Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w94 1/1 kr. 27
  • Nokware no Afã a Wogyina Pintinn De Nhyira Kɛse Ba

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nokware no Afã a Wogyina Pintinn De Nhyira Kɛse Ba
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1994
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Sɛnea Wubetumi Ayɛ Agya Pa
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2009
  • Wo Mma A Wobɛtete Wɔn Ma Wɔadɔ Yehowa
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1983
  • Mmofra Baawɔtwe A Metetee Wɔn Wɔ Yehowa Kwan So Mu Haw Ne Anigye
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2006
  • Agyanom Baanu a na Ɛsɛ sɛ Mepaw Biako
    Nyan!—1998
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1994
w94 1/1 kr. 27

Ahenni Adawurubɔfo bɔ Amanneɛ

Nokware no Afã a Wogyina Pintinn De Nhyira Kɛse Ba

YESU ka siei sɛ wɔbɛtaa n’akyidifo, na ɔsomafo Paulo nso kaa saa ara wɔ 2 Timoteo 3:12: “Na wɔn a wɔpɛ sɛ wɔde onyamesom pa tra ase Kristo Yesu mu nyinaa, wɔbɛtaa wɔn.” Nanso Yehowa Nyankopɔn som a yɛbɛkɔ so akura mu no de nhyira kɛse ba.

◻ Eyi baa mu wɔ Malaysia mpoano kusuu fam apuei kurow bi mu. Ɛmfa ho sɛ na agya bi yɛ Budhani a ɔkasa kyerɛ ne mma denneennen no, wantumi ansiw ne mmabea baasa ne mmarima baasa a wɔne Yehowa Adansefo sua Bible no kwan. Ne yere mpo kyerɛɛ nokware no ho anigye. Afei da bi, ne fipamfo bi dii ne ho fɛw sɛ: “Dɛn nti na wuntumi nni wo mma no so na woahwɛ ma wɔabɛyɛ Yehowa Adansefo? Me mma nyinaa ka me ho wɔ Budhasom a m’awofo de gyaw me no mu. Woyɛ mmɔbɔ!”

Agya no de ahopere kɔɔ fie, a na wasi ne bo sɛ ɔbɛboro onuawa a na ɔne ne mma no sua ade no. Nanso, mmofra no dwudwoo ne koma na wɔn maame ne wɔn kɔɔ so ne Yehowa Adansefo suaa Bible na wɔkɔɔ adesua horow.

Nanso, awiei koraa, agya no frɛɛ abusua mũ no nyinaa baa n’anim. Ɔkae sɛ: “Mompaw nea mopɛ, sɛ́ mo ne me bɛtra wɔ fie ha, anaa mobɛyɛ Kristofo na moafi fie ha.” Ɛhɔ ara na ne mma mmarima no mu panyin a ɔkasa bɔkɔɔ no fii ase boaboaa ne nneɛma ano sɛ ɔrebɛkɔ. Agya no teɛɛm sɛ: “Dabi! Esiane sɛ mo nyinaa moyɛ mmofra asɔretiafo nti, eye sɛ miwu mmom.” Afei opue fii fie hɔ ntɛm, na abusua no dii n’akyi paa ne kyɛw sɛ ɛnsɛ sɛ okum ne ho. Esiane sɛ n’ani gyee wɔn kyɛwpa no ho nti ɔsan kɔɔ fie.

Bere twaam. Agya no fii ase huu nkɛntɛnso pa a Bible mu nokware nyaa wɔ ne mma no nneyɛe so no. Da bi, ohyiaa n’adamfo a odii ne ho fɛw a afei de na ne werɛ ahow no ma ɔkae sɛ: “Me mma no ama me werɛ ahow kɛse. Wosisi me wia me nneɛma.” Nanso agya a na ne mma ne Yehowa Adansefo sua ade no kae sɛ: “Me de, me mma no yɛ soronko! Woyi ayamye adi kyerɛ me na bere a m’adwuma fii me nsa no, wɔboaa me mpo ma mituaa kar a na wɔde afiri me no ka.”

Ɛnnɛ, wɔabɔ mmabea baasa ne wɔn maame no asu. Ɔbabarima biako yɛ ɔkwampaefo titiriw. Na agya a na ɔbata ne som ho denneennen na onni koma no nso ɛ? Afei ɔwɔ adamfofa su na ɔkɔɔ Nkaedi no bi.

Yehowa hyiraa ɔbabarima no ne ne nua mmea baasa ne wɔn maame efisɛ wogyinaa N’afã pintinn. Mprempren, wɔyɛ Ahenni asɛmpakafo nsiyɛfo a wɔma Yehowa koma tɔ ne yam.—Mmebusɛm 27:11.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena