Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w94 1/1 kr. 3-4
  • Bere a Apuei Hyia Atɔe

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Bere a Apuei Hyia Atɔe
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1994
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • ‘Efi Apuei ne Atɔe’
  • Daakye Bɛn na Ɛwɔ hɔ ma Nguanten ne Mpapo No?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1995
  • Yɛ Ade Ntɛm Ara Wɔ “Sɛnkyerɛnne” No Ho!
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1985
  • Nnipakuw Kɛse a Wɔyɛ Nokware Asomfo—Ɛhe na Wofi?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1995
  • “Nnipakuw Kɛse” Kamfo Ɔhene No
    “W’Ahenni Mmra”
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1994
w94 1/1 kr. 3-4

Bere a Apuei Hyia Atɔe

“OO, APUEI yɛ Apuei, na Atɔe nso yɛ Atɔe, na abien no ntumi nhyia da.” Britania anwensɛm kyerɛwfo Rudyard Kipling nsɛm yi ma yɛkae amammerɛ mu nsonsonoe akɛse a ɛpaapae adesamma mu na ɛkanyan mmusua ne aman ntam nitan a ɛnnɛ ɛde ntawntawdi ba wiase nyinaa no. Nnipa pii bisa sɛ, So Onyankopɔn ntumi nyɛ tebea yi ho biribi? Yiw, obetumi! Na ɛnnɛ mpo ɔreyɛ ho biribi! Kipling anwensɛm no fã a ɛtoa so no kaa eyi ho asɛm. Bere tenten bɛn na Apuei ne Atɔe ntam bɛkɔ so apaapae? Anwensɛm kyerɛwfo no kae sɛ: “Ɛnkosi bere a Asase ne Ɔsoro begyina Onyankopɔn Atemmu Agua kɛse no anim nnansa yi ara.”

Onyankopɔn de atemmu no ahyɛ ne Ba, Yesu Kristo nsa. (Yohane 5:22-24, 30) Nanso bere bɛn na saa atemmu bere no fi ase? Henanom na wobu wɔn atɛn, na dɛn na efi mu ba? Yesu na ɔkaa wiase kõ ahorow ne ahohia a ɛde brɛɛ adesamma fi 1914 no ho asɛm wɔ nkɔmhyɛ mu. Ɔkae sɛ eyinom yɛ ‘ba a waba’ a aniwa nhu “ne wiase awiei no ho sɛnkyerɛnne.”—Mateo 24:3-8.

Bere a Yesu de saa nkɔmhyɛ kɛse yi reba awiei no, ɔda no adi sɛ bere a yɛwom mprempren yi yɛ atemmu bere, na ɔka ne ho asɛm sɛ: “Na onipa ba no bɛba n’anuonyam mu a n’abɔfo nyinaa ka ne ho no, ɔbɛtra n’anuonyam ahengua so. Na wɔbɛboaboa amanaman nyinaa ano n’anim. Na ɔbɛpaapae wɔn mu, sɛnea oguanhwɛfo paapae nguanten ne mpapo mu. Na ɔde nguanten no begyina ne nifa, na ɔde mpapo no agyina benkum.” Sɛnkyerɛnne kwan so no, wɔaboaboa asase so nnipa nyinaa ano wɔ Ɔtemmufo no anim nnɛ, na wobebu nea wɔyɛ wɔ ne nkwagye asɛm ho no ho akontaa. Sɛ wobu atɛn nnansa yi ara wɔ ahohiahia kɛse no mu a, asoɔdenfo a wɔte sɛ mpapo no “befi hɔ akɔ daa ahoyeraw mu; na nnipa trenee [asoɔmmerɛfo a wɔte sɛ nguan] no bɛkɔ daa nkwa mu.”—Mateo 25:31-33, 46; Adiyisɛm 16:14-16.

‘Efi Apuei ne Atɔe’

Wiase yi atemmu no fii ase ankasa wɔ Wiase Ko I no basabasayɛ mfe no mu. Saa bere no, Kristoman asɔfo fi koma nyinaa mu boaa aman a na wɔredi ako no. Eyi daa wɔn adi sɛ wɔyɛ wiase a aporɔw a ɛfata “Onyankopɔn abufuw” no fã. (Yohane 3:36) Na Kristofo a wɔpɛ asomdwoe a wɔkyerɛɛ gyidi wɔ Onyankopɔn mu no nso ɛ? Efi 1919 no, wofii ase boaboaa eyinom ano kɔɔ Ɔhene, Kristo Yesu afã.

Wofi asase so mmaa nyinaa na wɔaba, a 144,000 a wɔasra wɔn a wɔpaw wɔn wɔ mfehaha pii mu wɔ Kristofo bere mu no nkaefo no na wodi kan. Eyinom bɛyɛ “Kristo yɔnkodifo” wɔ ne soro Ahenni no mu. (Romafo 8:17) Onyankopɔn diyifo bi ka kyerɛ eyinom sɛ: “Nsuro, na me na me ne wo te. Mede w’asefo mefi apuei aba, na mafi atɔe maboa wo ano; mɛka makyerɛ benkum fam sɛ: Fa ma! Na maka makyerɛ nifa fam sɛ: Nkora so! Fa me mmabanin fi akyirikyiri bra, ne me mmabea fi asase ano: obiara a wɔbɔ me din frɛ no, na mebɔɔ no memaa m’anuonyam, menwenee no na meyɛɛ no no.”—Yesaia 43:5-7.

Nanso ɛnyɛ wɔn nko! Titiriw efi 1930 mfe no mu no, wofii ase boaboaa nnipakuw kɛse a mprempren wɔboro ɔpepem anan ano. Eyinom ne “nguan” a Yesu kaa wɔn ho asɛm wɔ Mateo 25:31-46 no. Eyinom te sɛ nkaefo a wɔasra wɔn a wodi wɔn anim no, na ‘wɔabenya gyidi’ wɔ Onii a ɔka eyi no mu: ‘Mone m’adansefo, mene Nyankopɔn.’ (Yesaia 43:10-12) Nnipakuw kɛse no anoboaboa no nso fi ‘apuei ne atɔe, benkum fam ne nifa fam, ne asase ano.’

Wɔreka saa nguan a wɔdɔ asomdwoe yi abom ayɛ wɔn amanaman ntam onuayɛ kuw biako. Wɔka aman 231 a wɔwom no kasa horow pii no. Nanso wɔwɔ honhom mu biakoyɛ wɔ Bible no Ahenni nkrasɛm no ‘kasa kronn’ a wosua no mu ‘na wɔatumi abɔ Yehowa din de mmati koro asom no.’ (Sefania 3:9) Biako a wɔyɛ wɔ gyidi, atirimpɔw, ne nneyɛe mu no di adanse kɛse sɛ ampa Apuei ahyia Atɔe, ne nkurɔfo a wofi mmaa nyinaa, sɛ wɔbɛsom Amansan Hene Yehowa na wɔayi no ayɛ.

Wɔ aman bi mu no, saa anoboaboa yi rekɔ so wɔ tebea a ɛyɛ nwonwa sen biara mu, sɛnea amanneɛbɔ ahorow a edidi so yi bɛkyerɛ no.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena