‘Ɔsen Kurow a Ɛyɛ Den’
“SƐNEA nneɛma rekɔ so mprempren no, Amerika mmofra bɛyɛ ɔha biara mu 40 awofo begyae aware ma wɔahu ansa na wɔadi mfe 18.” (Science, June 7, 1991) Akontaabu a ɛyɛ hu bɛn ni! Dɛn na ɛde eyi ba?
Asennibea a edi abusua ne awunyade nsɛm mu ɔtemmufo Edward M. Ginsburg, kyerɛɛ n’adwene bere a The Boston Globe no kyerɛwfo bisabisaa no nsɛm no. Ɔkae sɛ: “Yɛyɛ adifudepɛfo. Yɛpɛ ‘me nko me de.’ Yebisa sɛ, ‘Dɛn na menya afi mu mprempren?’ Yɛpɛ mprempren anigye.”
Adifudepɛ su a ɛte saa a ɛnkyerɛ ahokokwaw a wɔda no adi de abufuw ne ntawntawdi ba aware mu. Ɔtemmufo Ginsburg ka sɛ awiei koraa no sɛ awarefo no kodu awaregyae asennibea a, okunu ne ɔyere baanu no mu biara hwehwɛ sɛ wobu no bem. Wɔhwehwɛ ma obi aka akyerɛ wɔn sɛ wɔn asɛm yɛ dɛ na wɔn hokafo no na n’asɛm nyɛ dɛ. Wɔhwehwɛ ma obi aka sɛ: “Woadi bem.”
Ne nsɛm no kae yɛn abebusɛm a efi honhom mu yi: “Onua a wɔafom no sen kurow dennen.” (Mmebusɛm 18:19) Yiw, sɛ ntɔkwa sɔre wɔ aware mu a, awarefo no tumi yɛ katee a wonni ntease. Nea ɛtaa ba ne sɛ wofi mpiyɛ mu pow sɛ wobegyae nsɛm mu ma aka, te sɛ ‘kurow a ɛyɛ den’ a wɔatua no.
So ɛsɛ sɛ nneɛma kɔ so sɛɛ? Dabi, ade foforo wɔ hɔ a wobetumi ayɛ. Aware mu kɔ so yɛ den na ɛtra hɔ kyɛ bere a awarefo baanu no de ɔsomafo Paulo nsɛm yi di dwuma fi wɔn aware no mfiase pɛɛ no: “Momma mo yam nyɛ yiye na ɛnhyehye mo mmoma mo ho, momfa mfirifiri mo ho, sɛnea Onyankopɔn nam Kristo so de firii mo no.” (Efesofo 4:32) So saa su yi nya yɛ mmerɛw? Ɛnyɛ bere nyinaa na ɛte saa. Nanso awaregyae yɛ mmerɛw dɛn? Nkate mu yaw ne sikasɛm mu adesoa a efi awaregyae no mu ba te dɛn? Na mmofra a wɔn awofo awaregyae no taa haw wɔn kosi sɛ wobenyinyin no nso ɛ?
Mfaso wɔ so kɛse koraa sɛ awarefo baanu no bɛbɔ mmɔden ama aware no atra hɔ sen sɛ wɔbɛda kateeyɛ adi akyerɛ wɔn ho wɔn ho te sɛ ‘kurow a ɛyɛ den bi.’ Paulo afotu yi a ɔde maa Kristofo no fa awarefo ho titiriw: “Monhyɛ ɔdɔ a ɛne pɛyɛ hama no.”—Kolosefo 3:14.
[Mfonini Fibea wɔ kratafa 32]
The Complete Encyclopedia of Illustration/J. G. Heck