Wɔbɛka Onuayɛ a Biakoyɛ Wom Ho
Ná ɛyɛ August 7, 1993 na adeyɛ bi baa so wɔ Republican Agumadibea a ɛwɔ Kiev, Ukraine no. Nnipa a wɔboro 64,000 a na wɔtete agumadibea hɔ no de ahopere hwɛɛ nea na ɛrebɛkɔ so no. Afei, nnipa mpempem buaa nsɛm atitiriw abien sɛ, “Da!” (“Yiw!”) Wɔnam saa kwan yi so yɛɛ wɔn gyidi ho mpaemuka wɔ baguam, na wɔnam so de nsu mu asubɔ yɛɛ wɔn ho so a wɔahyira ama Yehowa Nyankopɔn no ho sɛnkyerɛnne denam atare asia a wɔbɔɔ wɔn asu wom wɔ agumadibea hɔ no so.—Mateo 28:19.
Enti, wɔ Yehowa Adansefo “Ɔsoro Nkyerɛkyerɛ” Ɔmantam Nhyiam yi da a ɛto so abiɛsa no, atiefo no huu adeyɛ bi a ɛda nsow: Wɔbɔɔ nnipa 7,402 asu, a ɛnyɛ sɛ wɔbɛyɛɛ asɔre bi a emu apaapae mufo, na mmom wɔbɛyɛɛ wiase nyinaa Kristofo asafo a wɔyɛ biako bi mufo.
Sɛ wobɛpɛ sɛ wusua pii fa Kristofo biakoyɛ a edi mũ ho a, yɛsrɛ wo, kyerɛw Watch Tower Society, P. O. Box 760, Accra, anaa address a ɛwɔ kratafa 2 no mu nea ɛfata.