Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w93 8/1 kr. 31
  • Nsemmisa A Efi Akenkanfo Hɔ

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nsemmisa A Efi Akenkanfo Hɔ
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1993
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Hena Ne Yohane Suboni?
    Bible Nsɛmmisa Ho Mmuae
  • Yohane Pɛe Sɛ Ɔte Yesu Anom Asɛm
    Yesu Ne Ɛkwan no, Nokorɛ no ne Nkwa
  • Yesu Dɔree, na Yohane so Hwanee
    Yesu Ne Ɛkwan no, Nokorɛ no ne Nkwa
  • Wɔkuu Obi Wɔ Awodadi Bi Ase
    Yesu Ne Ɛkwan no, Nokorɛ no ne Nkwa
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1993
w93 8/1 kr. 31

Nsemmisa A Efi Akenkanfo Hɔ

So ɛsɛ sɛ wɔfrɛ Yohane a ɔbɔɔ Yesu asu no “Yohane Suboni” anaa “Yohane a ɔbɔ asu no”?

Edin abien no nyinaa ye na egyina Bible no so.

Ná ɛsɛ sɛ Yohane ‘siesie ɔman a wɔaboaboa wɔn ho de ma Yehowa,’ na ɔyɛe denam ‘adwensakra asubɔ a ɛde kɔ bɔne fafiri mu a ɔkae’ so. (Luka 1:17, 3:3) Ɔsomafo Mateo kyerɛwee sɛ: “Yohane suboni no ba bɛkaa asɛm Yudea sare so sɛ: Monsakra mo adwene; na ɔsoro ahenni no abɛn. . . . Ɛnna Yerusalemfo ne Yudeafo nyinaa . . . fi kɔɔ ne nkyɛn; na wɔkaa wɔn bɔne ma ɔbɔɔ wɔn asu asubɔnten Yordan mu.”​—Mateo 3:1-6.

Hyɛ no nsow sɛ Mateo frɛ Yohane sɛ “Suboni no.” Ɛbɛyɛ sɛ Mateo, a ɛda adi sɛ na ɔreka n’asɛm no afa Yudafo ho no susuwii sɛ Yudafo no behu nea wɔfrɛ no “Suboni no.” Ɔde “Suboni no” dii dwuma sɛ ne din ankasa. Yesu ne n’asuafo no de asɛm “Yohane Suboni no” dii dwuma sɛnea Herode asomfo no yɛe no ara pɛ.a ​—Mateo 11:11, 12; 14:2; 16:14.

Osuani Marko ka “Suboni no” a wɔde dii dwuma saa ara ho asɛm. (Marko 6:25; 8:28) Bere a Marko reka Yohane ho asɛm nea edi kan no, ɔfrɛɛ no ‘Suboni Yohane.’ (Marko 1:4) Hela kasa a wɔde dii dwuma wɔ Marko 1:4 yɛ soronko kakra wɔ nea wɔde dii dwuma wɔ nkyekyem afoforo no ho. Wobetumi akenkan Marko 1:4 nso sɛ ‘nea ɔbɔ asu no.’ Ná Marko resi nea na Yohane reyɛ so dua, ɔno ne nea na ɔrebɔ asu, suboni no.

Nanso ɛte sɛ nea enhia sɛ yɛma nsonoe ba akwan a yɛfa so ka Yohane ho asɛm yi ntam. Wɔ Marko 6:24, 25 no, yɛkenkan wɔ Salome ho sɛ: “Ofii adi kosee ne na sɛ: Dɛn na minkobisa? Na ɔkae sɛ: Yohane a ɔbɔ asu no ti. Na ntɛm ara ɔde ahoɔhare baa ɔhene nkyɛn bebisae kae sɛ: Mepɛ sɛ wode Yohane suboni ti to taforobɔtɔ mu ma me mprempren.” Wɔde din abien no dii dwuma sɛnea wɔpɛ.

Ebia ebinom bɛte “Suboni no” ase sɛnea nsɛm asekyerɛ nhoma bi nkyerɛkyerɛmu a ɛto so abien kyerɛ yi: “Protestantfo asɛmpakafo kuw a asɔre mpanyinni ne nsu mu asubɔ a wɔbɔ gyidifo nkutoo no ɛhyɛ wɔn agyirae no muni anaa n’akyidini.” Ɛda adi pefee sɛ na Yohane nte saa.

Enti “Yohane Suboni” ne “Yohane a ɔbɔ asu no” nyinaa ye na ɛfata.

[Ase hɔ asɛm]

a Yudani abakɔsɛm kyerɛwfo Flovius Josephus kyerɛw “Yohane” ho asɛm sɛ “nea wɔfrɛ no Suboni no.”

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena