Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w90 7/1 kr. 23-28
  • Amansan Ɔsɛmpɔw No A Wobehu Ano Korakora

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Amansan Ɔsɛmpɔw No A Wobehu Ano Korakora
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1990
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Yehowa Bɛko wɔ Harmagedon
  • Yehowa Rebefi N’Akodi Dwumadi Ase
  • Ɔkofo ma Yehowa Din Ho San
  • Amanaman no Boaboa Wɔn ho Ano Tia Yehowa
  • Ɔkofo Nyankopɔn No Anuonyam Nkonimdi
  • ‘Yehowa Akodi Nhoma No’ Awiei Koraa A Ɛreba No
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1990
  • ‘Yehowa Ahyɛde’ Rentumi Nni Huammɔ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2004
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1990
w90 7/1 kr. 23-28

Amansan Ɔsɛmpɔw No A Wobehu Ano Korakora

“[Yehowa] ankasa a ɔwɔ wo nifa so no bɛbobɔ ahene, n’abufuw da no.”​—DWOM 110:5.

1, 2. Wɔ afe 70 Y.B. mu no, asɛm a esii bɛn na na ebetumi de Yehowa Nyankopɔn tumidi wɔ amansan no so nyinaa ho adwenem naayɛ aba, nanso, saa bere no, na hefo so na wadan ne dom kɔ?

ƆSORO ne asase Bɔfo no amansan tumidi ne ɔsɛmpɔw titiriw a ɛda nnipa ne abɔfo anim. Ɛrenkyɛ, na wɔahu ɔsɛmpɔw no ano korakora, nanso Yehowa atamfo atwa n’amansan tumidi mpoa mfehaha pii. Nokwarem no, ebetumi aba sɛ Yerusalem kurow no ne asɔrefi a na wɔahyira so ama Yehowa no a wɔsɛee no afe 70 Y.B. mu no, de adwenem naayɛ wɔ Ɔbɔadeɛ no amansan tumidi ho bae. Nanso, na ntease a ɛfata wɔ hɔ, enti na Yehowa ampaw sɛ ɔbɛyɛ ɔkofo Nyankopɔn ama honam fam Israel saa bere no.

2 Na ɛyɛ dɛn ntia? Saa bere no dui no, na Yehowa adan ne dom akɔ ɔman foforo bi, honhom mu Israel, “Onyankopɔn Israel,” sɛnea ɔsomafo Paulo frɛ Yesu Kristo asafo no so. (Galatifo 6:16) Nanso, de besi seesei yi, wɔ nea wɔfrɛ no Kristofo mmere yi nyinaa mu no, Yehowa nko mmaa honhom fam Israel sɛ ɔkofo Nyankopɔn sɛnea ɔko maa honam fam Israel wɔ Mose Mmara apam no ase no. Ɔmaa kwan ma Roma asraafo kum Yesu Kristo asɛndua so wɔ Calvary, bere a Yudafo no piapiaa wɔn sɛ wɔnyɛ saa no. Esii mfirihyia 37 ansa na Yerusalem sɛe a ɛto so abien wɔ afe 70 Y.B. mu no reba.

3, 4. Efi Mose so de besi Ɔhene Hesekia mmere so no, na ɔkwan bɛn so na Onyankopɔn ada ne ho adi sɛ ɔkofo, nanso wɔ honhom fam Israelfo no fam no, na dɛn na ɛyɛ nokware wɔ n’akodi ne wɔn akodi ho?

3 Efi odiyifo Mose mmere so de besi Yerusalem Hene Hesekia nniso so no, Yehowa ko maa Israel man no anwonwa kwan so, na Israelfo no koo wɔ n’ase denam akode a etumi di awu so. (Deuteronomium 1:30; 3:22; 20:3, 4; Yosua 10:42) Nanso na ɛnte saa wɔ honhom fam Israel fam! Efi Yesu Kristo wu wɔ Yerusalem akyi no so de besi Yɛn Bere yi mu no, saa ɔkofo Nyankopɔn yi apaw sɛ ɔrenko honam fam ɔko mma Onyankopɔn Israel. Nea ɛne eyi hyia no, ɔmmaa honhom fam Israelfo a wɔbom yɛ Kristofo asafo no hokwan sɛ wɔmfa honam fam akode ankasa nko. Kristofo wɔ ɔko foforo bi a wɔko.

4 Nea ɛne eyi hyia no, Kristofo gyidi ho akofo mu atitiriw no mu biako kyerɛw kɔmaa mfɛfo Kristofo a wɔwɔ Korinto wɔ Greece no sɛ: “Yɛn sa a yɛkɔ no akode nyɛ ɔhonam mu de, na mmom ɛyɛ den Onyankopɔn anim sɛ yɛde beburuw aban akɛse, na yɛaburuw adwene ne ade biara a ɛkorɔn a wɔma so ne Nyankopɔn nimdeɛ di asi, na yɛafa adwene nyinaa nnommum de ahyɛ Kristo asoɔmmerɛw ase, na yɛasiesie yɛn ho sɛ mo asoɔmmerɛw wie du a, yɛbɛtɔ asoɔden nyinaa so were.” (2 Korintofo 10:4-6) Wɔ saa krataa no ara mu no, Paulo dii kan kaa “trenee akode mu, nifa ne benkum” ho asɛm.​—2 Korintofo 6:7; hwɛ Efesofo 6:11-18 nso.

Yehowa Bɛko wɔ Harmagedon

5. Wɔ Getsemane turo no mu no, gyinabea bɛn na Yesu pawee wɔ honam fam akode a obi de bɛbɔ ne ho ban no ho, na n’asuafo no yɛɛ wɔn ade dɛn?

5 Bere a Yesu Kristo wɔ asase so no, wɔamfa akode a etumi di awu anni dwuma sɛ nea ɔde rebɔ ne ho ban da. Anadwo a woyii no mae wɔ Getsemane turo mu no, ne suani a ɔwɔ ahofama no twee nkrante de twaa Yudafo ɔsɔfo panyin no akoa aso. Nanso Yesu san de aso no tuaa hɔ anwonwa kwan so na ɔkae sɛ: “Wɔn a wɔtwe nkrante nyinaa, nkrante ano na wobewu. Anaasɛ wususuw sɛ anka mintumi mensrɛ m’agya mprempren na ɔnsoma abɔfo asafotow dumien ne akyiri mmegyina me ho? Na ɛnde ɛbɛyɛ dɛn na kyerɛw nsɛm no bɛba mu sɛ etwa sɛ ɛyɛ saa?” (Mateo 26:52-54) Esiane eyinom nyinaa nti, Onyankopɔn Ba a ɔde ne ho bɔɔ afɔre no nokware asuafo no nnyina ɔfã biara akyi wɔ wiase no akodi mu, sɛ wɔbɛyɛ saa tee anaa wɔ ɔkwan foforo so.​—Yohane 17:16; 18:36

6. Wɔ Onyankopɔn ade nyinaa so tumfoɔ no da kɛse no mu ko wɔ Harmagedon mu no, dɛn na ɛbɛyɛ Yehowa Adansefo gyinabea?

6 Enti, ɛha no, momma yɛmmɔ amanaman no amanneɛ sɛ wɔ “Onyankopɔn, ade nyinaa so tumfoɔ no, da kɛse no mu ko” wɔ “baabi a wɔfrɛ hɔ Hebri kasa mu sɛ Harmagedon” no, Yehowa Adansefo rennya ɔko no mu kyɛfa. Wobegyaw ɔko a ɛte saa no ama ɔkofo Nyankopɔn “asafo Yehowa,” ne n’abɔfo asafotow a Yesu Kristo di wɔn anim no.​—Adiyisɛm 16:14-16; 19:11-21; Dwom 84:12.

Yehowa Rebefi N’Akodi Dwumadi Ase

7. Sɛ ɔkofo Nyankopɔn no, abodin bɛn na wɔde frɛɛ Yehowa, na so saa abodin no da so ara fata no?

7 Wɔbɛfrɛɛ tete Israel Nyankopɔn no sɛ Yehowa tseva·ʼohthʹ, (Sabaot) anaasɛ asafo Yehowa. (1 Samuel 1:3, 11) Wɔ Romafo 9:29 (King James Version) no, Kristoni ɔsomafo Paulo ka Yesaia nkɔmhyɛ no ho asɛm na ɔkyerɛw sɛ: “Sɛ asafo [Sabaot] Awurade annyaw aba amma yɛn a, anka yɛayɛ sɛ Sodom na woama yɛayɛ sɛ Gomora.” Afei nso, Kristoni suani Yakobo kyerɛw sɛ: “Wɔn a wɔatutu mo mfuw mu ade no nteɛm no akɔ Sabaot Awurade no asom.” (Yakobo 5:4, KJ; American Standard Version) Enti, Paulo ne Yakobo frɛɛ Onyankopɔn sɛ asafo Yehowa wɔ afeha a edi kan, wɔ Yɛn Bere Yi Mu no mu. Wɔ mfeha 18 a edi hɔ no mu no, Onyankopɔn nnii honam fam ako mmaa honhom fam Israel, Onyankopɔn Israel, te sɛnea ɔyɛ maa tete Israel no, nanso ɔda so ara yɛ asafo Yehowa.

8-10. (a) Hena na ɔmaa ɔko a esii wɔ soro no hokwan, na dɛn nti na na Mikael fata yiye sɛ otu sa? (b) Dɛn na efii ɔko a ɛbaa ɔsoro no mu bae, na mmere ahe na aka ansa na Yehowa da kɛse no mu ɔko no aba?

8 Bere a wɔwoo Mesia Ahenni no afe 1914 mu wɔ “amanaman no mmere” awiei no, ɔko sii wɔ Yehowa Nyankopɔn ɔsoro trabea hɔ. (Luka 21:24) Hena na ɔmaa saa akodi no hokwan? Yehowa Nyankopɔn ankasa. Ɔsomaa ne Ba a ɔde no asi ahengua so no ma okotuu sa a edin Mikael da no so, efisɛ Oyi ne nea ɔfata kyɛn obiara sɛ ɔma asemmisa a ɛwɔ saa din no mu sɛ “Hena na ɔte sɛ Onyankopɔn?” no ho mmuae. Mikael dii dwuma ntɛm ara sɛ ɔnanmusifo a ɔko ma asafo Yehowa.

9 Enti, yɛkenkan wɔ Adiyisɛm 12:7-10 sɛ: “Na ɔko baa ɔsoro. Mikael ne n’abɔfo tuu ɔtweaseɛ no so sa ne no koe. Na ɔtweaseɛ no ne n’abɔfo koe. Na wɔantumi wɔn, nso wɔannya ɔkwan ɔsoro bio. Na wotuu ɔtweaseɛ kɛse no, ɔwɔ dedaw no a wɔfrɛ no ɔbonsam ne Satan, nea ɔdaadaa amanaman nyinaa no, fii hɔ tow no kyenee asase so, na wɔtow n’abɔfo kaa ne ho gui. Na metee nne kɛse bi ɔsoro sɛ: Afei na nkwagye ne tumi ne ahenni ayɛ yɛn Nyankopɔn de, na ahoɔden ayɛ Kristo no dea, efisɛ wɔatow yɛn nuanom anototofo no akyene.”

10 Ɛde besi nnɛ, bɛboro mfe 70 wɔ saa ɔko no akyi no, ‘bere kakraa bi pɛ na aka’ ma Yehowa da kɛse no mu ko no apae agu, na Onyankopɔn ada ne ho adi pefee sɛ asafo Yehowa de akyerɛ mprempren adesamma awo ntoatoaso no.​—Adiyisɛm 12:12; Sakaria 14:3.

Ɔkofo ma Yehowa Din Ho San

11. Bere a wɔahyɛ ato hɔ bɛn na kuw ketewa no mu nkaefo ne nnipakuw kɛse no retwɛn, na dɛn na wɔde ahurusidi bɛbɔ ho ose?

11 Honhom kaa Ɔhene Salomo onyansafo no ma ɔkyerɛwee sɛ: “Ade biara wɔ ne bere a wɔahyɛ na ɛbere wɔ hɔ ma adwuma nyinaa ɔsoro ase: . . . akodi wɔ ne bere, na ɔmannwoe wɔ ne bere.” (Ɔsɛnkafo 3:1-8) Wɔ asase so ha no, Ɔhene a ɔredi tumi a ɔyɛ “nea ɔsen Salomo” no asuafo twɛn bere a Obedi ɔsoro abɔfo nkonimdifo no anim akɔ ɔsa no wɔ Harmagedon no. (Mateo 12:42; Adiyisɛm 19:11-16) Ɛhɔnom na “ɔde dade poma bɛyɛn [amanaman] no,” na ‘ɔde dade ahempoma’ abubu wɔn. (Adiyisɛm 19:15; Dwom 2:9) N’asuafo a wɔpɛ asomdwoe na wɔanya ahobammɔ no bɛbɔ gye a ogye wɔn a ɛkanyan hu no ho ose dɛn ara! Wɔn a wɔbɛka eyinom ho ne “kuw ketewaa” a wɔyɛ ne mfɛfo Ahenni adedifo no mu nkaefo ne ne “nguan afoforo” no mu “kuw kɛse” no a wɔn anidaso ne sɛ wobenya Paradise asase no adi wɔ ne mfirihyia apem asomdwoe nniso ase. (Luka 12:32; Adiyisɛm 7:9-17; Yohane 10:16) Ahurusidi mu, “Tweaduampɔn nwini ase” no, wobɛbɔ ose wɔ wɔn Ɔhwɛfo Ɔhene, Yesu Kristo nkonimdi a ɛbɛhyeta, a odi de san Yehowa Nyankopɔn amansan tumidi ho no ho.​—Dwom 91:1.

12. Ɛhe na ɔko fi ba ma amanaman no, na sɛnea Dwom 68:1, 2 kyerɛ no, dɛn na ebefi mu aba?

12 Wobetumi aka, a ɛnyɛ sɛ wɔreka ma aboro so, sɛ akodi a ɛtra onipa atrae koraa, a wotumi sɔn akode a wɔde bedi dwuma wom no sen ne nuklea ɔtopae ahorow no, da asase so amanaman nyinaa anim, sɛ wɔka Amanaman Nkabom ahyehyɛde no ho anaasɛ dabi no. Tie: “Ma Onyankopɔn nsɔre na n’atamfo nhwete, na ma wɔn a wokyi no nguan n’anim. Sɛ owusiw tu kɔ no, sɛ bɔ wɔn gu ara ne no; sɛ hweawa nan ogya ho no, sɛ ɔbɔnefo bɛsɛe Onyankopɔn anim ne no.”​—Dwom 68:1, 2.

13. Bere a ɔko ho ahosiesie rekɔ so no, hena na mprempren wɔka nsɛm a ɛwɔ Dwom 45:1-6 no kyerɛ no wɔ mmere a ɛfata yiye mu?

13 Ahosiesie ma ɔko a ɛsen ɔko biara no rekɔ so mprempren. Sɛ Ɔkofo titiriw ma Onyankopɔn no, wɔkasa kyerɛ nea otu sa de san Yehowa din ho no wɔ nsɛm a honhom kaa obi a ɔyɛ Israel man no muni ma ɔhyehyɛɛ yi mu sɛ: ‘Wo ho yɛ fɛ sen nnipa mma, wɔde dom ahyɛ w’anom ma. Enti na Onyankopɔn ahyira wo daa. Otumfo, fa w’afoa bɔ w’asen, fa w’anuonyam ne w’ahensɛm bɔ wo ho so. Fa w’ahensɛm no tew mu kodi nim, ma nokware ne ahobrase ne trenee, na wo nifa nkyerɛkyerɛ wo ade a ɛyɛ hu. W’agyan ano yɛ nnam, aman bɛhwehwe ase w’anim, ɛwɔ ɔhene atamfo komam. Onyankopɔn ne w’ahengua daa daa, w’ahenni poma yɛ trenee poma.’​—Dwom 45:1-6.

Amanaman no Boaboa Wɔn ho Ano Tia Yehowa

14, 15. Bere a woyii wɔn fii afiase akyi no, nsɛm a ɛwɔ Dwom 2 bɛn na asomafo no fa kaa asɛm sɛ ɛrenya ne mmamu, na adesrɛ bɛn na wɔde too Onyankopɔn anim?

14 Wɔhyehyɛɛ Kristofo asafo no wɔ Pentekoste da afe 33 Y.B. mu akyi bere tiaa bi no, Kristofo a wɔasra wɔn no hui sɛ Dwom 2:1, 2 renya mmamu. Saa kyerɛwsɛm yi ka sɛ: “Adɛn nti na amanaman yɛ gyegyeegye, na aman susuw ade hunu? Asase so ahene sɔre gyina, na atumfo bom tu agyina hyɛ [Yehowa] ne nea wasra no no.” Bere a Yudafo atamfo akyere Nea Yehowa Asra No no asomafo nea edi kan akɔyɛ wɔn ayayade akyi no, wɔsan kɔkaa wɔn mfɛfo Kristofo no ho, na afei wɔfaa Dwom 2 nsɛm a ɛwɔ atifi ha no kaa asɛm sɛnea Ɔhene Dawid hyehyɛe no. Asomafo no Nnwuma 4:23-30 bɔ asɛm no ho amanneɛ sɛ:

15 “Na wogyaa wɔn no, wɔbaa wɔn ankasa fekuw mu, na wɔbɛkaa nea asɔfo mpanyin ne mpanyimfo no ka kyerɛɛ wɔn no nyinaa. Na wɔtee no, wɔde koma koro maa wɔn nne so maa Onyankopɔn sɛ: Awurade, wo a woyɛɛ ɔsoro ne asase ne ɛpo ne nea ɛwɔ mu nyinaa, wonam honhom kronkron so de yɛn agya Dawid a ɔyɛ w’abofra no ano kae sɛ: Adɛn nti na wiase aman yɛ gyegyeegye, na amanaman susuw ade hunu? Asase so ahene sɔre gyina, na atitiriw hyia faako sɔre tia [Yehowa] ne ne Kristo no. Na wohyiae ampa tiaa w’abofra kronkron Yesu a woasra no no, wɔne Herode ne Pontio Pilato, ne amanaman ne Israel aman, sɛ wɔrebɛyɛ nea wo nsa ne w’agyina aka ato hɔ sɛ ɛnyɛ no nyinaa. Na afei de, [Yehowa], hwɛ wɔn ateɛteɛ, na ma wo nkoa mfa nnam nyinaa nka w’asɛm, bere a woteɛ wo nsa sa wɔn yare na wɔnam w’abofra kronkron Yesu din so yɛ nsɛnkyerɛnne ne anwonwade yi.”

16, 17. (a) Wɔ adesamma abakɔsɛm nyinaa mu no, so biribi asi a wobetumi de atoto nea efii ase sii wɔ 1914 mu no ho anaa? (b) Nneɛma bɛn na amanaman no kɔ so yɛ, na ɛno rehyɛ Yehowa Nyankopɔn ma wakyerɛw dɛn?

16 Nanso, sɛ ɛba amanaman a wɔyɛ gyegyeegye, ahene a wɔbom tu agyina, amammui akannifo a wɔyɛ biako tia Yehowa ne Nea Wasra No, Yesu Kristo no so a, dɛn na ɛwɔ adesamma abakɔsɛm nyinaa mu a wobetumi de atoto nea efii ase mfirihyia 76 ni wɔ 1914 mu no ho? Ɛnyɛ sɛ ɛyɛ afe a wiase nyinaa ko a edi kan wɔ adesamma asetra nyinaa mu pae gui nko, na mmom ne titiriw no, ɛyɛ bere a Amanaman no bere, ‘bere a wɔahyɛ ato hɔ ama amanaman no’ baa awiei! (Luka 21:24) Ɛda adi pefee sɛ Dwom 2 fii ase nyaa ne mmamu kɛse wɔ saa afe no mu.

17 Bere a Amanaman no mmere no baa awiei wɔ afe 1914 mu no, na aman ahorow no mu biara​—wɔn a wɔfrɛ wɔn Kristoman, a emufo pii bu wɔn ho, ɔsom fam, sɛ wɔyɛ honhom fam Israelfo mpo nni hɔ​—a na wɔpɛ sɛ wogye Nea Yehowa Asra No, Yesu Kristo tom sɛ ɔmmɛtra ahengua so nni asase so tumi. Na mprempren, mfe 71 akyi wɔ bere a wofii ase ‘kaa ahenni no ho asɛmpa wiase nyinaa de dii amanaman nyinaa adanse,’ fi afe 1919 mu reba no, ɛda adi sɛ amanaman a wɔwɔ Kristoman mu ne wɔn a wonni mu no nyinaa rennye Yehowa hene a wɔde bere tenten aka ne ba ho asɛm no ntom na wɔaka nokwaredi ho ntam akyerɛ no, bere a wɔpow wɔn asase so tumidi no. (Mateo 24:14) Nea ɛne eyi bɔ abira no, wɔadu bere ne tebea a wɔrehyɛ Yehowa ma wakyerɛw “Yehowa Akodi nhoma” no awiei kɛse no ho asɛm no mu.​—Numeri 21:14.

Ɔkofo Nyankopɔn No Anuonyam Nkonimdi

18. Ade a Yehowa rebɛyɛ bɛn na yɛn ani gye ho, na hena na obedi ne nkyɛn mu, na ama Dwom 110 anya mmamu?

18 Ɛnde, kɔ w’anim kotu sa, O asafo Yehowa, a wo Ba Yesu Kristo a ɔyɛ ɔhene, di wo nkyɛn mu! Ɔno na wɔka nkɔmhyɛ nsɛm yi kyerɛ no sɛ: “Di hene w’atamfo mfinimfini. [Yehowa] a ɔwɔ wo nifa so no bɛbobɔ ahene, n’abufuw da no. Obedi amanaman mu asɛm, ɔbɛma afunu ahyɛ hɔ ma. Ɔbɛbobɔ ti, asase a ɛtrɛw so.”​—Dwom 110:2, 5, 6.

19. Ɛdefa Onyankopɔn, ade nyinaa so tumfoɔ no da kɛse no mu ko a ɛwɔ yɛn anim pɛɛ ho no, dɛn mpae na yɛbɔ Onyankopɔn ma nguan afoforo no mu nnipakuw kɛse no?

19 O asafo Yehowa, ma wo asase so nokware asomfo nyɛ wɔn a wɔde ahurusi yɛ wo nkonim a ebiara ne no nsɛ a wonam wo ɔkofo Hene Yesu Kristo so di no ho adansefo, wɔ bere a wɔko Onyankopɔn, ade nyinaa so tumfoɔ no da kɛse no mu ko no, wɔ baabi a wɔfrɛ hɔ Hebri kasa mu sɛ Harmagedon no. (Adiyisɛm 16:14) Ma nnipakuw kɛse a wɔte sɛ nguan a “wɔahohoro wɔn ntade ama ahoa oguammaa no mogya no mu” no nka honhom fam Israelfo nkaefo no ho mfa ahosɛpɛw “mfi ahohiahia kɛse no mu,” mmɛyɛ wo asase so adansefo daa! (Adiyisɛm 7:14) Wɔ wo dɔ ɔhwɛ ase no, ma womfi mu nka a wɔrenwu, nkɔtra beae a ɔko nni, a wo Ba nkonimdifo no bedi so wɔ asase a wobesisie so ayɛ no Paradise fɛfɛ ma ɛne wo mfitiase atirimpɔw ahyia no so. Ma wɔnyɛ adanse a aniwa hu mma awufo a wobenyan wɔn no nyinaa, na asan wo tumidi a ɛyɛ wo de ma ɛfata no wɔ amansan nyinaa so no ho! Yɛda wo ase sɛ saa bere no de, na woama wɔahu amansan nyinaa ɔsɛmpɔw no ano korakora, yiw, akosi daa!

So Wokae?

◻ Dɛn ne ɔsɛmpɔw titiriw a ɛda nnipa ne abɔfo anim no?

◻ Nsonsonoe bɛn na ɛwɔ Yehowa akodi ma tete Israel ne honhom fam Israel no mu?

◻ Dɛn na ɛbɛyɛ Yehowa Adansefo gyinabea wɔ Harmagedon mu, na dɛn ntia?

◻ Bere bɛn na Dwom 2:1, 2 nyaa ne mmamu a ɛso bi mmae da?

◻ Ɔkwan bɛn so na wobehu amansan ɔsɛmpɔw no ano korakora?

[Mfonini wɔ kratafa 24, 25]

“Nnipakuw kɛse” no bɛbɔ ose ama Onyankopɔn Ɔhwɛfo Hene ‘konimdifo no’

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena