Nsemmisa a Efi Akenkanfo Hɔ
Onyankopɔn bɔɔ Kain kɔkɔ sɛ ‘bɔne butuw ɔpon ano, na ɛhwehwɛ n’akyi kwan,’ te sɛ nea na ɔreka aboa a ne ho yɛ hu bi a ɔrehwehwɛ aboa ketewa bi akyere no ho asɛm. (Genesis 4:7) Sɛ na mmoa wẽ afifide nkutoo ansa na nsuyiri no reba a, dɛn nti na wɔde saa kasa no dii dwuma?
Wɔ nhoma ahorow a Mose kyerɛwee no mu no, yehu nkyekyem pii a ɛka nokwasɛm ahorow anaa nsɛm a esisii wɔ abakɔsɛm mu ho asɛm a ɛte sɛ nea ɛne saa bere no nsɛm tebea nhyia.
Sɛ́ nhwɛso no, kyerɛwtohɔ a ɛwɔ Genesis 2:10-14 no de asase ho nsɛm a ɛkɔ akyiri a ɛfa Eden turo no ho ma. Mose kyerɛwee sɛ na asu biako “na ɛsen wɔ Asiria apuei.” Nanso Asiria asase no nyaa ne din fii Asur, Sem ba a ɔwoo no wɔ Nsuyiri no akyi din mu. (Genesis 10:8-11, 22; Hesekiel 27:23; Mika 5:6) Adanse a ɛwɔ hɔ da no adi sɛ, Mose de edin “Asiria” no dii dwuma wɔ ne kyerɛwtohɔ a edi mũ a ɔnam honhom so kyerɛwee no mu de kaa beae bi a na n’akenkanfo nim no yiye ho asɛm.
Susuw nhwɛso foforo a ɛwɔ Genesis nhoma no mfiase ho hwɛ. Bere a Adam ne Hawa yɛɛ bɔne na wɔpam wɔn fii turo no mu no, Yehowa siw wɔn kwan na wɔantumi ansan amma hɔ bio. Ɔkwan bɛn so? Genesis 3:24 se: “Ɔpam onipa no, na ɔde Kerubim ne ogyaframa afoa a edi ahim besii Eden turo no anim apuei fam sɛ wɔnwɛn nkwa dua no ho kwan.” Hyɛ no nso sɛ ose “ogyaframa afoa.” So Onyankopɔn na ɔyɛɛ afoa?
Ɛnsɛ sɛ yɛka sɛ yɛn Bɔfo a ɔwɔ ɔdɔ no na odii kan yɛɛ nea wɔfrɛ no afoa. Adam ne Hawa hui sɛ biribi a ɛredɛw rehim wɔ abɔfo no anim. Ná ɛyɛ dɛn ankasa? Bere a Mose kyerɛw Genesis nhoma no, ná wonim afoa yiye, na na wɔde di dwuma wɔ akodi mu. (Genesis 31:26; 34:26; 48:22; Exodus 5:21; 17:13) Enti asɛm “ogyaframa afoa” a Mose de dii dwuma no boaa n’akenkanfo ma wotwaa nea na ɛwɔ Eden kwan ano no ho mfonini yiye. Nneɛma a na wonim wɔ Mose bere so no boa maa wɔtee nsɛm a ɛtete saa ase. Ná kasa a Mose de dii dwuma no bɛyɛ nea edi mũ, efisɛ Yehowa maa wɔde kaa Bible no ho.—2 Timoteo 3:16.
Na Genesis 4:7 nso ɛ? Ɛhɔ na Onyankopɔn bɔɔ Kain kɔkɔ sɛ: “Sɛ woyɛ yiye a, anka w’anim rentew anaa? Na sɛ woanyɛ yiye a, bɔne butuw ɔpon ano, na w’akyi kwan na ɛhwehwɛ, nanso di no so.” Sɛnea yɛahyɛ no nsow no, ɛte sɛ nea kasa no twa aboa a ne ho yɛ hu bi a ɔkɔm de no a wabutuw hɔ sɛ ɔrebɛtow ahyɛ aboa ketewa bi so amene no ho mfonini.
Nanso, Bible mu adanse kyerɛ sɛ na asomdwoe wɔ Adam ne Hawa ne mmoa no nyinaa ntam. Ebia na mmoa no bi nya ahotɔ bere a wɔwɔ nnipa nkyɛn na eyi boa wɔn mpo. Ná afoforo yɛ wura mu mmoa akɛse a wofi awosu mu pɛ baabi a nnipa nni. (Genesis 1:25, 30; 2:19) Nanso, Bible no nkyerɛ sɛ mmoa no mu biara kyeree mmoa afoforo anaa nnipa wẽẽ. Mfiase no, Onyankopɔn hyɛɛ da de afifide maa mmoa ne nnipa nyinaa sɛ wɔn aduan. (Genesis 1:29, 30; 7:14-16) Ɛno ansakra kosi Nsuyiri no akyi, sɛnea Genesis 9:2-5 kyerɛ no.
Na Onyankopɔn kɔkɔbɔ a ɔde maa Kain a yɛkenkan wɔ Genesis 4:7 no nso ɛ? Akyinnye biara nni ho sɛ, sɛ wotwa aboa bi a ne ho yɛ hu a obutuw hɔ a wayɛ krado sɛ ɔbɛtow ahyɛ aboa ketewa bi so ho mfonini a, na ɛbɛyɛ mmerɛw sɛ wɔbɛte ase wɔ Mose bere so, na yɛn nso yɛte ase. Enti, ɛbɛyɛ sɛ ɛha yi nso na Mose de kasa a akenkanfo a wɔtraa ase wɔ Nsuyiri no akyi no bɛte ase redi dwuma. Sɛ na Kain nhuu aboa a ɔte saa mpo da a, na obetumi ate kɔkɔbɔ a ɛde bɔne ho akɔnnɔ a ɛwɔ ne mu totoo aboa kɛse bi a ɔkɔm de no ho no ase.
Eyi mu nsɛm atitiriw a ɛsɛ sɛ ɛka yɛn kɛse ne eyinom: Ayamye a Onyankopɔn kyerɛe denam Kain a ɔbɔɔ no kɔkɔ no so, mfaso a ɛwɔ so sɛ obi fi ahobrɛase mu gye afotu tom, sɛnea ahoɔyaw betumi asɛe obi ntɛmntɛm, ne sɛnea ɛsɛ sɛ yebu ɔsoro kɔkɔbɔ afoforo a Onyankopɔn de ama yɛn wɔ Kyerɛwnsɛm mu no aniberesɛm.—Exodus 18:20; Ɔsɛnkafo 12:12; Hesekiel 3:17-21; 1 Korintofo 10:11; Hebrifo 12:11; Yakobo 1:14, 15; Yuda 7, 11.