Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w95 4/1 kr. 3-4
  • Nyamesom—Asɛm a Wɔmmɔ So?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nyamesom—Asɛm a Wɔmmɔ So?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1995
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • So Ɔsom Biara Ye Ankasa?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
  • Yɛn Ho A Yɛde Bɛhyɛ Ɔsom Kronn Mu Ama Nkwagye
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
  • Dɛn Nti na Ɛsɛ sɛ Wususuw Ɔsom Afoforo Ho?
    Onyankopɔn Akyi Kwan a Adesamma Hwehwɛ
  • Dɛn na Bible Aka?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Ɔmanfo De)—2016
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1995
w95 4/1 kr. 3-4

Nyamesom—Asɛm a Wɔmmɔ So?

“NNEƐMA abien na memmɔ ho nkɔmmɔ: nyamesom ne amammuisɛm!” Ɛno ne asɛm a wɔtaa ka kyerɛ Yehowa Adansefo bere a wɔne afoforo bɔ Bible mu nkɔmmɔ no. Na ntease wɔ adwene a wokura no mu.

Bere a nkurɔfo gye amammuisɛm ho akyinnye no, abufuw tumi ba na ɔham di akyi. Nnipa pii hu bɔhyɛ hunu ahorow no na wohu sɛ nea amammuifo no hwehwɛ mpɛn pii ara ne tumi, edin ne sika. Nea ɛyɛ awerɛhow no, ɛtɔ mmere bi a, amammui mu ntawntawdi kowie basabasayɛ mu.

Ebia wubebisa sɛ, ‘Na ɛnyɛ saa na ɛte wɔ nyamesom ho? Ɛnyɛ ɔsom ho nkate a emu yɛ den na ɛde nnɛyi akodi pii aba?’ Wɔ Ireland Kusuu Fam no, Roman Katolekfo ne Protestantfo ne wɔn ho koe bere tenten. Wɔ Balkan aman no mu no, Apuei Fam Ortɔdɔks Asɔre no mufo, Roman Katolekfo ne afoforo di akameakame wɔ asase ho. Dɛn na afi mu aba? Ayayade ne ɔtan a enya nkɔso.

Esiane sɛ wosuro sɛ wobekum wɔn nti, nnipa pii bɔ mmɔden sɛ wɔremma wɔne wɔn abusuafo gyidi ahorow nna adi. Wɔ Afrika no, ɔsom mu ntawntawdi a ɛkɔɔ so wɔ Kristoman mufo ne ananafo som afoforo ne mmusua som nso mufo ntam mfehaha pii no maa awofo maa wɔn mma edin abien a ɛmaa wonyaa ahobammɔ bi, na ɛyɛ amammerɛ a ɛwɔ hɔ nnɛ. Enti, abarimaa bi betumi ayɛ ne ho sɛ obi a ɔkɔ asɔre anaa ɔwɔ ɔsom foforo bi mu denam edin biako a ɔde bedi dwuma na wagyaw biako no so. Sɛ obi som mu gyidi ahorow betumi ama wahwere ne nkwa a, ɛnyɛ nwonwa sɛ ɔbɛtwentwɛn ne nan ase sɛ ɔbɛbɔ ɔsom ho nkɔmmɔ baguam.

Wɔ afoforo fam no nyamesom yɛ ade a wɔmmɔ so, sɛ wɔn nkwa nna asiane mu mpo a. Wosuro sɛ obi a ɔwɔ ɔsom foforo mu a wɔne no bɛbɔ wɔn gyidi ahorow ho nkɔmmɔ no bɛkɔ akowie akyinnyegye a mfaso biara nnim mu. Ebinom nso da so ara gye di sɛ ɔsom ahorow nyinaa ye. Wɔka sɛ bere tenten a obi ani gye nea ogye di ho no, nsonsonoe a wobesusuw ho no yɛ adehunu.

Wɔn a wosua sɛnea nyamesom te yiye no mpo adwene nhyia. The New Encyclopædia Britannica gye tom wɔ emu asɛm a ɛne, “Ɔsom Ahorow Ho Adesua ne Sɛnea Wɔakyekyem” no mu sɛ: “Ɛyɛ den sɛ . . . nhomanimfo adwene behyia wɔ sɛnea [nyamesom] te ankasa ho . . . Enti, wɔagye asɛm no ho akyinnye wɔ n’abakɔsɛm nyinaa mu.”

Nsɛm asekyerɛ nhoma bi kyerɛ nyamesom ase sɛ “gyidi ne obu a onipa nya ma tumi bi a ɛkorɔn sen nnipa a wogye no tom sɛ ɔbɔadeɛ ne amansan no sodifo.” Eyi bɛhwehwɛ sɛ nyamesom di dwuma kɛse wɔ asetra mu. Nokwarem no, nyamesom ayɛ ade titiriw wɔ nnipa abakɔsɛm mu wɔ baabiara. Oxford Illustrated Encyclopedia of Peoples and Cultures ka sɛ: “Ɔman biara nni hɔ a ɛnhwehwɛɛ sɛ ɛbɛyɛ nhyehyɛe pa ama asetra na anya atirimpɔw denam ɔsom bi so.” Esiane sɛ nneɛma atitiriw te sɛ “nhyehyɛe” ne asetra mu “atirimpɔw” ho asɛm wom nti, akyinnye biara nni ho sɛ nyamesom sen asɛm a wogye ho akyinnye ara kwa. Mmom no, ehia mpɛɛpeem—kyerɛ sɛ, mpɛɛpeem a edi mu—a wo ne obi foforo bɛyɛ. Nanso wo ne hena na ɛbɛyɛ saa mpɛɛpeem yi, na adepa bɛn na ebetumi afi mu aba?

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena