Nsemmisa A Efi Akenkanfo Hɔ
Esiane sɛ Kristofo mfa sika nto nkyia nti, so wobetumi agye tekiti anaa wɔde wɔn ho ahyɛ akyɛde a wɔde ma ho akansi a wobetumi adi akyɛde bi wom mu anaa?
Eyi yɛ asemmisa a asɔre wɔ bere ne bere mu, enti wɔabua dedaw wɔ yɛn nhoma ahorow mu. Wɔ kasa horow bi mu no, yɛayɛ yɛn nhoma horow no ho index ahorow, na ebi ne Watch Tower Publications Index 1930-1985 no (ne biako a ɛte saa a ɛfa nhoma horow a wotintim fi 1986-1990 ho no). Sɛ Kristoni bi wɔ saa index ahorow yi bi wɔ ne kasa mu a, eyinom betumi aboa no kɛse ma wanya mmuae a ɛfata ntɛm so.
Asɛm a wɔabisa wɔ atifi hɔ no yɛ ho nhwɛso biako. Sɛ obi hwɛ 1930-1985 lndex no mu wɔ asɛmti “Questions From Readers” ase a, obehu asɛmti ketewaa a ese “‘drawings,’ may a Christian accept ticket for?” Wɔtwe ɔkenkanfo no adwene si February 15, 1973, Watchtower no “Questions From Readers” afã hɔ wɔ kratafa 127 no so.a Adansefo pii wɔ 1973 Watchtower bound volume no bi (anaa nea ɛbae no mfuamfua), anaasɛ wobetumi ahwehwɛ bi afi Ahenni Asa so nhomakorabea mu.
Nkyerɛkyerɛmu a wɔtintimii wɔ 1973 mu no daa no adi pefee sɛ Kristofo twe wɔn ho fi lototwa anaa akrade ho akyɛde biara (raffle tekiti) anaasɛ sika a wɔde bɛtɔ akrade ho ade bi na wɔnam so anya akyɛde bi ho. Sɛ yɛbɛka no tiawa a, yɛkwati kyakyatow, a nokwarem no ɛyɛ anibere a wɔda no adi.—1 Korintofo 5:11; 6:10, Efesofo 4:19; 5:3, 5.
Nanso, ebia adetɔnbea anaa adwuma bi betumi de akyɛde a wɔde ma ho akansi adi dwuma sɛ ɔkwan a wɔfa so bɔ aguade ho dawuru. Nea ɛsɛ sɛ obi yɛ ara ne sɛ ɔde ne din bɛma anaa ɔde kratasin anaa tekiti bi bɛmana, a enhia sɛ ɔtɔ biribiara. Akyɛde a wɔde ma ho akansi no yɛ ɔkwan a wɔfa so bɔ wɔn aguade ho dawuru no fã bi; ɛyɛ ɔkwan a wɔfa so si wɔn a wɔbɛma wɔn akyɛde no ho gyinae a animhwɛ biara nnim. Ebia Kristofo binom bɛte nka sɛ wobetumi agye akyɛde a wɔde bɛma wɔn wɔ akyɛde ho akansi bi a kyakyatow nim no mu, te sɛ nea wobetumi agye aguade bi anaa akyɛde afoforo a adwuma anaa adetɔnbea bi de ma kwa de bɔ n‘aguade ho dawuru no.
Nanso, Kristofo binom bɛkwati biribiara a ɛte saa, efisɛ wɔmpɛ sɛ wɔto afoforo hintidua anaa wɔma wɔn adwene tu fra wɔn nsɛm ho, na afei nso wɔhwehwɛ sɛ wɔtwe wɔn ho koraa fi biribiara a ɛbɛma wɔde wɔn ho ato Akraye Nyame so ho. Sɛnea Yesaia 65:11 kyerɛ no, Onyankopɔn nkoa mpɛ sɛ wɔne “Siade bosom” anaa “Hyɛbea bosom” yɛ hwee. Wobetumi ate nka nso sɛ wɔmpɛ sɛ wɔde wɔn ho hyɛ biribi a ɛtwetwe amanfo adwene a ebehia sɛ wɔn a wɔn nsa bɛka akyɛde no de wɔn ho hyem no mu. Nokwarem no, ɛnsɛ sɛ wɔn a wɔte nka saa no kasa tia Kristoni anaa Kristofo biara a wɔte nka sɛ wobetumi de wɔn ho ahyɛ akyɛde ho akansi a ɛte sɛɛ mu no.—Fo toto Romanfo 14:1-4 ho.
[Ase hɔ asɛm]
a Asɛnkoro no ara wɔ nsɛmti “Advertising,” “Business,” ne “Gambling,” ase, enti nkyerɛkyerɛmu pii a index no de ma no boa ma obi nsa ka nsɛm a ɔhwehwɛ no.