Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w93 11/15 kr. 31
  • Nsemmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nsemmisa a Efi Akenkanfo Hɔ
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1993
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • “Woyɛ Ɔsɔfo Daa Wɔ Melkisedek Kwan So”
    Kristofo Abrabɔ ne Yɛn Asɛnka—Adesua Nhoma—2019
  • ‘Yehowa Akodi Nhoma No’ Awiei Koraa A Ɛreba No
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1990
  • So Mubenya Onyankopɔn Apam Ahorow Mu Mfaso?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1989
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1993
w93 11/15 kr. 31

Nsemmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Esiane sɛ na tete sɔfo a wɔfrɛ no Melkisedek yɛ onipa ankasa nti, dɛn nti na Bible no ka sɛ na ‘onni anato’?

Wɔka saa asɛm yi wɔ Hebrifo 7:3. Hyɛ nkyekyem no ne nsɛm afoforo a ɛka ho no nsow:

“Na saa melkisedek yi, Salem hene, ɔsorosoro Nyankopɔn sɔfo,​—Abraham kokum ahene no na ɔresan aba no, okohyiaa no hyiraa no. Nso Abraham maa no ade nyinaa so ntotoso du du,​—asekyerɛ mu ɔyɛ trenee hene kan, na ɛno akyi nso ɔyɛ Salem hene, ɛne asomdwoe hene,​—onni agya nni na nni anato, onni nna mfiase anaa nkwa awiei, na wɔde no to Onyankopɔn Ba no ho, ɔyɛ ɔsɔfo de rekɔ so saa ara.”​—Hebrifo 7:1-3

Sɛnea wɔaka no, na Melkisedek yɛ onipa ankasa, te sɛ Abraham a ɔne no dii nsɛm tee no. (Genesis 14:17-20; Hebrifo 7:4-10) Esiane sɛ ɛte saa nti, na ɛsɛ sɛ Melkisedek nya awofo, agya ne ɛna, na ebia na ɔwɔ mma. Enti, sɛ́ onipa no, na ɔwɔ anato, anaa abusua santen. Afei nso owui. Sɛnea ɛne ɔsomafo Paulo asɛm a ɛwɔ Romafo 5:12, 14 hyia no, Melkisedek wui bere bi. Nanso esiane sɛ yennim bere a ogyae asɔfodi nti, yebetumi aka sɛ ɔsomee a wonnim bere a ɛbaa awiei.

Wɔ Hebrifo nhoma no mu no, Paulo ka Melkisedek ho nsɛm bi bere a na ɔreka Yesu Kristo gyinabea sɛ́ Ɔsɔfo Panyin a ɔkorɔn ho asɛm no. Bere a Paulo reka Melkisedek ho asɛm sɛ Yesu nsusuwso wɔ saa asɔfodi gyinabea yi mu no ɔkae sɛ: ‘Yesu ayɛ Melkisedek akwan so sɔfo panyin.’ (Hebrifo 6:20) Ɔkwan bɛn so?

Ebia Paulo hui sɛ Bible kyerɛwtohɔ no nka Melkisedek abusua anato ho asɛm​—nananom anaa asefo a ebia na ɔwɔ. Saa asɛm no nni Bible mu koraa. Enti, yebetumi agyina nea na Paulo nim anaa nea yenim no so aka ma afata sɛ na Melkisedek “nni anato” (New World Translation of the Holy Scriptures; American Standard Version), “onni abusua anato” (W. J. Conybeare), anaa “onni abusua santen.”​—J. B. Phillips

Ɔkwan bɛn so na Yesu te saa? Nokwarem no, yenim sɛ na Yesu Agya ne Yehowa Nyankopɔn na na Maria a ofi Yuda abusua mu ne ne honam fam na. Nanso, na Melkisedek ne Yesu de nsɛ. Ɔkwan bɛn so na ɛte saa? Wɔanwo Yesu wɔ Lewi abusua a na ɛyɛ abusua a Israel man asɔfo fi mu no mu. Dabi, ɛnyɛ nnipa anato so na Yesu nam bɛyɛɛ ɔsɔfo. Saa ara na na Melkisedek, a ɔnnam “ɔhonam ahyɛde mmara so,” ɛne sɛ, ɛnyɛ wo a wɔwoo no too asɔfodi abusua mu nti na ɔbɛyɛɛ ɔsɔfo, no te. (Hebrifo 7:15, 16) Sɛ́ anka Yesu bɛfa ɔdesani agya bi a na n’ankasa yɛ ɔsɔfo so abɛyɛ ɔsɔfo no, na ‘Onyankopɔn abɔ ne din afrɛ no Melkisedek akwan so sɔfo panyin.’​—Hebrifo 5:10

Afei nso na Yesu nni asefo anaa n’asɔfodi no adedifo biara. Wɔ eyi mu nso na onni anato. Obedi n’asɔfodi no ho dwuma daa sɛ ɔkyerɛkyerɛfo a ɔboa afoforo. Paulo kaa ɔsom a ɛremma awiei da yi ho asɛm sɛ:

“Sɛ [Yesu te] hɔ daa nti, odi sɔfo a wɔnsakra. Enti nso obetumi agye wɔn a wɔnam no so ba Onyankopɔn nkyɛn no koraa, efisɛ ɔte ase daa sɛ obedi ama wɔn.”​—Hebrifo 7:24, 25

Enti ɛsɛ sɛ Paulo nsɛm a ɛwɔ Hebrifo 7:3 a yɛasusuw ho no kyerɛ pii sen nimdeɛ bi kɛkɛ a yɛde besie yɛn tirim. Ɛsɛ sɛ ɛhyɛ anisɔ a yɛwɔ ma ɔdɔ nhyehyɛe a Yehowa Nyankopɔn ayɛ a ɛbɛma yɛanya bɔne fafiri daa, ne nhyehyɛe a wayɛ ama yɛanya mmoa ne akwankyerɛ daa no mu den.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena