Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • my asɛm 6
  • Ɔba Pa, ne Ɔba Bɔne

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ɔba Pa, ne Ɔba Bɔne
  • Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Anuanom A Na Ɛsono Wɔn Mu Biara Suban
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2002
  • Abufuw Maa Obi Kum Nipa
    Sua Biribi Fi Bible Mu
  • Afɔrebɔ A Ɛsɔ Ani A Yɛde Bɛma Yehowa
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1999
  • “Ɛwom sɛ Wawu De, Nanso Ɔda so Kasa”
    Suasua Wɔn Gyidi
Hwɛ Pii Ka Ho
Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm
my asɛm 6
Kain ne Habel rebɔ afɔre ama Onyankopɔn. Habel de afum nnɔbae na ɛrebɔ afɔre, na Kain nso de oguan na ɛrebɔ afɔre

ASƐM 6

Ɔba Pa, ne Ɔba Bɔne

HWƐ Kain ne Habel. Wɔayɛ mpanyimfo. Kain abɛyɛ okuafo. Oduadua awi, nnuaba ne afum nneɛma ahorow.

Na Habel abɛyɛ obi a ɔhwɛ nguan. Na ɔpɛ nguamma asɛm. Wonyin bɛyɛɛ nguan akɛse, enti ankyɛ na Habel benyaa nguan pii a ɔhwɛ wɔn.

Da koro Kain ne Habel de akyɛde brɛɛ Onyankopɔn. Kain de n’afum nnuan no bi bae. Na Habel de oguan a wadɔ sen biara a ɔwɔ no bae. Yehowa ani gyee Habel ne n’akyɛde no ho. Nanso n’ani annye Kain ne n’akyɛde no ho. Wunim nea enti?

Ɛnyɛ sɛ ebia na Habel akyɛde no ye sen Kain de no ntia. Nea enti ne sɛ na Habel yɛ onipa pa. Ná ɔdɔ Yehowa ne ne nua. Na Kain yɛ onipa bɔne; na ɔnnɔ ne nua.

Kain akum ne nua Habel, na wagyaw no hɔ rekɔ

Enti Onyankopɔn ka kyerɛɛ Kain sɛ ɛsɛ sɛ ɔsakra n’akwan. Nanso Kain antie. Ne bo fuwii efisɛ Onyankopɔn ani gyee Habel ho kɛse. Enti Kain ka kyerɛɛ Habel sɛ, ‘Ma yɛnkɔ afum.’ Na bere a wɔn nkutoo wɔ hɔ no, Kain de adi bɔɔ ne nua Habel. Ɔbɔɔ no kɛse araa ma owui. So na ɛnyɛ bɔne kɛse sɛ Kain bɛyɛ saa?

Ɛwom sɛ Habel wui de, nanso Onyankopɔn da so kae no. Ná Habel yɛ onipa pa, na Yehowa werɛ mfi obi a ɔte saa da. Enti da koro Yehowa Nyankopɔn de Habel bɛba nkwa mu bio. Saa bere no ɛho renhia sɛ Habel wu. Obetumi atra asase so ha daa. So ɛrenyɛ papa sɛ yebehu nnipa te sɛ Habel?

Onyankopɔn ani nnye nnipa a wɔte sɛ Kain ho. Enti bere a Kain kum ne nua no akyi no, Onyankopɔn pam no fii baabi a n’abusuafo a aka no wɔ no kɔɔ akyirikyiri de twee n’aso. Bere a Kain kɔtraa asase yi fã baabi foforo no, ɔde ne nuanom mmea no mu biako kɔe, na ɔbɛyɛɛ ne yere.

Bere bi akyi no Kain ne ne yere fii ase sɛ wɔrewo mma. Adam ne Hawa mmabarima ne mmabea afoforo nso fii ase warewaree, na wɔn nso wowoo mma. Ankyɛ na nnipa bɛyɛɛ pii wɔ asase so. Momma yensua ebinom ho asɛm.

Genesis 4:2-26; 1 Yohane 3:11, 12; Yohane 11:25.

Nsɛmmisa

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena