Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w95 8/1 kr. 25-29
  • Abaw a Wɔmpa so Akatua Horow

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Abaw a Wɔmpa so Akatua Horow
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1995
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Abaw a Wɔmpa Ho Nhwɛso Ahorow
  • Mpaebɔ Mu Kura Wɔ N’akatua
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1980
  • Mpaebɔ Wɔ “Nna A Edi Akyiri” Yi Mu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1980
  • Yehowa De ‘Honhom Kronkron Ma Wɔn A Wobisa No’
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2006
  • Boasetɔ A Yɛde Betu Mmirika No
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1995
w95 8/1 kr. 25-29

Abaw a Wɔmpa so Akatua Horow

NÁ ƆYƐ Helani bea a ɔte Foinike wɔ afe 32 Y.B. mu. Ná ne babea yare denneennen, na na ɔbea no ho yeraw no a ɔrehwehwɛ ayaresa ama no. Bere a ɔtee sɛ ɔhɔho bi aba ne mantam mu—ɔnanani bi a na wagye din sɛ ɔwɔ tumi a ɔde sa ayarefo yare—no, osii ne bo sɛ obehu no na wasrɛ no ma waboa no.

Bere a ohyiaa no no, ɔkotow srɛe sɛ: “Awurade, Dawid ba, hu me mmɔbɔ, na honhommɔne bi rehaw me babea dodo!” Saa kwan no so na Helani bea no srɛɛ Yesu sɛ ɔnsa ne babea no yare.

Wubetumi asusuw akokoduru ne ahobrɛase a na ohia na ɔde ayɛ eyi? Ná Yesu yɛ otumfoɔ bi a wagye din, na na wadi kan aka sɛ ɔmpɛ sɛ obiara behu baabi a ɔwɔ. Ɔde n’asomafo no kɔɔ Foinike sɛnea ɛbɛyɛ a wobenya ahomegye a ɛho hia kɛse, na ɛnyɛ sɛ na ɔrekɔyɛ adwuma wɔ Amanaman Mufo a wonnye nni no mu. Afei nso na Yesu yɛ Yudani, na na ɔbea no yɛ Amanaman Muni a akyinnye biara nni ho sɛ na onim sɛnea Yudafo mpɛ Amanaman Mufo a wobu wɔn animtiaa no fekubɔ. Nanso, na wasi ne bo pintinn sɛ ɔbɛhwehwɛ ayaresa ama ne ba no.

Yesu ne n’asomafo no bɔɔ mmɔden sɛ wobebu ɔbea no abam wɔ mmoa a na ɔrehwehwɛ no saa bere no ho. Nea edi kan no, Yesu ammua no. Afei, esiane sɛ ɔbea no kɔɔ so teɛteɛɛm nti, asomafo no de ahometew ka kyerɛɛ Yesu sɛ: “Gya no kwan na ɔnkɔ, na ɔteɛteɛm di yɛn akyi.”

Nanso wammɔ hu. Mmom no, ɔkotow Yesu nan ase kae sɛ: “Awurade, boa me!”

Bere a Yesu daa n’asɛyɛde titiriw a ɔwɔ wɔ Israel mma ho adi, na bere koro no ara, ɔsɔɔ ɔbea no gyidi ne ne bo a na wasi hwɛe no, ofii mmɔborohunu mu kyerɛkyerɛɛ no mu sɛ: “Ɛnyɛ fɛ sɛ wɔfa mma [Israelfo] aduan tow ma akraman mma [Amanaman Mufo].”

Sɛ anka ɔbea no bɛma nyiyim a wɔyɛ tiaa abusua a ofi mu ahyɛ no abufuw no, ofii ahobrɛase mu kɔɔ so wɔ n’abisade no mu denam mmuae yi a ɔmae so: “Ɛwom, Awurade, nanso akraman mma no nso di mporoporowa a efi wɔn wuranom pon so gu fam no bi.”

Yesu tuaa Helani bea no ka wɔ abaw a wampa no ho denam ne gyidi a ɔkamfoe ne n’adesrɛ ahorow ho dwuma a odi maa no no so. Susuw anigye a onyae bere a ɔkɔɔ fie kohuu sɛ ne babea no anya ayaresa koraa no ho hwɛ!—Mateo 15:21-28; Marko 7:24-30.

Te sɛ saa ɔbea no a ɔtraa ase wɔ afeha a edi kan mu no, ehia sɛ yɛkɔ so wɔ mmɔden a yɛbɔ sɛ yɛbɛsɔ Yehowa ani na yɛanya n’anim dom no mu a yɛmpa abaw. Sɛnea ɛte wɔ Helani bea no asɛm no mu no, Bible no ma yɛn awerɛhyem sɛ wobetua yɛn ka yiye wɔ yɛn “papayɛ” a yɛmpa abaw wɔ ho no ho.—Galatifo 6:9.

Dɛn ne abaw a wɔmpa? Dɛn nti na ehia? Dɛn ne nneɛma bi a ebetumi ama yɛahwere saa su yi, ma yɛn abaw mu abu anaa yɛagyae mu? Sɛ yɛkɔ so som yɛn Bɔfo ne yɛn Agya, Yehowa, seesei na yɛampa abaw a, akatua horow bɛn na yebetumi ahwɛ kwan sɛ yɛn nsa bɛka?

Nsɛm asekyerɛ nhoma bi kyerɛ adeyɛ asɛm “kura mu” ase sɛ “sɛ́ wɔde animia beso atirimpɔw, tebea, anaa adwuma bi mu pintinn, a akwanside, kɔkɔbɔ, anaa huammɔdi ahorow mfa ho. . . . sɛ́ ɛbɛkɔ so atra hɔ; sɛ́ ɛbɛtra hɔ akyɛ.”

Bible taa de afotu ma Yehowa asomfo sɛ wonkura n’apɛdeyɛ mu. Sɛ nhwɛso no, ɛka kyerɛ yɛn sɛ ‘yɛnkɔ so nhwehwɛ ahenni no kan,’ ‘yenso nea eye no mu,’ ‘yenkura mpaebɔ mu,’ na mma “yɛmmmrɛ” wɔ papayɛ mu.—Mateo 6:33; 1 Tesalonikafo 5:21; Romafo 12:12; Galatifo 6:9.

Abaw a yɛmpa yɛ su a ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa nya na yɛma enya nkɔso sɛnea ɛbɛyɛ a yebetumi agyina da biara da asetra mu nsɛm ano. Sɛ yenni bi a yentumi nyɛ biribiara a ɛsom bo ankasa a ɛtra hɔ kyɛ. Fa abofra a ɔrebɔ mmɔden asɔre agyina na watutu anammɔn nea edi kan a ne ho repopow sɛ nhwɛso. Ɛntaa mma sɛ akokoaa bi betumi asua sɛnea wɔsɔre gyina na wanantew yiye da koro pɛ. Bere a na yɛyɛ mmofra no, ebia yɛn nyinaa bɔɔ ho mmɔden mpɛn pii, ma yedii nkogu ansa na awiei koraa no yɛretumi anantew kakra. Dɛn na anka ɛbɛba, sɛ yɛhwee ase nea edi kan no na yesii gyinae sɛ yɛmmɔ yɛn ho mmɔden bio a? Ebia anka yɛda so ara de yɛn nsa ne yɛn nkotodwe na ɛweawea! Abaw a wɔmpa ho hia na yɛatumi adu botae ahorow a ɛsom bo ho na yɛanya ahokokwaw ne obu a edi akyi ba no. Sɛnea asɛm bi a wɔtaa ka kyerɛ no, “Wɔn a wodi nkonim mpa abaw, na wɔn a wɔpa abaw nni nkonim.”

Wɔn a wɔayɛ akwampae adwuma akyɛ hu sɛ nkonimdi nnyina nea obi tumi yɛ anaa ɔdom akyɛde soronko so. Ehia su a ɛma obi tumi bata biribi ho papee, obi bo a osi sɛ ɔbɛyɛ Yehowa apɛde akosi ase, ne akokoduru a wɔda no adi wɔ bere tiaa mu huammɔdi, ne adwenemhaw mpo mu. Ɛsɛ sɛ yɛma Onyankopɔn nhyira horow no mu kyɛfa a yebenya no afebɔɔ ho botae no tra yɛn adwenem pefee.

Yiw, ehia sɛ yɛn a yɛpɛ sɛ yenya Yehowa anim dom, na yɛpɛ sɛ yedi nkonim wɔ nkwa ho mmirikatu no mu nyinaa mpa abaw, yemia yɛn ani, na yenya boasetɔ. Sɛ yɛannya saa su horow yi a, yebetumi ahwere Yehowa anim dom ne nokware nkwa akatua no.—Dwom 18:20; Mateo 24:13; 1 Timoteo 6:18, 19.

Ɛtaa yɛ den kɛse ma Kristoni bi sɛ ɔbɛkɔ so wɔ ne honhom fam dwumadi ahorow mu a ɔmpa abaw sen n’asɛyɛde afoforo mu. Ɔbarima bi betumi akɔ so ayɛ adwumaden wɔ honam fam adwuma bi mu de adi n’abusua honam fam ahiade ho dwuma, nanso obetumi ‘abrɛ dodo’ sɛ ɔne ne yere ne ne mma bɛyɛ Bible adesua daa. Nneɛma bɛn na ɛma Kristofo nnwuma a wɔkɔ so yɛ a wɔmpa abaw yɛ den kɛse ma nnipa bebree?

Ade biako ne abasamtu, a yɛn ankorankoro mfomso ne yɛn mmerɛwyɛ ahorow na ɛde ba no. Sɛ yɛkɔ so dwen yɛn mfomso ahorow ho wɔ ɔkwan a ɛmfata so a, ebetumi abu yɛn abam ma yɛagyae mu, a yɛte nka sɛ Yehowa ntumi mfa yɛn bɔne nyinaa mfiri yɛn da.

Ade foforo ne wiase no mu ɔbrasɛe, ɔporɔw, ne nitan. (1 Yohane 2:15, 16) Abaw a Kristoni mpa yɛ “ɔbra pa” no mu biako a wiase nkɛntɛnso betumi asɛe no.—1 Korintofo 15:33.

Ɔsɔretia anaa anibiannaso a ɔmanfo yɛ wɔ yɛn som kronn no ho no betumi ama kɔ a yɛbɛkɔ so ayɛ asɛnka adwuma no mu agow. Ebia yɛde abasamtu bɛka sɛ nnipa a wɔwɔ yɛn asasesin mu mpɛ nokware no koraa. Eyi betumi ama yɛabisa sɛ, ‘Mfaso bɛn na ɛwɔ so?’ na yɛde ɔsom adwuma hokwan soronko a yɛwɔ no ato hɔ.

Wiase no ahopɛ su nso betumi anya yɛn so nkɛntɛnso. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yedi apere na yɛde nneɛma pii bɔ afɔre bere a ɛkame ayɛ sɛ obiara regye n’ani anaasɛ ɔnhaw ne ho no?—Fa toto Mateo 16:23, 24 ho.

Sɛ yɛbɛkɔ so ayɛ Yehowa apɛde a yɛmpa abaw a, ehia sɛ yɛhyɛ Kristofo nipasu no, na yɛtra ase honhom mu, na ɛnyɛ honam mu. (Romafo 8:4-8; Kolosefo 3:10, 12, 14) Yehowa adwene a yebenya wɔ asɛm no ho no bɛboa yɛn ma yɛakɔ so ayɛ yɛn honhom fam nnwuma a ɛho hia no.—1 Korintofo 16:13.

Abaw a Wɔmpa Ho Nhwɛso Ahorow

Yehowa ama yɛn nhwɛso bebree a ɛhyɛ nkuran a ɛfa asomfo a wɔkɔɔ so dii nokware maa no wɔ sɔhwɛ ahorow pii a na emu yɛ den mu ho. Sɛ yesusuw ɛnonom ho a, yehu sɛnea yebetumi anya Kristofo su a ɛmma wɔmpa abaw ne sɛnea yɛde bedi dwuma, ne nea enti a ɛsom bo kɛse saa.

Yesu a ohuu amane kɛse de hyɛɛ Yehowa din anuonyam no ne nhwɛso a ɛsen biara. Bible hyɛ yɛn nkuran sɛ yensua sɛnea ɔde ne ho mae a wampa abaw no yiye: “Ne saa nti yɛn nso, sɛ yɛwɔ adansefo mununkum a ɛte sɛɛ a atwa yɛn ho ahyia yi, momma yɛntow adesoa biara adesoa ne bɔne a ɛnkyɛ na etwa yɛn ho si gye yɛn asabawmu no ngu, na yɛmfa boasetɔ ntu aperepere a ɛda yɛn anim no mu mmirika, nhwɛ gyidi mu dikanfo ne ne wiefo Yesu a ɔhwɛɛ anigye a ɛda n’anim tɔɔ ne bo ase huu asɛndua ho amane, na wammu aniwu, na wakɔtra Onyankopɔn ahengua nifa. Na munsusuw nea ɔtɔɔ ne bo ase tiee ntuatuaano a nnebɔneyɛfo de tuaa n’ano bebree no ho yiye, na moammrɛ, na mo kra antɔ piti.”—Hebrifo 12:1-3.

Nkwa ho mmirikatu no ware, ɛnyɛ tiawa bi. Ɛno nti na yehia su a ɛmma yɛmpa abaw te sɛ Kristo de no. Ebia wɔ yɛn mmirikatu no mu fã kɛse no ara mu no, yɛrenhu botae no, baabi a yebewie no. Ɛsɛ sɛ botae no tra yɛn adwene aniwa mu sɛnea ɛbɛyɛ a yebetumi de yɛn adwene adu ho wɔ mmirikatu a emu yɛ den no nyinaa mu. Ná Yesu wɔ adwenem nsusuwii a ɛte saa si n’ani so, na ɛno ne ‘anigye a na ɛda n’anim’ no.

Dɛn na ɛwɔ saa anigye yi mu ma Kristofo nnɛ? Ade biako ne sɛ, ɛyɛ ɔsoro asetra a owu nni mu ma nnipa kakraa bi ne daa nkwa wɔ asase so ma nnipa bebree. Afei nso, ɛyɛ abotɔyam a obi nya esiane sɛ onim sɛ wama Yehowa koma ani agye, na wanya Onyankopɔn din ho tew mu kyɛfa nti.—Mmebusɛm 27:11; Yohane 17:4.

Nea ɛka saa anigye yi ho ne abusuabɔ pa a ɛyɛ anigye a wɔne Yehowa nya. (Dwom 40:8; Yohane 4:34) Abusuabɔ a ɛte saa hyɛ nkuran na ɛbɔ nkwa ho ban, na ɛma obi nya ahoɔden de boasetɔ tu mmirika no a ɔmpa abaw. Bio nso, Yehowa hyira abusuabɔ a ɛte saa so denam ne honhom kronkron a ohwie gu n’asomfo so, a ɛma wonya anigye kɛse ne dwumadi a ahomeka wom no so.—Romafo 12:11; Galatifo 5:22.

Mfaso wɔ so sɛ yebesusuw Hiob gyidi a wannyae mu no ho. Ná ɔnyɛ pɛ, na na onni ne tebea no ho nimdeɛ pii. Enti ɛtɔ mmere bi a na obu ne ho bem, na na n’abam bu. Nanso, osii ne bo pintinn bere nyinaa sɛ ɔbɛkɔ so akura ne mudi mu ama Yehowa, na ɔmpa No da. (Hiob 1:20-22; 2:9, 10; 27:2-6) Yehowa tuaa Hiob ka wɔ ɔsom a ɔde mae a wampa abaw no ho, na ɔmaa no honhom fam ne honam fam nhyira horow ne daa nkwa ho anidaso no. (Hiob 42:10-17; Yakobo 5:10, 11) Te sɛ Hiob no, yebetumi ahyia amanehunu ne adehwere pii wɔ yɛn asetram mprempren, nanso yebetumi anya awerɛhyem nso sɛ Yehowa behyira nokwaredi a yɛde gyina mu no so.—Hebrifo 6:10-12.

Ɛnnɛ mmere yi mu no, Yehowa Adansefo nyinaa sɛ kuw no, ada abaw a Kristofo mpa wɔ Yehowa apɛdeyɛ mu adi. Sɛ nhwɛso no, afie afie adwuma a wɔkɔ so yɛ ne baguam asɛnka afoforo ama wiase nnipa nyinaa adwene aba wɔn ne wɔn asɛm no so. Nsɛm ho amanneɛbɔfo aka wɔn nsiyɛ ne wɔn bo a wɔasi sɛ wɔbɛka asɛmpa no ɛmfa ho ɔsɔretia ne sɔhwɛ ahorow no ho nsɛm pii. Eyinom biako mpo sii asɛm no so dua sɛ: “Obiara nni hɔ a obetumi akwati Yehowa Adansefo!”—Mateo 5:16.

Yehowa de abasow pii a n’Adansefo no nya wɔ ɔsom adwuma no mu ahyira wɔn wɔ wɔn mmɔden a wɔkɔ so bɔ no ho. Hyɛ Adansefo mmɔdenbɔfo bi suahu a wonyae wɔ Italy wɔ 1960 mfe no mu, bere a na Adansefo bɛyɛ 10,000 na wɔka asɛm kyerɛ ɔman a emu nnipa bɛboro 53,000,000 no nsow. Ná Adansefo biara nni kurow biako a na emu nnipa yɛ 6,000 no mu. Wɔyɛɛ anuanom a wɔkɔɔ hɔ no basabasa wɔ wɔn som adwuma no mu.

Bere biara a anuanom kɔɔ hɔ kɔkaa asɛm no, kurow no mu mmea dodow no ara, ne mmarima mpo boaboaa mmarimaa ano, hyɛɛ wɔn nkuran ma wokodii Adansefo no akyi, na wɔbɔɔ hwirema yɛɛ dede pii guu wɔn so. Ná eyi hyɛ anuanom ma wofi kurow no mu kɔ foforo mu bere tiaa bi akyi. Wɔ mmɔden a anuanom bɔe sɛ anyɛ yiye koraa no wobedi kurow no mufo nyinaa adanse pɛnkoro mu no, wosii gyinae sɛ wɔbɛka asɛm wɔ hɔ wɔ nna a nsu retɔ nkutoo, sɛnea ɛbɛyɛ a mmofra no nhaw wɔn. Wohui sɛ na kurow no mufo mpɛ sɛ wɔbɛma wɔn ho afɔw esiane haw a wɔpɛ sɛ wɔhaw adawurubɔfo no ara kwa nti. Wɔnam saa kwan yi so dii adanse kɛse. Wonyaa anigyefo. Wofii Bible adesua afoforo ase. Ne saa nti, ɛnyɛ asafo a na enya nkɔso nko na wɔhyehyɛe wɔ saa kurow ketewaa no mu, na mmom wofii ase yɛɛ asɛnka adwuma no wɔ nna a na nsu ntɔ mpo. Yehowa akɔ so ahyira abaw a n’Adansefo mpa no wɔ saa beae yi ne Italy nyinaa. Yehowa Adansefo bɛboro 200,000 na wɔwɔ ɔman no mu seesei.

Abaw a yɛmpa wɔ papayɛ mu no so akatua sõ. Ɛdenam Onyankopɔn honhom kronkron no tumi so no, Yehowa Adansefo atumi ayɛ adwuma a wɔnyɛɛ bi saa da wɔ adesamma abakɔsɛm mu, na ɛno ne Ahenni no ho asɛmpa a wɔka no apon ano ne nnipa ɔpepem pii nkyɛn no. (Sakaria 4:6) Wɔde anigye ahu Bible nkɔmhyɛ mmamu wɔ Yehowa asase so ahyehyɛde no nkɔanim ne n’ahoɔden a ɛyɛ nwonwa a anya no mu. (Yesaia 54:2; 60:22) Wɔwɔ ahonim pa wɔ Onyankopɔn anim, na wɔwɔ anigye wɔ daa nkwa ho anidaso no mu. Nea ɛsen ne nyinaa no, wɔne Ɔbɔadeɛ, Yehowa Nyankopɔn wɔ abusuabɔ pa.—Dwom 11:7.

[Kratafa 25 mfonini ahorow]

Yesu tuaa saa Helani bea yi ka wɔ abaw a wampa wɔ ahobrɛase mu no ho

[Kratafa 26 mfonini]

Paradise mu asetra ka anigye a esi Kristofo a wɔwɔ hɔ nnɛ no anim no ho

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena