So Eye Sɛ Wobɛtow Loto?
Efi Brazil “Nyan!” kyerɛwfo hɔ
“NEA ɛyɛ ade titiriw wɔ television so wɔ dapɛn no mu ne Memeneda anadwo 9:45 a wɔbobɔ TV so loto nɔmba a adi no. Germanfo ɔpepem pii kurakura loto nkrataa—a wɔrehwɛ afiri no sɛ eyiyi . . . nɔmba ahorow a adi no.” “Agokansi loto yɛ Brazilfo ɔpepem pii dapɛn biara nneɛma a wɔyɛ no fã titiriw, efi kusuu fam besi kesee fam.” Amanneɛbɔ ahorow a ɛte saa ara a efi aman afoforo so no kyerɛ anigye kɛse a wɔwɔ wɔ loto ahorow ho.
Ɛte sɛnea loto de ɔkwan a obi fa so nya ne ho ntɛm ma. Nea pii de wɔn ani to so mu enti wotwa loto ne sɛ ‘Ɛsɛ sɛ obi di, bere foforo ebetumi ayɛ me.’ Afei nso, nsɛm ho amanneɛbɔ dwumadibea ahorow twe adwene si mfaso a wonya wɔ loto nkratasin no tɔn mu no so. Sɛ nhwɛso no, nsɛmma nhoma a wɔfrɛ no Manchete kae sɛ sika a wonya fii Brazil Agokansi Loto tɔn mu besi November 1977 no na wode yɛɛ agumadibea ahorow 930, de bi sii agodibea adan 336 na wɔde bi yɛɛ agokansi ho nneɛma afoforo pii. Wɔ Germane no, wɔkyerɛ sɛ wɔde sika a wonya fi loto ahorow tɔn mu no bi gyigye afie ahorow ma nkwakora ne mmerewa, ne mmerante ne mmabaa akuw ahorow.
Nanso, nnipa a wɔyɛ mmadwemma asan resusuw nneɛma a enye wɔ mu no ho. Asɛm bi a wɔkyerɛwee kyerɛ sɛ: “Saa loto ahorow yi sɛe sika, ɛmma wuntumi ntɔ nneɛma a wuhia na ɛma mmusua di hia.” D. Mc-Cormack Smyth kyerɛwee wɔ Toronto Star mu sɛ: “Loto ahorow no sɛe adwumayɛ ne mfaso a efi mu ba ho anigye.” Pii fi ase tow loto, sɛ ade a wɔde gyigye wɔn ani, afei wobehu sɛ ɛyɛ adebɔne a ɛyɛ den sɛ wobegyae.
Esiane eyi nti, wɔbɔ amanneɛ sɛ Adwuma Panyin Ruy Codo de asɛm yi kɔtoo mmarahyɛ bagua a ɛwɔ Brasilia no anim a na ɛhwehwɛ sɛ wɔkyerɛw kɔkɔbɔ asɛm yi gu nkrataa a wɔde di dwuma wɔ Brazil bɔɔlbɔ loto mu nyinaa so sɛ: “Kyakyatow yɛ adebɔne. Ansa na wode wo sika bɛtow no, susuw aduan a wo mma bedi ho. Wɔ bɔɔlbɔ ho kyakyatow mu no, sɛ́ wubedi bi no yɛ nea ɛho yɛ den paa.”
Ebia obi bɛsɔre atia sɛ, ‘Nanso, susuw mfaso ‘horow a ɛde brɛ ahiafo no ho!’ Nanso henanom na wɔtɔ tekit no? Atesɛm bataa biako a egye tom sɛ ɛyɛ ahiafo titiriw no kaa no pen sɛ: “Adwene a ɛne sɛ ɛyɛ sikadwuma a wɔde boa ahiafo, a wogye sika no fi ahiafo hɔ no ma ɛyɛ nea ɛbɔ ne ho abira kakra.” Foforo kae sɛ sika dɔla ɔpepem 900 a wobuu akontaa sɛ wonya fii Brazil ɔman loto ahorow tɔn mu no fi “nnipa a ɛyɛ den ankasa ma wɔn sɛ wobenya sika atua nneɛma atitiriw a ɛho hia wɔ asetra mu ho ka no hɔ.” Na Brazil mmarahyɛ baguafo baanu gye toom sɛ loto “rema Aman Ahorow a wodi hia no adi hia kɛse mpo.”
Ɔkwan Pa a Wobɛfa So Anya Anigye
Ampa, loto de sika fam mfaso brɛ nnipa kakraa. Nanso wɔ wɔn a wɔtow no fã kɛse no ara fam no, nea efi mu ba no yɛ awerɛhow. Mmɔden a wɔmmɔ, ohia, adebɔne akoa a obi yɛ ne ntɔkwaw ahorow yɛ eyinom mu kakraa bi. Kenkan nea ebetumi aba wɔn a ‘wotow pon ma Siade bosom’ so no wɔ Bible mu. ‘Wobedi kɔm,’ ‘wobedi sukɔm,’ ‘wɔn ani bewuwu,’ na ‘wɔde honhom a abubu asu yɔɔ.”—Yesaia 65:11-14.
Eye sɛ wubetie Salomo nyansa: “Sɛ wunhu onipa a ɔyɛ n’adwuma ho nsi a, ahene anim na obegyina!”—Mmebusɛm 22:29.