W’adɔfo a Wɔawuwu Ɛhe na Wɔwɔ?
NÁ ALEC ahaw. Ná ne nnamfo baanu awuwu dapɛn biako mu. Otuo na wɔto kum obiako a wɔfrɛ no Nevil no. Obiako a ɔka ho, Tony, wui wɔ kar akwanhyia bi mu. Afei nsɛm a na ɛnhaw abarimaa a wadi mfe 14 a ofi South Africa da no fii ase haw no. Odwennwenee wɔ ne tirim sɛ: ‘Dɛn nti na ɛsɛ sɛ nnipa wu? Dɛn na ɛba wɔ owu akyi?’
Bere a Alec rekɔ Nevil ayi ase no, ná ogye di yiye sɛ obenya nsemmisa yi ho mmuae. Ɔkae sɛ: “Nanso, ɔsɔfo no kenkan nhoma bi mu nsɛm ara kɛkɛ na ɔkae sɛ Nevil kɔ soro. Afei ɔkae wɔ amusiei hɔ sɛ, yɛretwɛn owusɔre. M’adwene tu frae. Sɛ Nevil kɔ soro a, ɛnde ɔkwan bɛn so na ɔretwɛn owusɔre?”
Akyiri yi Alec kɔɔ Tony ayi ase saa da no ara. Wɔde kasa bi a ɔnte na ɛyɛɛ awufosom a amanneɛ hwanyann wom no. Nanso, sɛnea na awerɛhow aka ayifo no bi no maa Alec behui sɛ wɔanka awerɛkyekyesɛm biara. Ɔkyerɛkyerɛ mu sɛ: “Saa anadwo no, me werɛ howee yiye. Meyɛɛ basaa. Obiara antumi amma me nsemmisa no ho mmuae a ɛtɔ asom. Saa da no ne da a edi kan wɔ m’asetram a madwenem yɛɛ me nãã sɛ ebia Onyankopɔn wɔ hɔ anaa.”
Nnipa ɔpepem pii te sɛ Alec na wɔn adɔfo wuwu afe biara. Wɔkyerɛkyerɛ mu wɔ 1992 Britannica Book of the Year mu sɛ: “Wɔ 1991 mu no, nnipa 50,418,000 na wowuwui wɔ wiase nyinaa.” Na efi saa bere no nnipa dodow ahe na awuwu? Susuw nusu bebrebe a wɔn a wɔn adɔfo wuwu no tew no ho! Nea ɛsɛe asɛm no koraa ne owu ho nsɛm a ɛsonsono a ɛma wɔn adwene tu fra no.
Enti, nnipa pii te sɛ Alec abam bu na wɔn adwenem yɛ wɔn nãã wɔ owu akyi asetra ho anidaso bi a ɛwɔ hɔ daakye ho. Sɛnea Encyclopedia of Religions kyerɛ no, bere biara “mmadwemma ne nnipa dodow no nyɛ adwene, . . . wɔnnye nni sɛ onipa kra anaa ne nkwa betumi atew ne ho afi n’adwene ne ne nipadua ho atra ase ma ayɛ yiye.”
Anigyesɛm ne sɛ encyclopedia a yɛaka ho asɛm wɔ atifi hɔ no gye tom sɛ nyamesom nkyerɛkyerɛ a ɛfa ɔkra a ɛtew ne ho fi nipadua ho no nnyina Bible no so. Ɛyɛ ampa sɛ mmeae kakraa bi wɔ hɔ a Bible no ka onipa “kra” ho asɛm sɛ efi ne mu na ɛsan ba nipadua a awu mu mpo de, nanso sɛ ɛde “ɔkra” di dwuma saa kwan no so a, ɛkyerɛ “nkwa” a obi hwere anaa ɔsan nya. (Genesis 35:16-19; 1 Ahene 17:17-23) Mpɛn pii na wɔde asɛmfua “ɔkra” di dwuma wɔ Bible mu de ka abɔde a aniwa tua a ɛwɔ honam ne mogya, yiw, abɔde a ɛte ase ankasa ho asɛm. (Genesis 1:20; 2:7) Enti, Bible no ka no mpɛn pii sɛ akra wu. (Hesekiel 18:4, 20; Asomafo no Nnwuma 3:23; Adiyisɛm 16:3) Onyankopɔn Asɛm ka sɛ, sɛ akra wu a, ‘wonnim biribiara bio.’—Ɔsɛnkafo 9:5, 10.
Nanso, awufo a wɔanyan wɔn aba nkwa mu ho kyerɛwtohɔ wɔ Bible no mu. Wɔ Lasaro de no ho no, wonyanee no bere a na wawu nnanan akyi. (Yohane 11:39, 43, 44) Ɛnde, dɛn na wɔbɛyɛ nnipa a wɔawuwu mfehaha anaa mfe mpempem a atwam no? So nkwa mu a wɔbɛsan aba daakye no hwehwɛ sɛ Onyankopɔn san nyan nipadua pɔtee a na wɔwɔ ansa na wɔrewuwu no?
Dabi. Adwene a ɛte saa no ne nea ɛba nneɛma nketenkete a ɛka bom yɛ nipadua a awu so no nhyia. Bere bi akyi no, afifide twetwe saa nneɛma yi bi, na abɔde foforo nso di afifide yi ma ɛbɛyɛ wɔn honam fã.
So eyi kyerɛ sɛ nnipa a wɔawuwu teteete no nni anidaso biara? Ɛnkyerɛ saa. Yɛn amansan kɛse yi Bɔfo no wɔ nkae a ɛyɛ nwonwa a enni ano. Obetumi afi ne nkae a ɛyɛ pɛ no mu asan de onipa biara a ɔpɛ sɛ ɔkae no no nipasu ne n’awosu ama no. Afei nso, Yehowa Nyankopɔn wɔ tumi a obetumi de awosu a onipa bi a watra ase pɛn kura asan abɔ no. Obetumi nso de nkae ne nipasu a na onii a ɔkae no te sɛ Abraham wɔ no ahyɛ ne mu bio.
Bɛyɛ Abraham wu akyi mfe mpem abien no, Yesu Kristo de saa awerɛhyem yi mae sɛ: “Na sɛ awufo nyan de, Mose nso kyerɛe wɔ wura no ho asɛm no mu, sɛ ɔfrɛ [Yehowa] sɛ: Abraham Nyankopɔn ne Isak Nyankopɔn ne Yakob Nyankopɔn. Na ɔnyɛ awufo Nyankopɔn, na mmom ateasefo de, efisɛ wɔn nyinaa te ase ma no.” (Luka 20:37, 38) Sɛ yɛde Abraham, Isak, ne Yakob to nkyɛn a, nnipa a wɔawuwu ɔpepem pii na wɔte ase wɔ Onyankopɔn nkae mu a wɔretwɛn owusɔre a ɛreba no. Bible no si so dua sɛ: “Owusɔre a wɔn a wɔteɛ ne wɔn a wɔnteɛ bɛsɔre no bɛba.”—Asomafo no Nnwuma 24:15.
Alec awerɛhowdi no akyi adapɛn kakraa bi no, onyaa ne nsemmisa no ho mmuae. Yehowa Adansefo no mu biako kɔɔ ne fie na ɔkyerɛɛ no nea Onyankopɔn Asɛm ka wɔ owu ne owusɔre ho. Eyi kyekyee Alec werɛ na ɛmaa onyaa ntease foforo wɔ n’asetra mu.
So wo nso wobɛpɛ sɛ wusua owusɔre ho anidaso a egyina Bible so no ho nneɛma pii? Sɛ nhwɛso no, so owusɔre no mu dodow no ara bɛkɔ so wɔ ɔsoro anaa asase so? Na dɛn na ɛsɛ sɛ obi yɛ na ama wanya Onyankopɔn anim dom ahu Ne bɔhyɛ a ɛyɛ anigye a ɛne sɛ nnipa betumi ne adɔfo a wɔawuwu abom atra bio no?