Hena na Ɔbɔɔ Wo?
1 Onyankopɔn yɛɛ ɔsoro ne asase.—Genesis 1:1
2Onyankopɔn wɔ din. Ne din de Yehowa.—Dwom 83:18, Twi Bible Dedaw
Yehowa te ɔsoro. Ɔyɛ honhom. Wuntumi nhu no.—Yesaia 66:1; Yohane 1:18; 4:24
3 Yehowa Nyankopɔn yɛɛ abɔfo pii wɔ ɔsoro. Wɔn nso wɔyɛ ahonhom. Ná wɔn nyinaa ye. Tete no na ɛtɔ da bi a wotumi dan wɔn ho te sɛ nnipa na adesamma atumi ahu wɔn.—Hebrifo 1:7
4 Yehowa yɛɛ mmoa no bere tenten ansa na ɔreyɛ onipa.—Genesis 1:25
5 Yehowa yɛɛ ɔbarima nso a ɔtoo ne din Adam ne ne yere a ɔtoo ne din Hawa.—Genesis 1:27
Onyankopɔn de wɔn guu turo fɛfɛ, anaa paradise, bi mu. Ɔyere biako pɛ na ɔyɛ maa Adam. Ná ɔbarima no bɛkɔ so ne ne yere biako no atra.—Genesis 2:8, 21, 22, 24
6 Onipa yɛ ɔkra.—Genesis 2:7
7 Mmoa yɛ akra.—Genesis 1:24