Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w93 8/1 kr. 32
  • Akorade a Ahintaw a Yɛbɛbɔre Ahwehwɛ

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Akorade a Ahintaw a Yɛbɛbɔre Ahwehwɛ
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1993
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1993
w93 8/1 kr. 32

Akorade a Ahintaw a Yɛbɛbɔre Ahwehwɛ

WƆ 1848 mu no, wohuu sika kɔkɔɔ wɔ Sutter’s Mill wɔ California, U.S.A. Ebeduu 1849 mu no, na nnipa mpempem pii aba hɔ a wɔn anidaso ne sɛ wobenya wɔn ho ntɛmntɛm, na na ahopere a ɛkyɛn so a wɔde pɛ sika ntɛmntɛm wɔ United States abakɔsɛm mu rekɔ so. Wɔ afe biako pɛ mu no, po so hyɛn gyinabea a ɛbɛn hɔ kɛse, San Francisco, a na ɛyɛ kurow ketewa bi no bɛyɛɛ kuropɔn a emu nnipa yɛ 25,000. Anidaso a na wɔwɔ sɛ wobenya wɔn ho mpofirim yɛɛ ade a tumi wom a ɛtwetwee nnipa pii.

Ná tete Israel hene Salomo nim sɛnea mmarima de ahoɔden tutu fam hwehwɛ akorade a ahintaw, na ɔtwee adwene sii eyi so bere a ɔkae sɛ: “Yiw, sɛ wusu frɛ nhumu, na woma wo nne so frɛ ntease, sɛ wɔhwehwɛ n’akyi kwan sɛ dwetɛ, na wobɔre hwehwɛ no sɛ akorade a ahintaw a, ɛno na wubehu [Yehowa] suro, na woahu Onyankopɔn ho nimdeɛ”​—Mmebusɛm 2:3-5

Wubetumi de sika ne dwetɛ ayɛ nneɛma pii, nanso wubetumi de ntease ne nhumu ayɛ nea ɛsen saa. Eyinom bɛboa wo ma woasisi gyinae ahorow a ɛfata, adi nsɛnnennen ho dwuma, ama w’aware akɔ so, na ama woanya anigye. (Mmebusɛm 2:11, 12) Saa ara nso na nokware nimdeɛ bɛboa wo ma woabu wo Bɔfo, ate n’atirimpɔw ahorow ase, na woayɛ osetie ama no asɔ n’ani. Sika ntumi nyɛ eyinom mu biara mma wo.

Bible nsɛm no yɛ nokware: “Nyansa yɛ ahobammɔ sɛnea sika nso yɛ ahobammɔ no, nanso mfaso a ɛwɔ nimdeɛ so ni: sɛ nyansa gye ne wura nkwa.”(Ɔsɛnkafo 7:12, New International Version) Bere a nnipa pii susuw ho sɛ wɔbɛyɛ adefo mpofirim no, hwɛ nyansa kɛse a ɛyɛ sɛ wubebue Bible no mu abɔre ahwehwɛ nhumu, ntease, nimdeɛ ne nyansa a ɛyɛ nokware ahonyade no.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena