Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w96 10/15 kr. 3
  • So Asetra Bi Wɔ Owu Akyi?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • So Asetra Bi Wɔ Owu Akyi?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Asɛmmisa a Akyɛ
  • Owu Ho Atosɛm Bi Ho Nhwehwɛmu a Ɛkɔ Akyiri a Yɛbɛyɛ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2002
  • Sɛ Yewu a, Tebea Bɛn Na Yɛkɔ Mu?
    Wubetumi Anya Anigye Daa!—Nhoma a Yɛde Bɔ Bible Mu Nkɔmmɔ
  • Dɛn Na Ɛba Yɛn Adɔfo A Wɔawuwu No So?
    Nimdeɛ a Ɛde Kɔ Daa Nkwa Mu
  • “Wɔamene Owu Akosi Daa”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2005
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
w96 10/15 kr. 3

So Asetra Bi Wɔ Owu Akyi?

NSƐMMISA abien ahaw adesamma mfe mpempem pii: Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yenyinyin na awiei koraa no, yewuwu? So asetra bi a nkwa wom wɔ owu akyi?

Nea edi kan no akyere nnipa pii adwene efisɛ nnɛyi aduruyɛ mu nyansahu, ne nneɛma a ɛyɛ nwonwa a wɔayɛ nyinaa no mpo ntumi mmaa wonnyaa mmuae a edi mũ anaa nea ɛma abotɔyam.

Mmuae ahorow na wɔde ama wɔ asɛmmisa a ɛto so abien no ho. Nanso, ne nyinaa mu no, wɔn a wogye di sɛ ɛnyɛ asetra yi ara na ɛwɔ hɔ, ne wɔn a wogye di denneennen sɛ asetra a nkwa wom ba awiei wɔ owu mu no adwene nhyia wɔ mmuae ahorow a wɔde ma sɛ ebia asetra bi a nkwa wom wɔ owu akyi no ho. Kuw a ɛto so abien yi mu nnipa dodow no ara ka kyerɛ yɛn sɛ wonni adwenem nnaayɛ biara sɛ onipa nkwa nna a ɛyɛ tiaa no nkutoo na obetumi ahwɛ kwan. Mpɛn pii no, akyinnye biara a wogye no ba awiei asomdwoe mu sɛ “Aa, obiara mfii hɔ mmɛka nkyerɛɛ yɛn, ɛnte saa?”

Ɛdefa nsɛmmisa foforo a ɛhaw adwene ho no, nnipa pii wɔ hɔ a wɔkyerɛ wɔn gyinabea—wɔkyerɛ sɛ wogye nea afoforo ka no tom bere nyinaa. Nanso ebia afoforo bebua wɔ ɔkwan a anibere nnim so sɛ, “Ɛsɛ sɛ yɛtwɛn, na bere no du a na yebehu!”

Asɛmmisa a Akyɛ

Apuei fam nipa Hiob a wagye din a wonim no sɛ onyaa boasetɔ wɔ amanehunu mu no na odii kan bisaa asɛm faa owu akyi asetra ho no ho bɛyɛ mfe 3,500 a atwam ni. Ɔkwan a Hiob faa so bisaa n’asɛm no ni: “Ɔbarima de, owu, na ɔbea hɔ, ogu ahome a etwa to na onni hɔ bio. Sɛnea nsu fi po mu dɔ mpumpunase anaa nsu mem na ɛyow no, saa ara na onipa kɔda hɔ na ɔnsɔre bio . . . Sɛ onipa wu a, so ɔbɛtra ase bio?”—Hiob 14:10-14, New International Version.

Nanso ɛnyɛ Hiob nkutoo na obisaa asɛm faa owu akyi asetra ho. Encyclopædia of Religion and Ethics ka nsɛm a emu da hɔ yi wɔ asɛmti “Awufo Tebea” ase: “Ahonhom asetra ho nsɛm biara nni hɔ a agye onipa adwene sen owu akyi asetra ho nsɛm. [Nnipa a wofi] Wiase amantam nyinaa mu kura ahonhom wiase ho adwene bi a emu da hɔ pefee—emu asetra, su horow, asase ani yɛbea—na eyi kyerɛ sɛnea asɛm no agye wɔn adwene kɛse. Awufo ho suro a atrɛw no kyerɛ tete adwene ankasa a nkurɔfo kura a ɛne sɛ tebea a wɔwom no nyɛ nea emu asetra aba awiei. Ná owu ma ahoɔden sã; na ɛno da adi pefee; nanso na ahoɔden foforo nyɛ adwuma, anaasɛ na saa ahoɔden horow no ntumi nyɛ adwuma wɔ anifere mu ne anwonwakwan so? Sɛ́ mfiase no, nnipa gyee honhom, ɔkra, anaa ɔsaman bi a atew ne ho afi nipadua no ho dii, anaasɛ ɛnte saa no, ɛte sɛ nea ntease wom sɛ yebegye adi sɛ wobuu awufo sɛ wɔda so ara te ase akwan bi so.”

Ebia wo ho wɔ nneɛma abiɛsa a yɛabobɔ din wɔ atifi hɔ no biako mu: wunnim nea ɛba wɔ owu akyi; wugye di sɛ asetra bi wɔ owu akyi; anaa wugye di sɛ asetra yi ara na ɛwɔ hɔ. Sɛnea asɛm no te biara no, yɛto nsa frɛ wo sɛ susuw asɛm a edi hɔ no ho yiye. Hwɛ sɛ ebia wubehu adanse a etwa akyinnye so a egyina Bible so a ɛkyerɛ sɛ owu akyi asetra a anigye wom ho akwanhwɛ a ɛyɛ anigye bi wɔ hɔ anaa, ɔkwan a ɛbɛfa so aba, ne beae a ɛbɛba ne bere ko a ɛbɛba.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena