Nsemmisa a Efi Akenkanfo Hɔ
◼ So ɛfata sɛ Kristoni bɛtɔ lotto tekit sɛ́ nea ɔde gyigye n’ani kwa bere a wɔde sika a ebefi mu aba no bɛma adɔe kuw bi no?
Ɛda adi yiye sɛ Bible no nkasa ntia anigye a ɛfata, efisɛ Yehowa yɛ ‘anigye Nyankopɔn.’ (1 Timoteo 1:11) Ne nkurɔfo betumi anya nnwom, asaw a anidahɔ wom, aduan anaa nsa kakra ne agoru ne agumadi ahorow a ɛkari pɛ mu anigye. (Dwom 150:4; Ɔsɛnkafo 2:24) Nanso, ɛda adi sɛ kyakyatow bɔ Onyankopɔn afotu a nyansa wom no abira, na eyi yɛ nokware wɔ lotto a obi bɛtow ho.
Dɛn ne lotto tow ankasa? Ɛyɛ tekit a wɔtɔ a ɛbɛma wɔanya kwan adi sika. Wɔnam nɔma bi a woyi anaasɛ wɔpaw denam nea woyi bere a wɔnhwɛ hɔ so na wɔde hu wɔn a wobedi.* Mpɛn pii no wotwa sika kɛse bi a wobedi, ebia dɔla, peso, pɔn, anaa cedi ɔpepem pii bi si hɔ. Sɛnea sika kɛse a ɛte saa no twetwe nkurɔfo no yɛ kɛse araa ma lotto abɛyɛ “kyakyatow a atrɛw sen biara.” (The World Book Encyclopedia) Nnipa ɔpepehaha pii nam lotto so to kyakya.
Ebinom asusuw sɛ obi ho a ɔde bɛhyɛ lotto tow mu no nyɛ nea mfomso wom anaasɛ ɛnyɛ bɔne efisɛ ebia na tekit no bo nyɛ den, efisɛ wɔn a wɔtow no fi wɔn pɛ mu, na efisɛ wɔde sika a ebefi mu aba no bi bɛyɛ adɔe, te sɛ ahiafo a wɔbɛboa wɔn. Nsusuwii a ɛte saa no fata dɛn?
Esiane sɛ ebinom kyerɛ sɛ lotto tekit a wɔbɛtɔ no yɛ anigyede a ɛyɛ tiawa na ɛmmɔ ka nti, akyinnye biara nni adifudepɛ ade a ɛwom no ho. Nkurɔfo tɔ lotto tekit a wɔwɔ anidaso sɛ wobedi sika pii. Ɛda adi yiye sɛ eyi tia ɔsoro afotu a etia adifudepɛ a ebetumi ayɛ ade bɔne a anibere wom a ebetumi asiw obi kwan na ‘wannya Onyankopɔn ahenni no.’ Enti sɛ Kristoni bi kɔ so da adifudepɛ adi denam kyakyatow so a, wobetumi atu no afi asafo no mu. (1 Korintofo 5:11; 6:10) Bible no se: “Awunnyade a wɔnam adifudepɛ so anya mfiase no, akyi renwie nhyira.” (Mmebusɛm 20:21, New World Translation) Sɛ Kristoni te nhyɛso bi sɛ ‘ɔbɛsɔ lotto ahwɛ’ nka a, ɛsɛ sɛ osusuw adifudepɛ a lotto gyina so no ho anibere so. Efesofo 5:3 se ‘ɛnsɛ sɛ wɔbɔ adifudepɛ din wɔ yɛn mu mpo,’ na mene sɛ Kristoni begyaa ne ho mu ama.
Mpɛn pii no wɔn a wɔto lotto no fa kɛse no ara yɛ ahiafo. Enti sɛ tekit no bo sua mpo a, wɔsɛe sika a anka ɛsɛ sɛ wɔde di abusua ahiade ankasa—aduan a ɛdɔɔso, ntade, nnuru a eye—ho dwuma no. Obi a ɔka sɛ ɔyɛ Kristoni nanso obu n’ani gu abusua ahiade a ɛte sɛɛ so no “yɛ onipa bɔne sen nea onnye nni.”—1 Timoteo 5:8.
Sɛ lotto tekit bo rensɛe obi abusua sikasɛm ɔkwan titiriw biara so mpo a, ɛno nkyerɛ sɛ empira afoforo. Dɛn nti na ɛte saa? Efisɛ obiara a ɔtɔ lotto tekit no bɛpɛ sɛ odi. Ɛhe na sika a wobedi no fi? Sɛ ne tekit no bo yɛ cedi du na sika a ɛsɛ sɛ wodi no yɛ cedi ɔpepem biako a, ɛno kyerɛ sɛ ogyigye nnipa ɔpeha afoforo tekit sika. So ɛno ne Onyankopɔn afotu a etia afoforo nneɛma a yɛn ani bɛbere no hyia? (Deuteronomium 5:21) Nokwarem no, sika a obedi no bɛyɛ nea wogyigye fii nnipa pii nkyɛn, efisɛ wɔbɛtɔn tekit a ɛboro ɔpeha koraa. Ɛsɛ sɛ wɔde tekit sika no bi tua ɛsohwɛ no ho ka, na wɔde bi nso ma adɔe akuw a wɔka sɛ ɛno nti na wɔto lotto no. Enti sɛ obi benya cedi du atɔ n’ankasa tekit no mpo a, afoforo pii no nso ɛ? Bio nso, ɛda adi sɛ wɔbɛbɔ nea woadi no dawuru, na ɛbɛka pii ma wɔafi ase ato lotto anaasɛ wɔatɔ tekit no pii, sɛ wonni ɛho sika mpo a.
Akyinnye biara nni ho nso sɛ nea ɛka lotto ho ne sika a wobedi bere a wɔnyɛ adwuma ho adaeso no. Yiw, lotto hyɛ anihaw ho nkuran anaasɛ ɛkanyan no. Nanso, Bible no hyɛ Onyankopɔn nkurɔfo sɛ wɔnhwɛ wɔn sika so yiye, wɔnyɛ adeyɛfo, na wɔnyɛ adwumaden. Sɛ́ anka ɛbɛma ‘nya biribi bere a wonyɛ hwee’ honhom anya nkɔso mmom no, etu fo sɛ: ‘Sɛ obi mpɛ sɛ ɔyɛ adwuma a, mma onnidi nso.”—2 Tesalonikafo 3:10; Mmebusɛm 13:4; 20:4; 21:25; 1 Tesalonikafo 4:9-12.
Sɛ́ afoforo fi wɔn ankasa pɛ mu de wɔn ho hyɛ lotto tow mu ne sɛ mmara ma ho kwan no nkyerɛ sɛ eye sɛ Kristofo de wɔn ho hyem. Nniso binom ma kyakyatow afoforo, ne aguamammɔ ne aware dodow ho kwan mmara mu. Ɛwom sɛ ebia nneɛma a ɛte saa no bɛyɛ nea mmara ma ho kwan na nnipa pii wɔ ɔpɛ sɛ wɔde wɔn ho bɛhyem de, nanso eyi nkyerɛ sɛ nneyɛe a ɛte saa no fata wɔ Onyankopɔn ani so. Mmom no, Kristofo bɔ mmɔden sɛ wɔbɛda Dawid nsusuwii yi adi: “[Yehowa], kyerɛ me w’akwan, na fa me fa w’atempɔn so. Ma mennantew wo nokware mu, na kyerɛkyerɛ me, na wone me nkwagye Nyankopɔn.”—Dwom 25:4, 5.
Sɛ Kristoni pɛ sɛ ɔboa ahiafo, wɔn a wodi dɛm, anaa wɔn a wɔn mfe akɔ anim no nokwarem a, obetumi ayɛ saa tẽẽ anaasɛ wɔ ɔkwan a kyakyatow nnim so.
[Ase hɔ nsɛm]
Ɛwom sɛ wonim saa kyakyatow yi kɛse sɛ lotto de, nanso wobetumi afrɛ no dehu, ntramatow, raffle, anaasɛ din foforo biara a ɛwɔ mpɔtam hɔ nso.