Nkuraase Asɛnka wɔ Spain
YESU KRISTO tutuu akwan ‘fii nkurow mu ne nkuraa ase kyerɛkyerɛe, na ɔnam so kɔɔ Yerusalem.’ (Luka 13:22) Sɛnea ɛbɛyɛ na wɔawie ɔsom adwuma no nti, ɛnyɛ ‘nkurow akɛse’ so nko na Yesu ne n’asuafo no kaa asɛmpa no na mmom ‘nkuraa’ ase nso. Ɛwom sɛ na anka ɛbɛyɛ mmerɛw ama wɔn sɛ wɔbɛka asɛmpa no wɔ nkurow akɛse nkutoo so de, nanso wɔansian nkuraa pii a na atetew ne ho no ho.a
Yehowa Adansefo a wɔwɔ Spain hyiaa asɛnnennen te sɛ nea Yesu hyiae no ara pɛ. Ebesi 1970 no, na wɔnyɛɛ nkuraase nsase akɛse a na ahoa ama otwa no mu pii mu adwuma. (Mateo 9:37, 38) Na wɔmfaa Ahenni nkrasɛm no nnuu nkuraa ɔhaha pii a ɛwowɔ atifi fam mmepɔw a nsu tɔ wɔ hɔ kɛse no, sare asase a ɛwɔ ɔman no mfinimfini a ɛso wosee no, ne nea ɛwowɔ mpoano no mu da.
Yehowa Adansefo a wɔwɔ Spain bɔɔ wɔn tirim sɛ wɔbɛbɔ mmɔden de asɛmpa no akɔ saa amantam yi mu. Nanso dɛn nti na na ɛsɛ sɛ nnipa a wɔwɔ saa mmeae ahorow yi twɛn bere tenten saa ansa na wɔate Ahenni nkrasɛm no? Na wogyee so dɛn?
Gye a Wogye Wɔn Tom Wɔ Mmara Mu Kanyan Nkuraase Adansedi
Ná wɔabara Yehowa Adansefo adwuma no wɔ Spain fi ɔmanko no awiei wɔ 1939 mu. Wɔ 1950 ne 1960 mfe no mu no, Adansefo a wɔyɛ nsi de ahwɛyiye kaa asɛmpa no wɔ nkurow akɛse mu, mmeae a na ani remma wɔn so ntɛm. Bere a awiei koraa no wɔde wɔn adwuma no hyɛɛ mmara ase wɔ 1970 mu no, na Ahenni adawurubɔfo a wɔwɔ Spain bɛyɛ 10,000. Ɛkame ayɛ sɛ na wɔn nyinaa tete nkuropɔn ne nkurow akɛse mu, nanso ehia sɛ Spain nkuraa nso te Ahenni nkrasɛm no. Hena na na obedi asɛnnennen yi ho dwuma? Wɔ 1970 mfe no mu no wotuu asɛmpa no a na wɔde bedu asase yi a na ayɛ sɛ supɔw no so mmeae ahorow nyinaa ho sa. Ɛkame ayɛ sɛ efi 1973 kosi 1979 no, ɔsram biara na wɔde amantam no mu mmeae ahorow a mmoa ho hia kɛse wɔ hɔ ho nkaebɔ ba Yɛn Ahenni Som, nhoma a Yehowa Adansefo tintim ma asafo ahorow no mu bere nyinaa. Mmusua ahorow a wɔwɔ ɔpɛ na wɔasiesie wɔn ho gyee ɔfrɛ no so na wɔde wɔn ho mae kɔsomee wɔ mmeae ahorow a na mmoa ho hia no.
Nhwɛso titiriw biako ne Rosendo ne ne yere Luci de no. Wɔde wɔn kɔɔ akuraa bi a woyi mpataa wɔ hɔ a ɛwɔ Spain kusuu fam atɔe sɛ akwampaefo atitiriw (bere nyinaa asɛmpakafo), na afei bere a wɔwoe no wosii gyinae sɛ wɔbɛtra saa beae hɔ. Rosendo ka sɛ: “Ɛsɛ sɛ megye tom sɛ yɛfaa asetra a emu yɛ den mu. Ná adwuma a yebenya ayɛ ho yɛ den de, nanso yɛde yɛn ho too Yehowa mmoa so na yɛanni kɔm na dabere ho anhia yɛn da. Na ɛyɛ nea mfaso wɔ so ankasa.” Wɔatumi aboa ma wɔahyehyɛ asafo ahorow anan wɔ saa Spain mantam yi mu.
‘Monhwehwɛ Wɔn a Wɔsɛ’
Yesu ka kyerɛɛ n’asuafo sɛ ‘wɔnhwehwɛ’ wɔn a wɔsɛ wɔ kurow anaa akuraa biara mu. (Mateo 10:11) Wɔ Spain nkuraa ase no, ade hwehwɛ no gye nsiyɛ ne biribi a wodi kan yɛ, sɛnea Ángel, onuabarima a ofi Alcoy (Alicante) hui no. Bere a owiee Masias akuraa no ase afie bi mu nsrahwɛ ara pɛ, ɔtee sɛ akokɔ bi rebɔn. Ɔkae wɔ ne tirim sɛ, “Sɛ akokɔ wɔ hɔ a, ɛnde na ofie bi bɛwɔ hɔ baabi—ofie bi a ebia yɛabu yɛn ani agu so.” Bere a Ángel hwehwɛɛ no ohuu ɔkwan bi a ɛkɔ mmepɔw bi so, na ekopuee ofie bi a atew ne ho aboboano.
Akuraa ha na José ne Dolores a wɔyɛ honam fam anuanom a wɔwɔ wɔn mfe 60 mu te. Wotiee asɛm no yiye na wɔpenee Bible adesua ho nhyehyɛe so ntɛm ara. Nanso, na Bible adesua a wɔne saa nnipa ahobrɛasefo yi bɛyɛ no nyɛ mmerɛw, esiane sɛ na wonnim akenkan anaa akyerɛw, na ɛsɛ sɛ wɔkyerɛ biribiara ase fi Spania kasa mu kɔ Valencia a ɛne kasa biako pɛ a wɔte no mu nti. Afei nso, wohyiaa ɔsɔretia a emu yɛ den fii wɔn afipamfo hɔ. Ɛmfa ho saa akwanside ahorow yi nyinaa no, José ne Dolores baanu nyinaa nyaa nkɔso wɔ nokware no mu, ɛwom mpo sɛ na ɛsɛ sɛ wotwa mmepɔw so kwan tenten ansa na wɔakɔ Kristofo nhyiam de. Awiei koraa no, wɔfatae maa asubɔ, na wɔn baanu nyinaa da so som Yehowa wɔ nokwaredi mu.
Rosendo ne Luci a yɛadi kan aka wɔn ho asɛm no kaa sɛnea na obi a wabubu wɔ ofie bi a atew ne ho a ɛbɛn Moaña, Spain kusuu fam atɔe gyee nokware no ho asɛm. Na ne din de Maria. Bere a odii kan ne Adansefo no kasae no, na onnim akenkan anaa akyerɛw na na wabubu mfe pii esiane sɛ ɔyaree Polio (mmubui) wɔ ne mmofraase nti. Na efi ne fie de kɔ lɔre kwan a ɛbɛn ho bɛyɛ kilomita abien. Nanso, na ne ho pere no sɛ obesua Bible no, na ankyɛ na ɛpɔw a na wabɔ wɔ ne tirim sɛ ɔbɛsom Yehowa no bɛdaa adi pefee. Maria suaa akenkan ne akyerɛw na ofii ase kɔɔ Kristofo nhyiam ahorow, na eyi nyinaa bae esiane asafo no ahofama nti. Na anuanom mmarima soa no de no twa kwan bɛyɛ mita 200 fi ne fie kɔ ɔkwan bi a wɔnkaa so ho na wɔde no asi kar mu bɔkɔɔ. Ɛmfa ho ɔsɔretia a n’abusuafo de baa no so mfiase no, onyaa nkɔso koduu asubɔ ho. Esiane ahotoso a ne honhom mu nkɔanim ama wanya nti, wasua kar bi a wɔahyɛ da ayɛ ama mmubuafo ka na wawie mfiase sukuu mprempren. Rosendo kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Nnipa a wɔte sɛ María a yɛboa wɔn no ma afɔre biara a yɛbɔe yɛ nea mfaso wɔ so.”
Bible Akenkanfo Gye Ɔfrɛ no so Ntɛm
Spainfo nyaa hokwan a ɛbɛma wɔn nsa atumi aka Bible wɔ 1970 mfe no mu. Spainfo pii totɔɔ bi, na wɔn mu binom fii ase kenkan Kyerɛwnsɛm no. Na Pilar a ofi Medina del Campo (Valladolid), afi Bible no akenkan ase dedaw bere a Yehowa Adansefo baa ne kurom nea edi kan wɔ 1973 mu no. Sɛ́ Katolekni no, na ɔyɛ ahwɛyiye wɔ nhoma a obegye afi Adansefo no hɔ ho, nanso na ɔpɛ sɛ ɔte Bible no ase. Enti, ɔpenee dapɛn dapɛn nkɔmmɔbɔ a wɔde beyi ne Bible nsemmisa ahorow ano ama no no so.
Bere a onuawa ɔkwampaefo a ɔkɔsraa Pilar de nhoma a Ɔwɛn Aban Asafo no atintim dii dwuma wɔ ɔkwan a ɛfata so no, otumi yii ne nsemmisa pii no ano. Wɔ adapɛn pii akyi bere a na nea ɔresua no ama ne ho adwiriw no no, Pilar penee Bible adesua a wɔde nhoma Nokware a Ɛde Kɔ Daa Nkwa Mu bɛyɛ so. Ansa na ɔresua Nokware nhoma no awie no, na wakenkan Bible mũ no nyinaa awie na ogye toom sɛ wahu nokware no. Ɔno na ɔbɛyɛɛ Ɔdansefo a odi kan wɔ Medina del Campo a mprempren ɛwɔ Ahenni Asa fɛfɛ ne asafo a adawurubɔfo 63 wom no.
Adansefo a wɔwɔ Spain da so ara hu nnipa a wɔn ‘honhom mu nneɛma ho hia wɔn’ na wɔkenkan Bible no a wɔbɔ mmɔden sɛ wɔbɛte Onyankopɔn apɛde ase. (Mateo 5:3) Na Pepi a kan no na ɔyɛ Katolekni a na wakyerɛ katkiisim wɔ Zumaia asɔre no mu pɛn reka asɛmpa no wɔ akuraa bi a ɛbɛn hɔ ase bere a ohyiaa ɛhɔ asɔre no mu sɔfo no.
Ɔsɔfo no ka kyerɛɛ no sɛ: “Pepi, woresɛe wo bere. Wɔ saa akuraa Itziar yi ase no, nnipa baanu—a wɔyɛ awarefo—pɛ na honhom mu nneɛma ho hia wɔn. Nkae no kɔ asɔre ara kɛkɛ.”
Pepi kae sɛ: “Wiɛ, sɛ nnipa baanu pɛ na honhom mu nneɛma ho hia wɔn a, ɛnde wɔbɛba abɛyɛ Yehowa Adansefo.”
Pepi ne Adansefo afoforo no toaa wɔn afie afie asɛnka no so kosii sɛ wowiee akuraa no ase adwumayɛ. Na sɛnea na wɔhwɛ kwan no, anuanom no huu awarefo no a na ɔsɔfo no aka wɔn ho asɛm no wɔ ofie bi a na atew ne ho mu. Na wɔrekenkan Bible no nanso na wɔnte ase. Wɔde ahopere penee Bible adesua ho nhyehyɛe so, na wonyaa nkɔso ntɛmntɛm, na wɔbɔɔ wɔn asu wɔ April 1991 mu.
Nnipa komapafo binom nam kan a wɔn ankasa kenkanee nhoma ahorow a egyina Bible no so a Ɔwɛn Aban Asafo no atintim so ara asua nokware no. Sɛ nhwɛso no, na Adansefo a wofi Almadén (Ciudad Real) reka asɛmpa no wɔ kurow ketewaa Ciruelas (Badajoz) mu bere a wohuu ɔbea bi a otiee wɔn nkrasɛm no yiye no. Esiane sɛ ɛdaa adi sɛ ɔwɔ asɛm no ho anigye nti, wɔyɛɛ sɛ wɔne no bɛyɛ ofie Bible adesua ho nhyehyɛe. Nanso, wampene so, na ɔkae sɛ na ɔbarima ɔhobrɛasefo bi a n’ani afi rekyerɛkyerɛ no Bible no dedaw. Nnipa pii a wɔwɔ saa beae no nso kaa asɛnkoro no ara. Anuanom no nyaa ɔpɛ sɛ wɔbɛhwehwɛ saa ɔbarima ɔhobrɛasefo no akyi kwan. Wonyaa n’address na wɔkɔsraa no.
Wɔn ho dwiriw wɔn sɛ wohui sɛ saa ɔbarima yi a wɔfrɛ no Felipe no nsa kaa nhoma Wubetumi Atra Ase Daa wɔ Paradise wɔ Asase So wɔ Madrid. Bere a ɔkenkanee wiei no, ɔtee ase sɛ na ɛyɛ n’asɛyɛde sɛ ɔne ne mpɔtam hɔfo kyɛ asɛmpa no. Enti, na ɔde nhoma no rekyerɛkyerɛ wɔn Bible no. Anuanom ne no yɛɛ nhyehyɛe suaa ade. Ɔbea a na ɔne no sua ade no nso penee adesua so. Ɛwom sɛ Felipe adi mfe 80 na onni ahoɔden pii de, nanso ɔrenya nkɔso wɔ nokware no mu.
Wodi Wɔn ho Adwemmɔne a Nkurɔfo wɔ So
Ɔhaw ahorow soronko bi da adi wɔ nkuraase. Nyamesom mu amanne ne gyidihunu ahorow taa gye ntini wɔ mmeae a ɛtete saa, na nnipa pii a wɔtete nkuraase no wɔ “nyamesom foforo” ho adwemmɔne bi wɔ wɔn mu. Ne titiriw no, nkuraasefo binom susuw nea wɔn afipamfo ne abusuafo bɛka ho kɛse, sɛ ɛba sɛ wɔyɛ nsakrae wɔ wɔn som mu a. Nanso tumi a ɛwɔ Onyankopɔn Asɛm mu no betumi adi ɔhaw ahorow a ɛtete sɛɛ so na asakra onipa asetra. Eyi ne asɛm a esii wɔ ‘akuraa a woyi mpataa wɔ hɔ Cangas de Morrazo a ɛwɔ Spain kusuu fam atɔe no mu.
Roberto, obi a ofi saa akuraa no ase, fii ase yɛɛ po so adwuma bere a na wadi mfe 14 pɛ esiane sɛ na ɔpɛ ahofadi nti. N’adwuma sɛ po so hyɛn mu odwumayɛfo no maa ɔde ne ho bɔɔ mmerante a wɔn nso wɔyɛ adwuma wɔ po so hyɛn mu a wɔnom nsa kɛse na wɔde nnurubɔne di dwuma bere a wɔn nkutoo wɔ po so no ho. Ankyɛ, Roberto nso bɛyɛɛ obi a ɔnom nsa pii na ɔde nnubɔne di dwuma.
Bere bi akyi no Roberto san baa fie nanso wantumi annyae ne suban bɔne no, na na onni ɔpɛ mpo sɛ ɔbɛyɛ saa. Sɛnea ɛbɛye na wanya sika atɔ nnubɔne a ɔnom no, ɔbɛyɛɛ owifo na wɔde no too afiase mpɛn ahorow asia. Bere a odii mfe 18 no, ɔnom nsa a wɔde nnuru a etumi ma obi adwenem dwo no afra ma ɛkaa kumaa bi sɛ owui. Nnuruyɛfo gyee no nkwa, nanso ne nsa ne n’anan dwudwoe. Ofii ayaresabea hɔ a na ne nsa ne n’anan awu. Mmubuafo agua mu a na ɔte no mpo antumi amma no annyae nnubɔne no nom. Na onni anidaso bi wɔ nyamesom mu, na na ayɛ sɛ nea nnubɔne a ɔbɛnom nkutoo ne biribi a ɛbɛma n’asetra ayɛ nea mfaso wɔ so—kosii sɛ Yehowa Adansefo kɔsraa no mfe abiɛsa akyi.
Bible nkɔmhyɛ ahorow a anya mmamu ho ade a Roberto suae boaa no maa odii n’adwenem naayɛ no so. Sɛnea anuanom gyee no ɔfɛ so wɔ Ahenni Asa so no maa ogye dii sɛ nokware som ma nnipa asetra yɛ nea mfaso wɔ so kɛse. Roberto dii nnubɔne a ɔde di dwuma no so na wɔbɔɔ no asu wɔ asram akron pɛ akyi. Ɛmfa ho honam mu dɛmdi a anibere wom a wadi no, wakɔ so asom sɛ ɔkwampaefo mfe awotwe ni. Wasom sɛ asafo mu ɔpanyin mfe abien a etwam ni. Nsakrae a Roberto yɛe wɔ n’asetram no maa Francisco a na ɔyɛ ne kan nnamfonom no mu biako ho dwiriw no araa ma ɔno nso bɛyɛɛ Ɔdansefo na ɔresom sɛ asafo mu ɔsomfo mprempren. Nsakrae a ɛda nsow a obi a na ɔde nnubɔne di dwuma a na wosusuw sɛ ontumi nnyae yɛe no aboa nnipa a wɔwɔ mpɔtam hɔ ama wɔabenya yɛn adwuma no ho anisɔ kɛse. Ɔbea bi mpo de ne ba barima a ɔde nnubɔne di dwuma baa Ahenni Asa so sɛ ebia Adansefo no betumi asa no yare a.
Nokware no a Wɔhwehwɛ wɔ Bible no Mu
Nnipa a wɔtete nkuraase no wɔ nokware no ho anisɔ araa ma eyi taa hyɛ wiase anyansafo no aniwu. (1 Korintofo 1:26, 27) Adelina, ɔbea adefɛrefo a n’ani afi, yɛ wɔn a wɔkyerɛ anisɔ saa no mu biako. Na ɔmfa ne gyidi a ɔwɔ wɔ Katolek som mu nni agoru. Na obu nkotodwe bɔ mpae anɔpa biara, a na ɔbɔ Awurade Mpaebɔ no ne Mo Maria mpɛn ahorow pii. Na ɔbɔ “ɔhotefo” foforo mpae wɔ dapɛn no mu da biara—sɛnea ɛbɛyɛ a anyɛ yiye koraa no wobetie ne mpaebɔ ahorow no mu bi.
Bere a Adelina fii ase suaa Bible no, ɔdaa nyamesom ho mmɔdenbɔ koro no ara adi wɔ ne gyidi foforo no mu. Fɛre a na ɔfɛre ade no mpo amma wantwentwɛn ne nan ase, ɛwom sɛ bere a edi kan a ɔne ne kunu kɔɔ Ahenni Asa so no, ɛgyee wɔn simma du ansa na wɔretumi anya akokoduru akɔ ɔdan no mu de. Nanso, bere a ɔkɔɔ mu no, ɔtiee asɛm no yiye. Osuaa Kristo Mfirihyia Apem Ahenni ho ade da koro bi. Saa adesua yi yɛɛ no nwonwa yiye, na bere a ɔkɔɔ fie no, ɔpɛe sɛ ɔkenkan ɛho ade pii wɔ Bible no mu. Nanso na ɔno anaa ne kunu nnim beae a wobetumi ahu saa asɛm yi, ɛwom sɛ na wɔkae sɛ wɔkaa ho asɛm wɔ Adiyisɛm nhoma no mu baabi de. Enti Adelina fii ase kan Adiyisɛm nhoma no saa anadwo no na ɔkɔɔ so kanee araa kosii sɛ awiei koraa no oduu ti 20 ahemadakye. Bere foforo no, Adelina hui sɛ ɛyɛ papa sɛ okunu begyina ne yere ananmu abɔ mpae. Ɛwom sɛ na ne kunu wɔ ɔpɛ sɛ ɔbɛbɔ mpae no de, nanso na onhu nea ɔbɛka wɔ mpaebɔ no mu. Saa anadwo no ara Adelina sii gyinae sɛ ɔbehwehwɛ akwankyerɛ ahorow wɔ Bible no mu. Wɔ ahemadakye nnɔn abien no, onyanee ne kunu ka kyerɛɛ no sɛ wahu Mateo ti 6 a ɛkyerɛkyerɛ mpaebɔ ho nsɛm mu kɔ akyiri no. Bere a ɔkenkanee Yesu akwankyerɛ ahorow no wiei no, ne kunu gyinae wɔn baanu ananmu bɔɔ mpae. Mprempren Adelina ne ne kunu baanu nyinaa yɛ Yehowa Adansefo.
Aba Pa a Wotwa
Bɛyɛ mfe 25 ni a Yehowa asomfo a wɔyɛ nsi de adi adanse wɔ nkuraase akyi no, wɔaka asɛmpa no wɔ Spain mmaa nyinaa. Sɛnea na ɛte wɔ Asia Kumaa wɔ afeha a edi kan no mu no, ‘Yehowa asɛm no retrɛw asase no nyinaa so.’ Enti, wɔn a wɔtete nkuraase no mu mpempem pii agye asɛmpa no atom.
Wɔ Spain ne mmeae ahorow no, asɛmpaka adwuma a wɔbɛyɛ no fefeefe wɔ nkuraase no gye abotare ne ho a wɔde bɔ afɔre. Nanso esiane sɛ ɛyɛ Onyankopɔn pɛ sɛ ‘ogye nnipa nyinaa nkwa,’ nti, Yehowa Adansefo ani gye sɛ wɔbɛhwehwɛ wɔn a wɔwɔ anisɔ no nyinaa. (1 Timoteo 2:4) Na sɛnea osuahu ahorow a yɛaka ho asɛm yi kyerɛ no, Yehowa atua mmɔden a wɔbɔe sɛ wɔbɛka asɛm no wɔ Spain nkuraase no so ka kɛse.
[Ase hɔ asɛm]
a Josephus buu akontaa sɛ na “nkurow akɛse ne nkuraa” 204 na ɛwɔ Galilea, na ɔkaa ɔmantam no ho asɛm sɛ na “nkuraa pii” wɔ mu.
[Asase mfonini wɔ kratafa 23]
(Wopɛ nsɛm a wɔahyehyɛ no nyinaa a, hwɛ nhoma no mu)
FRANCE
PORTUGAL
SPAIN
BALEARIC ISLANDS
CANARY ISLANDS
[Mfonini Fibea wɔ kratafa 24]
Vilac, Lérida
[Mfonini Fibea wɔ kratafa 24]
Puebla de Sanabria, Zamora
[Mfonini Fibea wɔ kratafa 25]
Casarabonela, Málaga
[Mfonini Fibea wɔ kratafa 25]
Sinués, Huesca
[Mfonini Fibea wɔ kratafa 26]
Lekeitio, Vizcaya