Nuklea ho Asiane—So Atwam Koraa?
“EFI bere a wɔkoo Wiase Ko II no, mprempren ne bere a ɛte sɛ nea asomdwoe betumi aba Asase so sen bere biara.” Awerɛhyem yi a nsɛm ho amanneɛbɔfo bi nyae wɔ 1980 mfe no awiei hɔ no gyina nokwasɛm a ɛne sɛ akode a wobeyi afi hɔ ho nhyehyɛe a edi mũ ne amammuisɛm mu nsakrae a wɔnhwɛ kwan de apuei ne atɔe fam aman a wɔwɔ tumi no ntam ntawntawdi no baa awiei koraa no so. Nanso so ná nuklea ho asiane a ɛdaa adi yiye wɔ kan aman a na wɔwɔ tumi sen biara no apereperedi mu no nso aba awiei? So na wobenya asomdwoe ne dwoodwoo asetra a ɛtra hɔ kyɛ wɔ bere a enni akyiri koraa mu ankasa?
Akode a Abu so ho Asiane
Wɔ apuei ne atɔe fam aman a wɔwɔ tumi no ntam ntawntawdi no mu no, bere a na wɔde wɔn ho to akode a wɔmaa afanu no nyinaa de yɛɛ pɛ na ayi ehu afi hɔ ma asomdwoe atra hɔ so no, aman a wɔwɔ tumi sen biara no penee so sɛ wɔbɛma kwan ma aman horow asua nuklea ho nimdeɛ a wɔde bɛyɛ nneɛma a mfaso wɔ so, nanso wɔpenee so tew aman dodow a wɔwɔ hokwan sɛ wɔyɛ nuklea akode no so. Wofii ase de nuklea akode a wɔmma ɛnhyeta ho apam no dii dwuma wɔ 1970 mu; na aman bɛyɛ 140 de wɔn nsa hyɛɛ ase akyiri yi. Nanso, aman a wobetumi ayɛ nuklea akode te sɛ Argentina, Brazil, India ne Israel, apow sɛ wɔde wɔn nsa bɛhyɛ ase de besi nnɛ.
Nanso, wɔ 1985 mu no, ɔman foforo a ebetumi ayɛ nuklea akode, North Korea, de ne nsa hyɛɛ ase. Enti bere a wɔkae sɛ wɔretwe wɔn ho afi apam no mu wɔ March 12, 1993 no, na ntease wom sɛ ehu kaa wiase no nyinaa ma wɔkaa ho asɛm. Germany nsɛmma nhoma Der Spiegel kae sɛ: “Amanneɛbɔ a wɔde ato gua sɛ wɔretwe wɔn ho afi nuklea akode a wɔmma ɛnhyeta ho apam ho no de biribi a ebi mmae da bi ba: Nuklea akode ho akansi betumi afi ase wɔ Asia, na ebetumi abɛyɛ biribi a ɛyɛ hu kɛse sen ɔtopae ho akansi a na ɛwɔ aman abien a wɔwɔ tumi sen biara ntam no.”
Bere a ɔmampɛ ama wɔrenya aman afoforo ntɛmntɛm no, ebia aman a wodi nuklea akode mu akoten bɛdɔɔso. (Hwɛ adaka no.) Sɛnkyerɛwfo Charles Krauthammer bɔ kɔkɔ sɛ: “Soviet nuklea ho ahunahuna a aba awiei no nkyerɛ sɛ nuklea ho asiane aba awiei. Asiane no ankasa ne aman a wodi nuklea akode mu akoten a wɔredɔɔso no, na afei ara na wɔafi ase redɔɔso.”
Atopae a Wɔtɔn
Aman a wobetumi adi nuklea akode mu akoten no ho pere wɔn sɛ wobegye din na wɔanya tumi a akode yi de ba no. Wɔka sɛ anyɛ yiye koraa no, ɔman bi atɔ nuklea aprɛm mmoba abien afi Kazakhstan hɔ. Kan Soviet adehyeman yi abɔ amanneɛ sɛ saa aprɛm mmoba no “ayera.”
Wɔkyeree mmarima pii wɔ October 1992 wɔ Frankfurt, Germany, a na wokura cesium, nsõ bi a ɛyɛ awuduru a emu duru bɛyɛ gram 200 a ne dodow betumi asɛe kurow mũ bi nsu nyinaa. Dapɛn biako akyi no, wɔkyeree sum ase aguadifo baason a na wokura uranium [awuduru bi] kilogram 2.2 wɔ Munich. Nuklea ho sum ase aguadifo kuw abien a wɔkyeree wɔn wɔ adapɛn abien ntam no maa aban mpanyimfo ho dwiriw wɔn, efisɛ nsɛm a ɛtete saa no anum pɛ na wɔde ho amanneɛbɔ mae wɔ wiase nyinaa wɔ afe a etwaam no nyinaa mu.
Sɛ́ ebia na saa nnipa yi rekɔtɔn ama basabasayɛfo akuw anaa aman bi nniso horow de, yennim. Nanso, ɛrekɔ so yɛ mmerɛw sɛ wɔde nuklea akode bɛyɛ basabasa. Ɔbenfo David Lowry a ɔwɔ European Proliferation Information Centre (Europa asoɛe a ɛhwɛ akode trɛw ho nsɛm so) kyerɛkyerɛ asiane no mu sɛ: “Nea ehia sɛ basabasayɛfo bi yɛ ara ne sɛ ɔde uranium a ano yɛ den yiye no bi bɛkɔ akɔkyerɛ asoɛe bi a agye din ma wɔasɔ ahwɛ, na waka sɛ yɛwɔ dodow sɛɛ na ɛho adanse ni. Ɛte sɛ onipa a wakyere obi asie na watwa nea wakyere no asie no aso de abɛkyerɛ.”
Nneɛma a Mfaso wɔ so ho “Asiane Kɛse a Ɛnna Adi Ntɛm” ne “Mfiri a Edi Awu”
Bere a 1992 fii ase no, na nuklea ahoɔden mfiri 420 na wɔde reyɛ ade a mfaso wɔ so a ɛne anyinam ahoɔden, na na wɔrehyehyɛ 76 foforo nso. Nanso mfe a atwam mu no, nuklea ahoɔden mfiri ho asiane horow a asisi no akowie nyarewa a anya nkɔanim, mmea a wonyinsɛn a wɔpɔn, ne awo mu dɛmdi pii a wɔbɔ ho amanneɛ mu. Amanneɛbɔ bi ka sɛ eduu 1967 no ná asiane a asisi wɔ Soviet plutonium mfiridwuma mu de mframa bɔne a ɛyɛ Chernobyl de no mmɔho abiɛsa akɔ wim.
Nokwarem no, asiane a esii akyiri yi wɔ Chernobyl, Ukraine, wɔ April 1986 mu yi na atesɛm nkrataa bɔɔ ho amanneɛ kɛse. Grigori Medwedew, Chernobyl mfiridwuma no nuklea afiriyɛfo panyin abadiakyiri wɔ 1970 mfe no mu kyerɛkyerɛ mu sɛ “mframa bɔne pii a ɛkyɛ wɔ wim” a ɛfra mframa pa no “te sɛ atopae a wɔtotoo wɔ Hiroshima no du, sɛ yɛreka ɔhaw a ɛtra hɔ kyɛ a ɛde ba no ho asɛm a.”
Wɔ Medwedew nhoma Tschernobylskaja chronika mu no, ɔbobɔɔ nuklea mfiri ho asiane ahorow 11 a anibere wom a esisii wɔ kan Soviet Union wɔ 1980 mfe no mfinimfini hɔ ne 12 foforo a esisii wɔ United States. Ná asiane a ɛyɛ ahodwiriw a esii wɔ Three Mile Island wɔ 1979 mu no ka United States de no ho. Wɔ saa asɛm no ho no, Medwedew ka sɛ: “Ɛno na edii kan sɛee edin a na nuklea ahoɔden agye no, na ɛmaa nnipa bebree yii wɔn adwene fii nnaadaasɛm a ɛne sɛ ahobammɔ wɔ nuklea ahoɔden mfiridwuma mu no so—nanso ɛnyɛ nnipa nyinaa na wɔyɛɛ saa.”
Eyi kyerɛkyerɛ nea enti a asiane ahorow da so ara sisi no mu. Wɔ 1992 mu no, asiane a esisii Russia no nyaa nkɔanim bɛyɛ ɔha biara mu nkyem 20. Bere a asiane yi mu biako sii wɔ March mu saa afe no wɔ nuklea ahoɔden afiri a ɛwɔ Sosnovy Bore wɔ St. Petersburg, Russia no, nsõ a awuduru wom a ɛwɔ mframa mu no kɔɔ soro wɔ England kusuu fam apuei ɔha biara mu nkyekyem 50, na eduu nea wɔma ɛho kwan no mmɔho abien wɔ Estonia ne Finland kesee fam. Ɔbenfo John Urquhart a ɔwɔ Newcastle Sukuupɔn mu gye tom sɛ: “Mintumi nkyerɛ sɛ Sosnovy Bore asiane no na ɛmaa nsõ a awuduru wom no dɔɔso wɔ mframa mu—nanso sɛ ɛnyɛ Sosnovy Bore a, na efi dɛn?”
Animdefo bi kyerɛ sɛ Chernobyl nuklea ahoɔden mfiri no tɔ sin na asiane wom kɛse sɛ wɔde bɛyɛ adwuma. Nanso, wɔda so ara de bɛboro dumien di dwuma de yɛ anyinam ahoɔden a wohia no pii no. Wɔaka sɛ wɔn a wɔhwɛ nuklea ahoɔden mfiri so ma ɛyɛ adwuma binom to mfiri no fã bi a ɛbrɛ n’adwumayɛ ase na ansɛe ade pii no mu sɛnea ɛbɛyɛ a wobenya anyinam ahoɔden no kɛse. Amanneɛbɔ a ɛtete sɛɛ ma ehu ka aman te sɛ France a wɔde nuklea ahoɔden mfiri na ɛyɛ wɔn anyinam ahoɔden no ɔha biara mu nkyekyem 70 no. Sɛ asiane foforo bi si te sɛ “Chernobyl” de no a, ebia ɛbɛhyɛ France ma atoto ne nuklea ahoɔden dwumadibea no pii mu koraa.
Ɛda adi sɛ nuklea ahoɔden mfiri a wɔkyerɛ sɛ “asɛm nni ho” mpo bɛyɛ nea asɛm wɔ ho bere a ɛkyɛ no. Wɔ 1993 mfiase no, bere a wɔreyɛ nhwehwɛmu a wɔtaa yɛ de siw asiane ano no, wohui sɛ akam bɛboro ɔha abɛdeda nnade dorobɛn a ɛwɔ Brunsbüttel nuklea ahoɔden mfiri a akyɛ sen biara wɔ Germany no mu biako ho. Wɔahu akam a ɛtete saa ara wɔ nuklea ahoɔden mfiri a ɛwowɔ France ne Switzerland ho. Asiane a anibere wom a edi kan wɔ Japan nuklea ahoɔden dwumadibea bi sii wɔ 1991 mu, na ebetumi aba sɛ kyɛ a na akyɛ no ka ho bi na ɛbaa saa. Eyi kyerɛ sɛ ebetumi aba saa wɔ United States, baabi a ɛhɔ nuklea ahoɔden mfiri bɛyɛ abiɛsa biara mu abien adi boro mfe du no.
Nuklea ahoɔden mfiri ho asiane betumi asi wɔ baabiara wɔ bere biara mu. Dodow a wɔyɛ mfiri no pii no, dodow no ara na ahunahuna no yɛ kɛse; na dodow a mfiri no yɛ dedaw no, dodow no ara na ɛho asiane no nso yɛ kɛse. Enti atesɛm krataa bi anto mfiri no din atopae a wɔhyɛ no bere pɔtee a ɛde tow ne nsõ a awuduru wom a edi awu kwa.
Ɛhe na Ɛsɛ sɛ Wɔto Ɛho Fĩ no Gu?
Nkurɔfo ho dwiriw wɔn nnansa yi sɛ wohui sɛ wɔagye asubɔnten bi nkyɛn baabi a nkurɔfo kodidi gye wɔn ani a ɛwɔ Fransefo bepɔw Alps ho no ho ban ma polisifo rewɛn hɔ. Atesɛm krataa The European kyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Ɛdaa adi wɔ nhwehwɛmu bi a wɔma wɔyɛe bere a beryllium nsõ a awuduru wom kum ɔbea bi a ofi hɔ asram abien akyi no mu sɛ, nsõ a awuduru wom a ɛwɔ baabi a nkurɔfo gye wɔn ani hɔ no yɛ nea ɛwɔ mmeae a ɛbemmɛn hɔ no de mmɔho 100.”
Wɔde beryllium, dade soronko bi a emu yɛ hare a wɔfa akwan pii so yɛ no yɛ wimhyɛn, na sɛ wɔhyew a, wɔde di dwuma wɔ nuklea ahoɔden dwumadibea. Adanse a ɛwɔ hɔ kyerɛ sɛ mfiridwuma bi a ɛyɛ beryllium na ɛkɔtoo dade a wɔfa ɔkwan a ɛyɛ hu so na ɛnan no ho fĩ guu baabi a nkurɔfo gye wɔn ani hɔ anaa baabi a ɛbɛn hɔ. The European ka sɛ: “Sɛ wɔmfaa gya nkaa beryllium mfutuma mpo a, ɛyɛ mfiridwuma mu fĩ a edi awu sen biara a wonim no biako.”
Wɔbɔɔ amanneɛ sɛ wɔ mfe 30 mu no, wɔato nsõ a awuduru wom a ɛwowɔ ankora bɛyɛ 17,000 mu agu Novaya Zemlya po mu, baabi a na kan Soviet sɔ wɔn nuklea ahoɔden hwɛ wɔ 1950 mfe no mu no. Nea ɛka ho bio no, wɔtoo ɛpo ase hyɛn afã bi a awuduru wom ne anyɛ yiye koraa no nuklea ahoɔden mfiri 12 afã bi guu po a wɔde yɛɛ wɔn bɔɔla no mu.
Sɛ́ wɔhyɛ da anaa wɔnhyɛ da no, nuklea ho fĩ a wɔde sɛe nneɛma a atwa yɛn ho ahyia no yɛ hu. Time bɔɔ kɔkɔ wɔ ɛpo ase hyɛn a ɛbɔe wɔ Norway mpoano wɔ 1989 mu no ho sɛ: “Awuduru bi a wɔfrɛ no cesium-137 fi ɛhyɛn a ɛbɔe no mu resɔn, awuduru a ɛde kokoram ba. Ɛde besi nnɛ no, wobu awuduru a ɛresɔn fi mu no sɛ ɛnnɔɔso sɛ ebetumi de asiane bi aba asuboa anaa nnipa akwahosan so. Nanso ná ɛhyɛn Komsomolets a ɛbɔe no so nuklea atopae a wɔde sɛe po so ahyɛn abien a plutonium wom a emu duru yɛ kilogram 13, na mfe dodow a ebetumi adi ansa na asɛe no fã yɛ mfe 24,000, na awuduru a ɛwom no ano yɛ den araa ma ketewaa bi pɛ betumi akum nipa wɔ ɛhyɛn no mu. Russiafo animdefo bi bɔɔ kɔkɔ sɛ plutonium no betumi afi ase asɔn agu nsu no mu na asɛe ɛpo no akɔ akyiri wɔ bɛyɛ 1994 mu ara.”
Nanso, ɛnyɛ France ne Russia nko na nsõ a awuduru wom a wɔbɛto agu ho asɛm haw wɔn. Time bɔ amanneɛ sɛ United States “aboaboa nsõ a awuduru wom no pii ano na wonnya baabi a wɔde begu koraa.” Ɛka sɛ awuduru ankora ɔpepem pii sisi hɔ a wonnya baabi a wɔbɛkora no a ebetumi aba bere biara sɛ “ɛbɛyera, wobewia, na sɛ wɔanhwɛ no yiye a ɛbɛsɛe nneɛma a atwa yɛn ho ahyia.”
Te sɛ nea na ɛrekyerɛ sɛnea saa asiane no te no, ankora bi a nuklea ho fĩ wom wɔ kan akodeyɛbea bi a ɛwɔ Tomsk, Siberia paee wɔ April 1993 mu, na ɛmaa ehu kaa nkurɔfo sɛ gyama asiane a ɛte sɛ Chernobyl de no bɛsan asi.
Ɛda adi sɛ, asomdwoe ne dwoodwoo asetra ho mpaemuka biara a wobegyina nuklea ho asiane a wosusuw sɛ aba awiei so aka no nni nnyinaso biara. Nanso asomdwoe ne dwoodwoo asetra abɛn. Yɛyɛ dɛn hu?
[Kratafa 4 adaka]
AMAN A WƆWƆ NUKLEA AKODE
Yɛ 12, na Afoforo Nso Reba
AMAN A WƆKYERƐ SƐ WƆWƆ BI anaa WƆWƆ BI ANKASA: Belarus, Britain, China, France, India, Israel, Kazakhstan, Pakistan, Russia, South Africa, Ukraine, United States
AMAN A WOBETUMI ANYA BI: Algeria, Argentina, Brazil, Iran, Iraq, Libya, North Korea, South Korea, Syria, Taiwan
[Kratafa 5 mfonini]
Sɛ wɔde nuklea ahoɔden yɛ nneɛma a mfaso wɔ so mpo a ebetumi ayɛ biribi a asiane wom
[Asɛm Fibea]
U.S. National Archives photo
[Mfonini Fibea wɔ kratafa 2]
Anim Mfonini: Stockman/International Stock
[Mfonini Fibea wɔ kratafa 3]
Akyiri: U.S. National Archives photo