Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w94 7/15 kr. 4-7
  • Dɛn Nti na Ehu Aka Wiase No?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Dɛn Nti na Ehu Aka Wiase No?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1994
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Wiase Nyinaa Suro Kyerɛ Biribi
  • Nea Wiase Yi Betumi Ahwɛ Kwan
  • Ɛyɛ Anigye Bere, Ɛnyɛ Ehu Bere
  • Nya Koma A Esuro Yehowa
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2001
  • Onyankopɔn Suro​—So Ɛho Betumi Aba Wo Mfaso?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1988
  • Suro Yehowa Na Hyɛ Ne Din Kronkron Anuonyam
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
  • Sua a Yebesua sɛ Yebenya Yehowa Suro mu Anigye
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1995
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1994
w94 7/15 kr. 4-7

Dɛn Nti na Ehu Aka Wiase No?

HENA na ɔpɛ sɛ ɔtra ehu mu? Onipa biara a n’adwenem da hɔ pɛ sɛ onya dwoodwoo asetra, a ne nkwa anaa n’agyapade nni asiane biara mu. Enti, nnipa pii tu fi mmeae a nsɛmmɔnedi abu so. Nanso, nneɛma a ɛde ehu ba wɔ baabiara.

Nuklea akode ne nuklea mfiri a ebetumi agye nsam ho asiane ma ɔsɛe ho hu ka adesamma. Basabasayɛ a ɛkɔ soro de ehu ba. Nnipa pii suro sɛ AIDS bɛyɛ ɔyare a ekunkum nnipa kɛse wɔ afeha yi mu. Nneɛma a atwa yɛn ho ahyia a wɔresɛe no nso de ehu ba. So saa ehu yi kyerɛ biribi titiriw? Na so yebetumi anya anidaso sɛ yɛbɛtra wiase bi a ehu a ɛte sɛɛ nnim mu da bi?

Wiase Nyinaa Suro Kyerɛ Biribi

Esiane nea wɔka siei wɔ Bible mu nti, ehu a abu so wɔ wiase nyinaa no kyerɛ biribi. Bere a Yesu Kristo rehyɛ nna a edi akyiri ho nkɔm no, ɔkaa tebea horow a ɛde ehu bɛba ho asɛm. Ɔkae sɛ: “Ɔman bɛsɔre ɔman so, ne ahenni ahenni so; na ɔkɔm ne asasewosow bɛba mmeaemmeae.” Yesu kaa ‘amumɔyɛ a ɛbɛdɔɔso’ nso ho asɛm. Efi 1914 reba no, akodi, ɔkɔm, asasewosow, ne amumɔyɛ a ebi mmae da de ehu kɛse aba, na ama nnipa pii ahwere wɔn nkwa.—Mateo 24:7-14.

Nnipa su horow mpo ma ehu ka afoforo nnɛ. Yɛkenkan ɔsomafo Paulo nkɔmhyɛsɛm a ɛwɔ 2 Timoteo 3:1-4 no sɛ: “Nna a edi akyiri mu no, mmere a emu yɛ den bɛba. Efisɛ nnipa bɛyɛ ahopɛfo, sikapɛfo, ahohoahoafo, ahantanfo, abususɛnkafo, awofo asɛm ho asoɔdenfo, bonniayɛfo, wɔn a biribiara ho ntew mma wɔn, wɔn a wonni dɔ, apamsɛefo, ntwirifo, wɔn a wɔnhyɛ wɔn akɔnnɔ so, wɔn a wɔyɛ keka, wɔn a wɔmpɛ papa, afatwafo, anuɔdenfo, wɔn a wɔhoman, wɔn a wɔdɔ anigyede sen Nyankopɔn.” Esiane sɛ nnipa a wɔte saa atwa yɛn ho ahyia wɔ nna a edi akyiri yi mu nti, ɛnyɛ nwonwa sɛ ehu abu so kɛse saa no!

Nea Wiase Yi Betumi Ahwɛ Kwan

Yesu de nna a edi akyiri yi totoo Noa nna no ho. Akyinnye biara nni ho sɛ na ehu kɛse wɔ hɔ saa bere no, efisɛ, abakɔsɛm ho kyerɛwtohɔ a ɛwɔ Bible no mu ka sɛ: “Na asase asɛe wɔ Onyankopɔn anim, na anuɔden ahyɛ asase so ma.” Enti, “Onyankopɔn ka kyerɛɛ Noa sɛ: Ɔhonam nyinaa awiei aba m’anim, efisɛ wɔn anuɔden ahyɛ so ma.” (Genesis 6:11, 13) Ná basabasayɛ wɔ saa wiase bɔne no mu araa ma Onyankopɔn nam wiase nyinaa Nsuyiri so de baa awiei. Nanso, Onyankopɔn fi ɔdɔ mu koraa ɔtreneeni Noa ne n’abusua so.—2 Petro 2:5.

Enti dɛn na mprempren basabasayɛ wiase yi betumi ahwɛ kwan? Onyankopɔn kyiri basabasayɛ so a wɔnam bu ani gu afoforo yiyedi so. Eyi da adi wɔ odwontofo no nsɛm no mu: “[Yehowa] sɔ ɔtreneeni hwɛ, na ɔbɔnefo ne nea ɔpɛ amim de, ne kra tan no.” (Dwom 11:5) Yehowa de Noa nna no mu basabasayɛ wiase no baa awiei. Enti, so ɛnsɛ sɛ yɛhwɛ kwan sɛ Onyankopɔn de wiase yi a basabasayɛ a ɛyɛ hu ahyɛ mu mã yi bɛba awiei?

Onyankopɔn de ne honhom kaa ɔsomafo Petro ma ɔkaa Kristo ba a waba ho asɛm, na ɔhyɛɛ adebɔne a ɛbɛba mprempren wiase bɔne yi so no ho nkɔm. Ɔkyerɛw sɛ: “Nna a ebedi akyiri no mu, fɛwdifo a wodi wɔn ankasa akɔnnɔ akyi de fɛwdi bɛba abɛka sɛ: Né ba ho bɔhyɛ no wɔ he? Na efii sɛ agyanom dedae yi, ade nyinaa te nea ɛte fi adebɔ mfiase.” Afei Petro de asɛm “ɔsoro” dii dwuma de gyinaa hɔ maa nniso a ɛnyɛ pɛ a edi adesamma so na ɔde asɛmfua “asase” gyinaa hɔ maa adesamma abusua a ɛnteɛ no. Ɔkae sɛ: “Wɔboapa ma wɔn werɛ fi sɛ efi teteete no, ɔsoro ne asase a efii nsu mu na ɛfaa nsu mu betim hɔ, Onyankopɔn asɛm so, no wɔ hɔ; na ɛno ara so na ɛnam na nsu yirii wiase a ɛwɔ [Noa] bere no so no ma ɛsɛee. Na ɔsoro ne asase a ɛwɔ hɔ yi, wɔde n’asɛm no ara akora so, na wɔde asie ama ogya, ama atemmu ne nnipa amumɔyɛfo sɛe da no.”—2 Petro 3:3-7.

Saa ara na Paulo daa no adi sɛ Kristo ne ne tumi abɔfo de ‘aweredi bɛba wɔn a wonnim Nyankopɔn ne wɔn a wɔantie yɛn Awurade Yesu asɛmpa no so. Wɔn na wobenya akatua, daa ɔsɛe.’ (2 Tesalonikafo 1:6-9) Bible nhoma a etwa to no ka amanaman no a wɔbɛboaboa wɔn ano ama “Onyankopɔn, ade nyinaa so tumfoɔ no, da kɛse no mu ko no” ho asɛm, na ɛma yɛn awerɛhyem sɛ Yehowa ‘bɛsɛe wɔn a wɔresɛe asase no.’—Adiyisɛm 11:18; 16:14-16.

Ɛyɛ Anigye Bere, Ɛnyɛ Ehu Bere

Sɛ́ anka wɔbɛma nea Bible no ka sɛ ɛreba wiase yi so no abɔ wɔn hu no, atreneefo wɔ nea enti a ɛsɛ sɛ wɔma wɔn ani gye. Ɛrenkyɛ na Yehowa de wiase bɔne yi aba awiei, nanso ɔbɛyɛ eyi ama wɔn a wɔdɔ trenee yiyedi. Dɛn na ebedi mprempren nneɛma nhyehyɛe yi a Onyankopɔn de bɛba awiei no akyi aba? Ɛyɛ nhyehyɛe foforo a Onyankopɔn Ahenni di so, nea Yesu kyerɛɛ n’akyidifo sɛ wɔmmɔ ho mpae no! Ɔkae sɛ: “Enti mommɔ mpae sɛ: Yɛn Agya a wowɔ soro, wo din ho ntew, w’ahenni mmra, nea wopɛ nyɛ asase so, sɛnea ɛyɛ ɔsoro.” (Mateo 6:9, 10) Sɛ Onyankopɔn pɛ yɛ wɔ asase so a, nsakrae bɛn sɛɛ na yebetumi ahwɛ kwan?

Akodi ne ɛho hu bɛba awiei. Dwom 46:9 ka sɛ: “[Yehowa Nyankopɔn] ma akodi gyae kosi asase ano, obubu ta mu na otwitwa peaw mu asinasin, na ɔde gya hyew [akodi] nteaseɛnam.” Afei nkurɔfo “bɛtratra wɔn bobe ne wɔn borɔdɔma ase, na obi bi renyi wɔn hu.”—Mika 4:4.

Nyarewa a edi awu renkɔ so nyi nnipa hu na enkunkum wɔn bio. Onyankopɔn bɔhyɛ ne sɛ: “Ɔmanfo no mu bi renka sɛ: Magurow!” (Yesaia 33:24) Asɛm a ɛyɛ anigye bɛn ara ni!

Ehu a nsɛmmɔnedi ne basabasayɛ de ba no nyinaa bɛyɛ nneɛma a atwam. Dwom 37:10, 11 hyɛ bɔ sɛ: “Aka kakra sɛ na ɔbɔnefo nni hɔ, na wɔhwehwɛ ne trabere a, na onni hɔ. Na ahobrɛasefo benya asase no adi, na wɔagye wɔn ani asomdwoe bebree mu.”

Ɔkwan bɛn so na wɔbɛfa de nokware asomdwoe ne dwoodwoo asetra abesi nnɛyi ehu no ananmu? Ɛdenam trenee nniso biako—Onyankopɔn Ahenni—no so. Ɛdefa yɛn bere yi ho no, Daniel 2:44 ka sɛ: “Ahene no nna no mu no, ɔsoro Nyankopɔn bɛma ahenni a wɔresɛe no da, na wɔrennyaw n’ahenni mma ɔman foforo bi so, na ebebubu ahenni horow no nyinaa ama asã, na ɛno de, ebegyina daa.” Yehowa Hene a wapaw no, Yesu Kristo, ‘bedi hene akosi sɛ ɔde atamfo no nyinaa begu ne nan ase.’ (1 Korintofo 15:25) Yesu Mfirihyia Apem Nniso no de Onyankopɔn mfitiase atirimpɔw a ɛne sɛ ɔbɛma adesamma a wɔwɔ anigye atra paradise asase so daa no bɛba.—Luka 23:43; Adiyisɛm 20:6; 21:1-5.

Wɔ saa Paradise asase no so no, osuro biako pɛ a ɛfata na ɛbɛwɔ hɔ. Ɛbɛyɛ “Yehowa suro.” (Mmebusɛm 1:7) Nokwarem no, ɛsɛ sɛ yenya saa suro no mprempren mpo, esiane sɛ, ɛyɛ obu a emu dɔ ne osuro a yɛwɔ a ɛmma yɛmpɛ sɛ yɛbɛyɛ nea ɛnsɔ Onyankopɔn ani, efisɛ yɛwɔ n’adɔe ne ne papayɛ no ho anisɔ. Saa suro yi hwehwɛ sɛ yɛde yɛn ho to Yehowa so koraa, na yefi nokwaredi mu yɛ osetie ma no.—Dwom 2:11; 115:11.

Nsɛm a ɛyɛ hu a esisi no kyerɛ sɛ yɛwɔ nna a edi akyiri no mu. Nanso, sɛ yɛkyerɛ sɛ yɛdɔ Onyankopɔn a, ɛnde yebetumi ama yɛn ani agye mmom sen sɛ yɛbɛma ehu aka yɛn. Bible nkɔmhyɛ ahorow kyerɛ sɛ bere a Onyankopɔn de bɛsɛe wiase yi abɛn. Yehowa Nyankopɔn trenee wiase foforo no na ebesi ananmu. (2 Petro 3:13) Nokwarem no, ɛrenkyɛ, yebenya wiase a ehu a ɛmfata nnim wɔ Ahenni nniso no ase.

[Kratafa 6 adaka]

TUMI A BIAKO PƐ WƆ

TOMASZ, aberante bi a ofi Poland, nyaa amane bi aban mu a ɛmaa no guan fii ɔman no mu. Okyinkyinii Europa aman so a na ɔsrɛsrɛ foro ahyɛn a na ontua ka, na ɔdedaa ntamadan mu, yɛɛ nnwuma ahorow pii asram asia. Saa bere no nyinaa na asɛmmisa biako na ɛwɔ n’adwenem bere nyinaa: Dɛn ne asetra atirimpɔw?

Tomasz nyaa n’asɛm no ho mmuae bere a wɔmaa no Ɔwɛn-Aban no biako wɔ Polish kasa mu. Ɔkenkanee mpɛn pii na ohui sɛ nokware a ɔrehwehwɛ no wɔ saa nsɛmma nhoma yi mu. Tomasz srɛ foroo hyɛn twaa kwan kilomita 200 kɔɔ Ɔwɛn Aban baa dwumabibea a ɛwɔ Selters/Taunus, Germany hɔ. Bere a oduu hɔ Dwoda anwummere no, ɔde ne Ɔwɛn-Aban nsɛmma nhoma no kitae na ɔkae sɛ: “Mepɛ sɛ obi kyerɛkyerɛ me saa nsɛmma nhoma yi ho nsɛm pii. Dɛn na ɛsɛ sɛ meyɛ?”

Saa anwummere no, Yehowa Adansefo baanu ne Tomasz kaa asetra atirimpɔw ho asɛm, na wɔde wɔn nkɔmmɔbɔ no gyinaa Bible no so. Bere a na Tomasz ho pere no sɛ obesua nneɛma pii no, ɔkɔɔ baa dwumadibea hɔ da biara da saa dapɛn no mu kosuaa Bible no ne nhoma Wubetumi Atra Ase Daa wɔ Paradise wɔ Asase So.

Tomasz sii gyinae sɛ ɔbɛsan akɔ Poland, ɛwom sɛ na obetumi ahyia ɔhaw ahorow wɔ hɔ de. Enti, Fida a na ɛyɛ ɛda a ɛto so anan fi bere a Tomasz duu Selters baa dwumadibea hɔ no, osii mu sɛ ɔrekɔ ne kurom. Ofii ase ne Yehowa Adansefo suaa ade wɔ Poland ntɛm ara. Tomasz nyaa nkɔso ntɛmntɛm na ɔde nsiyɛ kaa nsɛm a na ɔresua no kyerɛɛ afoforo. Wɔbɔɔ no asu sɛ Yehowa Adansefo no mu biako wɔ October 1993, wɔ ne Selters nsrahwɛ no akyi asram anan pɛ.

Ɔwɛn-Aban no biako pɛ na ɛboaa aberante yi maa ɔhwehwɛɛ asetra atirimpɔw mu!

[Kratafa 7 mfonini]

Wɔ Ahenni nniso a Yesu Kristo di so ase no, ehu renka wiase no bio da

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena