Teokrase Nsɛmmansɛmma
Bahamas: Adawurubɔfo 1,294 no ani gyei sɛ nnipa 3,149 baa “Ɔsoro Nkyerɛkyerɛ” Nhyiam horow no ase ma wɔbɔɔ 38 asu no.
Brazil: Wɔ July mu no, wonyaa adawurubɔfo dodow nkɔanim a ɛsen biara a ɛto so anan wɔ 1993 ɔsom afe no mu, na nnipa 348,634 na wobuu akontaa.
Gabon: July mu no, wonyaa adawurubɔfo dodow nkɔanim a ɛsen biara a ɛto so anum wɔ 1993 ɔsom afe no mu July, bere a adawurubɔfo 1,332 buu akontaa no. Sɛ wɔkyekyem a, saa adawurubɔfo nsiyɛfo yi nyaa nnɔnhwerew 17.8, yɛɛ sankɔhwɛ 22,658, na wɔyɛɛ ofie Bible adesua ahorow 4,280.