Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w93 6/15 kr. 28-31
  • So Wokyerɛ Obu Ma Beae a Wosom wɔ hɔ No?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • So Wokyerɛ Obu Ma Beae a Wosom wɔ hɔ No?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1993
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Tete Mmeae a Kristofo Somee wɔ Hɔ
  • Beae a Yɛsom a Yɛde Bedi Dwuma Ɔkwan Pa So
  • Bere a Wɔahyɛ ne Beae a Yɛsom Yehowa
  • Mmarima a Wɔyɛ Nhwɛso
  • Mmeae a Yehyiam Som
    Nhyehyɛe a Wɔayɛ Ma Yɛde Ayɛ Yehowa Apɛde
  • Mo Ahenni Asa No Te Dɛn?
    Yɛn Ahenni Som—1982
  • Ɛha na Yɛhyiam Som
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2015
  • Momma Yensiesie Beae a Yɛsom Yiye
    Yɛn Ahenni Som—2003
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1993
w93 6/15 kr. 28-31

So Wokyerɛ Obu Ma Beae a Wosom wɔ hɔ No?

“Efi asɛmpa no mfiase pɛɛ no, Kristofo anya beae pɔtee a wohyiam som bere nyinaa.” ​—“Primitive Christianity,” a William Cave.

ONYANKOPƆN nkurɔfo ani gye bere nyinaa a wohyiam som. Na eyi te saa wɔ afeha a edi kan no mu te sɛ nea ɛte mprempren yi. Tete nhoma akyerɛwfo ne nyamekyerɛfo te sɛ Lucian, Clement, Justin Martyr, ne Tertullian, nyinaa gye tom sɛ na Kristofo wɔ mmeae pɔtee a na wohyiam som bere nyinaa.

Bible no ka asɛnkoro no ara, na ɛtwe adwene si nhyiam horow a Kristofo akuw yɛe bere nyinaa so mpɛn pii. Na wɔfrɛ akuw yi sɛ asafo. Na eyi fata efisɛ nea asɛmfua “asafo” kyerɛ wɔ kasa horow a wɔde kyerɛw Bible no mfiase no mu ne nnipakuw a wobom hyia di atirimpɔw anaa dwumadi pɔtee bi ho dwuma.

Tete Mmeae a Kristofo Somee wɔ Hɔ

Sɛ afeha a edi kan Kristofo no hyiam a, dɛn na wɔyɛ? Bible no ka nhyiam a ɛte saa ho nsɛm pii, na ɛda no adi sɛ na nkyerɛkyerɛ yɛ emu ade titiriw. (Asomafo no Nnwuma 2:42; 11:26; 1 Korintofo 14:19, 26) Wɔyɛɛ ntetee ho nhyehyɛe, wɔmaa ɔkasa ahorow, kaa osuahu ahorow a ɛhyɛ nkuran kyerɛe, na wosusuw nkrataa a wonya fii sodikuw no hɔ wɔ Yerusalem anaasɛ asomafo no mu bi hɔ ho yiye.

Yɛkenkan wɔ Asomafo no Nnwuma 15: 22-35 sɛ, bere a wɔkan krataa a ɛte saa biako a wɔde kɔmaa Kristofo kuw bi a wɔwɔ Antiokia akyi no, Yuda ne Silas ‘de nsɛm pii tuu anuanom no fo hyɛɛ wɔn den.’ Kyerɛwtohɔ foforo ka sɛ bere a Paulo ne Barnaba duu Antiokia no, “wɔfrɛɛ asafo no nyinaa boaa ano no, wɔkaa nea Onyankopɔn de wɔn akɔyɛ nyinaa.” Na mpae a wɔbɔ Yehowa nso yɛ Kristofo nhyiam no fã titiriw.​—Asomafo no Nnwuma 14:27.

Na mmeae a afeha a edi kan Kristofo no hyiam som no nyɛ adan kuntann te sɛ Kristoman asɔredan ahorow a ɛwowɔ hɔ nnɛ no. Mpɛn pii na tete Kristofo no hyiam wɔ afoforo afie. (Romafo 16:5; 1 Korintofo 16:19; Kolosefo 4:15; Filemon 2) Na wɔtaa hyiam wɔ ankorankoro abansoro asa so. Abansoro asa so na wohyiaam dii Awurade Anwummeduan no. Abansoro asa nso so na wɔde honhom kronkron sraa asuafo 120 wɔ Pentekoste da no.​—Luka 22:11, 12, 19, 20; Asomafo no Nnwuma 1:13, 14; 2:1-4; 20:7, 9.

Ɛnnɛ, Yehowa Adansefo di nhyehyɛe a asomafo no de sii hɔ no akyi. Wɔde nhyiambea ahorow a wɔfrɛ no Ahenni Asa di dwuma. Ɛhɔ na wotete wɔn sɛ Onyankopɔn Ahenni no ho asɛmpakafo. (Mateo 24:14) Wɔ Ahenni Asa so no, wosua Kyerɛwnsɛm no, wɔbɔ mpae, na wɔhyɛ wɔn ho wɔn ho nkuran nso. Eyi ne Bible afotu a ɛwɔ Hebrifo 10:24, 25 no hyia: “Na momma yɛnhwehwɛ yɛn ho ntwetwe yɛn ho yɛn ho nkɔ ɔdɔ ne nnwuma pa mu. Na mommma yennnyae yɛn ho yɛn ho nhyiam, sɛnea ebinom anya nyɛe, na mmom momma yentutu yɛn ho yɛn ho fo, dodow a muhu sɛ ɛda no rebɛn no.”

Beae a Yɛsom a Yɛde Bedi Dwuma Ɔkwan Pa So

So wokae ɔsomafo Paulo nsɛm no: “Onyankopɔn nyɛ sakasakayɛ [Nyankopɔn], na mmom asomdwoe [Nyankopɔn],” na “Wɔnyɛ ade nyinaa fɛfɛɛfɛ wɔ ano wɔ ano”? Sɛ wohwehwɛ nsɛm afoforo a ɛka eyi ho no mu a, wubehu sɛ na Paulo reka sɛnea ɛsɛ sɛ wɔyɛ Kristofo nhyiam ho asɛm. Te sɛ asomafo no bere so no, Kristofo a wɔwɔ hɔ nnɛ hwɛ hu sɛ wɔn nhyiam kɔ so wɔ ano wɔ ano na wɔayɛ ho nhyehyɛe yiye.​—1 Korintofo 14:26-40.

The Watchtower a ɛbaa October 15, 1969, kae sɛ: “Ná Ahenni Asa no so honhom tebea yɛ papa, na efi nokware som ne Bible akwankyerɛ ho anigye ankasa a wɔwɔ. Na asa no so akanea ne tebea hyɛ wɔn a wɔba hɔ no nkuran ma wonya fekubɔ ne adamfofa su, a wɔmfa guasodeyɛ nwonwaso bi nhyɛ wɔn.” Nokwarem no, wɔyɛ ahwɛyiye nso na ama sɛnea wɔde Ahenni Asa no di dwuma no ada obu ne nidi adi bere nyinaa.

Kristoman ada animtiaabu kɛse adi wɔ eyi mu. Nyamesom ahyehyɛde binom de mmeae a wohyiam som di dwuma sɛ ɔmanfo anigyebea. Wohyiam bɔ rock asɔre nnwom, wɔwɔ adan a wɔmema nneɛma so de teɛteɛ apɔw mu wɔ hɔ, wɔwɔ agoru a wɔfrɛ no billiard wɔ hɔ, mmotafowa sukuu, ne sini adan. Na asɔre biako wɔ atentam akansi sɛ wɔn dwumadi fã. Ɛyɛ den sɛ eyi ne nhwɛso a asomafo no yɛ too hɔ no behyia.

Sɛ afeha a edi kan no mu asafo bi anyɛ n’ade yiye a, na ɛfata sɛ wɔde nteɛso ma. Sɛ nhwɛso no, na Korinto asafo no mufo binom de Awurade Anwummeduan afahyɛ no ayɛ adidi ne ɔnom bere. Na wɔde wɔn nnuan ba afahyɛ no ase bedi ansa na afahyɛ no afi ase anaa wɔ afahyɛ no mu, na ebinom didi tra so bow nsa mpo. Nokwarem no na eyi mfata. Ɔsomafo Paulo kyerɛw wɔn sɛ: “Na munni afi a mudidi na monom wɔ mu?”​—1 Korintofo 11:20-29.

Nea ɛne Paulo afotu no hyia no, Yehowa Adansefo bɔ mmɔden di wɔn ankasa nsɛm ho dwuma wɔ fie anaa mmeae afoforo sen sɛ wobedi ho dwuma wɔ Ahenni Asa so. Yegye tom sɛ nhyiam a yɛyɛ no daa no ma yenya hokwan a eye de hu yɛn nnamfonom bi wɔ bere koro mu. Nanso, wɔahyira Ahenni Asa no so ama Yehowa, enti ɛsɛ sɛ wɔde di ne som nkutoo ho dwuma. Yɛmfa ɛhɔnom a yɛkɔ no nni honam fam adwuma anaa yɛn ankasa sikasɛm ho dwuma.

Afei nso, asafo ahorow no mfa Ahenni Asa ahorow no nni wɔn ahomegye, sika gyigye, anaa asetram dwumadi te sɛ mmofra hwɛ ho dwuma. Mmeae afoforo wɔ hɔ a obi betumi adi n’ankasa nsɛm ne honam fam adwuma ho nsɛm a ɛtete saa no ho dwuma.

Mpanyimfo a wɔwɔ Ahenni Asa bi so hui sɛ asafo no mufo de reyɛ wɔn su sɛ wɔbɛfɛm nneɛma anaa wɔde nea a wɔfɛmee no bɛbrɛ wɔn wuranom wɔ adesua ase. Afei nso, na wɔtaa video kasɛt mema wɔ Ahenni Asa so. Ɛwom sɛ adeyɛ yi nyɛ aguadi ankasa de, nanso mpanyimfo no boaa wɔn ma wohuu nyansa a ɛwom sɛ wobedi nneɛma a ɛte saa no ho dwuma wɔ fie wɔ bere a ɛfata mu.

Nea ɛbɛyɛ na yɛakwati tebea horow a ɛbɛma afoforo anya adwene a ɛnteɛ na yɛahwɛ ahu sɛ yɛde Ahenni Asa no di dwuma ɔkwan pa so no, ɛsɛ sɛ obiara bisa ne ho sɛ: ‘So mewɔ m’ankasa me nneɛma bi a midi ho dwuma wɔ Ahenni Asa so a anka metumi adi ho dwuma wɔ fie?’ Sɛ nhwɛso no, sɛ yɛyɛ adifi anaa anigyede afoforo ho nhyehyɛe a, so ɛrenyɛ papa sɛ yebesusuw nhyehyɛe a ɛte saa no ho wɔ fie? So yebetumi de telefon adidwuma anaasɛ yɛakɔ wɔn a yɛpɛ sɛ yehu wɔn no fie? Sɛ yɛfɛm Paulo nsɛm no de ka asetra a, yebetumi aka sɛ: ‘So yenni afie a yedi nsɛm a ɛte saa ho dwuma wom?’

Bere a Wɔahyɛ ne Beae a Yɛsom Yehowa

Bible no ka wɔ Ɔsɛnkafo 3:1 sɛ: “Ade biara wɔ ne bere a wɔahyɛ no, na ɛbere wɔ hɔ ma adwuma nyinaa ɔsoro ase.” Sɛ yɛrekɔ nhyiam wɔ Ahenni Asa so a, yebetumi de yɛn adwene nyinaa asi dwumadi ahorow a ɛfa Kristofo som adwuma ho no so koraa. Ɛyɛ bere a wɔahyɛ a yɛde som Yehowa.

Yesu na ba Yakobo de afotu a etia animhwɛ a yebeyi adi wɔ Kristofo asafo no mu mae. (Yakobo 2:1-9) Ɔkwan bɛn so na yebetumi de afotu yi adi dwuma wɔ yɛn Ahenni Asa ahorow so? Ɛte sɛ nea animhwɛ su betumi ada adi bere a wohu pefee sɛ wɔkyekyɛ nkrataa a wɔde to nsa frɛ afoforo kɔ anigyede bi ase wɔ hɔ no. Na nea wɔyɛ wɔ asafo bi mu ne sɛ wɔde nsato nkrataa a ɛte saa no hyehyɛ wɔn a wɔwɔ nhyiam no ase no nhoma bag anaa Bible mu. Ɛyɛ nokware sɛ eyi yɛ mmerɛw kɛse sen sɛ wɔde nkrataa no bɛmana anaa wɔde bɛkɔ wɔn fie. Nanso, wɔn a wɔamma wɔn nsato nkrataa no bi bɛte nka dɛn bere a wohu sɛ wɔde bi mema afoforo no? So eyi bɛyɛ te sɛ nea wɔreda animhwɛ adi?

Nokwarem no, enhia sɛ wɔyɛ mmara katee sɛ obi ntumi mfa nkra anaa biribi mma obi bere a ɔwɔ Ahenni Asa so; ɛnyɛ mfomso nso sɛ wɔ Ahenni Asa so no, wobɛka da biara dwumadi ahorow anaa asetra mu nsɛm bi, wobɛto nsa afrɛ obi sɛ ɔmmra wo fie, anaa wobɛka akyerɛ obi sɛ ɔmmɛka wo ho wɔ ahomegye bi mu. Nanso ɛnsɛ sɛ woma eyi yɛ wo su, ɛsɛ sɛ woyɛ no anifere kwan so ne wɔ kokoam. Ɛnsɛ sɛ obi ankasa nhyehyɛe horow bi twe adwene fi atirimpɔw titiriw nti a yehyiam wɔ Ahenni Asa so no so, a ɛne sɛ wɔbɛhyɛ yɛn den honhom mu.​—Mateo 6:33; Filipifo 1:10.

Mmarima a Wɔyɛ Nhwɛso

Mpanyimfo ne asomfo de mmɔdenbɔ yɛ nhwɛso wɔ obu a wɔkyerɛ ma Ahenni Asa no ho. Wɔtaa de Ahenni Asa no ho dwumadi ne sohwɛ hyɛ ɔpanyin biako anaa baanu ne asafo mu asomfo nsa. Baabi a asafo bɛboro biako de Ahenni Asa koro no ara di dwuma no, mpanyimfo boayikuw bi na wodi nneɛma yi ho dwuma.

Ɛwom sɛ wɔahyɛ ebinom sɛ wɔnhwɛ nnwuma a ɛte saa so de, nanso ɛsɛ sɛ asafo mu asomfo ne mpanyimfo nyinaa kyerɛ Asa no ho nokware anigye. Wonim sɛ wɔahyira Ahenni Asa no so ama Yehowa na wɔde di ne som ho dwuma.

Sɛ ɛho hia sɛ wosiesie ɔdan no a, ɛnsɛ sɛ mpanyimfo no yɛ mmɔtohɔ. (2 Beresosɛm 24:5, 13; 29:3; 34:8; Nehemia 10:39; 13:11) Asafo ahorow bi mu no, wɔyɛ Ahenni Asa no ho nsrahwɛ bere ne bere mu na ama wɔasiesie mmeae bi a ehia sɛ wosiesie no ntɛm. Wɔyɛ nneɛma ho kyerɛwtohɔ na de hwɛ hu sɛ nneɛma a wohia wɔ hɔ na nsa betumi aka. Sɛ wɔapaw baabi a wɔde nneɛma sie hɔ a, ɛsɛ sɛ mpanyimfo ne asafo mu asomfo no nyinaa ma tebea a nwinnade ne nneɛma a wɔde siesie ɔdan no wom ho hia wɔn, na wɔhwɛ hu ma ɛho tew. Wɔn a wɔhwɛ nhoma ne nsɛmma nhoma so no betumi akyerɛ sɛ wɔn ani ku asa no ho denam hwɛ a wɔbɛhwɛ ma wɔamfa nnakato antoto asa no so basabasa no so.

Ɛdenam nhwɛso a mpanyimfo ne asafo mu asomfo yɛ so no, wobetumi aboa asafo no mufo a wɔaka no ma wɔn ani aku Ahenni Asa no ho yiye. (Hebrifo 13:7) Obiara betumi ada obu a ɛfata adi denam asa no so asiesie a ɔde ne ho behyem no so na wakyerɛ sɛnea ɔdan mũ no nyinaa te ho nokware anigye.

Yesu kae wɔ Mateo 18:20 sɛ: “Nea baanu anaa baasa ahyiam me din mu no, ɛhɔ na mewɔ wɔn mfinimfini.” Yiw, Yesu kyerɛ nea yɛyɛ no ho anigye bere a yehyiam som Yehowa no. Nea ɛka eyi ho ne adesua biara a yɛyɛ wɔ ankorankoro afie mu, ne nhyiam akɛse te sɛ ɔmantam ne ɔmansin nhyiam no.

Yehowa Adansefo ɔpepem pii fam no, beae biara nni hɔ a wɔn ani gye ho kyɛn baabi a wohyiam som bere nyinaa no, Ahenni Asa so. Wɔkyerɛ obu a ɛfata ma saa beae no. Woyi nsiyɛ adi wɔ ɛsohwɛ ho, na wɔbɔ mmɔden bere nyinaa di dwuma wɔ ɔkwan pa so. Ɛmmra sɛ wo nso Wubedi afotu a Yehowa ankasa de ma yi akyi: “Sɛ worekɔ Onyankopɔn fi a, wɛn w’anan.”​—Ɔsɛnkafo 5:1.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena