Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g83 1/8 kr. 14-16
  • Loto Ne Kyakyatow Ahorow—So Asɛm Biara Nni Ho?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Loto Ne Kyakyatow Ahorow—So Asɛm Biara Nni Ho?
  • Nyan!—1983
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Aban Ahorow Hwɛ Yiye
  • Na Kyakyatow “Nketenkete” No Nso Ɛ?
  • Wubu No Dɛn?
  • Mfomso Bɛn na Ɛwɔ Kyakyatow Ho?
    Nyan!—2002
  • Kwati Kyakyatow ho Afiri
    Nyan!—2002
  • So Bible Kasa Tia Kyakyatow?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2011
  • Kyakyatow Nnye Koraa Ampa?
    Nyan!—1992
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1983
g83 1/8 kr. 14-16

Loto Ne Kyakyatow Ahorow​—So Asɛm Biara Nni Ho?

KRATAA no bɔ dawuru sɛ: “Dɔla ɔpepem a Wubedi.” Wɔ kratasin bi a ahum mu hyɛn ne okyinsoromma ahorow mfonini wɔ so so no, wɔkae sɛ: “Ma ‘Hokwan’ no nyɛ wo de bere a wunya ade a ɛso nni wɔ asase okyinsoromma yi so no!” So ɛte sɛnea ɛyɛ anigye? Na eyi yɛ dɔla ɔpepepem pii loto a wobetwa ho nkuran a wɔrehyɛ na wɔde aboa Katolek sukuu ahorow a ɛwɔ mpɔtam hɔ no.

Na akyɛde ahorow no yɛ anibere: sika dɔla ɔpepem pii, kar ahorow pii, Florida fie, wimhyɛn ne ahomegye wɔ Europa. Na wɔn a wɔanni no nso ɛ? Anyɛ yiye koraa no, wonim sɛ wɔde wɔn sika no reboa ama nhomasua anya nkɔso na ɛno ma wonya awerɛkyekye. Ɔhaw bɛn na ebetumi aba sɛ ɛwɔ nhyehyɛe no ho?

Wiɛ, anyɛ yiye koraa no asɛm biako sɔree. Abarimaa bi fi sukuu bae na ɔbɛka kyerɛɛ ne na sɛ wɔhwehwɛ sɛ ɔbɛtɔn tekit a ne dodow yɛ dɔla 280. Atesɛm krataa bi bɔɔ amanneɛ sɛ ne na, Valerie, amma wantɔn. Dɛn ntia? Efisɛ Valerie de bere a onya no pii boaa kyakyatofo, nnipa a kyakyatow de wɔn ayɛ nkoa te sɛ nea nsa de obi a ɔnom no kɛse yɛ akoa no. Na onim asiane ahorow a ɛwɔ kyakyatow ho nnaadaa ahorow mu, titiriw ma abarimaa a onnii mfe aduonu, na wampɛ sɛ ne ba no de ne ho behyem.

Dɛn na anka wobɛyɛ wɔ ne tebea yi mu? So na ɔreda adwene a emu nnɔ adi? So kyakyatow yɛ agoru bi a eye, ɔkwan a ɛyɛ mmerɛw a wɔfa so hwehwɛ sika? Anaa so asiane ahorow wom?

Aban Ahorow Hwɛ Yiye

Kyakyatow fii ase akyɛ​—anyɛ yiye koraa no fi tete Misrifo no bere so. Nanso nea ɛyɛ nwonwa no, na aban ahorow taa hwɛ yiye wɔ ho. Wɔ Mfinimfini Mmere no mu no, asɔre ahorow no sɔre tiae efisɛ na ɛne asanom pii ne kasa fi na ɛnam. Ɔman no sɔre tiae efisɛ na wosusuw sɛ ɛde akwadworɔ, ahohwibɔ, nsisi ne nsɛmmɔnedi ba.

So na ɛyɛ nokware? Ɛda adi sɛ kyakyatow da so ara yɛ nea ɛne nneyɛe bɔne ahorow na ɛnam. Sɛ nhwɛso no, nsɛmma nhoma U.S. News and World Report bɔ yɛn amanneɛ sɛ Las Vegas, faako a wɔtow kyakya kɛse wɔ Amerika no, nyaa nsɛmmɔnedi mu nkɔanim dodow a ɛsen biara wɔ ɔman no mu wɔ 1979 mu. Ɛde kaa ho sɛ: “Gyantrafo a wɔn dodow yɛ 10,000 wɔ kurow no mu​—dodow a ɛkyerɛ sɛ . . . mmea baakron a wɔadi efi mfe 15 kosi 39 biara mu biako yɛ bi wɔ mpɔtam hɔ. Ɛhɔ ne beae a wɔnom nsa sen biara wɔ ɔman no mu na nnipa a wɔn ankasa kunkum wɔn ho nso yɛ nea ɛsen biara wɔ ɔman no mu.”

Ɔreka sɛnea gyantrabɔ ne kyakyatow na ɛnam ho asɛm no, baabi a wɔtow kyakya so hwɛfo bi kyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Abien no na ɛnam, ɛte sɛ fufu ne nkwan anaasɛ ampesi ne abom.” Enti ebia na saa aban ahorow no nsɛm no yɛ nokware bere a na wɔn ani nnye kyakyatow ho no.

Ɛda adi nso sɛ wɔ Europa aman horow pii a wɔwɔ mmeae a wɔtow kyakya so no, wɔmma nnipa a wofi hɔ no kwan mma wɔntow kyakya wɔ hɔ. Dɛn ntia? Ɛrekyerɛ nea enti a ɛte saa no biako no, Encyclopaedia Britannica se atumfoɔ no te nka sɛ baabi a wɔtow kyakya a ɛbɛn a wotumi kɔ hɔ no bɛyɛ sɔhwɛ kɛse ama ɔmanfo no bebree dodo.

So osuro ahorow a ɛte saa yɛ nea ntease wom? Ɛda adi sɛ, yiw. Nnipa dodow no ara da no adi sɛ wonni ahosodi wɔ kyakyatow mu. Britania polisifo mpanyimfo reka mmeae a wɔtow kyakya a ɛredɔɔso wɔ wɔn man no mu ho asɛm no, wɔkae sɛ: “Akyinnye biara nni ho sɛ abusua mu nsɛnnennen no pii fi saa mmeae ahorow yi a wɔtaa kɔ, a mpɛn pii ɛyɛ nnipa a wɔn akatua nnɔɔso no.”

Anigye a ɛwɔ kyakyatow mu no betumi de obi ayɛ akoa ankasa. Ahyehyɛde bi wɔ hɔ a wɔfrɛ no Gamblers Anonymous a ɛde mmoa koro no ara ma nnipa a kyakyatow de wɔn ayɛ nkoa no te sɛ nea Alcoholics Anonymous de mmoa ma wɔn a asanom de wɔn ayɛ nkoa no. Na wohia mmoa. Ɔbea bi a na bere bi nsa, sigaret ne afei kyakyatow de no ayɛ akoa bɔɔ amanneɛ sɛ na ɛyɛ mmerɛw sɛ obedi asanom ne tawanom bebrebe no so sen sɛ obedi kyakyatow ho anigye no so.

Na Kyakyatow “Nketenkete” No Nso Ɛ?

Ebia obi bɛka sɛ: ‘Nanso menyɛ obi a ɔtow kyakya kɛse. Nnakoro nnakoro bi na mitwa loto no bi, anaasɛ ebia mede sika kakraa bi tow kyakya wɔ bɔɔlbɔ kuw a mepɛ wɔn asɛm no ho.’ Nanso mpɛn pii no, nneɛma bi a wɔyɛ no nkakrankakra na ɛde asɛm no ba no. Wɔde ɔbarima bi a wadi mfe aduɔson kɔɔ Canada asennibea a na n’asɛm ne sɛ wasesa tekit so nkyerɛwee. Ɛbɛdaa adi sɛ na ɔde ne sika a wasie wɔ ne nkwa nna nyinaa mu​—dɔla 22,000​—atɔ loto tekit. Dɛn nti na ɔyɛɛ saa? Ɔkae sɛ: “Sɛ wufi ase sɛ woretɔ tekit no a, wunya adwen sɛ wubedi. Saa dawurubɔ ahorow a ɛyɛ anigye no piapia w’atiko.”

Ɛwom, ɛnyɛ obiara a ɔtɔ loto anaa kyakyatow tekit no na ɔba bɛyɛ obi a ɛde no ayɛ akoa. Nanso wɔn nyinaa regye “saa dawurubɔ ahorow a ɛyɛ anigye” no so, te sɛ nea asɔre loto a yɛadi kan abɔ din no te no. Dɛn na eyi da no adi?

Canadani adwene ho ɔbenfo Jerry Cooper se: “Nea loto ahorow no reka ne sɛ ‘yɛ obi a ɔwɔ sika ɔpepem pii . . . ɛno ne ɔkwan koro pɛ.’ Wɔrebɔ dawuru atia adwumayɛ ho adwene a ɛteɛ no.” Australiani adwene ho ɔbenfo Charles Kenna gye tom. Ɔkae sɛ: “Bere nyinaa mihu kyakyatow sɛ ade a ɛma wɔpow nneɛma a ɛyɛ paara, a ɛma nkurɔfo susuw wɔn ho a wobenya mpofirim ara ho. Wosusuw sɛ wobenya sika pii ntɛmntɛm denam kyakyatow so sen adwumayɛ.”

Yiw, saa adwene ho abenfo baanu yi​—ne afoforo pii a wɔne wɔn yɛ adwene​—te nka sɛ kyakyatow da adwenhuhuw, sika ho dɔ ne akwadworɔ adi.

Wubu No Dɛn?

Enti, so na Valerie reda adwene a emu nnɔ adi sɛ wamma ne ba antɔn loto tekit no? Akyinnye biara nni ho, sɛ awofo afoforo pii nim nokwasɛm ahorow no a, anka gyinae koro no ara na wobesi. Loto, kyakyatow ahorow ne afoforo a ɛkeka ho no de obi bɛn tebea, a enye, nea asiane wom. Kyakyatow mfa biribi pa bi mmrɛ onipa. Mmom ebetumi apira no. Mpɛn pii ɛde anigye a ɛmfata a ɛma obi de ne ho hyem pii ma ɔbɛyɛ n’akoa ba. Anyɛ yiye koraa no ɛtɔ bere bi a ɛne abrabɔ bɔne ne nsɛmmɔnedi na ɛnam. Na bere nyinaa ɛne ɔdesani sintɔ ahorow na ehyia.

Nanso ebia wubebisa sɛ: ‘Na sɛ kyakya a wɔretow no yɛ nea wɔde reboa ade pa bi nso ɛ?’ Sɛ nhwɛso no, fa no sɛ sukuu bi hia nneɛma foforo bi na wɔyɛ kyakyatow bi ho nhyehyɛe de nya sika a wohia. Ɛtɔ bere bi a nnipa a wɔkasa tia kyakyatow hyɛ da boa wɔ nneɛma a ɛte sɛɛ mu, sen sɛ wɔbɛtɔ loto anaasɛ kyakyatow tekit no ankasa. Wɔ saa kwan yi so no kyakyatow a wɔkasa tia no nsiw wɔn kwan sɛ wɔbɛboa, sɛ wɔpɛ sɛ wɔyɛ saa a.

Nokware Kristofo titiriw adwene mu da hɔ wɔ kyakyatow ho. Wonim sɛ amimdi, akwadworɔ, ahosodi a obi nni, abrabɔ bɔne ne nsɛmmɔnedi yɛ nea ɛnsɔ Onyankopɔn ani na enye mma wɔn. (1 Timoteo 6:9, 10; Mmebusɛm 6:6-11; 2 Timoteo 3:2, 3, 5; Efesofo 5:3) Wohu sɛ wɔ wiase yi mu no sɔhwɛ ahorow a ɛma obi yɛ bɔne pii wɔ hɔ dedaw. Ɛyɛ nea nyansa nnim sɛ wɔn ankasa bɛsan de bi aka ho denam hyɛ a wɔde wɔn ho bɛhyɛ adeyɛ a asiane wom te sɛ kyakyatow mu no so.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena