Yehowa Bɔ Ne Nkurɔfo ho Ban Wɔ Hungary
HUNGARY, a ɛwɔ Europa mfinimfini no ahyia abakɔsɛm mu ɔhaw ahorow mpɛn pii. Emufo ahu amanne kɛse, ɛmfa ho sɛ Stephen, wɔn hene a odi kan no hyiraa wɔn so maa Ɔbaabun Maria na ɔhyɛɛ wɔn ma wɔfrɛɛ wɔn ho Kristofo wɔ 1001 mu no.
Wɔ mfehaha no mu no, akodi a ɛkɔɔ so wɔ Hungary sɛee n’ahoɔden na ɛmaa aman afoforo dii so nkonim mpɛn pii. Wokum nkurow bi mufo nyinaa wɔ saa akodi yi mu, maa ahɔho besii wɔn ananmu akyiri yi. Enti wɔn a wɔtete hɔ no bɛyɛɛ amamfrafo. Wɔ nyamesom mu no, ɔman no mu nnipa bɛyɛ nkyem abiɛsa biara mu abien kɔɔ so yɛɛ Katolekfo, ɛwom sɛ akyiri yi Ɔsesɛw no trɛw wɔ mmeae binom de.
Mfiase Ketewaa Bi
Wodii kan duaa Bible mu nokware aba wɔ Hungary wɔ 1908 mu. Ɔbea bi a na Bible Asuafo no, sɛnea na wɔfrɛ Yehowa Adansefo saa bere no akyerɛ no nokware no na ɔyɛɛ saa. Esiane n’asɛnka no nti, pii ani begyee asɛmpa no ho. Ɛno akyi bere tiaa bi no, mmarima baanu a wofi United States san baa Hungary no de wɔn bere nyinaa trɛw asɛmpa no sɛ akwampaefo. Nokware no trɛw nkakrankakra nanso enyaa nkɔanim, na wobuee nhoma tintimbea bi wɔ Kolozsvár.
Wonyaa amannɛebɔ a edi mu a edi kan wɔ 1922, bere a Bible Asuafo 67 a wofi nkurow du mu kɔɔ Kristo wu Nkaedi no ase no. Wɔn adansedi adwuma no nyaa nkurɔfo so nkɛntɛnso ntɛm, na ɛde ɔsɔretia bae efisɛ asɔfo no tutu guu nniso no ne nsɛm amanneɛbɔfo asom sɛ wonsiw asɛnka adwuma no ano.
Ntua no Ano yɛ Den
Wɔ 1928 mu no, Katolek sɔfo Zoltán Nyisztor yii nhomawa bi a wɔato din Millennialist Bible Students adi. Ɔkaa Bible Asuafo no ho asɛm wom sɛ: “Wɔn ho yɛ hu sen Komunistfo a wɔde akode tow hyɛ nkurɔfo so no, efisɛ eyinom de Bible no kata wɔn atirimpɔw ankasa so de daadaa wɔn a wɔn ani nna wɔn ho so. Hungarifo Royal State Police rehwɛ wɔn dwumadi yiye.”
Saa bere no onua nsiyɛfo bi a wɔfrɛ no Josef Kiss kɔsrasraa asafo ahorow no. Polisifo no tetɛw no. Wɔ 1931 mu no, na ɔwɔ onua bi fie bere a polisifo no bɛtoaa no mpofirim, na wɔhyɛɛ no sɛ omfi hɔ ntɛm ara. Bere a Onua Kiss fii ase boaboaa ne nneɛma ano no, polisifo no biako de ne tuo to bɔɔ no na ohunahunaa no sɛ: “Yɛ no ntɛm, anyɛ saa yɛde sekan behwirow wo mu!” Onua Kiss serewee na ɔkae sɛ: “Ɛno bɛma makɔ fie ntɛm,” a na ɔreka ne soro anidaso no ho asɛm sɛ Kristoni a wɔasra no no.
Asraafo no dii Onua Kiss akyi kɔɔ keteke no ho. Ná wɔhwɛ kwan sɛ obedu asafo a ɛwɔ Debrecen no mu June 20, 1931, nanso wannu da. Anuanom no de baa awiei sɛ n’atamfo no akum no, na ‘ɔkɔɔ fie’ ampa konyaa ne soro akatua no. Ɛwom sɛ wɔmaa n’adwuma no baa awiei de, nanso aban no antumi annum nokware no hann no da.
Ná wɔtaa de anifere di dwuma na wɔatumi adi adanse. Sɛ nhwɛso no, wɔ 1980 mfinimfini mu hɔ no, onua bi wui wɔ Tiszakarád. Saa bere no na gye sɛ aban mpanyimfo ma wɔn kwan ansa na wɔatumi ayɛ ayi. Wɔmaa anuanom no simma biako pɛ sɛ wɔmfa mmɔ mpae ne simma biako sɛ wɔmfa nto dwom. Ná ɛsɛ sɛ polisifo a wɔde wɔn atuo ne wɔn bɔrewɔre bae no hwɛ ma wodi eyi so. Kurow no mufo pii bae esiane sɛ na wɔpɛ sɛ wohu sɛnea wɔbɛyɛ eyi no nti.
Onua bi gyinaa funu adaka no ho na ɔde simma aduasa bɔɔ mpae, nanso wɔ ɔkwan a nkurɔfo no kae sɛ wɔntee bi da so. Wɔkae sɛ: “Sɛ asɔfo baasia mpo na wɔyɛɛ ayi no a, anka ɛnka koma saa.” Afei onua bi a ne nne yɛ dɛ fii ase dii nnwonto no anim, nanso polisini biako hyɛɛ no sɛ ɔnyɛ dinn. Akyiri yi, polisifo no gye toom sɛ ɛwom sɛ na ɛhaw wɔn de, nanso wɔantumi ansiw mpaebɔ no ano.
Bere a ntua no kɔɔ so no, Lajos Szabó, Reformed Church sɔfo bi kyerɛw nea edi so yi wɔ ne 1935 nhomawa Antichrist by the River Tisza mu sɛ: “Ná ɛyɛ nyansa kwan a wɔfaa so de Komunism hyɛɛ nkurɔfo no adwenem wɔ nyamesom din mu . . . Marx yɛɛ ne ho te sɛ Kristo . . . Ná Antikristo no ne Yehowa Adansefo wɔ ha a ɔhyɛ n’atade kɔkɔɔ yuu.
Mfe a Wɔbaraa Yɛn Dwumadi No
Wɔ 1939 mu no, wɔbaraa Yehowa Adansefo adwuma koraa. Wɔtoo din sɛ dwumadi a “etia nyamesom ne ɔmanfo.” Adventistfo, Baptistfo, Evangelikalfo, ne Presbifo yii nhomawa ahorow a etia Adansefo no adi. Nanso Yehowa annyaw n’asomfo, na Adansefo a wɔwɔ aman afoforo so hwɛɛ wɔn. Bio nso, Onyankopɔn nkurɔfo a wɔwɔ Hungary no nyaa osuahu ahorow a ɛhyɛ gyidi den pii.
Sɛ́ nhwɛso no, bere a onua bi de yɛn nsɛmma nhoma ahorow no kotoku ma fii Czechoslovakia bae no, nneɛma a wɔkra fi amannɔne ho towgyefo panyin no bisae sɛ: “Dɛn na ɛwɔ wo kotoku no mu?” Onua no buae nokwarem sɛ: “Ɔwɛn-Aban ahorow.” Afei towgyefo panyin no de ne nsa yɛɛ sɛnkyerɛnne bi te sɛ nea ɔkyerɛ sɛ onua no abɔ dam, na ɔmaa no toa n’akwantu no so. Enti, honhom fam aduan no koduu Hungary dwoodwoo.
Nanso, ɔhaw no annyae. Wɔkyeree anuanom pii guu afiase mmere tenten a ɛsonosono mu. Afei wɔde hyɛɛ nhwehwɛmu kuw titiriw bi nsa sɛ wɔnkyere Yehowa Adansefo ntwe wɔn aso. Wɔ 1942 mu no, wɔboaboaa mmarima, mmea, ne mmofra ano guu mmoa yɛmmea ahorow ne Yudafo sukuu adan a biribiara nnim mu. Wodii wɔn ani asram abien akyi no, wodii wɔn asɛm na wobuaa wɔn fɔ. Wɔkae sɛ wɔmfa ebinom nto afiase wɔn nkwa nna nyinaa; wɔde afoforo nso too afiase fi mfe 2 kosi 15. Wobuaa anuanom baasa—Dénes Faluvégi, András Bartha, ne János Konrád—kumfɔ sɛ wɔbɛsɛn wɔn, nanso akyiri yi wɔsesaa asotwe no kae sɛ wɔmfa wɔn nto afiase wɔn nkwa nna nyinaa. Afei, wɔde anuanom 160 kɔɔ Bor dadeban mu. Bere a wɔtwaa hye no akyi no, wɔka kyerɛɛ wɔn sɛ wobewu wɔ hɔ. Yudafo 6,000 a wotwaa wɔn asu de wɔn kɔɔ dadeban no mu no, wɔn mu 83 pɛ na wonyaa nkwa. Nanso Adansefo no nyinaa san bae, gye baanan pɛ.
Ná Yehowa Adansefo no bi yɛ mogya adansefo. Bere a Wiase Kɔ II rekɔ n’awiei no, Nasifo no kunkum anuanom dodow bi. Wɔbɔɔ Bertalan Szabó, János Zsondor, ne Antal Hónis tuo kum wɔn, na wɔsɛn Lajos Deli.—Mateo 24:9.
Nsakrae Pa a Ɛba Ntra hɔ Nkyɛ
Wiase nyinaa ko a ɛto so abien akyi no, tebea no sakrae bio. Nkabom aban bi hyɛɛ bɔ sɛ wɔmmfa hokwan a onipa biara wɔ no nnkame no. Anuanom a wofii nnadeban mu bae no fii ase kaa asɛm ntɛm ara na wɔhyehyɛɛ asafo ahorow. Wɔtee nka sɛ na Yehowa ama wɔn ahofadi sɛnea wobetumi ayi ne din kɛse no ayɛ, na ɛnyɛ sɛ ɛbɛma wɔn abɔ mmɔden aboaboa honam fam ahonyade ano. Eduu 1945 awiei no, na Ahenni adawurubɔfo nsiyɛfo 590 na wɔwɔ hɔ. Wɔ 1947 mu no, wɔtɔɔ dan bi a wɔde bɛyɛ Ɔwɛn Aban Asafo no baa dwumadibea, na wɔyɛɛ ɔman nhyiam a edi kan wɔ agumadidan bi mu. Nnipa 1,200 na wohyiaam, na Hungarifo ɔman keteke adwuma no mpo tew wɔn bo so ɔha biara mu nkyem 50 maa wɔn a woretu kwan akɔ nhyiam no.
Nanso ahofadi no ankyɛ. Ankyɛ na Komunist Amanyɛkuw no nyaa tumi, na nniso no sakrae. Nniso foforo no huu nkɔanim a na Yehowa nkurɔfo renya no, efisɛ na wɔakɔ wɔn anim fi adawurɔbɔfo 1,253 wɔ 1947 mu akodu 2,307 wɔ 1950 mu. Wɔ saa afe no mu no, aban mpanyimfo fii ase de nneɛma siw asɛnka adwuma no ano. Ná ɛsɛ sɛ wonya tumi krataa, nanso nniso no pow sɛ ɔde bɛma wɔn, na National Guard adwumayɛfo hwee wɔn a wokobisaa tumi krataa no. Atesɛm nkrataa mu nsɛm kɔɔ so kasa tiaa Adansefo no sɛ wɔyɛ ‘hempɔnsɛmdifo adwumayɛfo.’ Nea ɛyɛ anika no, ansa na Komunism redi tumi no, na wɔde Adansefo no agu nnadeban ahorow mu sɛ wɔyɛ ‘Yudafo Komunistfo akyidifo anokwafo.’
Aninyanne no Fi Ase
Wɔ November 13, 1950 mu no, wɔkyeree baa dwumadibea sohwɛfo no ne nhoma asekyerɛfo (wɔn a kan no wobuaa wɔn kumfɔ no mu baanu) ne ɔmansin a edi kan no sohwɛfo no. Wɔde wɔn kɔɔ asase ase afiase bi a agye dimmɔne wɔ 60 Andrássy Street wɔ Budapest, sɛnea ɛbɛma wɔayɛ “mmerɛw.” Wodii wɔn asɛm February 2 wɔ afe a edi hɔ no mu. Wobuaa baa dwumadibea sohwɛfo no fɔ sɛ wɔmfa no nto afiase mfe du, wɔmaa nhoma asekyerɛfo no mfe akron, na wɔmaa ɔmansin sohwɛfo no mfe awɔtwe. Wogyee nnipa baasa no nyinaa agyapade. Bere a wɔredi wɔn asɛm no, wobuaa asafo mu ahwɛfo baanan afoforɔ fɔ sɛ wɔmfa wɔn nto afiase fi mfe anum kosi asia, a asɛm a wɔde too wɔn so ne sɛ na wɔrebɔ mmɔden sɛ wobetu nniso no agu.
Wɔde anuanom no too afiase a wɔabɔ ho ban denneennen a na wontumi nnya nkrataa, amanade, anaa ahɔho. Wɔn mmusua ante wɔn ho asɛm biara. Ná awɛmfo no mpo ntumi mmɔ wɔn din. Sɛnea ɛbɛyɛ na wɔahu wɔn no, na agyiraehyɛde bi a wɔde dua ayɛ a nɔma wɔ so sɛn wɔn kɔn mu. Ná nsɛm bi mpo wɔ afasu no ho a ɛkenkan sɛ: “Ɛnsɛ sɛ mohwɛ nneduafo no so kɛkɛ; montan wɔn.”
Adansefo no yɛɛ ade wɔ kokoam, nanso wɔannyae asɛnka adwuma no. Adansefo afoforo sii wɔn a na wɔda afiase no ananmu toaa so. Bere kɔɔ so no, wɔkyeree afoforo a wɔsii wɔn ananmu no nso. Eduu 1953 no, na wɔakyere anuanom bɛboro 500, abua wɔn fɔ de wɔn ato afiase, nanso na wontumi ngu asɛmpa no mpokyerɛ. Anuanom kakraa bi pɛ na wogyee awɛmfo no nnaadaa bɔhyɛ ahorow no dii na wogyaee nsɛm mu siesiei.
Anidaso a Ɛyɛ Anigye
Wɔ 1956 ofupɛ bere mu no, nnipa no fii ase tew atua tiaa nniso no, Soviet Asraafo no siw ɔman anidan no ano, na Komunist Amanyɛkuw no san nyaa tumi.
Ná wɔagyaa Adansefo a wɔda afiase no nyinaa, nanso wɔsan de anuanom kakra a wonim wɔn yiye no san koguu afiase ma wɔkɔtoaa wɔn afiasenna no so, ɛwom sɛ wɔanni afoforo asɛm ammu wɔn fɔ bio de. Awiei koraa, wɔ 1964 mu no, tebea no fii ase yɛɛ yiye. Atumfo no ankɔ so anyɛ biribiara amfa ansiw ayi ne ayeforohyia ahorow ano. Wɔyɛɛ ɔmansin nhyiam horow wɔ kwae mu. Ɛwom sɛ wɔsɛee eyinom bi de, nanso wɔamfa Adansefo afoforo biara ankɔto afiase.
Wɔ 1978 no, wɔmaa anuanom ahwɛfo kɔɔ Vienna nhyiam no bi. Atumfo no hyɛɛ bɔ sɛ wobɛgye Yehowa Adansefo atom mmara kwan so saa afe no ara mu, nanso mfe du san twaam ansa na eyi rebam ankasa. Wɔ 1986 mu no, wɔyɛɛ ɔmantam nhyiam a edi kan wɔ Youth Park wɔ Kamara Forest, bere a na atumfo no nim. Wɔkyerɛw agyiraehyɛde bi mpo bɔɔ hɔ sɛ na eyi yɛ Yehowa Adansefo “Ɔsoro Asomdwoe” Ɔmantam Nhyiam. Afe a edi hɔ no, wɔyɛɛ “Yehowa mu Ahotoso” Ɔmantam nhyiam no, na wɔ 1988 mu no, anuanom nyaa “Ɔsoro Atɛntrenee” Ɔmantam Nhyiam no mu anigye.
Awiei Koraa Wonya Ahofadi!
Ná June 27, 1989 yɛ anigye da, efisɛ saa bere no na anuanom nsa kaa krataa a aban no de penee Yehowa Adansefo Nyamesom Ahyehyɛde a ɛwɔ Hungary no so. Wɔ July mu no, Budapest Agumadidan kɛse no faa nnipa 9,477 a wohyiaam yɛɛ “Onyamesom Pa Ahofama” Ɔmantam Nhyiam no. Wɔyɛɛ “Kasa Kronn” Ɔmantam Nhyiam no wɔ asa koro no ara so wɔ 1990 mu, na wɔyɛɛ ɔmantam nhyiam ahorow wɔ Hungary nkurow akɛse abiɛsa afoforo nso mu.
Esiane sɛ na afei wɔayi anohyeto no afi hɔ koraa nti, na wobetumi ayɛ amanaman ntam nhyiam a edi kan ho nhyehyɛe. Wɔ wim tebea a na enye nyinaa akyi no, wɔyɛɛ wɔ Népstadion wɔ Budapest, faako a nnipa 40,601 hyiaam nyaa onuadɔ a emu yɛ den mu anigye no. Sodikuw no mufo bae na wɔde kasa ahorow hyɛɛ anuanom no gyidi den, na woyii nhoma ne brochure afoforo a wɔde kɔla ahorow ayɛ emu mfonini ahorow no adi wɔ nhyiam yi ase.
Dɛn nɛ Ɛrekɔ so Nnɛ
Mprempren, wotintim Hungary kasa mu Ɔwɛn-Aban ne Nyan! ne Engiresi kasa mu de no bere koro mu na wɔyɛ no fɛfɛ saa ara. Wɔ 1992 mu no, wofii ase tintim Yearbook no wɔ Hungary kasa mu. Asɛmpa no adawurubɔfo dodow kɔɔ soro fii 6,352 wɔ 1971 mu koduu 13,136 wɔ January 1993 mu.
Ɛnnɛ, Yehowa Adansefo a wɔwɔ Hungary wɔ onyamesom hokwan na wɔka asɛm wɔ afie afie a wonsiw wɔn kwan. Asafo ahorow 205 na ɛwɔ hɔ, na nnipa 27,844 na wɔbaa Nkaedi no ase wɔ April 17, 1992 mu. Asafo ahorow no kɔ so hyia wɔ sukuu ahorow mu, amammerɛ suabea ahorow, adekorabea a ɛda mpan, ne Komunist, Amanyɛkuw adwumayɛbɛa ahorow a wɔafi hɔ mu, kosi sɛ wobenya Ahenni Asa dodow a ɛsɛ. Ɛde besi 1992 no, na asafo ahorow du ahyira wɔn ankasa Ahenni Asa ahorow so, na wɔresi asa afoforo.
Wɔ nsakrae ne ɔman anidan no nyinaa mu no, anuanom no de nokwaredi agyina Yehowa Nyankopɔn ne ne Ba, Yesu Kristo, afã, na wɔakɔ so aka asɛm no. Mmere no mu ɔhaw no nsɛee wɔn, efisɛ Yehowa abɔ ne nkurɔfo ho ban wɔ Hungary.—Mmebusɛm 18:10.
[Asase mfonini wɔ kratafa 9]
(Wopɛ nsɛm a wɔahyehyɛ no nyinaa a, hwɛ nhoma no mu)
Vienna
AUSTRIA
Budapest
Debrecen
HUNGARY
ROMANIA
[Mfonini wɔ kratafa 10]
Yehowa nkurɔfo hyiaam wɔ Budapest