Afɔrebɔ A Ɛsɔ Ani A Yɛde Bɛma Yehowa
WƆ ABAKƆSƐM mu bere bi no, na wotumi hu adeyɛ soronko bi wɔ Eden turo no apuei fam kwan ano.a Ɛhɔ na na kerubim ahoɔdenfo no gyina wɛn hɔ, na sɛnea na wɔn ho yɛ hu no maa ɛdaa adi pefee sɛ ɛnsɛ sɛ obi si ne bo sɛ obetwam hɔ. Ade biako a na wontumi ntwa ho saa ara ne gyaframa afoa a edi ahim hyerɛn nyinamnyinam wɔ hɔ nnua mu anadwo no. (Genesis 3:24) Te sɛ nea na eyi yɛ nwonwa no, na ɛsɛ sɛ obiara a ɔhwɛ no gyina akyirikyiri.
Ɛbɛyɛ sɛ Kain ne Habel kɔsraa beae hɔ mpɛn pii. Esiane sɛ Adam ne Hawa woo wɔn wɔ turo no akyi nti, na wobetumi ayɛ sɛnea na ɛte sɛ wɔbɛtra Paradise a na nsu pa wɔ hɔ, nnua a ɛyɛ fɛ ne nnuaba ne mfunne pii wom, sɛnea wɔn awofo traa hɔ bere bi, no ho mfonini ara kwa. Afei de akyinnye biara nni ho sɛ, na ade a wobetumi ahu wɔ Eden hɔ ara ne asase a wonsiesiee so a afuw.
Akyinnye biara nni ho sɛ na Adam ne Hawa akyerɛkyerɛ nea enti a wɔnhwɛ turo no so ne nea enti a wɔpam wɔn fii mu no mu akyerɛ wɔn mma no. (Genesis 2:17; 3:6, 23) Hwɛ sɛnea ɛbɛyɛ sɛ ɛhaw Kain ne Habel! Ná wotumi hu turo no, nanso na wontumi nkɔ mu. Ná wɔbɛn Paradise paa, nanso na wɔne ntam kwan ware. Ná sintɔ agu wɔn ho fĩ, na na hwee nni hɔ a Kain anaa Habel betumi ayɛ wɔ ho.
Akyinnye biara nni ho sɛ, wɔn awofo abusuabɔ antumi ansiesie nsɛm. Bere a Onyankopɔn rebu Hawa atɛn no, ɔkae sɛ: “W’ani begyina wo kunu, na ɔno na obedi wo so.” (Genesis 3:16) Nea ɛne saa nkɔmhyɛ no hyia no, ɛbɛyɛ sɛ Adam dii ne yere so afei, na ebia wammu no bio sɛ ɔhokafo ne ɔboafo. Na ɛte sɛ nea Hawa de ne ho nyinaa too ɔbarima yi so. Nkyerɛkyerɛmu bi mpo kɔ akyiri ara ka ‘n’anigyina’ no ho asɛm sɛ “anigyina a na ɛte sɛ yare.”
Baabi a saa aware tebea yi kaa obu a na mmarimaa yi wɔ ma wɔn awofo kodui de, Bible no nka. Nanso, ɛda adi sɛ Adam ne Hawa anyɛ nhwɛso pa amma wɔn mma no.
Akwan Soronko a Wɔpaw
Bere bi akyi no, Habel bɛyɛɛ guanhwɛfo na Kain bɛyɛɛ kuafo. (Genesis 4:2) Bere a na Habel hwɛ ne nguan no, na akyinnye biara nni ho sɛ onya bere pii de susuw nkɔmhyɛ soronko bi a wɔhyɛe ansa na wɔrepam n’awofo afi Eden no ho: “Mede ɔtan mɛto wo ne ɔbea no ntam, ɛne w’asefo ne n’asefo ntam. Ɔno na ɔbɛbɔ wo ti, na wo nso woaka ne nantin.” (Genesis 3:15) Ɛbɛyɛ sɛ Habel bisaa ne ho sɛ, ‘Ɔkwan bɛn so na Onyankopɔn bɔhyɛ a ɛfa aseni a ɔbɛbɔ ɔwɔ no ti ho no bɛbam, na ɔkwan bɛn so na wɔbɛka aseni yi nantin?’
Ɛda adi sɛ, bere bi akyi, bere a Kain ne Habel nyin bɛyɛɛ mpanyimfo no, wɔn mu biara bɔɔ afɔre maa Yehowa. Esiane sɛ na Habel yɛ guanhwɛfo nti, ɛnyɛ nwonwa sɛ ɔde “ne nguan mu mmakan ne wɔn a wɔadɔ no bi” bɔɔ afɔre. Nea ɛne no bɔ abira no, Kain de “afum nneɛma” na ɛbɔɔ afɔre. Yehowa ani sɔɔ Habel afɔrebɔ no, nanso “Kain ne n’ayɛyɛde de, n’ani ansɔ.” (Genesis 4:3-5) Dɛn ntia?
Ebinom twe adwene si nokwasɛm a ɛne sɛ na Habel afɔrebɔ no fi “ne nguan mu mmakan” mu, na na Kain de no yɛ “afum nneɛma” kɛkɛ no so. Nanso na ɛnyɛ ɔhaw no ne dekode a Kain de bɔɔ afɔre no, efisɛ kyerɛwtohɔ no ka sɛ Yehowa ani sɔɔ “Habel ne n’ayɛyɛde no,” na “Kain ne n’ayɛyɛde de,” n’ani ansɔ. Enti nea na ɛwɔ ɔsomfo no komam titiriw na Yehowa hwɛe. Bere a ɔyɛɛ saa no, dɛn na ohui? Hebrifo 11:4 ka sɛ “gyidi” na Habel de bɔɔ afɔre. Enti ɛda adi sɛ, na Kain nni gyidi a ɛma wɔkyerɛɛ Habel afɔrebɔ no ho anisɔ no bi.
Wɔ eyi mu no, ɛfata sɛ yɛhyɛ no nsow sɛ na mogyahwiegu ho asɛm wɔ Habel afɔrebɔ no mu. Ebia otumi susuwii ɔkwan a ɛfata so sɛ Onyankopɔn bɔhyɛ a ɛfa aseni a wɔbɛka ne nantin ho no bɛhwehwɛ sɛ wɔde nkwa bɔ afɔre. Enti ɛbɛyɛ sɛ na Habel ayɛyɛde no yɛ mpata ho adesrɛ, na ɛdaa gyidi adi sɛ bere a ɛsɛ mu no Onyankopɔn de bɔne ho mpatade bɛma.
Nea ɛne no bɔ abira no, ɛda adi sɛ Kain ansusuw afɔre a ɔbɔe no ho ankɔ akyiri. Afeha a ɛto so 19 mu Bible ho nkyerɛkyerɛmufo bi kae sɛ: “Ná n’ayɛyɛde no kyerɛ nim a onim kɛkɛ sɛ Onyankopɔn yɛ ɔboafo. Ɛdaa adi pefee sɛ wanhu sɛ ɛkam bi da ɔne ne Bɔfo no ntam, na saa ara na wanhu hia a ɛho hia sɛ ɔyɛ ne bɔne ho mpaemuka anaasɛ ɔde ne ho to no so sɛ ɔmfa mpatade bi mma.”
Bio nso, sɛ́ abakan no, ebia na Kain fi ahantan mu susuw sɛ ɔne aseni a wahyɛ ne ho bɔ sɛ ɔbɛsɛe Ɔwɔ, Satan, no. Ebetumi aba sɛ na Hawa nso fi anuonyampɛ mu pɛ sɛ n’abakan no nya saa botae no. (Genesis 4:1) Nokwarem no, sɛ na eyi na Kain ne Hawa hwɛ kwan a, ɛnde wodii mfomso ankasa.
Bible nka sɛnea Yehowa kyerɛɛ Habel afɔrebɔ no ho anisɔ. Ebinom kyerɛ sɛ ogya fi soro bɛhyewee. Sɛnea ɛte biara no, bere a Kain hui sɛ wɔankyerɛ n’ayɛyɛde no ho anisɔ no, ‘ne bo fuwii pii, na omunae.’ (Genesis 4:5) Ná Kain rekɔ asiane mu.
Yehowa Afotu ne Nea Kain Yɛe Wɔ Ho
Yehowa ne Kain susuw nsɛm ho. Obisae sɛ: “Ɛdɛn nti na wo bo afuw, na ɛdɛn nti na woamuna yi?” Eyi maa Kain nyaa hokwan a ɛfata de hwehwɛɛ ne nkate ne ne nsusuwii mu. Yehowa toaa so sɛ: “Sɛ woyɛ yiye a, anka w’anim rentew anaa? Na sɛ woanyɛ yiye a, bɔne butuw ɔpon ano, na w’akyi kwan na ɛhwehwɛ, nanso di no so.”—Genesis 4:6, 7. (Hwɛ adaka a ɛwɔ kratafa 23 no.)
Kain antie. Mmom no, ɔde Habel kɔɔ afum kokum no. Akyiri yi, bere a Yehowa bisaa no baabi a Habel wɔ no, Kain dii atoro de sɛee n’asɛm. Obuae ntɛm sɛ: “Minnim, me nua so hwɛfo ne me anaa?”—Genesis 4:8, 9.
Ansa na Kain rekum Habel ne bere a okum no akyi no, wampɛ sɛ ‘ɔbɛyɛ adepa.’ Kain maa bɔne dii ne so, na eyi maa wɔpam no fii beae a na adesamma abusua no te no. Wɔyɛɛ “sɛnkyerɛnne” bi, a ebia na ɛyɛ ahyɛde kronkron bi, na amma obi ankum Kain amfa antɔ ne kum a okum Habel no so were.—Genesis 4:15.
Akyiri yi Kain kyekyeree kurow, na ɔde ne babarima din too so. Ɛnyɛ nwonwa sɛ n’asefo bɛyɛɛ basabasayɛfo. Awiei koraa no, Kain anato baa awiei bere a Noa bere so Nsuyiri no praa abɔnefo nyinaa fii hɔ no.—Genesis 4:17-24; 7:21-24.
Wɔankora Kain ne Habel kyerɛwtohɔ a ɛwɔ Bible mu no so anto hɔ sɛ yɛnkenkan mfa nnyigye yɛn ani kɛkɛ. Mmom no, ‘wɔkyerɛw maa yɛn kyerɛkyerɛ,’ na ‘eye ma ɔkyerɛkyerɛ ne ntɛnyi.’ (Romafo 15:4; 2 Timoteo 3:16) Dɛn na yebetumi asua afi saa kyerɛwtohɔ yi mu?
Asuade Ma Yɛn
Te sɛ Kain ne Habel no, wɔto nsa frɛ Kristofo a wɔwɔ hɔ nnɛ sɛ wɔmmɔ Onyankopɔn afɔre—ɛnyɛ ɔhyew afɔre ankasa, na mmom ‘ayeyi afɔre a ɛne anofafa a ɛbɔ no abodin wɔ baguam no.’ (Hebrifo 13:15) Wɔreyɛ eyi mprempren wɔ wiase nyinaa bere a Yehowa Adansefo ka Onyankopɔn Ahenni ho asɛmpa no wɔ nsase bɛboro 230 so no. (Mateo 24:14) So worenya saa adwuma no mu kyɛfa? Ɛnde wubetumi anya awerɛhyem sɛ ‘Onyankopɔn nyɛ nea ɔnteɛ a ne werɛ befi w’adwuma ne wo dɔ mmɔden a wobɔe ne din ho’ no.—Hebrifo 6:10.
Sɛnea na ɛte wɔ Kain ne Habel ayɛyɛde ho no, saa ara na ɛnyɛ nea etua aniwa na wogyina so susuw w’afɔrebɔ—sɛ nhwɛso no, nnɔnhwerew dodow a wode yɛ asɛnka adwuma no ara kwa no ho. Yehowa hwɛ ade kɔ akyiri. Yeremia 17:10 ka sɛ ‘ɔhwehwɛ koma mu’ na ‘ɔhwehwɛ asaabo’ mpo—komam nsusuwii, nkate, ne botae ahorow a obi kura no—mu. Enti ɔsɛmpɔw no ankasa ne botae no, ɛnyɛ dodow. Nokwarem no, sɛ́ yɛyɛ pii anaa kakraa bi no, afɔrebɔ no sɔ Onyankopɔn ani, sɛ efi koma a ɔdɔ kanyan no mu a.—Fa Marko 12:41-44 toto 14:3-9 ho.
Bere koro no ara no, ɛsɛ sɛ yehu sɛ Yehowa ani rensɔ afɔrebɔ a enni mu, sɛnea n’ani ansɔ Kain ayɛyɛde a na efi koma a enni mu mu no. (Malaki 1:8, 13) Yehowa hwehwɛ sɛ wode w’ayɛyɛde a ɛsen biara bɛma no, sɛ wubefi wo koma, wo kra, w’adwene, ne w’ahoɔden nyinaa mu asom no. (Marko 12:30) So woreyɛ saa? Ɛnde wowɔ ntease pa a enti ɛsɛ sɛ wunya abotɔyam wɔ w’afɔrebɔ no ho. Paulo kyerɛwee sɛ: “Ma obiara nsɔ n’ankasa n’adwuma nhwɛ, ɛno na obenya n’ankasa ne ho biribi ahoahoa ne ho, na ɛnyɛ obi ho.”—Galatifo 6:4.
Kain ne Habel nyinaa nyaa ntetee koro. Nanso bere ne tebea ahorow maa wɔn mu biara nyaa hokwan de nyaa su ahorow bi. Nitan, atutupɛ, ne abufuw de nkakrankakra bɛyɛɛ Kain suban.
Nea ɛne no bɔ abira no, Onyankopɔn kae Habel sɛ ɔtreneeni. (Mateo 23:35) Habel bo a osii sɛ ɔbɛsɔ Onyankopɔn ani wɔ biribiara mu no maa ɔdaa nsow wɔ bonniayɛfo a na wɔwɔ n’abusua mu—Adam, Hawa, ne Kain—no ho koraa. Bible ka kyerɛ yɛn sɛ ɛwom sɛ Habel wui de, nanso “ɔda so kasa.” Nokwaredi a ɔde som Nyankopɔn no yɛ abakɔsɛm mu kyerɛwtohɔ a ɛwɔ hɔ daa a ɛwɔ Bible mu no fã. Ɛmmra sɛ yebedi Habel nhwɛso akyi denam afɔrebɔ a ɛsɔ ani a yɛde bɛma Nyankopɔn no so.—Hebrifo 11:4.
[Ase hɔ asɛm]
a Ebinom susuw sɛ na Eden turo no wɔ nnɛyi Turkey apuei fam mmepɔw so.
[Kratafa 23 adaka/mfonini]
Nhwɛso Ma Kristofo Afotufo
“ƐDƐN nti na wo bo afuw, na ɛdɛn nti na woamuna yi?” Yehowa fi ayamye mu nam saa asɛmmisa yi so ne Kain susuw nsɛm ho. Wanhyɛ Kain sɛ ɔnsakra, efisɛ na Kain yɛ onipa a obetumi apaw nea ɔpɛ. (Fa toto Deuteronomium 30:19 ho.) Nanso, Yehowa antwentwɛn ne nan ase sɛ ɔbɛka nea ebefi Kain kwammɔne no mu aba no. Ɔbɔɔ Kain kɔkɔ sɛ: “Sɛ woanyɛ yiye a, bɔne butuw ɔpon ano, na w’akyi kwan na ɛhwehwɛ.”—Genesis 4:6, 7.
Ɛfata sɛ yɛhyɛ no nsow sɛ animka a emu yɛ den yi akyi mpo no, Yehowa ammu Kain sɛ ‘nea ontumi nsakra.’ Mmom no, ɔkaa nhyira a Kain benya bere a ɔsakra n’akwan no, na onyaa awerɛhyem sɛ Kain betumi adi saa haw yi so sɛ na ɔpɛ sɛ ɔyɛ saa a. Yehowa kae sɛ: “Sɛ woyɛ yiye a, anka w’anim rentew anaa?” Ɔsan bisaa Kain wɔ n’abufuhyew no ho sɛ: ‘So wobɛbɔ mmɔden adi so?’
Ɛnnɛ, ɛsɛ sɛ mpanyimfo a wɔwɔ Kristofo asafo no mu no suasua Yehowa nhwɛso no. Sɛnea yehu wɔ 2 Timoteo 4:2 no, ɛtɔ mmere bi a, ɛsɛ sɛ ‘wɔka anim’ na ‘woyi ntɛn’ tẽẽ, na wɔkyerɛ nea ebefi ɔbɔnefo akwammɔne mu aba no. Bere koro no ara no, ɛsɛ sɛ mpanyimfo “tu fo.” Hela asɛmfua pa·ra·ka·leʹo kyerɛ “sɛ wɔbɛhyɛ nkuran.” Theological Dictionary of the New Testament ka sɛ: “Afotu no nyɛ nea ɔyaw wom, na ɛbɛhaw onii no, anaa ɛbɛkasa atia no. Nokwasɛm a ɛyɛ sɛ asɛmfua no betumi akyerɛ awerɛkyekye no twe adwene si nsusuwii koro no ara so.”
Anigye so no, Hela asɛmfua a ɛne no di nsɛ, pa·raʹkle·tos, betumi akyerɛ ɔboafo anaa obi a ɔtaa obi akyi wɔ asɛnni mu. Enti, sɛ mpanyimfo de asɛm no ho animka ma mpo a, ɛsɛ sɛ wɔkae sɛ wɔyɛ onipa a wɔretu no fo no aboafo—wɔnyɛ n’atamfo. Te sɛ Yehowa no, ɛsɛ sɛ mpanyimfo nya adwene a ɛfata, na wonya awerɛhyem sɛ nea wɔretu no fo no betumi adi ɔhaw no so.—Fa toto Galatifo 6:1 ho.
Nokwarem no, awiei koraa no, onii no na ɛsɛ sɛ osi gyinae sɛ ɔde afotu no bedi dwuma. (Galatifo 6:5; Filipifo 2:12) Ebia afotufo behu sɛ ebinom ntie wɔn kɔkɔbɔ, sɛnea Kain antie ne Bɔfo ankasa animka no. Nanso, sɛ mpanyimfo suasua Yehowa, Nhwɛsofo a ɔyɛ pɛ ma Kristofo afotufo no a, wobetumi anya awerɛhyem sɛ wɔayɛ nea ɛsɛ sɛ wɔyɛ.