Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w90 7/1 kr. 18-23
  • ‘Yehowa Akodi Nhoma No’ Awiei Koraa A Ɛreba No

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • ‘Yehowa Akodi Nhoma No’ Awiei Koraa A Ɛreba No
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1990
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Yehowa Akodi Nhoma No
  • Melkisedek Ɔkɛseɛ No​—Ɔkofo
  • Ɔkofo Nyankopɔn no Gye Anuonyam Din Fa
  • Nsemmisa a Efi Akenkanfo Hɔ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1993
  • Amansan Ɔsɛmpɔw No A Wobehu Ano Korakora
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1990
  • Tumi a Ɔde Sɛe Ade—“Yehowa Yɛ Ɔko Mu Ɔkatakyi”
    Bɛn Yehowa
  • Wɔn a Wofi Aman Nyinaa mu Ka
    Nkwa a Wubenya Akɔ Asase Foforo So
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1990
w90 7/1 kr. 18-23

‘Yehowa Akodi Nhoma No’ Awiei Koraa A Ɛreba No

‘Wɔka wɔ Yehowa akodi nhoma no mu.’​—NUMERI 21:14.

1, 2. Tete bere bɛn mu na Yehowa daa no adi kyerɛɛ Misrifo no sɛ ɔyɛ ɔkofo Nyankopɔn, na ɔkwan bɛn so na ɔyɛɛ saa?

NNIPA a wɔwɔ hɔ nnɛ no nnim no yiye sɛ Onyankopɔn yɛ ɔkofo, ɔdɔmmarima. Ɔyɛɛ nokwasɛm yi ho ɔyɛkyerɛ bere a ogyee ne nkurɔfo a wɔtraa ase wɔ tete mmere no mu no fii nhyɛso ase wɔ Misraim no. Na saa nkurɔfo no tamfo a aniwa ntumi nhu no, Satan Ɔbonsam apiapia Farao ma wabɔ mmɔden sɛ ɔbɛma wɔayɛ adwuma awuwu. Afei, bere a Farao huu nea Israelfo no a wagyaa wɔn ma wɔkɔ no rema wahwere no, ɔne n’asraafo dɔm tiw wɔn.

2 Nanso, Farao anhu sɛ Israelfo no Nyankopɔn no betumi ayɛ ɔkofo Nyankopɔn na wagye Ne nkurɔfo. Bere a Misrifo dɔm no nam Po Kɔkɔɔ no mu asase kesee no so retiw wɔn akɔtɔ wɔn so were no, Israelfo a wɔaba asiane mu yi Nyankopɔn maa nteaseɛnam ne apɔnkɔsotefo no wuu asuwu, na ɔmaa nsu a ano aboaboa no bu guu ɔkwan a ɔnam anwonwa kwan so bue maa Israelfo no mu.​—Exodus 14:14, 24-28.

3. Wɔ Israelfo no nkonimdi dwom no mu no, wɔdaa Yehowa adi sɛ Onyankopɔn bɛn, nanso nokwasɛm bɛn na aman a wɔwɔ hɔ nnɛ no bu wɔn ani gu so?

3 Bere a afei wɔakodu Po Kɔkɔɔ no agya wɔ apuei fam dwoodwoo no, Israelfo a wɔn ani agye no tow nkonimdi dwom bi de yii wɔn soro Ogyefo no ayɛ sɛ: “Mɛto [Yehowa] dwom, na ɔma na wama ne ho so, ɔpɔnkɔ ne ne sotefo no, watow wɔn agu po mu. M’ahoɔden ne me dwonto ne Yah, na wayɛ me nkwagye. Ɔno ne me Nyankopɔn, na mɛkamfo no. Oye m’agya Nyankopɔn, na mɛma no so. [Yehowa] yɛ dɔmmarima, [Yehowa] ne ne din. Farao nteaseɛnam ne ne dɔm no, watow wɔn agu po mu, na n’akofo a wɔapaw wɔn no, wɔamemmem mmɛw po mu.” (Exodus 15:1-4) Wɔ Po Kɔkɔɔ no mu hɔ no, Yehowa daa ne ho adi sɛ ɔyɛ ɔkofo a otumi yɛ anwonwade ahorow. Saa nokwasɛm yi na wiase amanaman no abu wɔn ani agu so.

4, 5. Agya biako bɛn mu na Israel mmusuakuw 12 a na wɔn ani agye no nyinaa fi, na hena adamfo na onii yi bɛyɛe, na su bɛn na ɛma ɔyɛɛ n’adamfo?

4 Odiyifo Mose a odii anim wɔ saa dwom a wode honhom kaa wɔn ma wɔtowee no mu no, kaa Yehowa ho asɛm sɛ “m’agya Nyankopɔn.” Na Hebrini Abraham yɛ Israel man no agya a ɔda nsow. Ɛnam ɔno ne Isak ne Yakob ne Yakob mmamarima 12 no so na Israel mmusuakuw 12 no bae. Abraham daa ne ho adi sɛ Yehowa Nyankopɔn somfo a ɔyɛ nhwɛso pa. Na ɔyɛ ɔbarima a ɔwɔ gyidi a emu yɛ den araa ma bere a Yehowa ka kyerɛɛ no sɛ omfi ne fie wɔ Ur a ɛwɔ Kaldea no, osiim sɛ ɔrekɔ asase a Yehowa bɛkyerɛ no no so a wantwentwɛn ne nan ase, a na ɔwɔ ahotoso sɛ Yehowa bedi Ne bɔhyɛ sɛ ɔde bɛma ɔne n’asefo no so.

5 Esiane Abraham gyidi fɛfɛ yi nti, Yehowa hyɛɛ bɔ sɛ ɔbɛma Abraham “aseni” anaa ɔba, a asase so mmusua nyinaa, a mmusua a wɔwɔ hɔ nnɛ nso ka ho, nam ne so benya nhyira. (Genesis 12:2, 3; 22:17, 18) Abusuabɔ bi a emu yɛ den bɛdaa Abraham ne ne Nyankopɔn ntam ma wɔfrɛɛ no ‘Yehowa adamfo,’ na Onyankopɔn ankasa frɛɛ agya panyin nokwafo no sɛ ‘m’adamfo.’​—Yakobo 2:23; Yesaia 41:8.

6. Ɛwom sɛ na Abraham yɛ obi a okyinkyin asomdwoe mu wɔ Bɔhyɛ Asase no so de, nanso ɔkwan bɛn so na ɔdaa ne ho adi sɛ ɔyɛ ɔkofo a ɔde ne ho to Yehowa so?

6 Ɛwom sɛ na Abraham di atutra wɔ Bɔhyɛ Asase no so te sɛ ɔhɔho de, nanso ɔkyerɛe sɛ obetumi ayɛ ade sɛ ɔkofo. Bere bi no, ahemfo baanan a wofi akyiri baabi bɛtow hyɛɛ Bɔhyɛ Asase no so na wɔkyeree Abraham wɔfaase Lot ne Lot abusua kɔe. Obusuani pɛɛ a na Abraham yɛ no ma ɔmaa n’asomfo mmarima no mu 318 akode, na ɔne wɔn tiw afowfo no, a dɔm foforo a wofi n’aboafo baasa Aner, Eskol ne Mamre nkyɛn ka wɔn ho. Abraham ne ne dɔm no kɔtow hyɛɛ wɔn so mpofirim anadwo, na wodii atuafo no so nkonim, ɛwom sɛ na wɔyɛ dɔm kɛse a wonim akodi yiye nso de. ‘Wokum ahene no.’ (Hebrifo 7:1; Genesis 14:13-17) Abraham kogyee Lot ne n’abusua no, na ɔsan gyee nneɛma a wowiae no nyinaa.

7-9. (a) Ɔsɔfo bɛn na Abraham kɔsraa no, na nhyira bɛn na onyae? (b) Ɔkwan bɛn so na Abraham kyerɛe sɛ ɔpɛ sɛ Ɔsorosoro Nyankopɔn no nkutoo na ɔma ɔyɛ ɔdefo? (d) Sɛnea Melkisedek sii so dua no, hena na ɔmaa Abraham dii ɔko mu nkonim no?

7 Abraham huu sɛ ɛnam Yehowa Nyankopɔn mmoa so nkutoo na odii nkonim wɔ n’akodi no mu, na ɔdaa nokwasɛm yi adi baguam bere a na ɔreba fie wɔ nkonimdi mu no. Na onim sɛ Salem kurow no mu na obehu ne Nyankopɔn no sɔfo a ogye no tom no. Enti saa kurow no mu na ɔkɔe. Genesis ti 14 no fã a etwa to no de nea afei esii no ho amanneɛbɔ ma.

8 “Na Salem hene Melkisedek de abodoo ne bobesa brɛɛ no; na ɔyɛ ɔsorosoro Nyankopɔn sɔfo. Na ohyiraa no sɛ: Ɔsorosoro Nyankopɔn a ɔyɛ ɔsoro ne asase wura no nhyira nka Abram, na nhyira ne ɔsorosoro Nyankopɔn a ɔde w’atamfo ahyɛ wo nsa. Na Abram maa no nneɛma no nyinaa mu ntotoso du du. Na Sodom hene ka kyerɛɛ Abram sɛ: Fa nnipa no ma me, na fa ahode no. Na Abram ka kyerɛɛ Sodom hene no sɛ: Mema me nsa so mekyerɛ [Yehowa], ɔsorosoro Nyankopɔn a ɔyɛ ɔsoro ne asase wura no, sɛ efi asaawa so de kosi mpaboa hama so, meremfa biribiara a ɛyɛ wo de, na woanka sɛ: Me na mama Abram anya ne ho; gye nea mmerante no adi no nko, ne mmarima a wɔne me kɔe no, Aner, Eskol ne Mamre kyɛfa, wɔn na wɔmfa wɔn kyɛfa.”​—Genesis 14:18-24.

9 Sɛnea saa nkyekyem ahorow yi kyerɛ no, Melkisedek, Salem kurow no sɔfo a ɔsan yɛ ɔhene no, sii Abraham gyidi a na ɔwɔ sɛ ɛyɛ Ɔsorosoro Nyankopɔn na ɔko maa ɔne n’asraafo dɔm no na ɔma odii nkonim no so dua. Ɔhene ne Ɔsɔfo Melkisedek annan adwene amfi Yehowa afã wɔ asɛm no mu so.

Yehowa Akodi Nhoma No

10. Bere bɛn na wodii kan kaa akodi ho asɛm wɔ Bible no mu, na dɛn nti na na ɛyɛ Yehowa nkonimdi akodi ahorow no mfiase ara kwa?

10 Bɔhyɛ Asase no so ntua ne ntuafo no a wokura akode no so nkonim a Abraham dii no ho nkyerɛkyerɛmu a ɛwɔ Genesis 14 no ne bere a edi kan a wɔkaa akodi ho asɛm wɔ Kyerɛw Kronkron no mu. Enti, bɛboro mfeha anan ansa na Yehowa reyɛ nea ɔyɛe wɔ Po Kɔkɔɔ no mu no, ɔdaa ne ho adi sɛ ɔyɛ ɔkofo, “dɔmmarima.” Nanso, na ɛno yɛ mfiase ara kwa. Na nkonimdi akɛse bedi ɛno akyi, a nea etwa to wɔ ‘nneɛma nhyehyɛe yi awiei’ bere mu ka ho.—Mateo 24:3.

11. Dɛn ne ‘Yehowa Akodi nhoma’ no, nanso, ɛhe nso na yehu n’akodi mu mmaninsɛm ho amanneɛbɔ pii wɔ

11 Sɛnea wɔaka wɔ Numeri 21:14 no, wɔkyerɛw ‘Yehowa akodi nhoma’ bi. Ebia saa Onyankopɔn ako a odi maa ne nkurɔfo ho kyerɛwtohɔ, anaa abakɔsɛm a wotumi de ho to so yi, fii ase bere a ɔko maa ɔnokwafo Abraham no mu. Na Mose nim saa nhoma yi ho asɛm, nanso ɔmfa ɛho nkyerɛkyerɛmu foforo biara mma yɛn. Ne saa nti, wɔnka akwan horow nyinaa a Yehowa nam so daa ne ho adi sɛ ɔkofo wɔ bere a wɔde kyerɛw Yehowa Akodi nhoma no mu no ho asɛm nkyerɛ yɛn. Nanso, fi bere a wɔbɔɔ saa nhoma no din no, wɔakyerɛw Bible no fã kɛse no ara, na eyi de Yehowa akodi mu mmaninsɛm ho amanneɛbɔ pii ma.

Melkisedek Ɔkɛseɛ No​—Ɔkofo

12. Melkisedek yɛɛ Ɔsorosoro Nyankopɔn no Dwumayeni kɛse bɛn ho mfonini, na dwom a Dawid hyehyɛe bɛn na wɔka mu nsɛm kyerɛ oyi sɛ ɔsɔfo ne ɔkofo?

12 Bere a Abraham dii Kedorlaomer ne ahene a wɔka ne ho no so nkonim akyi no, Melkisedek hyiraa no. Nkɔmhyɛ kwan so no, Ɔhene ne Ɔsɔfo Melkisedek yɛɛ Obi a ɔbɛyɛ Ɔsorosoro Nyankopɔn Ɔsɔfo Panyin, ne afei ɔkofo ɔhoɔdenfo a Onyankopɔn Pumpuni no taa n’akyi no ho mfonini. Wɔkaa Dwom 110 a wɔde honhom kaa ɔkofo ne ɔhene Dawid ma ɔhyehyɛɛ no mu nsɛm kyerɛɛ Onii a ɔso kyɛn Melkisedek a ofi Salem no, bere a ɛka sɛ: “Wo tumidi poma no, [Yehowa] fi Sion bɛteɛ. ‘Di hene w’atamfo mfinimfini!’ [Yehowa] aka ntam, na ɔrennu ne ho: Woyɛ daapem sɔfo, Melkisedek dibea so. [Yehowa] a ɔwɔ wo nifa so no bɛbobɔ ahene, n’abufuw da no.”—Dwom 110:2, 4, 5.

13. Wɔ Hebrifo ti 7 ne 8 no, wɔda Nea ɔkorɔn kyɛn tete Melkisedek no adi sɛ ɔne hena, na beae a ɛkorɔn bɛn na onii yi kɔhyɛnee, na ɔde afɔre bɛn na ɛkɔɔ hɔ?

13 Hebrifo nhoma no kyerɛwfo a wɔde honhom kaa no no, daa onii a Nea wɔkaa saa nsɛm no kyerɛɛ no no yɛ ankasa adi, bere a ɔkaa eyi no: “Nea odikanfo bi hyɛn hɔ maa yɛn no, ɔne Yesu a wayɛ no Melkisedek akwan so sɔfo panyin.” (Hebrifo 6:20) Wɔkyerɛkyerɛ tete Melkisedek no kɛseyɛ mu wɔ Hebrifo nhoma no ti a edi hɔ no mu. Nanso, ne kɛseyɛ sɛ ɔsɔfo no nsen Onii a ɔyɛe ne ho mfonini no, Yesu Kristo a wɔanyan no a wɔahyɛ no anuonyam, a ɔde afɔrebɔ bi a ɛso sen biribiara a Ɔhene-Sɔfo Melkisedek a ofi Salem no betumi de ama no bo a ɛsom no, kɔɔ Yehowa Nyankopɔn ankasa anim a ɛyɛ kronkron no.—Hebrifo 7:1-8:2.

14. So Melkisedek Ɔkɛseɛ no ama Kristoman asɔfo no tumi sɛ wonnya aman a wose wɔyɛ Kristofo no akodi ahorow mu kyɛfa anaa?

14 Ɔhene ne sɔfo Melkisedek, hyiraa ɔkofo bi, Abraham nkonimdifo no. Na Melkisedek Ɔkɛseɛ, Nea ɔde nokware Kristosom bae no nso ɛ? Kristoman asɔfo ka sɛ wogyina Yesu Kristo ananmu na wohyira amanaman a wose wɔyɛ Kristofo no asraafo na wɔbɔ mpae ma wɔn. Nanso, so Yehowa Sɔfo Panyin a ɔwɔ soro no agyina Kristoman asɔfo no akyi wɔ eyiyɛ mu anaa? So ɔnam saa kwan yi so agye mogyahwiegu a akɔ so wɔ saa afeha a wose ɛyɛ Kristofo Bere yi mu, a mogya a wohwie gui wɔ Wiase Nyinaa Ko I ne II mu ka ho no ho asodi atom anaa? Dabida! Ɔmmaa ne nokware asuafo no tumi da sɛ wɔnyɛ wɔn ho wiase no fã, na wɔmfa wɔn ho nhyɛ ne mogyahwiegu sraadisɛm mu.

Ɔkofo Nyankopɔn no Gye Anuonyam Din Fa

15, 16. Dɛn na Yehowa nya maa ne ho bere a ɔko maa ne nkurɔfo de gyee wɔn fii Misraim no?

15 Nehemia 9:10 ka Israel mmusuakuw 12 a Yehowa gyee wɔn fii Misraim no ho asɛm sɛ: “Na woyɛɛ nsɛnkyerɛnne ne anwonwade, Farao ne ne nkoa nyinaa ne n’asase sofo nyinaa so, na wuhui sɛ wɔadi wɔn so ahantansɛm; na wugyee din sɛ ɛte nnɛ yi.”—Fa toto Exodus 14:18 ho.

16 Odiyifo Yesaia twe adwene si bo a saa din yi som no so, bere a ɔka Yehowa ho asɛm sɛ “nea ɔmaa n’anuonyam basa no dii Mose nifa, nea ɔpaee nsu mu, wɔn anim de gyee daa din fae no.” Na ɔka kyerɛ Yehowa sɛ: “Saa na wɔkyerɛɛ wo man kwan de gyee anuonyam din fae.” (Yesaia 63:12-14) Daniel resrɛ Yehowa na wayɛ ade ama ne nkurɔfo bio no, ɔkaa ne ho asɛm sɛ “wode nsa a eye den yii wo man fii Misraim asase so de agye din sɛ ɛte nnɛ yi.”—Daniel 9:15; Yeremia 32:20.

17. Hena na Yehowa bɛsoma no ma wɔabɛko wɔ ne din mu, na dɛn na ɔnam eyi so bɛkyerɛ amanaman a wɔwɔ hɔ nnɛ yi nyinaa?

17 Wɔ bere a ɛsɛ mu no, Yehowa Nyankopɔn bɛsoma Yesu Kristo, Melkisedek Ɔkɛseɛ no, sɛ ɔkofo ɔhoɔdenfo. Yehowa nam ne so begye din a ɛkyɛn biribiara a atwam sɛnea wɔaka ho asɛm wɔ Yehowa Akodi nhoma anaa wɔ Kyerɛw Kronkron no mu Hebri Kyerɛwnsɛm no mu no. Wɔaka amanaman no a wɔbɛtow ahyɛ Yerusalem so ho asɛm asie wɔ Hebri Kyerɛwnsɛm mu nhoma a edi nea etwa to no anim no ti a etwa to no mu. Afei, sɛnea Sakaria 14:3 kyerɛ no, “[Yehowa] befi adi ne amanaman no abɛko, sɛ ne koda no.” Ɛdenam saa kwan yi so no, Bible Nyankopɔn no bɛkyerɛ nnɛyi amanaman no nyinaa sɛ ɔda so ara yɛ ɔkofo Nyankopɔn sɛnea na ɔte wɔ tete Israel nna no mu no.

18, 19. Yerusalem bɛn na amanaman no bɛtow ahyɛ so?

18 Eyi yɛ akwanhwɛ a ɛda so ara da yɛn anim. Nanso, Yerusalem bɛn na ntua kɛse a ɛte sɛe bɛba so yi? Nkɔmhyɛ no amma mu wɔ Sakaria bere so Yerusalem so. Roma asraafo sɛee saa kurow no wɔ afe 70 Y.B. mu. Nanso, wɔsan kyekyee Yerusalem bio, na nnɛ, Kristoman ne honam fam Israel man no bu no sɛ ɛyɛ kronkron. Wɔ 1967 nnansia ɔko no mu no, honam fam Israel faa Yerusalem a wɔasan akyekye no nyinaa. Nanso, adanse biako po nni hɔ a ɛkyerɛ sɛ Yehowa Nyankopɔn nyaa kyɛfa bi wɔ ɔko no mu saa bere no. Ne Hene a wɔde no asi ahengua so, Yesu Kristo, nni tumi wɔ asase so Yerusalem, na ɛnna so nyɛ “ɔhenkɛse kurow,” kyerɛ sɛ ɛnyɛ Yehowa de bio.—Mateo 5:35.

19 Dabi, saa Yudafo man a ɛka Amanaman Nkabom no ho ahenkurow yi nyɛ Yerusalem a wɔbɔɔ din wɔ Sakaria nkɔmhyɛ no mu no. Mmom no, na Sakaria reka Yerusalem a yɛkan ho asɛm wɔ Hebrifo nhoma no mu no ho asɛm. Ɛhɔnom no, Paulo kasa kyerɛ Kristofo a wɔasra wɔn no sɛ: “Moaba Sion bepɔw ne Onyankopɔn teasefo kurow, ɔsoro Yerusalem, ho, ne abɔfo mpempem nhyiam.” (Hebrifo 12:22) Saa ɔsoro Yerusalem yi yɛ Onyankopɔn Mesia Ahenni no, a n’ananmusifo a wɔwɔ asase so nnɛ no ne Kristofo a wɔasra wɔn kuw ketewaa bi a wɔn anidaso ne sɛ wɔbɛyɛ Yesu Kristo yɔnko adedifo wɔ saa Ahenni no mu. Eyinom so na wɔde ntua a wɔahyɛ ho nkɔm no bɛba.

20. Nsɛm bɛn na Ɔhene Hesekia ka kyerɛɛ ne nkurɔfo a na wohunahuna wɔn no de hyɛɛ wɔn den, na Ɔhene a ɔkorɔn kyɛn Hesekia bɛn nsɛm na Yehowa Adansefo a wɔwɔ hɔ nnɛ no de hyɛ wɔn ho den?

20 Nanso, ɛho nhia sɛ eyinom anaa Kristofo kuw kɛse a wɔwɔ asase so anidaso a wɔafi amanaman no mu abɛka wɔn ho wɔ ɔsom kronn mu no suro nea ebefi saa ntua yi mu aba no. Bere a Sanaherib, Asiria hene no asraafo a wɔn ho yɛ hu no bɛtoaa Yerusalem wɔ Ɔhene Hesekia ahenni mu no, wɔmaa Israelfo a na wɔaba asiane mu no koma tɔɔ wɔn yam wɔ asɛm no ho, bere a Hesekia ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Ɔno de, ɔhonam nsa na ɛne no wɔ hɔ, na yɛn de, [Yehowa] yɛn Nyankopɔn na ɔne yɛn wɔ hɔ sɛ ɔbɛboa yɛn na wako yɛn dɔm ama yɛn.” Nea efii mu bae ne sɛ “ɔman no de [Yuda hene Hesekia nsɛm no hyɛɛ wɔn ho den].” (2 Beresosɛm 32:8) Sɛ wiase nhyehyɛe yi mu aman ahorow no mu atumfo hunahuna Yehowa Adansefo a wɔwɔ hɔ nnɛ no a, wobetumi de nsɛm a ɛte sɛ eyi ara a efi ɔhene bi a ɔso kyɛn Hesekia, Yesu Kristo nkyɛn no ahyɛ wɔn ho den.

21. (a)Dɛn nti na wɔbɛkae Yehasiel nsɛm no wɔ ɔsoro Yerusalem so ntua a ɛreba no mu? (b) Ako a wɔrebedi no bewie dɛn?

21 Saa bere no, wɔbɛkae Lewini Yehasiel nsɛm a ɛhyɛ gyidi den no: “Ɛnyɛ mo de sɛ mobɛko eyi mu, ogyina nko ara na munkogyina, na monhwɛ [Yehowa] a ɔka mo ho no nkwagye. Yuda ne Yerusalem, munnsuro na mo koma nntutu, ɔkyena mumfi adi nkohyia wɔn, na [Yehowa] bedi mo akyi.” (2 Beresosɛm 20:17) Yiw, saa bere a ɛyɛ hu no nyinaa mu no, Yehowa bedi ne nkurɔfo akyi. Wɔn ahobammɔ ne wɔn nkwagye begyina ko a ɔbɛko ama wɔn no so. Na ɔko nso na ɔbɛko, denam ne ɔkofo Hene Yesu Kristo so! Ɛdɛn na ebefi mu aba? Wɔbɛsɛe ɔbonsam asase so ahyehyɛde a aniwa hu no pasaa.—Adiyisɛm 19:11-21.

22. (a) Awiei a ɛyɛ nkonimdi bɛn na wɔrebɛkyerɛw aka Yehowa akodi nhoma no ho, na dɛn na Yehowa nam ɛno so benya ama ne ho? (b) Dɛn na Yehowa nkonimdi no bɛka wɔn a wɔdɔ ne din no ma wɔayɛ?

22 Hwɛ sɛnea Onyankopɔn begye anuonyam din afa denam nkonim a ɛkanyan hu a obedi wɔ saa “Onyankopɔn, ade nyinaa so tumfoɔ no, da kɛse no mu ko no” wɔ Harmagedon no so! (Adiyisɛm 16:14, 16) Ɛbɛyɛ sɛ nea wɔde ti foforo bɛka Yehowa akodi nhoma no ho. Ɛbɛyɛ nkonimdi awiei, awiei kɛse a ɛbɛba saa nneɛma nhyehyɛe yi so. Nhoma mu no nyinaa bɛkyerɛ sɛ Ade nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn no nnii nkogu da. Hwɛ sɛnea wɔn a wɔdɔ Yehowa din no bɛkamfo no anigye so, fi saa bere no rekɔ! Ɛno ansa na nokwarem no, Nnwom nhoma no nkyekyem a etwa to no bɛyɛ hɔ kɛse, sɛ: “Momma nea ɛhome nyinaa nyi Yah ayɛ. Munyi [Yehowa] ayɛ!”—Dwom 150:6.

Ntimu Nsemmisa

◻ Dɛn na nnipa a wɔwɔ hɔ nnɛ no nnim no yiye wɔ Bible no Nyankopɔn, Yehowa no ho?

◻ Ako bɛn na Abraham dii, na hena na ɔma odii nkonim?

◻ Dɛn ne ‘Yehowa Akodi nhoma no’

◻ Dɛn na ɛbɛyɛ ‘Yehowa Akodi nhoma no’ awiei, na dɛn mu na ɛbɛkɔ akowie?

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena