Wɔasan Asusuw Mogya a Wɔde Ma Ho Bio
WƆ AIDS mmere a emu yɛ hu yi mu no, baabi a ɛhɔ yɛ hu ma ɔyarefo a ɔwɔ ayaresabea ne ɔdan a wɔyɛ oprehyɛn wɔ mu no mu. Oduruyɛfo Richard Spence a wayɛ kwankyerɛfo wɔ Ayaresabea a Wɔmma Mogya wɔ Oprehyɛn Mu a ɛwɔ Cooper Sukuupɔn-Ayaresabea wɔ Camden, New Jersey, U.S.A. bɛboro mfe du no ka sɛ: “Ɔkwan biara nni hɔ a yebetumi afa so ayi efĩ afi mogya a yenya no mu korakora.”
Ɛnyɛ nwonwa sɛ ayaresabea no sa Yehowa Adansefo a wonim wɔn yiye sɛ wogyina Bible so pow mogya no pii yare wɔ hɔ. (Leviticus 17:11; Asomafo no Nnwuma 15:28, 29) Nanso, ayarefo dodow bi a wɔnyɛ Adansefo a asiane kɛse a wobetumi ahyia wɔ mogya a wɔde ma mu, a ebi ne mmerɛbo mu yare, AIDS, ne nyarewa foforo a wobetumi anya ho nsɛm haw wɔn nso reba ayaresabea hɔ. Courier-Post Weekly Report on Science and Medicine ka sɛ: “AIDS a adɔɔso no ama ada adi sɛ mogya mu nhwehwɛmu a wɔbɛyɛ ho hia. Nanso wontumi mfa nhwehwɛmu no so nhu nyarewa no bi efisɛ ɔyare mmoawa no betumi aba obi ho bere tenten ansa na wɔnam nhwehwɛmu bi so atumi ahu.”
Esiane asiane a ɛtete saa nti, Ayaresabea a Wɔmma Mogya wɔ Oprehyɛn Mu no de nnuru foforo a wɔde si mogya ananmu, a ebi ne ɔyarefo no ankasa mogya a wɔma no fefa dorobɛn mu san kɔ ne mu—adeyɛ a Adansefo binom betumi apene so wɔ tebea ahorow bi mu—di dwuma.a Ayaresa foforo nso ne nea wɔde nnuru ma ɔyarefo no ma ɛkanyan no ma ne mogya tumi dɔɔso ntɛmntɛm. Afei nso, ɛtɔ mmere bi a wɔde nnuru a wɔde si mogya ananmu a ɛboa ma nipadua tumi nya mframa a ɛma ɛho nhia sɛ wɔma mogya di dwuma. Oduruyɛfo Spence ka sɛ: “Yehowa Adansefo pɛ aduruyɛ a eye sen biara, nanso wɔpɛ nnuru a wɔde si mogya ananmu sen mogya a wɔde bɛma wɔn.”
Yehowa Adansefo de aseda ma wɔ biakoyɛ ne mmoa a nnuruyɛfo a wɔkyerɛ obu ma wɔn nyamesom mu gyidi ahorow de ma no ho. Ne saa nti, nokwarem no, wɔanya “aduruyɛ a eye sen biara,” na wɔakɔ so akura ahonim pa mu wɔ Yehowa Nyankopɔn anim.—2 Timoteo 1:3.
[Ase hɔ asɛm]
a Wɔakyerɛkyerɛ saa kwan yi ne ɛho nsɛm a ɛfa sɛnea obi ankasa betumi afi ahonim pa mu asi ho gyinae mu kɔ akyiri wɔ March 1, 1989, Ɔwɛn-Aban, nkratafa 30-1 mu.