Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w94 7/15 kr. 2-4
  • Ehu Aka Wiase No

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ehu Aka Wiase No
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1994
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nuklea Ho Suro Da so Wɔ Hɔ
  • Basabasayɛ De Ehu Ba
  • AIDS ho Suro
  • Nuklea Akodi—Henanom na Wɔde Bɛba?
    Nyan!—2004
  • Nuklea Ho Asiane No Emfii Hɔ Koraa
    Nyan!—1999
  • Nuklea ho Asiane—So Atwam Koraa?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1994
  • Nuklea Ko—Dɛn Na Bible Ka Fa Ho?
    Nsɛm Foforo a Wubenya
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1994
w94 7/15 kr. 2-4

Ehu Aka Wiase No

ƆTOPAE kɛse bi a ɛhyɛ kar mu tow wosow World Trade Center, abansoro a ɛtoatoa so 110 wɔ New York Kuropɔn mu wɔ February 26, 1993. Adwumayɛfo mpempem pii kaa mfiri a wɔde foro abansoro a na agyinagyina mu anaasɛ ná ɛsɛ sɛ wosiansian atrapoe a wisiw ahyɛ mu mã no. Ehu a ɛnnɛ abu so wɔ basabasayɛ wiase yi mu kaa wɔn.

Wɔde atopae, a abu so wɔ aman te sɛ Ireland ne Lebanon mu, ahunahuna nnipa wɔ nsase pii so. Wɔtotoo atopae 13 da koro—March 12, 1993—wɔ Bombay, India, na ekunkum nnipa bɛyɛ 200! Obi kae sɛ: “Nketenkete akita wɔn a wɔtete Bombay nyinaa.” Sɛnea Newsweek nsɛmma nhoma no ka no, atopae a ɛhyehyɛ kar mu a “ɛtaa toto no na ɛma tebea no yɛ hu kɛse.”

Nuklea Ho Suro Da so Wɔ Hɔ

Osuro wɔ hɔ sɛ atopae betumi asɛe nuklea ahoɔden afiri. Nuklea ahoɔden afiri a wɔbɛsɛe no betumi de adesɛe ne amanehunu a enni ano aba. Bere a ɔbarima bi reyɛ ade de akyerɛ sɛ saa suro yi wɔ ne mu no, ɔbɔɔ mmɔden sɛ ɔde ne kar bɛpem nuklea ahoɔden adwumayɛbea no kwan ano pon mu afi adi wɔ Three Mile Island a ɛwɔ United States no.

Nnipa pii suro sɛ amumɔyɛfo ne sodifo a wɔpɛ tumidi bɛyeyɛ nuklea akode. Ebinom suro sɛ kan Soviet nuklea ho animdefo mpempem pii a wonnya adwuma nyɛ no bɛkɔ akɔyɛ nuklea akode ama aman afoforo. Afei, ɛwom sɛ asomdwoe ho nhyehyɛe bi a wɔfrɛ no START aka sɛ wɔntow nuklea akode nyinaa ngu de, nanso wontumi nni eyi ho dwuma nwie kosi 1999 awiei anaa ɛno akyi mpo. Ɛnkosi saa bere no, saa akode yi a obi a n’ani so yɛ hyew bi betumi asɔre prɛko na ɔde adi dwuma no ho hu bɛkɔ so ahunahuna adesamma te sɛ ahum a ɛrebetu a ɛma wim yɛ kusuu.

Basabasayɛ De Ehu Ba

Nsɛmmɔnedi a ahyeta ma ehu ka nkurɔfo wɔ wɔn afie ne mmorɔn so. Wobu akontaa sɛ wokunkum Amerikafo bɛyɛ 23,200 wɔ 1990 mu. Sɛ nhwɛso no, wɔ Chicago kurow mu no, crack cocaine a wɔde di dwuma a anya nkɔanim no ka ho bi na wokunkum nnipa bɛyɛ 700 wɔ afe biako mu. Nkurow bi afã horow abɛyɛ akono a wɔatoto atuo akunkum wɔn a wɔretwam, a mmofra ka ho. Nsɛmma nhoma bi ka sɛ: “Basabasayɛ abu so wɔ nkurow akɛse mu. . . . Obiara nni hɔ a nnubɔne ne mmofra nsɛmmɔnedifo akuw a abu so wɔ [United States] amantam mu no nka no. Afe biara Amerikafo mmusua 4 biara mu 1 hyia basabasayɛ bi anaa wowia wɔn nneɛma.”—U.S.News & World Report, October 7, 1991.

Mmonnaato ho suro ma ehu ka mmea. Nnipa dodow a wɔbɔɔ amanneɛ sɛ wɔtoo wɔn mmonnaa wɔ France kɔɔ soro ɔha mu nkyekyem 62 wɔ 1985 ne 1990 ntam. Mmɔden a wɔbɔe sɛ wɔbɛhyɛ nnipa bi ne wɔn ada bu bɔɔ ho mfe asia mu wɔ Canada koduu 27,000. Germany bɔɔ amanneɛ sɛ simma ason biara mu no, wɔbɔɔ mmɔden sɛ wɔbɛhyɛ ɔbea bi ne no ada.

Ehu ka mmofra nso wɔ wɔn ahobammɔ ho. Newsweek bɔ amanneɛ sɛ wɔ United States no, “mmofra a wɔwɔ wɔn sukuu afe a ɛto so anan ne anum mpo de akode hyehyɛ wɔn ho, na ama ehu aka tikyafo ne sukuu mpanyimfo.” Tebea no ayɛ aniberesɛm araa ma nkurow akɛse mu sukuu anan biara biako de mfiri a wɔde hwehwɛ dade hwehwɛ sukuufo a atuo hyehyɛ wɔn ho, nanso mmofra a wɔasi wɔn bo no de atuo no fa mfɛnsere mu ma afoforo, enti wɔnkye wɔn.

AIDS ho Suro

Nnipa pii suro sɛ wobenya AIDS. Nnipa bɛboro 230,000 na wɔanya bi wɔ United States nkutoo. AIDS ne ade a ɛto so asia a ekunkum nnipa a wɔadi mfe 15 kosi 24 no. Newsweek ka sɛ: “Trɛw a yare no bɛtrɛw daakye no yɛ nea ɛyɛ hu.

Nnipa a AIDS rekunkum wɔn renya nkɔanim kɛse wɔ nkurɔfo a wɔyɛ nnwuma te sɛ asaw, guasodeyɛ, siniyɛ, nnwonto, ahosiesie a aba so, television so dwumadi, adwinnidi, ne nea ɛtete saa. Amanneɛbɔ bi kae sɛ mmarima a wɔwɔ nsɛnkyerɛw, adwinnidi, ne adwuma a egyigye amamfo ani mu a wɔadi mfe 25 kosi 44 a wowuwu wɔ Paris nyinaa ɔha mu nkyekyem 60 fi AIDS. World Health Organization (Amanaman Nkabom asoɛe a ɛhwɛ wiase nyinaa akwahosan so) bɔ amanneɛ sɛ nnipa dodow a wɔanya HIV mmoawa no bi wɔ wiase nyinaa dodow yɛ ɔpepem awotwe kosi ɔpepem du. Dɔkta Michael Merson a ɔyɛ Amanaman Nkabom asoɛe a ɛhwɛ wiase nyinaa akwahosan so no panyin ka sɛ: “Afei de ada adi pefee sɛ nnipa dodow a wɔrenya HIV mmoawa no bi wɔ wiase nyinaa no redɔɔso ntɛmntɛm, titiriw wɔ aman a wonnyaa nkɔso kɛse no mu.”

Ampa, nneɛma a atwa yɛn ho ahyia ne nneɛma afoforo ho suro nso wɔ hɔ. Nanso, amanneɛbɔ a yɛate yi nkutoo ma ɛda adi sɛ ehu aka wiase no. So biribi titiriw a ɛho hia wɔ eyi mu? So yɛbɛde yɛn ho afi ehu mu da bi?

[Mfonini Fibea wɔ kratafa 2]

Anim mfonini ahorow: Benkum: Tom Haley/Sipa Press; Ase hɔ: Malanca/Sipa Press

[Mfonini Fibea wɔ kratafa 3]

Bob Strong/Sipa Press

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena