“Wonnya Nwoo Mmepɔw”
“WO NA woayɛ yɛn guankɔbea awo ntoatoaso nyinaa mu. Wonnya nwoo mmepɔw anaa wunnya nyiiasase ne wiase adi no, na wufi tete akyirikyiri kosi daakye akyirikyiri yɛ Onyankopɔn.” (Dwom 90:1, 2) Wɔkaa nsɛm yi kyerɛɛ yɛn Bɔfo, na hwɛ sɛnea ɛyɛ awerɛkyekye—titiriw nnɛ a biribiara nsi pi yi!
Wɔ sikasɛm tebea a ɛresɛe mu no, nnipa kakraa bi pɛ na wɔwɔ daakye ho ahotoso. Nsɛmmɔnedi ne nnuru a wɔde di dwuma ɔkwammɔne so a ɛrekɔ soro ɔkwan a ɛyɛ hu so no ama nkurɔpon bi mu asakra adan akono. Abusua nhyehyɛe a akyɛ no mpo rehinhim. Yɛte nsɛm a ɛmmae da te sɛ mmarima a wɔne wɔn ho da mmusua ho asɛm. Awofo a wonni ahokafo mmusua redɔɔso, na ɔwofo biako no taa gyina nhyɛso kɛse ano. Akyide te sɛ ahokafo a wɔhwe wɔn ne mmofra a wɔyɛ wɔn ayayade sɛe mmusua pii asomdwoe.
Hena na ɔbɛkyerɛ yɛn kwan wɔ mmere a emu yɛ den yi mu? Wiɛ, adwene ne nneyɛe ho abenfo, akyerɛkyerɛfo, ne afoforo de afotu pii ma, nanso emu dodow no ara bɔ wɔn ho wɔn ho abira. Ná Ɔbenfo Benjamin Spock ne mmofra ntetee ho ɔfotufo titiriw ma Atɔe Fam awo ntoatoaso bi. Afei ogye toom sɛ na mfomso wɔ n‘afotu no mu!
Hwɛ sɛnea nyansa wom sɛ yɛde Onyankopɔn bɛyɛ yɛn “guankɔbea”! Wɔ mmere a emu yɛ den yi mu no, ɔyɛ ɔbotantim a ɔwɔ hɔ “tete akyirikyiri kosi daakye akyirikyiri.” Ɔnam odiyifo Malaki so kaa n‘ankasa ho asɛm sɛ: “Na me, [Yehowa] mensakra.” (Malaki 3:6) Onyankopɔn gyinapɛn ahorow, sɛnea wɔakyerɛw wɔ Bible mu no, yɛ nea wotumi de ho to so koraa. “Wonnya nwoo mmepɔw” no, na ɔwɔ hɔ, na n’afotu a ɛwɔ Bible no mu no gyina ne daa nyansa so. Ɛno ara na yehia na ama yɛanya asomdwoe adi nkonim.
Ɛnde, nyansa wom sɛ yebenya Onyankopɔn Asɛm, Bible no, mu ahotoso. Sua na nya Onyankopɔn nyansa mu mfaso. Fa wo ho to nea wusua no so, na ma ɛnyɛ kanea a ɛkyerɛ wo kwan wɔ asetra kwan so. (Dwom 119:105) Wɔn a wɔyɛ saa no nkutoo na wɔwɔ nea wobegyina so anya daakye mu ahotoso ne asomdwoe ankasa.