Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w94 5/15 kr. 32
  • “Yehowa Adansefo Bɔɔ Me Ho Ban!”

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • “Yehowa Adansefo Bɔɔ Me Ho Ban!”
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1994
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1994
w94 5/15 kr. 32

“Yehowa Adansefo Bɔɔ Me Ho Ban!”

NNIPA pii ada wɔn ho adi sɛ “wɔyɛ keka, wɔn a wɔmpɛ papa” wɔ nna a edi akyiri yi mu. (2 Timoteo 3:1, 3) Isaac, ɔsomfo bi a ɔde ne ho ama yɛ adwuma wɔ Ɔwɛn Aban Asafo no baa dwumadibea bi a ɛwɔ Afrika Atɔe Fam hui sɛ eyi yɛ nokware. Ɔka sɛ:

“Ná me ne akwantufo baanum foforo te taksi bi mu retu kwantenten wɔ ɔkwan bi a kar ntaa mfa so so wɔ January 1992 mu. Me ne ɔbea bi a na ɔte me nkyɛn fii nkɔmmɔbɔ ase, na ɔde anigye gyee Bible nhomawa abien fii me hɔ.

“Bɛyɛ awia nnɔnan no, mpofirim ara kar foforo bi a nɔma mmɔ anim betwaree yɛn anim, na yɛn kar no gyinae prɛko pɛ. Mmarima akɛse baasa a wɔn mu biara kura tuo sisi fii kar no mu na wobuee yɛn taksi no pon ahoɔden so. Wɔn mu biako teɛɛm sɛ, ‘Mo nyinaa munsi fam.’

“Biako sɔɔ me bag mu. Bere a ohui sɛ Bible nhoma nkutoo na ɛwom no, ɔtow bag no kyenee. Na ɔde ne tuo kyerɛɛ me so bisae sɛ, ‘Dɛn bio na wowɔ?’ Mede sika a ɛwɔ me sika bɔtɔ mu maa no ntɛm. Obisae sɛ, ‘Ne nyinaa nen?’ Meka kyerɛɛ no sɛ meyɛ Yehowa Adansefo no mu biako na Adansefo nni atoro. Ogyee me sika bɔtɔ no fii me nsam, na ohuu me Watch Tower identification card (Ɔwɛn Aban adanse kratasin) no, na afei ɔkae sɛ, ‘Ok, Ɔwɛn-Aban. Gyina ha.’

“Ɔdan kɔɔ ɔbea a na me ne no abɔ nkɔmmɔ wɔ taksi no mu no so. Ɔde ntɛmpɛ yii ne kɔnmuadeɛ fii ne kɔn mu na ɔde sika a ɛwɔ ne sika bɔtɔ mu maa no. Bere a odwowtwafo no huu nhoma a ekura ne nsa a ɛrepopow mu no, osusuwii sɛ me ne no na ɛnam, enti ɔkyerɛɛ no sɛ ɔmmɛtra me nkyɛn.

“Saa bere no nyinaa na adwowtwafo foforo a wokurakura akode no ato ahyɛ yɛn mfɛfo akwantufo no so a na ɛyɛ hu. Wɔhwee ofirikafo no ne ɔbarima foforo a na ɔne yɛn retu kwan no gyee wɔn nneɛma. Odwowtwafo biako sɔɔ ɔbea a ɔto so abien a ɔka yɛn ho no kɔnmuadeɛ mu. Bere a ɔko tiae no, wɔde wɔn tuo no to bobɔɔ ne tirim ne ne koko atirimɔden so kosii sɛ owui. Wɔtwee ɔbea a ɔto so abiɛsa no fii kar no mu na wɔtoo tuo bɔɔ ne koko. Nea ɛyɛ awerɛhow no, ɔno nso wui. Me ne ababaa a ɔka me ho no nkutoo na wɔanyɛ yɛn hwee.

“Bere a kar bi a ɛretwam faa yɛn no, ɔbea a ehu aka no no kɔɔ so tii mu kae sɛ, ‘Yehowa Adansefo bɔɔ me ho ban!’”

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena