So Wubetumi De Wo ho Ato Bible no So?
SƐ WOMA Bible so a, so wobɛhwɛ kwan sɛ wubehu sika wom? Na tete dwetɛ sika yi nso ɛ?
Nnipa pii bu Bible no sɛ nhoma dedaw bi a ɛka nsɛm a esisii tete ne suban pa ho asɛm. Nanso, wonnye nni sɛ Bible kyerɛwtohɔ no yɛ nokware abakɔsɛm, enti wɔnka sɛ ɛnyɛ Onyankopɔn Asɛm. Nanso, adanse pii wɔ hɔ a ɛkyerɛ sɛ Bible no yɛ nokware. Saa sika yi (a wɔayɛ no kɛse) yɛ ho nhwɛso biako. Dɛn na nkyerɛwde a ɛwɔ so no ka?
Wɔyɛɛ sika yi wɔ Tarso, kurow a ɛwɔ ɔman a mprempren wɔfrɛ no Turkey no kesee fam apuei. Wotwaa sika yi wɔ Persia amrado Mazaeus nniso ase wɔ afeha a ɛto so anan A.Y.B. mu. Ɛka ne ho asɛm sɛ Asubɔnten Eufrate “Asuogya” ɔmansin no amrado.
Na dɛn nti na asɛntiaa yi yɛ anigye? Efisɛ wubehu asɛnkoro yi ara wɔ wo Bible mu. Esra 5:6-6:13 ka nkitahodi a ɛkɔɔ so wɔ Persia hene Dario ne amrado bi a ne din de Tattenai ntam ho asɛm. Na Yudafo no asɔrefi a na wɔresan asi wɔ Yerusalem no ho asɛm na wɔreka. Na Esra yɛ ɔkyerɛwfo a ne ho akokwaw wɔ Onyankopɔn Mmara kyerɛw mu, na wubetumi ahwɛ kwan sɛ ɔbɛkyerɛw nsɛm no pɛpɛɛpɛ. Wubehu wɔ Esra 5:6 and 6:13 sɛ ɔfrɛɛ Tattenai sɛ “asuogya amrado.”
Esra kyerɛwee eyi bɛyɛ afe 460 A.Y.B., mfe 100 ansa na wɔretwa sika yi. Oo, ebia nnipa binom bɛte nka sɛ tete amrado bi dibea ho asɛm a wɔka no nkɔ akyiri. Nanso sɛ wutumi de wo ho to Bible akyerɛwfo so wɔ nkyerɛkyerɛmu ketewaa a ɛte saa mpo mu a, so ɛno remma wunnya ahotoso kɛse wɔ biribi foforo biara a wɔkyerɛwee mu?
Wubehu ntease afoforo nti a ɛsɛ sɛ wunya saa ahotoso no wɔ nsɛm abien a edi kan no mu.
[Mfonini Fibea wɔ kratafa 32]
Collection of Israel Dept. of Antiquities Exhibited & photographed Israel Museum