Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w95 11/15 kr. 8-9
  • Yehowa Adansefo a Wɔwɔ Wiase Nyinaa—New Zealand

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Yehowa Adansefo a Wɔwɔ Wiase Nyinaa—New Zealand
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1995
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Yehowa Adansefo a Wɔwɔ Wiase Nyinaa—Bahamas
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1994
  • Yehowa Ahwɛ Me Yiye
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1995
w95 11/15 kr. 8-9

Yehowa Adansefo a Wɔwɔ Wiase Nyinaa—New Zealand

SO NSUPƆW betumi ayi Yehowa ayɛ? Yiw, sɛnea Yesaia 42:10 ka no: “Monto dwom foforo mma Awurade [Yehowa, NW], mumfi asase ano nto n’ayeyi dwom . . . nsuano aman ne wɔn a wɔtete so.” Nokwarem no, nsupɔw a ɛbom yɛ New Zealand no yi Yehowa ayɛ. Sɛ́ beae a atare, asutwaree, mmepɔw atenten, asukyenee, mpoano, kwaebirentuw ne sare frɔmfrɔm ama agye din yiye wɔ wiase nyinaa no, New Zealand da ɔsoro ne asase Bɔfo no anuonyam ne ne kɛseyɛ adi yiye.

Efi afeha yi mfiase pɛɛ no, New Zealandfo pii abɛka wɔn a wɔreyi Yehowa ayɛ no ho denam dan a wɔadan aba ne nkyɛn wɔ ɔsom kronn mu ne Onyankopɔn Ahenni no ho asɛmpa a wɔka kyerɛ afoforo no so. Nnansa yi ara, Ɔdansefo bi a na wate osuahu a ɛyɛ anigye fa abusuafo a wodi wɔn adanse ho sii gyinae sɛ ɔde n’abusua bɛsɔ ahwɛ. Ɔde Wubetumi Atra Ase Daa wɔ Paradise wɔ Asase So nhoma no maa n’abusuafo no mu pii sɛ akyɛde. Dɛn na afi mu aba de besi nnɛ? Ɔbɔ amanneɛ sɛ ne nuabea biako ne ne nuabarima biako resua Bible no, wɔabɔ ne wɔfase biako asu sɛ Yehowa Adansefo no mu biako, na afoforo nso da anigye kɛse adi wɔ Onyankopɔn Asɛm mu nokware no ho. Ɔda so ara wɔ asasesin kɛse mu adwuma yɛ; wɔ n’awofo akyi no, ɔwɔ nuabarimanom baasia ne nuabeanom baakron!

Sɛ Adansefo no ka wɔn ho boa ano si Ahenni Asa ahorow a, ɛno nso de ayeyi brɛ Yehowa. Sɛ nhwɛso no, atesɛm krataa sɛnkyerɛwfo Roy Perkins kyerɛwee wɔ Opotiki News a wotintim no May 17, 1994, mu sɛ: “Sɛ́ obi a menyɛ gyidini no, na m’ani gye adwumayɛfo a wɔatu wɔn ho ama a wɔde bere ne ahoɔden pii yɛɛ adwuma no esiane ɔdɔ a wɔwɔ ma wɔn Nyankopɔn nti no nnwuma ne wɔn mmɔdenbɔ ho.

“Wɔ nnɔnhwerew pii a wɔde yɛɛ adwuma nnawɔtwe awiei mu no, manhu anaa mante sɛ adwumayɛfo kuw bi reham . . . Na mmea nenam apa no so ne wɔn mmarima reyɛ adwuma, teɛteɛ wɔn nsa wɔ nneɛma so, moma nneɛma so, soa nneɛma, a ne nyinaa rekɔ so wɔ ahomeka ne anigye mu.

“Asiamasi anaa Ɔbenten ansɛe simma biako mpo amfa annom sigaret. Sɛ ntutuw a efi nnuru a wɔde ka dan ho ne ntayaa mu no da nkyɛn a, ná mframa a atwa wɔn a wɔreyɛ adwuma no nyinaa ho ahyia no mu tew.”

Mpanyimfo kuw a wɔwɔ Opotiki Asafo mu no kyerɛwee sɛ: “Adwuma no nyinaa ama kurom hɔfo nyinaa ho adwiriw wɔn. Ɛkame ayɛ sɛ obiara reka ho asɛm. Wɔafi Bible adesua pii ase. Biako a yɛn ani gye ho titiriw ne nea ɛfa awarefo bi a nyamesom adi wɔn ti a mfe pii a atwam ni no, wɔbaraa yɛn sɛ yɛmma wɔn nkyɛn no. Da biara na wɔba beae a yɛreyɛ adwuma no ne afei nhyiam horow. Akyiri yi, okunu no kae sɛ, ‘Mitumi hu sɛ moyɛ Onyankopɔn nkurɔfo. Manya ɔpɛ a efi koma mu wɔ me nkwa nna nyinaa mu sɛ me ne nnipa a wɔte saa bɛbɔ.’”

Afe a etwaam no, sɛnkyerɛwfo ma Otago Daily Times no kaa nea edidi so yi faa Ahenni Asa a wosii no ntɛm wɔ Dunedin ho: “Ná ɛyɛ adwumayɛ nwonwaso, nneɛma a ɛkanyan nkurɔfo ma wɔyɛ adwuma de boa wɔn ho mu nhwɛso fɛfɛ.” Atesɛm krataa koro no ara kae sɛ: “Kuropɔn no mufo ho dwiriw wɔn bere a wɔde wɔn ani hwɛɛ ɔdan kɛse a wɔasi no prɛko pɛ no, na ɛbɛyɛ sɛ pii resusuw nsakrae ne nnwuma pa foforo a wobetumi ayɛ bere a nnipa dɔm da ahofama ne biakoyɛ honhom a ɛte saa ara adi no ho. Ahenni Asa yɛ adwuma pa a ɛresow aba ho nhwɛso a ɛfata nkamfo.”

Wɔ nnipa pii a wɔbɛsraa beae a wɔresi dan no mu no, owura bi hyɛɛ no nsow sɛ Adansefo no resi “asɔredan ahorow,” bere a n’asɔrefo retɔn wɔn de esiane sɛ emufo resa nti. Osii ne bo kae sɛ: “Sɛ motwɛnee bɛyɛ sɛ afe kaa ho a, anka motɔɔ yɛn de no biako. Ɛsɛ sɛ yɛtɔn biako efisɛ yɛrentumi ntua ɛho aka no. Nanso nokwarem no, mo de, munni asɔfo a mutua wɔn ka. . . . Na mo adan no siesie nnye sika pii, ɛnyɛ adan atenten a wɔato atifi mmantenten a wontumi nsiesie.”

Ɛda adi pefee sɛ nsupɔw betumi ayi Onyankopɔn ayɛ ampa. Ɛmmra sɛ wɔbɛkɔ so ate Yehowa ayeyi wɔ Pacific asase fɛfɛ yi so—ne wiase nyinaa!

[Kratafa 9 adaka]

ƆMAN NO HO AKONTAABU:

1994 Ɔsom Afe

DODOW A ƐSEN BIARA A WODII ADANSE: 12,867

NKYEKYEM: Ɔdansefo 1 Kasa Kyerɛ 271

DODOW A WƆBAA NKAEDI ASE: 24,436

AKWAMPAEFO DODOW NKYEKYEM: 1,386

BIBLE ADESUA DODOW NKYEKYEM: 7,519

DODOW A WƆBƆƆ WƆN ASU: 568

ASAFO DODOW: 158

BAA DWUMADIBEA: MANUREWA

[Kratafa 9 mfonini]

Akwampaefo rekɔ asɛnka bɛyɛ 1930 mu

[Kratafa 9 mfonini]

Baa Dwumadibea a ɛwɔ Manurewa no

[Kratafa 9 mfonini]

Ahenni asɛm no a wɔka wɔ Devonport, Auckland

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena