Asɛmpa a Efi Malawi!
WƆ NOVEMBER 15, 1993 no, wɔkyerɛw Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania din wɔ aban mu wɔ Afrika kesee fam apuei man Malawi mu. Eyi bɛma wɔagye Yehowa Adansefo atom wɔ mmara mu na wɔanya hokwan aka Bible mu nokware ahorow no ho asɛm akyerɛ Malawifo.
Wobuee Ɔwɛn Aban Asafo no baa dwumadibea wɔ Malawi 1948 mu na ahwɛ Yehowa Adansefo adwuma so wɔ saa man no mu. Wɔkyerɛw Ɔwɛn Aban Asafo no din wɔ aban mu nea edi kan wɔ ɔman no mu January 8, 1957. Yehowa Adansefo nyaa nkɔso ntɛmntɛm wɔ mfe pii mu. Nanso ɔtaa a emu yɛ den bae wɔ 1964 mu. Dɛn na ɛkɔfa bae?
Wɔ osetie a wɔyɛ ma Onyankopɔn mu no, Yehowa Adansefo mfa wɔn ho nhyehyɛ amammuisɛm mu koraa. (Yohane 17:16) Ɛda adi sɛ nnipa bi ante saa Kyerɛwnsɛm mu gyinabea yi ase na wobuu Adansefo no sɛ nyamesom kuw bi a wɔyɛ katee na wonni mmara so. Enti ebinom anhu mfomso a ɛwɔ ɔtaa a wɔde baa saa Kristofo a wɔdɔ asomdwoe yi so no mu. Woyii Adansefo pii adi fii adwumam, wɔhwee wɔn, na woguu wɔn anim ase. Wɔtew ebinom mma fii wɔn nkyɛn ɔhyɛ so.
Suro a na wosuro sɛ wɔbɛhwere wɔn nkwa nti Adansefo bɛboro 30,000 ne nkurɔfo a na wɔne wɔn resua Bible no fii ɔman no mu wɔ 1972 mu. Wɔn mu mpempem pii kɔtraa aguanfo atrae wɔ Mozambique a ɛbɛn hɔ no. Nanso wɔsan de saa aguanfo yi kɔɔ Malawi bio wɔ 1975 mu ma wɔsan kohyiaa ɔtaa. Wɔde aguanfo no mu pii koguu adwumayɛban mu. Wɔ basabasayɛ no mu no, wotwaa Ɔwɛn Aban Asafo no din mu sɛ ɛnka ahyehyɛde a wogye tom wɔ mmara mu wɔ Malawi no ho bio. Efi saa bere no wɔbaraa Yehowa Adansefo ne wɔn ahyehyɛde ahorow wɔ mmara mu wɔ saa man no mu.
Ɛmfa ho saa nsɛm yi nyinaa no, Adansefo no anyɛ biribi antua so ka. Wɔantew basabasayɛfo akuw anaa wɔanyɛ ɔyɛkyerɛ amfa ankasa antia aban no. Mmom no, wɔde mpaebɔ kuraa wɔn Kristofo ahyɛde a ɛkyerɛ sɛ wonni “tumi a ɛwɔ anuonyam” no ni na wonyi obu a ɛfata adi nkyerɛ wɔn no mu. (Romafo 13:1-7; 1 Timoteo 2:1, 2) Adansefo no akura Kristofo asetra a ɛkorɔn a wɔada no adi wɔ Bible mu no mu, na wɔakɔ so ayɛ nhwɛso a edi mũ wɔ wɔn abrabɔ mu.
Bere a Yehowa Adansefo a wɔwɔ Malawi anya ahofadi foforo yi no, wɔasi wɔn bo sɛ wɔbɛkɔ so aka Bible mu nokware ahorow no anibere so, wɔ “ɛbere a eye” yi mu.—2 Timoteo 4:2.
[Kratafa 31 mfonini]
M. G. Henschel ne Malawi Betel abusua wɔ 1960 mfe no mu