Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w93 6/15 kr. 23-27
  • Yehowa Sakra Bere ne Nna wɔ Romania

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Yehowa Sakra Bere ne Nna wɔ Romania
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1993
  • Nsɛmti Nketewa
  • Abakɔsɛm a Ɛkɔ Akyiri
  • Nsɛnnennen no Kɔɔ So
  • Wɔka Asɛm Baguam Bio
  • Nsɛm Akɛse Resisi wɔ Mmeae Nketewa
  • Akwampaefo Atitiriw Bɔ Kwan No
  • Wɔhwɛ Anidaso a Ɛyɛ Anigye Kwan
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1993
w93 6/15 kr. 23-27

Yehowa Sakra Bere ne Nna wɔ Romania

NSAKRAE kɛse bae Europa Apuei Fam wɔ 1989 mu. Wɔ asram kakra bi ntam no, nniso ahorow a na ɛte sɛ abannennen no gui. Nea ɛkaa amammui mu nsakrae yi ho bae ne asetra mu nsakrae, sikasɛm mu nsakrae, ne nea ehia Yehowa Adansefo sen biara no, nyamesom mu nsakrae. Aban ahorow gyee Yehowa Adansefo toom wɔ aman pii mu, na wɔsan de ahofadi a ɛbɛma wɔatoa wɔn ɔsom adwuma so maa wɔn.

Nanso na ɛte sɛ nea nneɛma bɛyɛ soronko wɔ Romania. Na aban no wɔ nnipa no so nkɛntɛnso kɛse araa ma na ɛte sɛ nea biribi titiriw remfi nsakrae a ɛrekɔ so no mu mma. Bere a ɛhɔnom Yehowa Adansefo tee nea ɛrekɔ so wɔ Europa Apuei Fam aman afoforo so ho nsɛm no, wobisaa wɔn ho sɛ, ‘So yebetumi anya ɔsom mu ahofadi ansa na Harmagedon aba?’ Wɔn ani gyinae bere a wobetumi abom ne wɔn honhom fam nuanom ahyia wɔ Kristofo nhyiam ase, aka asɛmpa no baguam, na wɔasua wɔn Bible nhoma ahorow no wɔ baguam, a enhia sɛ wɔde besie bere nyinaa. Na eyi nyinaa te sɛ adaeso ara kwa.

Afei dae no baam! Ɛbae wɔ December 1989 mu. Wotuu Ceausescu nniso no gui mpofirim ma ɛyɛɛ obiara nwonwa. Kristofo no nyaa ahotɔ mpofirim. Wɔ April 9, 1990 no, wogyee Yehowa Adansefo toom wɔ mmara mu sɛ nyamesom ahyehyɛde wɔ Romania. Yehowa asakra bere ne nna ama ɛhɔnom Adansefo 17,000 no.​—Fa toto Daniel 2:21 ho.

Abakɔsɛm a Ɛkɔ Akyiri

Wɔ 1911 mu no, Carol Szabo ne Josif Kiss fii United States, beae a na wɔasua Bible mu nokware no, ahyira wɔn nkwa so ama Yehowa sɛ wɔbɛyɛ n’apɛde no san kɔɔ Romania. Na wɔpɛ sɛ wɔka asɛmpa no kyerɛ wɔn man mufo. Woduu Romania pɛ wofii ase kaa asɛm no. Wɔkyeree wɔn wɔ nea na wɔreyɛ no ho bere a Wiase Ko I pae gui no. Nanso Ahenni aba a wogui no fii ase sow aba. Eduu 1920 a wofii adwuma no ase bio no, na Ahenni adawurubɔfo bɛyɛ 1,800 na wɔwɔ Romania.

Saa bere no na wɔte ɔman anidan honhom a aka Balkanfo no nka kɛse wɔ Romania, na na basabasayɛ abu so. Wɔ mmere a na emu yɛ den no nyinaa akyi no, yɛn honhom mu anuanom yi kɔɔ so yɛɛ adwuma no. Wɔ 1924 mu no, Ɔwɛn Aban Asafo no buee adwumayɛbea wɔ 26 Regina Maria Street wɔ Cluj-Napoca na ahwɛ adwuma no so wɔ Romania, Hungary, Bulgaria, Yugoslavia, ne Albania.

Nanso, amammuisɛm no mu kɔɔ so yɛɛ den, na haw a atumfo no haw wɔn no akyi no, na ɔhaw wɔ ahyehyɛde no mu. 1930 Year Book no bɔ amanneɛ sɛ: “Esiane nokware a nea Asafo ti no de no kɔɔ hɔ anni nti, nnamfonom no ahwete na wɔn ahotoso mu ayɛ mmerɛw kɛse. Asafo ti no rehwehwɛ hokwan bi de asan ahyɛ adwuma no ase wɔ saa asase no so bio, nanso ɛhɔnom atumfo no mma biribiara ho kwan, na ɛsɛ sɛ yɛtwɛn kosi sɛ Awurade bebue ɔkwan a eye kyɛn so ama yɛn.” Afei, wɔ 1930 mu no, wɔpaw Onua Martin Magyarosi, Romaniani bi a wɔbɔɔ no asu wɔ 1922 mu sɛ baa dwumadibea no somfo foforo, na akyiri yi woyii dwumadibea no kɔɔ 33 Crisana Street, Bucharest. Bere a yɛadi nsɛm ho dwuma bere tenten akyi no, awiei koraa no wɔde Asafo ti no hyɛɛ mmara ase sɛ mmara kwan so ahyehyɛde adwumayɛkuw wɔ 1933 mu wɔ Romania.

Nsɛnnennen no Kɔɔ So

Sɔhwɛ ahorow a emu yɛ den kɔɔ so baa Adansefo a wɔwɔ Romania no so. 1936 Year Book no bɔ amanneɛ sɛ: “Akyinnye biara nni ho sɛ asase yi so baabiara nni hɔ a anuanom no hyia nsɛm a emu yɛ den wɔ adwuma no mu sen Rumania.” Amanehunu no nyinaa akyi no, 1937 ɔsom ho amanneɛbɔ no kaa asafo ahorow 75 a adawurubɔfo 856 wom wɔ Romania ho asɛm. Nnipa 2,608 na wɔbaa Nkaedi no ase.

Bere a Wiase Ko II fii ase no, ɛkaa Romania nso. Wɔ September 1940 mu no, Ɔsahene Ion Antonescu tuu aban no gui, na ofii ase dii tumi te sɛ Hitler ara pɛ. Ahude buu so saa bere no. Wɔkyeree yɛn nuanom ɔhaha pii, wɔhwee wɔn, na wɔyɛɛ wɔn ayayade. Wɔkyeree Onua Magyarosi wɔ September 1942 mu, nanso otumi fii afiase hɔ kyerɛɛ Transsylvania adwuma no kwan.

Ɔtaa no mu kɔɔ so yɛɛ den bere a Hitler asraafo ko faa ɔman no wɔ 1944 mu no. Amanneɛbɔ a efi Bucharest kaa Nasi nniso no tebea horow no ase sɛ: “Wɔtaa ɔman yi mu Yehowa Adansefo wɔ ɔkwan a ɛyɛ hu so. Wɔde wɔne Komunistfo guu afiase, na asɔfo a wɔtaa Hitler akyi bɔɔ wɔn sobo sɛ wɔn ho ye hu sen Komunistfo, na wɔde yɛn mu pii guu afiase mfe 25, afebɔɔ anaasɛ wobuu yɛn kumfɔ.”

Awiei koraa ɔko no baa awiei, na June 1, 1945 no, Asafo no adwumayɛbea a ɛwɔ Bucharest no fii adwuma ase. Wɔ yɛ a na ɛyɛ den sɛ wobenya nkrataa nyinaa akyi no, anuanom no tintimii nhomawa mfuamfua bɛboro 860,000 ne Ɔwɛn-Aban bɛboro 85,000 wɔ Romania ne Hungary kasa mu. Yehowa hyiraa wɔn adwumaden no so yiye. Ebeduu 1946 no, na wɔabɔ afoforofo bɛyɛ 1,630 asu. Saa afe no mu ade titiriw ne ɔman nhyiam a wɔyɛe wɔ Bucharest wɔ September 28 ne 29 no. Asɔfo bɔɔ mmɔden biara a wobetumi sɛ wɔbɛma woagyae nhyiam no yɛ, nanso wɔantumi, na nnipa bɛyɛ 16,000 betiee baguam ɔkasa no. Na ɛno ne bere a edi kan a Romania anuanom tumi yɛɛ nhyiam a ɛte saa.

Asafo ti no de Onua Alfred Rũtimann fi Switzerland baa dwumadibea kɔɔ Romania. Wɔ August 1947 mu no, otumi ne anuanom a woboro 4,500 kasae wɔ mmeae 16, na ɔhyɛɛ wɔn den maa nea na ɛda wɔn anim no. Na ankyɛ na ɔhaw san baa Adansefo no so bio, saa bere yi de na efi Komunist nniso no ho. Wɔ February 1948 mu no, atumfo no baraa yɛn nhoma a yetintim no ne asɛmpaka adwuma no. Afei, wɔ August 1949 mu no, wɔbaa yɛn adwumayɛbea a ɛwɔ 38 Alion Street no. Wɔkyeree anuanom pii a na Onua Magyarosi ka ho. Saa bere yi de wɔbɔɔ wɔn sobo sɛ wɔpɛ abirimpɔnsɛmdi, na wɔde wɔn guu afiase anaa adwumayɛbea ban mu. Mfe 40 a edii hɔ no, wɔbaraa adwuma no, na Yehowa Adansefo huu amane kɛse. Ɔhaw ahorow a atamfo ma ɛsoree wɔ ahyehyɛde no mu no maa amanehunu no yɛɛ kɛse. Awiei koraa no, wotuu Ceausescu nniso no gui wɔ 1989 mu, na wonyaa ahofadi! Dɛn na afei wɔde wɔn ahofadi no bɛyɛ?

Wɔka Asɛm Baguam Bio

Adansefo no ansɛe bere koraa. Ntɛm ara wofii ase kaa asɛm wɔ afie afie. Nanso na eyi nyɛ mmerɛw mma wɔn a wɔde akokoduru ayɛ adwuma no bɔnnɔ so wɔ kokoam mfe pii no. Na ehu aka wɔn sɛ afei de wobetumi aka asɛm no wɔ baguam. Na wɔn mu dodow no ara nyɛɛ baguam asɛnka pɛn, na bere a etwa to a wɔn mu bi aka asɛm wɔ afie afie no yɛ 1940 awiei mu hɔ. Aba horow bɛn na ɛrefi mu aba? Momma yɛnhwɛ.

Beae a ɛfata sɛ yefi ase ne ahenkurow Bucharest, a emufo yɛ ɔpepem 2.5 no. Mfe abien a atwam no, na asafo ahorow anan pɛ na ɛwɔ kuropɔn no mu. Asafo ahorow du na ɛwɔ hɔ mprempren, na nnipa bɛboro 2,100 baa 1992 Nkaedi no ase. Bere a wogu so yɛ Bible adesua ahorow a enya nkɔanim no, ebia wɔbɛhyehyɛ asafo afoforo nnansa yi ara.

Craiova yɛ kurow a emufo yɛ bɛyɛ 300,000, a ɛwɔ ɔman no kesee fam atɔe. Ebeduu 1990 no, na Adansefo bɛyɛ 80 pɛ na wɔwɔ kurow no nyinaa mu. Afei wonyaa akwampae honhom, na adwuma no nyaa nkɔanim. Wɔ 1992 mu nkutoo no, wɔbɔɔ nnipa 74 asu, na wɔyɛ Bible adesua bɛboro 150. Adawurubɔfo bɛboro 200 na wɔwɔ kurow no mu, na wɔn ani abere rehwehwɛ beae a ɛfata asi Ahenni Asa.

Wɔ Tirgu-Mures no, onuawa Ɔdansefo bi ne anuanom mmarima baanu kɔɔ Ortodoks sɔfo no hɔ sɛ okotwa ne din mu afi asɔre no nhoma mu. Bere a ɔsofo no tee nea enti a wɔabɛsra no no, ɔde wɔn kɔɔ dan mu, na wɔbɔɔ nkɔmmɔ a ɛyɛ anigye. Afei ɔsɔfo no kae sɛ: “M’ani bere mo nanso ɛnyɛ ɔkwammɔne so. Ɛsɛ sɛ anka yɛyɛ adwuma a moyɛ no. Enye koraa sɛ Ortodoks Asɔre no yɛ dodow wura”! Ogyee So Ɛsɛ sɛ Wugye Baasakoro no Di? brochure no ne Ɔwɛn-Aban biako. Onuawa no ani agye sɛ ɔnka “dodow wura” no ho bio.​—Adiyisɛm 18:4.

Ɛyɛ ade titiriw sɛ wɔn a wosua nokware no nnɛ no mu dodow no ara yɛ mmerante ne mmabaa. Dɛn ntia? Ebia wohwɛɛ nneɛma pii kwan fii aban mu nsakrae a ɛbae no mu, nanso adi wɔn huammɔ. Wɔn ani gye sɛ wɔahu sɛ Yehowa Ahenni nkutoo na ebetumi de yɛn haw ahorow no nyinaa aba awiei koraa.​—Dwom 146:3-5.

Nsɛm Akɛse Resisi wɔ Mmeae Nketewa

Ocoliş yɛ akuraa ketewaa bi a ɛwɔ Romania atifi fam. Wɔ 1920 mu no, ɔbarima bi a ne din de Pintea Moise fii Rusia akono, beae a wɔfaa no dommum wɔ ɔko mu bae. Na anka ɔyɛ Katolekni, nanso na wadan Baptistni ansa na ɔreba. Adapɛn abiɛsa akyi no, Bible Asuafo, sɛnea na wɔfrɛ Yehowa Adansefo saa bere no, kɔɔ ne nkyɛn. Wɔ saa nsrahwɛ no akyi no, ɔkae sɛ: “Afei na mahu Onyankopɔn ho nokware no!” Ebeduu 1924 no na kuw a emufo yɛ 35 wɔ Ocoliş.

Ɛnnɛ, kurow no mu nnipa 473 no mu 170 yɛ Ahenni adawurubɔfo. Wɔama ɔdawurubɔfo biara afie bɛyɛ abien sɛ n’asasesin, na wɔyɛ nkuraa a atwa wɔn ho ahyia no mu adwuma nso. Anuanom da so ara hwɛ nkɔso kwan. Wɔasi Ahenni Asa fɛfɛ bi a ɛfa nnipa 400 nnansa yi ara. Ɛhɔnom anuanom no ankasa na wɔyɛ ho adwuma nyinaa.

Valea Largã ne beae a Anuanom Szabo ne Kiss trae wɔ 1914 mu. Wɔ 1991 no, na emu nnipa 3,700 no mu 582 yɛ adawurubɔfo a wɔwɔ asafo ahorow awotwe mu. Nnipa 1082 a wɔbaa 1992 Nkaedi no ase​—bɛyɛ nnipa 3 a ɔwɔ obon yi mu biara mu 1.

Akwampaefo Atitiriw Bɔ Kwan No

Akwampaefo atitiriw yɛ mmoa kɛse wɔ asɛmpa no a wɔka kyerɛ nnipa a wɔtete akyirikyiri no mu. Bere a wɔmaa hokwan sɛ wɔnka asɛmpa no pɛ no, Ionel Alban fii ase yɛɛ nkurow abien mu adwuma, ɔde nnanu yɛɛ Orşova mu adwuma dapɛn biara na ɔde nnanum yɛɛ Turnu-Severin mu adwuma.

Na Adansefo nni Orşova bere a Ionel baa hɔ no. Ɔne abarimaa bi a wadi mfe 14 fii Bible adesua ase wɔ dapɛn a edi kan no mu. Abarimaa no yɛɛ nsakrae pii araa wɔ asram abien mu ma n’adamfo bi ne ne fipamfo bi nso fii ase suaa ade. Ná ofipamfo no, Roland, a na ɔyɛ Katolekni no nyaa nkɔso a ɛyɛ nwonwa. Ɔsram biako ne fã pɛ akyi no, ɔkaa Ionel ho kɔɔ asɛnka, na wɔbɔɔ no asu wɔ asram anum akyi. Ɔde ne ho hyɛɛ bere nyinaa som adwuma no mu ntɛm ara. Ne maame nso fii ase suaa ade na wɔbɔɔ no asu wɔ 1992 “Hann Kurafo” Ɔmantam Nhyiam no ase. Mprempren adawurubɔfo du na wɔwɔ Orşova, na wɔyɛ ofie Bible adesua 30.

Nea odii kan gyee nokware no wɔ Turnu- Severin no yɛ obi a ogye ahɔho wɔ ahɔhodan a Ionel traa mu no mu. Asram abien akyi ɔbarima no bɛyɛɛ ɔdawurubɔfo a wɔmmɔɔ no asu, na wɔbɔɔ no asu wɔ asram abiɛsa akyi. Mprempren ɔyɛ ɛhɔnom adawurubɔfo 32 a wɔyɛ ofie Bible adesua 84 no mu biako.

Ɔkwampaefo titiriw foforo, Gabriela Geica, somee sɛ daa ɔkwampaefo bere a na wɔabara yɛn adwuma no mpo no. Na ne pɛ ne sɛ ɔbɛyɛ adwuma wɔ beae a mmoa ho hia kese. Wɔma ɔkɔyɛɛ adwuma wɔ asasesin kɛse bi mu. Ɛtɔ da bi a, otwa bɛyɛ kilomita 60 kosi 100 kɔsra anigyefo. Kurow biako a ɔyɛɛ mu adwuma ne Motru, a na Adansefo baanan pɛ na na wɔwɔ hɔ. Ɔka sɛ: “Esiane sɛ adwuma no nyaa nkɔso wɔ Motru nti, asɔfo no ne nyamesom akuw afoforo fii ase sɔre tiaa yɛn. Wotuu kurow no sohwɛfo ne polisifo aso ma wɔhyɛɛ mmusua a wɔma me dabere no so. Wɔpam me, enti bɛyɛ ɔsram foforo biara no, na ɛsɛ sɛ mehwehwɛ baabi foforo tra.”

Gabriela ne obi a onnye Onyankopɔn nni a ose n’ani nnye nyamesom anaa Bible no ho fii adesua ase wɔ Orşova. Nanso asram anan pɛ wɔ adesua no akyi no, ɔbea no fii ase dii Bible no ho adanse. Ɛwom sɛ, sɛ opue a, ne kunu to no pon mu anadwo na ohunahunaa no sɛ obegyae no aware anaasɛ obekum no de, nanso okuraa ne mudi mu. Ansa na wɔrebɔ no asu mpo no, na ɔyɛ Bible adesua du.

Wɔhwɛ Anidaso a Ɛyɛ Anigye Kwan

Wɔ August 1992 mu no, Romania nyaa adawurubɔfo dodow nkɔanim a ɛsen biara 24,752 wɔ asafo ahorow 286 mu. Wɔn a wɔbaa Nkaedi no ase boro 66,000. Adwumayɛfo 17 reyɛ nea wobetumi nyinaa de adi wɔn nuanom honhom mu ahiade ho dwuma wɔ Bucharest baa dwumadibea ketewa no mu. Wɔhwɛ kwan sɛ ɛrenkyɛ wobefi ase asi baa dwumadibea kɛse.

Nkɔso a aba ntɛmntɛm wɔ mfe kakraa bi a atwam no mu ama Yehowa Adansefo a wɔwɔ Romania ho adwiriw wɔn yiye. Wɔda Yehowa ase sɛ wɔyɛ amanaman ntam asafo a ne din da so, na ɛkyerɛ nkurɔfo kwan ma wonya ɔno ne n’atirimpɔw ho nimdeɛ a ɛnsakra no fã. Mfe pii a wɔde agyina amanehunu ne ɔtaa ano akyi no, hwɛ sɛnea wɔda Yehowa ase sɛ wasakra bere ne nna nokwarem wɔ Romania!

[Asase mfonini wɔ kratafa 23]

(Wopɛ nsɛm a wɔahyehyɛ no nyinaa a, hwɛ nhoma no mu)

HUNGARY

ROMANIA

Bucharest

Cluj-Napoca

Craiova

Tirgu-Mures

Orşova

Turnu-Severin

Motru

Turda

BULGARIA

[Mfonini wɔ kratafa 24, 25]

1. Anuanom bɛyɛ 700 a hyiaam wɔ wuram wɔ 1947 mu

2. Baguam ɔkasa ho nsaano krataa wɔ 1946 mu

3. 1992 Alba lulia nhyiam

4. Adansedi wɔ Cluj-Napoca nnɛ

5. Ahenni Asa a ɛbɛn Turda

6. Betel abusua a wɔwɔ Bucharest

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena