Asɛnka wɔ Asase a Ɛso Nneɛma Gu Ahorow So
KANGAROO, koala, wombat, ne platypuse ahorow, Ayers Rock ne Great Barrier Reef no—eyinom ne din ahorow a ɛba nkurɔfo adwenem bere a wosusuw Australia ho no. Nanso nea ɛyɛ nwonwa no, ebia Australiafo dodow no ara nkɔhwɛɛ Ayers Rock anaa Great Barrier Reef no pɛn anaasɛ wonhuu koala, wombat, anaa platypus a wonni mmoa yɛmmea mu pɛn. Nea enti a ɛte saa ne sɛ ɔman no mu nnipa ɔpepem 17.3 no mu ɔha biara mu nkyem 85 tete nkurow akɛse anum a ɛwowɔ mpoano no mu.
Sɛ obi fi mpoano twa kwan kilomita 200 anaa nea ɛboro saa kɔ ɔman no mu ankasa a, odu baabi a asasepɔn no nkuraase a agye din no fi ase. Kwae asase frɔmfrɔm ne mfuw asase a srade wom no dan yɛ asase kesee a ɛso yɛ hyew na terensu ne sare nkutoo na etumi nyin wɔ so. Nanso, abɔde a nkwa wom wɔ nkuraa no ase hɔ. Mfuw akɛse a wɔyɛn nguan ne anantwi wom yɛ nsase kilomita ɔhaha pii. Sɛ wokɔ w’anim a, wubehu anhweatam a ɛso yɛ hyew, baabi a sɛ nnipa anyɛ ahwɛyiye a, ɛtɔ da a, wotumi yera wɔ hɔ.
Asɛmpa no Nya Nkɔso
Saa tebea yi mu na wɔka Onyankopɔn Ahenni ho asɛmpa no wɔ Australia. Nnipa mpempem pii gye Yehowa trenee wiase foforo ho bɔhyɛ no tom afe biara. Afe a ɛtwaam no, Ahenni adawurubɔfo no dodow duu 57,000, na ɛkaa kakraa bi sɛ ɛyɛɛ mfe du a ɛtwam no mu de mmɔho. Ɛwom sɛ adawurubɔfo no dodow no ara tete mpoano nkurow akɛse mu te sɛ ɔmanfo no dodow no ara pɛ de, nanso asɛmpa no renya nkɔso wɔ nkuraase nso.
Nea ɛbɛyɛ na yɛahu sɛnea asɛnka te wɔ asase kɛse a ɛso nneɛma gu ahorow yi so no, ma yɛnkɔka yɛn amantam so ahwɛfo baanum no mu biako ne ne yere ho bere a wɔkɔsra nkuraase asafo ahorow bi no. Wotu kwan fa Australia Atɔe Fam mantam, Queensland mantam no fã, ne Kusuu Fam Asasesin, asase a ne trɛw bɛboro kilomita ɔpepem 4.7 no mu. Ne trɛw reyɛ adu Europa asasepɔn no, a kan Soviet Union nka ho no fã.
Yefi yɛn akwantu no ase fi Perth, Australia Atɔe Fam mantam no ahenkurow no mu. Wɔ nnɛyi kuropon a emu nnipa yɛ ɔpepem 1.2 mu no, mprempren Yehowa Adansefo asafo ahorow 49 na awom. Wɔ asafo a ɛka Engiresi kasa akyi no, wɔwɔ Greekfo, Italiafo, Portugalfo, ne Spainfo asafo ahorow, ne akuw nketewa a wɔka kasa afoforo wɔ hɔ. Asafo bi nso wɔ hɔ a Aboriginefo anuanom mmarima ne mmea a wɔyɛ wɔn asɛnka adwuma no wɔ nnipa a wofi asasepɔn no so ankasa mu titiriw nkutoo na wɔwom. Nnipa ahobrɛasefo yi mu pii regye Ahenni nkrasɛm no atom mprempren. Nanso nneɛma kɔ so dɛn wɔ nkurow akɛse no mu?
Yefi Perth kotwa kwan kilomita 1,800 kɔ Port Hedland wɔ kusu fam, baabi a wɔbɛyɛ ɔmansin nhyiam. Nnipa 289 a wɔaba nhyiam no mu dodow no ara twaa kilomita 200 kosi kilomita 700 ansa na wɔredu ha. Wofi mmeae a atew wɔn ho a ebia asafo a ɛbɛn koraa no bɛyɛ kilomita 250 kwan a wɔnkaa so a abo a ano yɛ nam a ɛtaa paapae kar tae wɔ so. Mpɔtam hɔ asafo ahorow abiɛsa nam ɔkwan a wɔfa so si Ahenni Asa ntɛm no so asi bi.
Ahenni Asa Ahorow a Ɛwɔ Mmeae a Atew Ne Ho
Hwɛ nsonsonoe a ɛwɔ Ahenni Asa a wosi wɔ mmeae yi ne nea wosi wɔ nkurow akɛse mu no mu! Ɛsɛ sɛ wɔde lɔre twa ɔdan no ho nneɛma dodow no ara fi Perth, a ɛyɛ kilomita 1,600 kwan wɔ anafo fam. Anuanom ɔhaha pii twa saa kwan yi, na wɔn a wɔdɔɔso sen saa yɛ saa wɔ dapɛn awiei kosi Ahenni Asa wɔ ɔhyew a ano yɛ den yiye mu. Nnipadɔm a wɔte saa a wɔba nkuraase a atew wɔn ho no ankasa yɛ adansedi. Bere a wosii Ahenni Asa wɔ Tom Price, kurow ketewaa bi a wotu dade wɔ ho mu no, ɛho atesɛm krataa no anim asɛm bi kae sɛ: “Yɛde anigye ma adansifo ne wɔn aboafo a wɔatu wɔn ho ama a wɔde nnansa rebesi Yehowa Adansefo Ahenni Asa ‘ahoɔhare so’ wɔ Tom Price no akwaaba.”
Ɛkame ayɛ sɛ na kurow no muni biara pɛ sɛ ɔboa. Sɛ anka wɔbɛma anuanom no atua ɛhɔ sika dɔla 11,000 na wɔde atwe ɔdan no ho nneɛma a emu duru si nkaribo tɔn 50 no, lɔre bi wura ɔyamyefo bi kae sɛ anuanom ntua pɛtrol sika kɛkɛ. Ɛho adwumayɛfo a wɔka adan ho de nnuru a wɔde ka adan ho lita 100 kyɛe. Ɛhɔ adwumayɛ akuw a wotutu fam de mfiri a wɔde yɛ saa mae, na adwumayɛkuw a etu dade no de afiri a wɔde ma nneɛma so mae a wɔantua hwee. Na dabere a wobenya ama ahɔho 300 no yɛ asɛnnennen, nanso kurom hɔfo boae yiye ma ɛyɛɛ nwonwa. Ebinom ne anuanom kasae wɔ telefon so na wɔmaa wɔn mpa. Ɔbarima bi frɛɛ anuanom wɔ telefon so kae sɛ obetu kwan dapɛn no awiei nanso obegyaw mfikyi pon no ano ato ho. Ɔkae sɛ: “Mubetumi de me fie no adi dwuma kosi bere a mubewie adwuma no.”
Aseresɛm bi sii bere a wɔkyerɛɛ anuanom bi sɛ wɔnkɔfa ɛho ɔmansin no afiri a wɔde fa nwura no. Wɔn ho dwiriw wɔn bere a wohuu nkyerɛwee bi wɔ ɔpon no ano a ese, “Nyamesomfo Biara Mma Ha” no. Nanso na afiri a wɔde fa nwura no si hɔ. Enti wɔka kyerɛɛ ɔbea a ɔwɔ fie hɔ no sɛ wɔrefa afiri a nwura ayɛ mu ma no akɔ. Bere a wɔreprapra mu no, wohui mpofirim sɛ ɛnyɛ ɔmansin no de no! Bere a afiri no wura baa fie no, ne yere ka kyerɛɛ no sɛ Yehowa Adansefo abɛfa nwura afiri no. Ankyɛ anuanom no san de afiri a afei hwee nnim no bae, na wɔkae sɛ wodii mfomso. Wɔbɔɔ nkɔmmɔ a ɛfata wɔ ɛno akyi, na saa kan asɔretiafo yi bisaa yɛne yɛn adwuma no ho nsɛm pii. Afei wɔn ho peree wɔn sɛ wɔbɛba abɛhwɛ Ahenni Asa foforo no.
Boasetɔ ho hia na wɔde aka asɛmpa no wɔ beae yi. Nea edi kan no, akwan no woware. Onuawa ɔkwampaefo bi ne ne kunu de kar twa kwan a wɔnkaa so a ɛso atutu kilomita 350, fi Port Hedland kɔ Marble Bar kɔyɛ sankɔhwɛ ne Bible adesua ahorow san ba. Marble Bar yɛ mmeae a ɛhɔ yɛ hyew sen biara wɔ Australia no mu biako, na ɛhɔ taa yɛ hyew yiye fi October kosi March mu.
Yɛkɔ “Top End”
Darwin a ɛwɔ atiti fam pɛɛ bɛyɛ kilomita 2,500 no ne kurow foforo a wɔbɛyɛ ɔmansin nhyiam wom. Ɔmantam sohwɛfo no ne ne yere de nnɔnhwerew pii a wɔde twa kwan no yɛ kokoam adesua. Wodi kan kenkan daa asɛm no na wosusuw ho. Afei wotie Bible akenkan no wɔ kasɛt so. Sɛ obiako ka kar no a, ɔfoforo no nso kenkan Ɔwɛn-Aban ne Nyan! no.
Ɔkwan ho nkyerɛwee bi bɔ wɔn kɔkɔ sɛ wɔmma wɔn ani nna hɔ wɔ “lɔre atenten” ho. Ɛyɛ lɔre atenten a ɛwɔ ahoɔden a ɛtwe treda abiɛsa anaa anan, na ne tenten nyinaa bɛyɛ mita 55. Enti ehia sɛ wunya ɔkwan kɛse bere a woretwa ho no. Wɔde fa anantwi ne nneɛma afoforo kɔ nkurow a atew wɔn ho no mu.
Wim yɛ hyew bere nyinaa na nkuraa no ase ayɛ wesee bere nyinaa. Ebia wubetumi adi mfomso aka sɛ asase no yɛ amusie kɛse bi efisɛ mfɔte siw a ntam akwan yɛ pɛpɛɛpɛ wɔ so. Mfɔte siw yi kɔla gu ahorow, na egyina dɔte ko a ntɛtea no de yɛe so, na ne tenten tumi fi mita 1 kosi 2.5. Afei, bere a yɛn akwantufo no twa Asubɔnten Victoria no, wohu nkyerɛwee pii a esisi hɔ. Biako kenkan sɛ: “Kɔkɔbɔ: Wonnguare Wɔ Ha. Adɛnkyɛm a Wɔwe Nnipa wɔ Nsubɔnten Yi Mu!” Wosi gyinae nyansam sɛ wɔbɛhwehwɛ akwan afoforo a wɔbɛfa so aguare na ama wɔn ho ayɛ wɔn fɔmm!
Awiei koraa no, wodu Australia atifi fam pɛɛ, a wɔfrɛ hɔ sɛ “Top End.” Yehowa Adansefo Asafo akɛse abien wɔ Darwin, Atifi fam Mantam ahenkurow no mu. Wutumi hu sɛ nnipa a wofi mmusua ahorow mu na wɔte Darwin no ntɛm ara bere a wokɔ ɔmansin nhyiam no. Charles a wadi mfe 30, a ofi East Timor wɔ Indonesia a akodi rekɔ so wɔ hɔ no ni. N’awofo a wɔyɛ Chinafo no de nananom a wɔawuwu som na ɛtetee no. Ɔde ne ho hyɛɛ akuturukubɔ mu kɛse nso. Na ɛnyɛ mmerɛw sɛ obegyae efisɛ ahonhonsɛmdi pii wom. Nanso, bere a ɔmaa Yesu bɔhyɛ a ese “nokware no bɛma moade mo ho” traa n’adwenem no, ɔdee ne ho fii asetra kwan yi ho. (Yohane 8:32, New World Translation) Ɔka sɛ: “Ɛnnɛ mewɔ ahonim pa wɔ Yehowa anim, na mesom sɛ asafo mu ɔsomfo mprempren. Me botae ne sɛ mɛkɔ Asomfo Ntetee Sukuu no bi.”
Beverly a ofi Papua New Guinea nso ni. Beverly ka sɛ: “Mfiase no na minni ahotoso kɛse a mede bedi aborɔfo adanse, efisɛ na Engiresi kasa nyɛ me kurom kasa, na emu nsɛm bi ne sɛnea Australiafo ka no no ma ɛyɛɛ me den sɛ mɛte ase. Nanso esiane sɛ mekaee sɛ Bible no ka kyerɛ yɛn sɛ yɛmfa yɛn ho nto Yehowa so na yɛnka nhwɛ nhu sɛ oye nti, mifii daa akwampae ɔsom adwuma no ase wɔ January 1991 mu. Me Bible suani a odi kan yɛ ɔkwampaefo mprempren. Ne mmabea baanu nso agye nokware no, na wɔn mu biako ne ne kunu reyɛ akwampae adwuma no.”
Ansa na yebefi Darwin no, ma yɛmmɔ hwii ntwa kwan kilomita 250 wɔ apuei fam nkɔ Kakadu National Park, a ɛhɔ nnomaa pii ama agye din no. Debbie, ɔsɛmpakafo a ne nkutoo ka asɛmpa no wɔ saa beae no nyinaa ni. Yebisa no sɛnea otumi kɔ so yɛ den wɔ honhom mu wɔ baabi a atew ne ho saa no. Obua sɛ: “Nea edi kan no, ɛdenam mpaebɔ so. . . . Na minya awerɛkyekye fi kyerɛw nsɛm te sɛ Yesaia 41:10 a ɛka sɛ: ‘Nsuro, na me ne wo wɔ hɔ, mma wo bo nntu, na mene wo Nyankopɔn. Mehyɛ wo den, nso meboa wo, nso mede me trenee nifa mikura wo mu’ no mu.”
Wɔ Jilkmingan, a ɛwɔ Darwin anafo fam kilomita 280 no, yehyia Aboriginefo, kuw ketewaa bi. Mfe pii ni no, wɔabu saa Aboriginefo yi sɛ Yehowa Adansefo efisɛ wɔn mu pii kɔ nhyiam akɛse ne nketewa daa, ɛwom mpo sɛ wommɔɔ wɔn mu biara asu. Na wonim kuw yi yiye wɔ wɔn ahotew ho. Nea ɛyɛ anigye no, mprempren wɔn mu binom abegyina nokware no afa pintinn na wɔabɔ wɔn asu. Wɔka aboriginefo a wɔtete nkuraase a wodii kan yɛɛ saa no ho. Egye akokoduru ankasa ne ho a wɔde to Yehowa honhom kronkron no so na nnipa ahobrɛasefo yi ade wɔn ho afi amammerɛ ahorow a adi mfehaha pii ne wɔn nkurɔfo ahonhonsɛmdi ho.
Yefi Nkuraa no Ase Kɔ Alice Springs
Afei bere aso sɛ yefi “The Top” na yetwa kwan kilomita 1,600 kɔ “Red Center” wɔ Alice Springs anafo fam a ɛbɛn Ayers Rock a agye din no. Ɛha, wɔ Ahenni Asa a air condition wom so no, obiara nya akongua tra so ma ne ho dwo no wɔ nhyiam a atiefo bɛyɛ 130 anaa nea ɛboro saa a wofi ɛhɔ asafo abien no mu ba no ase. Bio nso, yehu Polynesiafo, Europafo, ne Aboriginefo a wɔabom ahyiam a ɛyɛ anigye no.
Awiei koraa no, yɛne yɛn ɔmantam sohwɛfo no ne ne yere fi Alice Springs na yefi yɛn akwantu a etwa to no ase. Yetwa kwan kilomita 2,000 fa nsasepɔn no so, na yɛde yɛn ani kyerɛ atifi ne apueifam wɔ akwantu yi mu. Bere a yɛkɔ no, yefi nkuraa hɔ koraa, efisɛ awiei koraa no yedu Queensland kwae a ayɛ frɔmfrɔm no mu. Ɛha, wɔ Queensland atifi fam mpoano—Great Barrier Reef asase no so—no, na asafo ahorow pii a Adansefo no dɔɔso yiye wom wɔ.
Nanso, yenwiee akwantu no, gye sɛ yɛkɔ ɔmansin nhyiam biako ka ho ansa. Yɛfa wimhyɛn wɔ Cairns—Barrier Reef kurow a agye din a nsu tɔ na awia bɔ wɔ hɔ a ɛwɔ Queensland no—na yefi Australia nsasepɔn no so de bere tiaa bi twam fa Cape York Peninsula no atifi fam pɛɛ, kɔtwam fa Torres Strait kɔ Thursday Island. Asafo ketewaa bi a emufo yɛ adawurubɔfo 23 pɛ wɔ ha. Hwɛ anigye ara a ɛyɛ sɛ yehui sɛ nnipa 63 baa yɛn nhyiam a etwa to no wɔ yɛn akwantu yi mu!
Yɛwɔ anidaso sɛ w’ani agye Ahenni asɛnka adwuma a wɔyɛ wɔ asase a ɛso nneɛma gu ahorow yi so ho biribi a woahu no ho. Ebia da bi wubetumi abɛsra yɛn wɔ Australia nsase a ɛso yɛ anigye yi so, na w’ankasa wɔahyia anuanom mmarima ne mmea a wɔde nokwaredi yɛ wɔn som adwuma wɔ wɔn dwumadi soronko no mu no.
[Map/Mfonini wɔ kratafa 23]
(Wopɛ nsɛm a wɔahyehyɛ no nyinaa a, hwɛ nhoma no mu)
Port Hedland
Canberra
Tom Price
Marble Bar
Newman
Darwin
Katherine
Alice Springs
Ayers Rock
Thursday Island
Cairns
Adelaide
Melbourne
Hobart
Sydney
Brisbane
Perth
[Mfonini wɔ kratafa 24]
Perth, Western Australia ahenkurow
[Mfonini wɔ kratafa 25]
Borɔn so adansedi sow aba pa