Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w94 7/15 kr. 28-30
  • Yudafo Kalenda no Yɛ Nokware Dɛn?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Yudafo Kalenda no Yɛ Nokware Dɛn?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1994
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Mmerebu no Mfiase a Yebehu
  • “Adebɔ Bere No”
  • Mmerebu no Nnyinaso
  • Atetesɛm ne Nkyerɛkyerɛmu Ahorow
  • Ɔsom mu Ade bi a Aka
  • Yudasom—Kyerɛwnsɛm ne Atetesɛm a Wɔfa So Hwehwɛ Onyankopɔn
    Onyankopɔn Akyi Kwan a Adesamma Hwehwɛ
  • Ti 14 Nkekaho
    “W’Ahenni Mmra”
  • Sɛnea Daniel Nkɔmhyɛ no Kaa Mesia no Mmae Ho Asɛm Siei
    Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa?
  • Onyankopɔn Ahenni ‘Ba’​—Bere Bɛn?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1982
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1994
w94 7/15 kr. 28-30

Yudafo Kalenda no Yɛ Nokware Dɛn?

SƐNEA Yudafo kalenda no kyerɛ no, na Yawda, September 16, 1993 yɛ Rosh Hashanah (Yudafo afe mu da a edi kan). Sɛnea amammerɛ kyerɛ no, wɔhyɛnee torobɛnto a wɔde odwennini abɛn ayɛ saa bere no de bɔɔ afe foforo a ɛreba no ho dawuru. Saa afe no ne nea ɛto so 5754 (Yudafo kalenda), na efi ase September 16, 1993, kowie September 5, 1994.

Yehu no ntɛmso sɛ, mfirihyia 3,760 na ɛda sɛnea Yudafo bu wɔn mmere ne Atɔe Famfo, anaa Gregory kalenda a yɛde di dwuma kɛse nnɛ no ntam. Dɛn nti na nsonsonoe yi wɔ hɔ? Na Yudafo kalenda no yɛ nokware wɔ ɔkwan bɛn so?

Mmerebu no Mfiase a Yebehu

Ɛsɛ sɛ nhyehyɛe biara a yɛnam so bu mmere nya mfiase pɔtee. Sɛ nhwɛso no, Kristoman gyina bere a wosusuw sɛ wɔwoo Yesu Kristo so na ebu mmere. Efi saa bere no wɔka mmere ahorow ho asɛm sɛ ɛbae wɔ Kristofo bere mu. Wɔtaa de ahyɛnso A.D. a efi Latin asɛm anno Domini, a ɛkyerɛ “yɛn Awurade afe mu” no na ɛhyɛ no agyirae. Wɔde B.C., “Before Christ” (Ansa na Kristo Reba), na ɛhyɛ mmere a edi saa bere no anim no agyirae.a Saa ara na tete Chinafo bu mmere fi afe 2698 B.C.E. (2698 Ansa na Yɛn Bere yi), atetesɛm mu nipa Huang-Ti, Ɔhempɔn a ne honam te sɛ akokɔsrade no nniso mfiase so. Enti, February 10, 1994, hyɛɛ Chinafo afe 4692 mfiase agyirae. Na Yudafo kalenda no nso ɛ?

The Jewish Encyclopedia ka sɛ: “Ɔkwan a Yudafo fa so yɛ da a asɛm bi si ho kyerɛwtohɔ mprempren ne sɛ wɔkyerɛ mfe dodow a abɛsen fi bere a wɔbɔɔ wiase no.” Yudafo de saa nhyehyɛe yi a wɔfrɛ no Adebɔ Bere no fii ase dii dwuma kɛse wɔ bɛyɛ afeha akron wɔ Yɛn Bere yi mu. Enti, agyiraehyɛde A.M. na ɛtaa di date ahorow anim wɔ Yudafo kalenda so. Egyina hɔ ma anno mundi, a ɛyɛ ab creatione mundi a wɔatwa no tiaa, na ɛkyerɛ “efi wiase bɔ so.” Sɛnea saa kwan yi a wɔfa so bu mmere kyerɛ no, saa afe yi yɛ A.M. 5754, na ɛkyerɛ sɛ ‘wɔbɔɔ wiase’ yi mfe 5,753 a atwam ni. Momma yɛnhwɛ ɔkwan a wɔfa bu saa mmere yi.

“Adebɔ Bere No”

Encyclopaedia Judaica (1971) de nkyerɛkyerɛmu yi ma sɛ: “Wɔ rabifo akontaabu pii mu no ‘Adebɔ Bere no’ fii ase wɔ otwa bere mu wɔ afe 3762 ne 3758 A.Y.B. ntam mfe no biako mu. Nanso, efi afeha a ɛto so 12 Y.B. reba no, wobegye toom sɛ ‘Adebɔ Bere’ no fii ase wɔ 3761 A.Y.B. mu, (sɛ yɛbɛka no pɔtee a, Oct. 7 wɔ saa afe no mu). Saa akontaabu yi gyina Bible mu akontaabu a ɛyɛ nokware ne akontaabu horow a wohu wɔ Yudafo nhoma ahorow a wɔkyerɛw wɔ bere a wowiee Bible no kyerɛw akyi pɛɛ no so.”

Mmerebu nhyehyɛe a wɔnam so bu bere fi “wiase bɔ so” no gyina sɛnea rabifo kyerɛkyerɛ Bible kyerɛwtohɔ no mu so titiriw. Esiane wɔn gyidi a ɛne sɛ wɔbɔɔ wiase no ne emu nneɛma nyinaa wɔ nnafua asia a emu biara yɛ nnɔnhwerew 24 mu nti, rabifo nhomanimfo, ne Kristoman mu nhomanimfo susuw sɛ wɔbɔɔ onipa a odi kan, Adam, wɔ afe a wɔbɔɔ wiase no ara mu. Nanso, eyi nyɛ nokware koraa.

Genesis ti a edi kan de nsɛm yi fi ase sɛ: “Mfiase no Onyankopɔn bɔɔ ɔsoro ne asase.” Afei ɛkɔ so ka nea Onyankopɔn yɛe wɔ “nna” asia a edii hɔ no mu de yɛɛ asase a na ɛso yɛ “sakasaka ne hunu” no ma ɛbɛyɛɛ nnipa trabea a ɛfata no. (Genesis 1:1, 2) Ebetumi aba sɛ mfe ɔpepem pii na ɛda saa adeyɛ abien yi ntam. Afei nso, adebɔ nna no nyɛ nnɔnhwerew 24 mmere, te sɛ nea anohyeto bi wɔ Ɔbɔadeɛ no adwumayɛ mu. Ɛda adi wɔ Genesis 2:4 a ɛka adebɔ mmere no nyinaa ho asɛm sɛ “da” koro no mu sɛ “ɛda” betumi ayɛ nea ɛboro nnɔnhwerew 24 wɔ saa asɛm yi mu. Mfe mpempem twaam fi adebɔ da a edi kan no so kosi nea ɛto so asia a ɛno mu na wɔbɔɔ Adam no ntam. Enti sɛ wɔka sɛ bere a wɔbɔɔ ɔsoro ne asase a yɛn ani hu no ara na wɔbɔɔ Adam a, ɛne Kyerɛwnsɛm anaa nyansahu nhyia. Afei nso, ɔkwan bɛn so na wogyina kyerɛe sɛ “Adebɔ Bere no” no fii ase wɔ afe 3761 A.Y.B. mu?

Mmerebu no Nnyinaso

Nea ɛyɛ yaw ne sɛ, Yudafo nhoma ahorow a akontaabu a yɛresusuw ho yi gyina so no mu dodow no ara nni hɔ bio. Nea aka ne mmerebu nhoma bi a mfiase no na wɔfrɛ no Seder ʽOlam (Wiase no Hyehyɛ). Wɔkyerɛe sɛ Talmud nhomanimfo Yose ben Halafta a ɔtraa ase wɔ afeha a ɛto so abien Yɛn Bere Yi mu na ɔkyerɛwee. Saa nhoma yi (nea wɔbɛfrɛɛ no Seder ʽOlam Rabbah akyiri yi maa ɛdaa nsow fii Mfinimfini bere no mu beresosɛm bi a wɔtoo din Seder ʽOlam Zuṭa ho no) de akontaabu a efi Adam bɔ so besi Yudafo atua a wɔtew tiaa Roma wɔ atoro Mesia Bar Kokhba akanni so wɔ afeha a ɛto so abien Yɛn Bere Yi mu so ma. Ɔkwan bɛn so na ɔkyerɛwfo no nam nyaa nsɛm no?

Bere a Yose ben Halafta bɔɔ mmɔden dii Bible kyerɛwtohɔ akyi no, ɔde n’ankasa nkyerɛkyerɛmu ahorow kaa ho wɔ mmeae bi a na kyerɛwnsɛm no nkyerɛ mmere ahorow pɔtee bi no. The Jewish Encyclopedia ka sɛ: “Mpɛn pii no, . . . ɔde date ahorow mae sɛnea atetesɛm kyerɛ, na ɔde rabifo a wodii n’anim ne ne bere sofo nsɛm ne halakot [atetesɛm] hyehyɛɛ mu.” Afoforo anka nokware ankasa wɔ wɔn nhwehwɛmu no mu. The Book of Jewish Knowledge ka sɛ: “Sɛnea ɛte no, obuu akontaa no fii Adebɔ Bere no so, na ɔde date a enni nnyinaso biara momaa Yudafo asetram nsɛm a wosusuwii sɛ esisii wɔ onipa a odi kan, Adam, so besi Aleksander Ɔkɛseɛ no bere so.” Na ɔkwan bɛn so na nkyerɛkyerɛmu ne nsɛm ahorow a wɔde hyehyɛɛ mu saa no aka nokware a Yudafo mmerebu no yɛ no? Momma yɛnhwɛ.

Atetesɛm ne Nkyerɛkyerɛmu Ahorow

Nea ɛne rabifo atetesɛm hyia no, Yose ben Halafta buu akontaa sɛ Yerusalem asɔrefie a ɛto so abien no dii mfe 420. Ná eyi gyina sɛnea rabifo kyerɛkyerɛ Daniel “adapɛn [mfepɛn] aduoson” anaa mfe 490 nkɔmhyɛ no mu no so. (Daniel 9:24) Wɔkyerɛɛ sɛ saa bere yi ne bere tenten a ɛda asɔrefie a edi kan no sɛe ne nea ɛto so abien no de no ntam. Bere a Yose ben Halafta tee mfe 70 a wɔde kɔɔ nnomumfa mu wɔ Babilon fii akontaabu no mu no, ɔde baa awiei sɛ asɔrefie a ɛto so abien no dii mfe 420.

Nanso, saa nkyerɛkyerɛmu yi de ɔhaw kɛse bi ba. Wonim bere pɔtee a wotuu Babilon gui (539 A.Y.B.) ne bere a wɔsɛee asɔrefie a ɛto so abien no (70 Y.B.). Enti, ɛsɛ sɛ bere a asɔrefie a ɛto so abien dii no yɛ mfe 606 na ɛnyɛ mfe 420. Sɛ wɔka sɛ saa bere yi yɛ mfe 420 pɛ a, na Yudafo mmerebu tɔ sin mfe 186.

Daniel nkɔmhyɛ no mfa bere tenten a Yerusalem asɔrefie no bedi ho. Mmom, bere a na Mesia no bɛba ho asɛm na ɛka siei. Nkɔmhyɛ no da no adi pefee sɛ “efi asɛm a ɛka sɛ wɔnsan nkyekye Yerusalem nsi n’ananmu no fi so kosi obirɛmpɔn a wɔasra no so [bɛyɛ] adapɛn ason, na adapɛn aduosia abien.” (Daniel 9:25, 26) Bere a Yudafo no fi nnommumfa mu bae bɛtoo asɔrefie no nnyinaso akyi mfe abien no (536 A.Y.B.), wɔanka “asɛm” a ɛne sɛ wɔnsan nkyekye Yerusalem no araa de kosii “ɔhene Artasasta afe a ɛto so aduonu” mu. (Nehemia 2:1-8) Wiase abakɔsɛm a ɛyɛ nokware ka sɛ, saa afe no yɛ afe 455 A.Y.B. mu. Sɛ yɛkan “adapɛn” 69, anaa mfe 483 no kɔ yɛn anim a, ɛde yɛn ba afe 29 Y.B. mu. Saa bere no na Mesia no bae, bere a Yesu bɔɔ asu no.b

Rabifo no nkyerɛkyerɛmu foforo a ɛde abirabɔ kɛse ba Yudafo mmerebu mu no fa bere a wɔwoo Abraham ho. Rabifo no ka awo ntoatoaso a edidii so ho kyerɛwtohɔ a ɛwɔ Genesis 11:10-26 no mfe bom na wɔde mfe 292 ma bere a Nsuyiri no bae kosi Abraham (Abram) awo so. Nanso, asɛnnennen no wɔ nkyerɛkyerɛmu a rabifo de ma wɔ nkyekyem 26 no ho, nea ɛka sɛ: “Tera dii mfirihyia aduɔson, na ɔwoo Abram, Nahor ne Haran.” Yudafo atetesɛm gyina eyi so susuw sɛ na Tera adi mfe 70 bere a wɔwoo Abram no. Nanso, nkyekyem no nka no pɔtee sɛ bere a Tera woo Abraham no na wadi mfe 70. Mmom, nea ɛka ara ne sɛ bere a odii mfe 70 akyi na ɔwoo mmabarima baasa.

Sɛ yebehu mfe dodow pɔtee a na Tera adi bere a wɔwoo Abraham no a, ehia sɛ yɛkɔ so kenkan Bible no mu nsɛm ankasa. Yehu wɔ Genesis 11:32–12:4 sɛ, bere a Tera wui a na wadi mfe 205 no, Abraham ne n’abusua nam Yehowa asɛm so tu fii Haran. Saa bere no na Abraham adi mfe 75. Enti, ɛbɛyɛ bere a Tera dii mfe 130 no na ɔwoo Abraham na ɛnyɛ bere a na wadi mfe 70 no. Enti efi Nsuyiri no so kosi Abraham awo so yɛ mfe 352 na ɛnyɛ mfe 292. Yudafo mmerebu tɔ sin mfe 60 wɔ ha.

Ɔsom mu Ade bi a Aka

Mfomso ne abirabɔ ahorow a ɛtete saa a ɛwɔ Seder ‘Olam Rabbah ne Talmud mmerebu nhoma afoforo mu no de ntoto ne akyinnyegye pii aba Yudafo nhomanimfo mu. Ɛwom sɛ wɔabɔ mmɔden mpɛn pii sɛ wɔbɛma saa mmerebu yi ne abakɔsɛm mu nokwasɛm ahorow a wonim no yiye no ahyia de, nanso wontumi nnii nkonim korakora. Dɛn ntia? Encyclopaedia Judaica ka sɛ: “Na wɔn ani gye nyamesom ho sen nhomasua. Ná wɔpɛ sɛ wɔkora atetesɛm so ɔkwan biara so, titiriw bere a na wohyia nnipa bi a wɔne wɔn nyɛ adwene a wɔde mpaapaemu ba no.” Sɛ́ anka Yudafo nhomanimfo no beyi ntoto a wɔn atetesɛm no de aba no afi hɔ no, wɔn mu binom bɔɔ mmɔden sɛ wobebu Bible kyerɛwtohɔ no animtiaa. Afoforo nso bɔɔ mmɔden sɛ wɔbɛhwehwɛ mmoa afi Babilonfo, Misraimfo ne Hindufo anansesɛm ne atetesɛm mu.

Nea afi mu aba ne sɛ, abakɔsɛm akyerɛwfo mmu “Adebɔ Mmere” no sɛ mmerebu nhoma a ɛyɛ nokware bio. Yudafo nhomanimfo kakraa bi pɛ na wɔbɛbɔ mmɔden aka sɛ nhoma no mu nsɛm yɛ nokware, na nhwehwɛmu nhoma a wogye tom kɛse te sɛ The Jewish Encyclopedia ne Encyclopaedia Judaica mpo nka ho asɛmpa. Enti, sɛ yegyina Bible mmerebu, Yehowa Nyankopɔn nkɔmhyɛ mmere a ɛrenya mmamu no so a, yentumi nnye tete kwan a Yudafo fa so bu mmere fi wiase bɔ so no ntom sɛ ɛyɛ nokware.

[Ase hɔ asɛm]

a Bible ne abakɔsɛm nyinaa di Yesu Kristo a wɔwoo no afe 2 B.C. (2 Ansa na Kristo Reba) ho adanse. Sɛnea ɛbɛyɛ na wɔatumi abu akontaa pɛpɛɛpɛ nti, nnipa pii ani gye ho sɛ wɔde nsɛnkyerɛnne C.E. (Common Era, [Yɛn Bere yi]) ne B.C.E. (Before the Common Era, [Ansa na Yɛn Bere yi]) bedi dwuma, na eyi ne ɔkwan a wɔda mmere adi wɔ Ɔwɛn Aban Asafo no nhoma ahorow mu.

b Sɛ wopɛ sɛ wunya ɛho nsɛm pii a, hwɛ Insight on the Scriptures, a Watchtower Bible and Tract Society of New York, Inc., tintimii, Po a ɛto so 2, nkratafa 614-16, 900-902, ne October 1, 1992 Ɔwɛn-Aban, kratafa 8-11.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena