Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w94 3/15 kr. 8-9
  • Yehowa Adansefo a Wɔwɔ Wiase Nyinaa—Bahamas

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Yehowa Adansefo a Wɔwɔ Wiase Nyinaa—Bahamas
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1994
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Wɔsɔre Tia Gyidi Foforo No
  • Atubrafo Te Dwom Foforo No
  • Ade Kɛse A Mahwere Nyinaa AKYi no, mewɔ anigye ne abotɔyam
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2001
  • Teokrase Nsɛmmansɛmma
    Yɛn Ahenni Som—1993
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1994
w94 3/15 kr. 8-9

Yehowa Adansefo a Wɔwɔ Wiase Nyinaa—Bahamas

BAHAMAS Aman Nkabom no—supɔw kuw a nsupɔw nketewa ne akɛse 3,000 na ɛwom—no wɔ po a ɛwɔ Florida ne Cuba ntam a ani yɛ bruu no so te sɛ ahene kɔnmuade, na ne tenten yɛ kilomita 900. Ahenni adawurubɔfo nnwontofo a wɔredɔɔso ka nnipa 267,000 a wɔte hɔ no ho. Wɔn ayeyi dwom no ma yɛkae Yesaia 42:10-12: “Monto dwom foforo mma [Yehowa], mumfi asase ano nto n’ayeyi dwom. Mo a moforo ɛpo, ne nea ɛwom nyinaa, nsuano aman ne wɔn a wɔtete so . . . abotan mufo nto ahurusi dwom, womfi mmepɔw atifi mmɔ ahosɛpɛw se. Wɔnhyɛ [Yehowa] anuonyam, na wɔnka n’ayeyi nsu ano aman mu.”

Wɔsɔre Tia Gyidi Foforo No

Wɔ July 1992 no, ɔkwampaefo (bere nyinaa Ahenni ɔsɛmpakafo) bi maa ne yɔnko dwumayeni bi nhoma a wɔde sua Bible Wubetumi Atra Ase Daa wɔ Paradise wɔ Asase So. Ɔbarima no kenkan nhoma no wiei no ɔkae wɔ ne tirim sɛ, ‘Eyi yɛ ɔsom a ɛsɛ sɛ mehwehwɛ mu.’ Ɔkɔɔ nhyiam wɔ Yehowa Adansefo Ahenni Asa ahorow abien so Kwasida abien a edi hɔ no. Ɛno akyi no, wɔne no fii Bible adesua ase. Nanso, ofii ne Bible adesua no ase adapɛn asia pɛ no, asɛnnennen bi sɔree a ɛsɔɔ ne gyidi foforo no hwɛe—awodadi.

Ná odwumayeni no abusua de wɔn ho hyɛ nna ahorow a ɛtete saa ho fã a wɔhyɛ mu, nanso ɔdɔ a ɔwɔ ma Onyankopɔn Asɛm no kanyan no ma ɔtoaa ne Bible adesua no so. Dodow a onyaa Kyerɛwnsɛm mu nokware nimdeɛ pii no, dodow no ara na onyaa awodadi ne wiase nnapɔnna ahorow ne sɛnea Yehowa bu no no ho ntease pii.

Bere a saa barima yi yere too pon sɛ ɔde redi Agya Da no, ofi obu mu pow sɛ ɔbɛba ase. Nanso ɔbea no tee nka sɛ barima no nnɔ no bio na ne som no hia no sen ɔno ne abusua no. Ofi ayamye mu kyerɛkyerɛɛ mu sɛ nea osua fi Bible mu no a ɔde di dwuma no reboa no ma wayɛ okunu ne agya pa. Akyiri yi, ɔbea no benyaa Kyerɛwnsɛm mu nokware ho dɔ a na ɔbarima no wɔ no ho anisɔ kɛse na ɔpenee so sɛ obesua Bible no. Mprempren ɔbarima no ne n’abusua sua Bible no. Na hwɛ anigye a onyae wɔ “Ɔsoro Nkyerɛkyerɛ” Ɔmantam Nhyiam no ase afe a etwaam no! Ne yere ne ne babea bae, na na wɔwɔ hɔ na wɔbɔɔ no asu.

Atubrafo Te Dwom Foforo No

Atubrafo ɔpepem pii a wofi Haiti ne Bahamasfo redi afra. Ehia sɛ wɔn nso wɔte Ahenni nokware ho dwom foforo no. Adansefo a wɔte Bahamas no ani sɔ sɛ Haiti Amerikafo baanan a wɔyɛ awarefo aba hɔ. Saa ankorankoro yi aboa ahyɛ kuw afoforo a wɔka Haiti kasa a ɛwɔ Grand Bahama ne Abaco nsupɔw so no den.

Nea ayɛ Haitifo a wɔn ani gye Ahenni nkrasɛm no ho mmoa bio ne ɔmantam nhyiam a edi kan a wɔyɛe wɔ Creole kasa mu a ɛbaa so wɔ Bahamas fi July 31 kosi August 1, 1993 no. Nnipa 214 na wɔkɔe, na wɔbɔɔ afoforofo a wɔahyira wɔn ho so abiɛsa asu. Haitifo a wosuaa nokware no wɔ Bahamas no pii asan kɔ wɔn ankasa supɔw so anaa beae foforo akɔka Adansefo a wɔwɔ hɔ no ho ma wɔto ayeyi nnwom ma Yehowa.

[Kratafa 8 adaka]

ƆMAN NO HO AKONTAABU

1993 Ɔsom Afea

DODOW A ƐSEN BIARA A WODII ADANSE: 1,294

NKYEKYEM: Ɔdansefo 1 kasa kyerɛ nnipa 197

DODOW A WƆBAA NKAEDI ASE: 3,794

AKWAMPAEFO DODOW NKYEKYEM: 186

BIBLE ADESUA DODOW NKYEKYEM: 1,715

DODOW A WƆBƆƆ WƆN ASU: 79

ASAFO AHOROW: 22

BAA DWUMADIBEA: NASSAU

[Ase hɔ asɛm]

a Sɛ wopɛ sɛ wuhu nsɛm pii a, hwɛ 1994 Calendar of Jehovah’s Witnesses no so.

[Kratafa 9 mfonini]

Ahenni Asa a edi kan ne baa dwumadibea ne asɛmpatrɛwfo fie no

[Kratafa 9 mfonini]

Adansefo de nsi ka asɛmpa no

[Kratafa 9 mfonini]

Milton G. Henschel ne Nathan H. Knorr ne asɛmpatrɛwfo wɔ Nassau bɛyɛ mfe 45 ni

[Kratafa 9 mfonini]

Baa dwumadibea foforo a wohyiraa so February 8, 1992 no

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena