Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w96 10/15 kr. 4-7
  • Owu Akyi Asetra—Ɔkwan Bɛn So, Ɛhe, Bere Bɛn?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Owu Akyi Asetra—Ɔkwan Bɛn So, Ɛhe, Bere Bɛn?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Ɔkra a Enwu Da ne Mmuae No?
  • Tebea a Awufo Wom
  • Nipa Mũ no Nyinaa Wu
  • Owusɔre—Anigye Bere
  • Bere Bɛn na Ɛbɛba?
  • Tumi a Owusɔre Anidaso no Wɔ
  • Dɛn Na Ɛba Yɛn Adɔfo A Wɔawuwu No So?
    Nimdeɛ a Ɛde Kɔ Daa Nkwa Mu
  • Owu Akyi Asetra—Dɛn Na Bible No Ka?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1999
  • Kyerɛ Gyidi na Woanya Daa Nkwa
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1990
  • Anidaso a Ɛbɛbam
    Sɛ Yewu a Dɛn na Ɛba Yɛn So
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
w96 10/15 kr. 4-7

Owu Akyi Asetra—Ɔkwan Bɛn So, Ɛhe, Bere Bɛn?

ONIPA Bɔfo ne Nkwamafo no de n’ankasa bɔhyɛ ma sɛ onipa wu nkyerɛ ankasa sɛ ne nkwa aba awiei koraa. Bio nso, Onyankopɔn ma yɛn awerɛhyem sɛ ɛnyɛ sɛ onipa betumi atra ase bio bere tiaa bi nko, na mmom sɛ ɔbɛtra ase a ɔwɔ anidaso sɛ ɔrenwu bio! Ɔsomafo Paulo de ahotoso ka no ɔkwan tiaa so sɛ: “Ɔno [Kristo Yesu] na [Onyankopɔn] ama wasɔre afi awufo mu de adi adanse sɛ nnipa nyinaa nnye nni.”—Asomafo no Nnwuma 17:31; yɛn na yɛasi ɔfã bi so dua no.

Nokwarem no, eyi mmuaa nsɛmmisa atitiriw abiɛsa no ara: Ɛbɛyɛ dɛn na awufo atumi asan aba nkwa mu? Bere bɛn na eyi besi? Ɛhe na saa nkwa foforo no san ba asetra mu? Wɔ wiase nyinaa no, wɔde nsɛmmisa yi ho mmuae horow ama, nanso ɔkwan titiriw a yɛbɛfa so ahu asɛm no mu nokware ne sɛ yɛbɛte nea ɛba nnipa so wɔ owu mu no ase yiye.

Ɔkra a Enwu Da ne Mmuae No?

Gyidi a nnipa dodow no ara kura ne sɛ nnipa fã bi yɛ nea enwu da, ne sɛ wɔn nipadua no nkutoo na ewu. Akyinnye biara nni ho sɛ woate saa asɛm no. Wɔde din ahorow te sɛ “ɔkra” anaa “honhom” na ɛfrɛ saa ɔfã yi a wɔkyerɛ sɛ enwu da no. Wɔka sɛ efi nipadua no mu bere a awu no, ɛkɔ so tra ase wɔ baabi foforo. Nokwarem no, gyidi a ɛte saa no mfi Bible mu. Ɛyɛ ampa sɛ tete Hebri Bible mu nnipa no hwɛɛ owu akyi asetra kwan de, nanso na ɛnyɛ sɛ wɔn fã bi a enwu da bɛtra ase. Wɔde ahotoso hwɛɛ daakye bi a wɔbɛsan aba nkwa mu wɔ asase so denam owusɔre a ɛyɛ nwonwa no so kwan.

Tete agya Abraham yɛ obi a onyaa daakye wusɔre no mu gyidi ho nhwɛso a ɛda nsow. Bere a Hebrifo 11:17-19 reka ɔpɛ a Abraham nyae sɛ ɔde ne babarima Isak bɛbɔ afɔre ho asɛm no, ɛka kyerɛ yɛn sɛ: “Gyidi nti na wɔsɔɔ Abraham hwɛe no, ɔde Isak kɔbɔɔ afɔre . . . Osusuwii sɛ Onyankopɔn betumi anyan no afi awufo mu po; ɛhɔ nso na onyaa no bio, wɔ mfatoho mu,” esiane sɛ na Onyankopɔn mpɛ sɛ ɔde Isak bɔ afɔre nti. Bere a odiyifo Hosea resan asi kan gyidi a na Israelfo no wɔ sɛ wɔbɛsan aba nkwa mu bio akyiri yi (sen sɛ anka wɔbɛkɔ so atra ase amonom hɔ ara wɔ honhom mu no) so dua no, ɔkyerɛwee sɛ: “Megye wɔn mafi asaman [adesamma damoa] nsam; mɛpon wɔn owu mu.”—Hosea 13:14, NW.

Enti bere bɛn na adwene a ɛne sɛ onipa fã bi nwu da no baa Yudafo no nsusuwii ne wɔn gyidi mu? Encyclopaedia Judaica gye tom sɛ “akyinnye biara nni ho sɛ ebia ɛdenam Helafo nkɛntɛnso so na ɔkra a enwu da nkyerɛkyerɛ no baa Yudasom mu.” Nanso, ɛde besi Kristo bere so no, na Yudafo a wɔpɛ nyamesom no da so ara gye daakye wusɔre bi di na na wɔhwɛ kwan. Yebetumi ahu eyi pefee wɔ nkɔmmɔ a Yesu ne Marta bɔe bere a ne nuabarima Lasaro wui no mu: “Ɛnna Marta see Yesu sɛ: Awurade, sɛ wowɔ ha a, anka me nua anwu. . . . Yesu see no sɛ: Wo nua no bɛsɔre bio. Marta see no sɛ: Minim sɛ owusɔre mu, da a edi akyiri no, ɔbɛsɔre.”—Yohane 11:21-24.

Tebea a Awufo Wom

Ɛha nso no, ɛho nhia sɛ yɛbɔ yɛn tirim ka asɛm no ho biribi. Bible mu nokwasɛm tiawa ne sɛ awufo ‘ada,’ wonnim biribiara, na wonni nkate anaa nimdeɛ biara. Wɔnka nokware a ɛte saa no ho asɛm wɔ ɔkwan hwanyann a asete yɛ den so wɔ Bible mu. Susuw kyerɛw nsɛm a asete nyɛ den yi ho: “Ateasefo nim sɛ wobewuwu, na awufo de, wonnim biribiara . . . Biribiara a wo nsa bɛka sɛ wobɛyɛ no, fa w’ahoɔden yɛ, na adwuma ne adwene ne nimdeɛ ne nyansa nni asaman a worekɔ hɔ no.” (Ɔsɛnkafo 9:5, 10) “Mommfa mo ho nnto ahene anaa onipa ba a nkwagye bi nni ne mu so. Ne honhom fi kɔ, ɔsan kɔ ne dɔte mu, da no ara ne tirim a ɔbobɔe yera.”—Nnwom 146:3, 4.

Enti, ntease wom sɛ Yesu Kristo kaa owu ho asɛm sɛ nna no. Ɔsomafo Yohane kyerɛw nkɔmmɔ bi a Yesu ne n’asuafo no bɔe no: “Osee wɔn sɛ: Yɛn adamfo Lasaro ada; na merekɔ makonyan no. Ɛnna n’asuafo no kae sɛ: Awurade, sɛ wada de a, ɔbɛsɔre. Na Yesu de, ɔkaa ne wu ho asɛm; na wɔn de, wosusuwii sɛ nna pa ho asɛm na ɔka. Ɛnna afei Yesu see wɔn pefee sɛ: Lasaro awu!”—Yohane 11:11-14.

Nipa Mũ no Nyinaa Wu

Ɔkwan a nipa fa so wu no fa nipa mũ no nyinaa ho, ɛnyɛ nipadua no nkutoo na ewu. Sɛnea Bible mu nsɛm bi a emu da hɔ kyerɛ no, ɛsɛ sɛ yɛka sɛ onipa nni ɔkra a enwu da a ebetumi atra ase bere a nipadua no awu no. Kyerɛwnsɛm no kyerɛ pefee sɛ ɔkra betumi awu. “Hwɛ, akra nyinaa wɔ me; sɛ agya kra wɔ me no, sɛ ɔba kra wɔ me ne no; ɔkra a ɔyɛ bɔne no, ɔno ara na obewu.” (Hesekiel 18:4) Baabiara nni hɔ a wɔka nsɛmfua “biribi a enwu” anaa “ɔkra a enwu da” ho asɛm sɛ ɛte onipa mu.

New Catholic Encyclopedia no de Hebri ne Hela nsɛmfua a wɔkyerɛ ase “ɔkra” wɔ Bible mu no ho nkyerɛkyerɛmu a ɛyɛ anigye ma: “Asɛmfua a wɔkyerɛ ase ɔkra wɔ Apam Dedaw no mu ne nepeš, na asɛmfua a wɔkyerɛ ase ɔkra wɔ Apam Foforo no mu ne [psy·kheʹ]. . . . Nepeš fi asɛmfua a n’asekyerɛ ankasa ne ahome, na enti . . . esiane sɛ ahome ma ateasefo da nsow fi awufo ho nti, nepeš bɛkyerɛɛ nkwa anaa nipadua anaa ne tiaa mu no, onipa asetra. . . . Nipadua ne ɔkra [a emu akyɛ abien] biara nni Apam Dedaw no mu. Israelni no huu nneɛma yiye, sɛnea ne nyinaa si te, ma enti obuu nnipa sɛ nkurɔfo na ɛnyɛ sɛ wɔwɔ afã ahorow. Ɛwom sɛ asɛm nepeš no kyerɛ yɛn asɛmfua ɔkra no de, nanso ɛnkyerɛ da sɛ ɔkra a atew ne ho afi nipadua no anaa onipa no ho. . . . Asɛm [psy·kheʹ] ne Apam Foforo no mu asɛmfua a ɛne nepeš hyia. Ebetumi akyerɛ baabi a nkwa fi, nkwa ankasa, anaa onipa a ɔte ase.”

Enti wubetumi ahu sɛ wɔ owu mu no, onipa a na ɔte ase, anaa ɔkra teasefo no, nni nkwa mu bio. Nipadua no san kɔ “dɔte” mu anaa ɛkɔ asase mu, sɛ́ ebia wosie no na akyiri yi ɔporɔw anaa denam hyew a wɔhyew no ma ofi hɔ ntɛm so. Yehowa ka kyerɛɛ Adam sɛ: “Woyɛ dɔte, na dɔte mu na wobɛsan akɔ.” (Genesis 3:19) Ɛnde, ɔkwan bɛn so na obi betumi atra ase wɔ owu akyi? Esiane kae a Onyankopɔn ankasa kae onipa a wawu no nti. Yehowa wɔ tumi anaa ahoɔden a ɛyɛ nwonwa a ɔde bɔ nnipa, enti ɛnsɛ sɛ ɛyɛ yɛn nwonwa sɛ obetumi akora onipa no asetra kwan wɔ n’adwene mu. Yiw, anidaso biara a onii ko no wɔ sɛ ɔbɛtra ase bio no wɔ Onyankopɔn nsam.

Eyi ne ntease a ɛwɔ asɛmfua “honhom” a wɔka ho asɛm sɛ ɛsan kɔ nokware Nyankopɔn a ɔde mae no nkyɛn no mu. Bere a Ɔsɛnkafo nhoma no kyerɛwfo a wɔde honhom kaa no no reka adeyɛ yi ho asɛm no, ɔkyerɛkyerɛ mu sɛ: “Na dɔte asan akɔ asase mu sɛ ɛte kan no, na honhom asan akɔ Onyankopɔn a ɔde mae no nkyɛn.”—Ɔsɛnkafo 12:7.

Onyankopɔn nkutoo na obetumi ama obi atra nkwa mu. Bere a Onyankopɔn bɔɔ onipa wɔ Eden turom na ohuw “nkwa home” guu ne hwene mu no, na nea ɛka Adam ahurututuw a Yehowa de mframa hyɛɛ no ma ho ne nkwa tumi a ɔma ɛyɛɛ adwuma wɔ nkwammoa a ɛwɔ ne nipadua no nyinaa mu. (Genesis 2:7) Esiane sɛ awofo betumi afa nyinsɛn ne awo so de nkwa tumi yi ama mmofra nti, yebetumi aka sɛ Onyankopɔn na onipa nkwa fi no, ɛwom sɛ, nokwarem no, ɛdenam awofo so na yɛn nsa ka de.

Owusɔre—Anigye Bere

Ɛnsɛ sɛ yedi mfomso susuw sɛ owusɔre ne kɔsanba, a enni nnyinaso biara wɔ Kyerɛw Kronkron no mu no, yɛ ade koro. Kɔsanba yɛ gyidi a ɛne sɛ sɛ obi wu a wɔsan wo no pɛnkoro anaa mpɛn pii. Wɔkyerɛ sɛ wɔwo onipa no ba tebea a ɛkorɔn anaa nea ɛba fam mu bere a wɔde no toto onii ko no kan asetra ho denam nea wɔkyerɛ sɛ ɔyɛe wɔ saa kan asetra no mu no so. Sɛnea saa gyidi yi kyerɛ no, wobetumi “asan awo” obi sɛ onipa anaa aboa. Eyi ne nea Bible kyerɛkyerɛ no bɔ abira koraa.

Wɔkyerɛ asɛmfua “owusɔre” no ase fi Hela asɛmfua a·naʹsta·sis, a nea ɛkyerɛ ankasa ne sɛ “sɔre a obi sɔre gyina bio.” (Hebri nsɛm asekyerɛfo a wɔkyerɛɛ Hela no ase no kyerɛɛ a·naʹsta·sis ase techi·yathʹ ham·me·thimʹ wɔ Hebri mu, a nea kyerɛ ne “owufo a wonyan no.”) Nea ɛka owusɔre ho ne onipa no asetra kwan a Onyankopɔn de asie ne nkae mu a wɔsan ma ɛyɛ adwuma bio. Sɛnea Onyankopɔn pɛ te ma onipa no, wonyan onii ko sɛ onipa desani anaa honhom mu nipa ma ɔsan ba sɛnea na ɔte kan no; nanso onya nipasu ne nkae koro no ara a na ɔwɔ bere a owui no.

Yiw, Bible ka owusɔre abien ho asɛm. Biako ne owusɔre a ɛkɔ ɔsoro a nnipa a wɔama wɔn honhom mu nipadua na wonya; na eyinom yɛ kakraa bi. Yesu Kristo nyaa owusɔre a ɛte saa no. (1 Petro 3:18) Na ɔkyerɛe sɛ ɛno ne owusɔre a wɔn a wɔapaw wɔn afi n’akyidifo a wodi n’anammɔn akyi pɛpɛɛpɛ mu no benya, na ɛhyɛ ase fi asomafo anokwafo a ɔde bɔhyɛ a edi so yi maa wɔn no so: “Merekɔ makosiesie baabi mama mo. . . . Mɛba bio, na mabɛfa mo makɔ m’ankasa me nkyɛn, na nea mewɔ no, mo nso moaba hɔ.” (Yohane 14:2, 3) Bible ka eyi ho asɛm sɛ “owusɔre a edi kan,” nea edi kan wɔ bere ne dibea mu. Kyerɛwnsɛm no ka wɔn a wonyan wɔn kɔ ɔsoro asetra mu no ho asɛm sɛ wɔyɛ Onyankopɔn asɔfo na wɔne Kristo Yesu bedi hene. (Adiyisɛm 20:6) Nnipa kakraa bi na wobenya “owusɔre a edi kan” no, na Kyerɛwnsɛm no ankasa da no adi sɛ nnipa 144,000 pɛ na wobeyi wɔn afi mmarima ne mmea anokwafo mu. Ɛsɛ sɛ wokura wɔn mudi mu ma Yehowa Nyankopɔn ne Kristo Yesu kosi owu mu pɛɛ, na wɔde namyɛ di wɔn gyidi no ho adanse kyerɛ afoforo.—Adiyisɛm 14:1, 3, 4.

Akyinnye biara nni ho sɛ owusɔre no yɛ anigye kɛse bere ma wɔn a wonyan wɔn kɔ ɔsoro asetra mu no. Nanso anigye no nso hɔ ara, efisɛ wɔhyɛ bɔ nso sɛ wobenyan nkurɔfo bi aba nkwa mu wɔ asase so ha. Wɔn a wobenyan wɔn no bɛba abɛka nnipa a wɔn dodow nni ano a wobenya wɔn ti adidi mu wɔ nneɛma nhyehyɛe bɔne yi awiei no ho. Bere a ɔsomafo Yohane huu nnipa kakraa bi a wobenyan wɔn akɔ soro akyi no, wɔma ohuu “nnipakuw kɛse a obi ntumi nkan wɔn a wofi aman ne mmusuakuw ne nkurɔfo ne ɔkasa nyinaa mu no.” Hwɛ anigye a saa bere no bɛyɛ bere a nnipa ɔpepem anaasɛ ɔpepepem pii no san ba nkwa mu wɔ asase so ha no!—Adiyisɛm 7:9, 16, 17.

Bere Bɛn na Ɛbɛba?

Sɛ awufo san ba asase bi a nitan, mogyahwiegu, efi, ne nsɛmmɔnedi ayɛ so ma—sɛnea tebea no te nnɛ no—so a, anigye biara bɛyɛ bere tiaa bi de. Dabi, ɛsɛ sɛ owusɔre no ba “asase foforo” so. Susuw ho hwɛ, okyinnsoromma a wɔayi nnipa ne ahyehyɛde a ɛde besi nnɛ ɛte sɛ nea wɔasi wɔn bo sɛ wɔbɛsɛe asase no ne ne fɛ, a yɛremmɔ ahokyere a enni ano a wɔde aba ɛsotefo so no so, afi so.—2 Petro 3:13; Adiyisɛm 11:18.

Ɛda adi sɛ bere a wobenyan adesamma nyinaa no da so ara wɔ yɛn anim. Nanso anigyesɛm ne sɛ enni akyiri. Ampa, ɛsɛ sɛ ɛtwɛn kosi nneɛma nhyehyɛe bɔne yi awiei. Nanso, nneɛma pii di adanse sɛ bere a “ahohiahia kɛse” no bɛpae agu mpofirim no abɛn, na ɛbɛkɔ akowie “Onyankopɔn, ade nyinaa so tumfoɔ no, da kɛse no mu ko no” mu—nea wɔtaa frɛ no Harmagedon no. (Mateo 24:3-14, 21; Adiyisɛm 16:14, 16) Eyi bɛma wɔayi amumɔyɛ nyinaa afi okyinnsoromma fɛfɛ a ɛne Asase yi so. Nea ebedi ɛno akyi aba ne Kristo Yesu Mfirihyia Apem nniso no, bere a wɔde nkakrankakra bɛdan asase no paradise no.

Bible da no adi sɛ, Mfirihyia Apem nniso yi mu na wobenyan wɔn a wɔawuwu no. Saa bere no na bɔ a Yesu hyɛe bere a na ɔwɔ asase so no bɛbam: “Mommma eyi nnyɛ mo nwonwa, efisɛ dɔn no reba a wɔn a wɔwɔ ada mu nyinaa bɛte ne nne, na wɔafi adi.”—Yohane 5:28, 29.

Tumi a Owusɔre Anidaso no Wɔ

Daakye akwanhwɛ a ɛyɛ anigye bɛn na owusɔre anidaso yi yɛ sɛɛ yi—bere a awufo bɛsan aba nkwa mu! Hwɛ sɛnea ɛhyɛ yɛn nkuran bere a yɛn mfe kɔ anim, na yehyia ɔyare, amanehunu a yɛnhwɛ kwan ne awerɛhow, ne da biara da asetra mu nhyɛso ne ɔhaw ahorow a emu yɛ den no! Eyi owu nwowɔe fi hɔ—a ɛnyɛ sɛ eyi awerɛhow nyinaa fi hɔ nko, na mmom, ɛma yɛda nsow wɔ wɔn a wonni daakye ho anidaso biara no ho. Ɔsomafo Paulo de nsɛm yi kaa awerɛkyekye a owusɔre anidaso no de ba no ho asɛm sɛ: “Anuanom, wɔn a wɔadeda no ho de, mempɛ sɛ mekora mo so, na mo werɛ anhow sɛ wɔn a aka a wonni anidaso no. Na sɛ yegye di sɛ Yesu wui na wasɔre bio a, saa ara nso na Onyankopɔn de wɔn a wɔadeda no nam Yesu so bɛka ne ho aba.”—1 Tesalonikafo 4:13, 14.

Ebia yɛahu nokware a ɛwɔ asɛm foforo a Apuei fam nipa Hiob kae no mu dedaw: “Onipa de, ɔporɔw sɛ dufɔkye, sɛ ntama a nwewee redi. Onipa a ɔbea awo no, ne nna yɛ tiaa bi na ɔhaw mee no; opue sɛ nhwiren, na wotwa; oguan sɛ sunsuma, na onnyina.” (Hiob 13:28–14:2) Yɛn nso yenim asetra mu nsɛnnennen ne nokwasɛm a ɛyɛ hu a ɛne sɛ “ɛbere ne akwanhyia” betumi ato yɛn nyinaa no. (Ɔsɛnkafo 9:11, NW) Nokwarem no, yɛn mu biara nni hɔ a ɔpɛ sɛ owu. Nanso, owusɔre anidaso a ɛyɛ nokware no boa yi owu ho hu a ebunkam so no fi hɔ.

Enti, ma wo bo ntɔ wo yam! Hwɛ tra owu a wubetumi awu akɔda kosi nkwa mu a wobɛsan aba denam owusɔre a ɛyɛ nwonwa so. Fa ahotoso hwɛ daakye asetra a enni awiei ho anidaso no kwan, na ma anigye a wunya denam nim a wunim sɛ bere a ɛte saa a nhyira wom no abɛn pɛɛ no mma eyi nyɛ kɛse.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena