita biako so. Enti asɛmpatrɛwfo no bɔ mmɔden sɛ wobenya anigye kɛse afi akwantu a ɛyɛ anigye a wotu kɔ Guam no mu.

Bere a nhimahobea supɔw so asɛnka ho adwene no te sɛ nea ɛyɛ anigye no, nokwarem no, ɛyɛ asɛnnennen a nnipa kakraa bi pɛ na wobetumi adi ho dwuma. Nea ɛyɛ anigye ne sɛ asɛmpatrɛwfo 56 no mu 7 pɛ na wɔakɔ Ɔwɛn-Aban Gilead Bible Sukuu no bi. Wɔn mu dodow no ara fi Hawaii anaasɛ Philippines, faako a na wɔyɛ akwampaefo asomfo a wonim sɛnea ɛhɔ asetra te dedaw, na wofii wɔn aman mu kɔɔ faako a wɔama wɔn asɛmpatrɛw dwumadi no tẽẽ.

Esiane sɛ Micronesia nsupɔw no bɛn asase nkyempɛ dantaban (equator) no nti, ɛsɛ sɛ asɛmpatrɛwfo no gyina ɔhyew a emu yɛ den ano ansa na wɔatumi de asɛmpa no akɔ ɛhɔfo no nkyɛn. Nkitahodi nso betumi ayɛ asɛnnennen a ɛsɛn eyi mpo. Supɔw anaa nsupɔw akuw wɔ wɔn ankasa kasa a wɔka​—ebinom yɛ nea wonnim koraa ma enti wɔnkyerɛw ɛho asɛm wɔ nsɛm asekyerɛ nhoma mu mpo​—na ebetumi agye mfe pii ansa na ɔhoho bi atumi aka no yiye. Nea ɛbɛboa nnipa a wɔwɔ nsupow a wɔn amammere gu ahorow yi so ma wɔate Bible no ase no, Guam baa no tintim nhoma wɔ kasa horow 11 mu, a emu 9 de Micronesia hɔ nkutoo na wɔka.

Nsupɔw no bi atew wɔn ho araa ma hyɛmma nkutoo na wotumi de kɔ ho. Tol asɛmpatrɛwfo fie a ɛwɔ Chuuk (Truk) no wɔ supɔw bi a ɛte saa so, na asɛmpatrɛwfo a wɔwɔ hɔ no nya anyinam ahoɔden nnɔnhwerew kakraa bi da koro biara denam afiri bi a ɛkyere owia hann yɛ no anyinam ahoɔden a wɔde di dwuma so.

Sɛ wɔka ne nyinaa bom a, asɛmpatrɛwfo afie 14 na ɛwɔ Micronesia nsupɔw no nyinaa, a ne kɛse bɛyɛ sɛ United States no so. Nnipa bɛboro 400,000 a wɔwɔ hɔ no mu 1,000 na wɔyɛ asɛmpa no adawurubɔfo, na wɔahyehyɛ wɔn ayɛ wɔn asafo ahorow 20 ne akuw 3 a faako a wɔwɔ no atew ne ho.

Bere a Micronesiafo mu dodow no ara wɔ adamfofa su no, ɛhɔ nyamesom mu amanne ne mmusua nhyɛso bu bebree abam ma wontumi nnye Onyankopɔn Ahenni nokware no ntom. Enti ɛwom sɛ asɛnka adwuma no renya nkɔso (Ahenni adawurubɔfo 1,000 no reyɛ Bible adesua bɛboro 2,000) de, nanso asafo ahorow ne akuw horow bi da so ara susua. Sɛ nhwɛso no, adawurubɔfo 5 pɛ na wɔwɔ Tinian supɔw no so, 7 pɛ na wɔwɔ Nauru, na asafo ahorow a ɛwɔ Yap, Kosrae, ne Rota no mu biara mu adawurubɔfo nnu 40. Nanso, asɛmpatrɛwfo binom akɔ so atra faako a wɔama wɔn dwumadi no bɛboro mfe 20. Titiriw no, baasia a wɔwɔ Belau supɔw so no nyinaa adi anyɛ yiye koraa no, mfe 12 wɔ hɔ.

Wɔn a wɔkɔ so tra mu no nya akatua pii. Wonya hokwan da biara hwɛ sɛnea Yehowa adebɔ yɛ fɛ ne nwonwa. Micronesia nsupɔw a afifide dɔɔso wɔ hɔ no te sɛ abohene ahabammono nketewa a wɔapete agu Pacific po a ani bruu no ani. Ɛpo ano akwansin pii a nnipa nnɔɔso wɔ hɔ ne mmota a mpataa a wɔn ho yɛ fɛ abu so wɔ hɔ no twetwe wɔn a woguare kɔ po ase no ma wokokyinkyin wiase no mu beae a po ase aguare yɛ dɛ sen biara no mu bi yi. Na da biara da anwummere no, wotumi hu owia a ɛkɔtɔ wɔ po no so a ne hwɛ yɛ fɛ yiye no.

Nanso, akatua a ɛsen biara ne hokwan a wɔwɔ sɛ wɔsom Yehowa denam ne daakye ho bɔhyɛ ahorow a ɛyɛ nwonwa no ho asɛm a wɔka kyerɛ afoforo no so no. Esiane sɛ Micronesia asɛmpatrɛwfo no kɔ so hwehwɛ saa akatua no nti, wɔtra ase ma ɛne nsɛm a ɛwɔ Yesaia 42:12 no hyia sɛ: “Wɔnhyɛ [Yehowa] anuonyam, na wɔnka n’ayeyi nsu ano aman mu.”

[Asase Mfonini/​Mfonini wɔ kratafa 31]

(Wopɛ nsɛm a wɔahyehyɛ no nyinaa a, hwɛ nhoma no mu)

Barrigada, Guam

Santa Rita, Guam

Koror, Belau

Chuuk (Truk) Islands

Tarawa, Kiribati

Kosrae

Ebeye

Marshall Islands

Majuro

Kolonia, Pohnpei

Songsong, Rota

Saipan

Yap

MICRONESIA

MELANESIA

CAROLINE ISLANDS

PACIFIC OCEAN

PHILIPPINES

NEW GUINEA

EQUATOR

[Mfonini]

Asɛmpatrɛwfo hyiam wɔ Guam, June 1992

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena