Te Sɛ Dua
“AGYIMFO te sɛ me na wɔyɛ anwensɛm, nanso Onyankopɔn nkutoo na obetumi abɔ dua.” Saa na anwensɛm kyerɛwfo Joyce Kilmer kae bere a ɔrekamfo nneɛma pa a ɛwɔ nnua ho de ahyɛ Onyankopɔn a ɔbɔe no anuonyam no.
Yehowa Nyankopɔn abɔ nnua a egu ahorow pii, a ɛyɛ fɛ na ɛso wɔ mfaso. Nnua nketewa ne akɛse paa nyinaa tumi yɛ fɛ araa ma ɛyɛ nwonwa. Afei nso, nnua ma yɛn aduan, nnyina, na yɛde si dan. Na adwumfo kɔ so hu nneɛma afoforo a yebetumi de nnua ayɛ.
Wɔ Bible mu no, ɛtɔ mmere bi a wɔde nnua gyina hɔ ma ahenni, sodifo, ne ankorankoro. (Hesekiel 31:1-18; Daniel 4:10-26) Wɔka nnua ho asɛm bata anigye, asomdwoe, ne tebea horow a yiyedi wom a efi Yehowa tumidi ne ahofadi a ne nkurɔfo san nya mu ba no ho. (1 Beresosɛm 16:33; Yesaia 55:12; Hesekiel 34:27; 36: 30) Kyerɛwnsɛm no hyɛ bɔ nso sɛ Onyankopɔn nkurɔfo nna bɛyɛ sɛ dua nna. (Yesaia 65:22) Eyi kyerɛ pii bere a yehu sɛnea nnua bi tumi di mfehaha pii no.
Bible odwontofo bi kae sɛ onipa a n’ani gye Onyankopɔn mmara ho ‘te sɛ dua a atim asubɔnten ho a ɛsow n’aba, ne bere mu, na n’ahaban mpo, na nea ɔyɛ nyinaa bewie yiye.’ Dua frɔmfrɔm bi a esi baabi a nsu pii wɔ maa odwontofo no kaee honhom mu yiyedi a obi a ‘n’ani gye Yehowa mmara ho’ nya no. (Dwom 1:1-3) Sɛ wokyerɛ Onyankopɔn mmara ne n’Asɛm Kronkron no ho nokware anigye a, wo nna betumi ayɛ sɛ dua nna. Nokwarem no, ɛdenam Yehowa Nyankopɔn ne Yesu Kristo ho nokware nimdeɛ a wobɛyɛ ade ma ɛne no ahyia so no, wubetumi anya asetra a enni awiei ho anidaso.—Yohane 17:3