Teokrase Nsɛmmansɛmma
Angola: Wɔkɔ so bɔ nkɔanim kɛse ho amanneɛ. Wonyaa adawurubɔfo dodow nkɔanim a ɛsen biara foforo 18,911 wɔ July mu, na wɔyɛɛ Bible adesua 56,075.
India: Adawurubɔfo a wobuu akontaa wɔ July mu dodow yɛ 12,169 anaa nea ɛboro afe a etwaam no nkyekyem so ɔha biara mu nkyem 14. Wonyaa ofie Bible adesua dodow nkɔanim foforo 10,153.
Myanmar: Wonyaa adawurubɔfo dodow nkɔanim foforo 1,958 wɔ July mu.
São Tomé ne Príncipe: Adawurubɔfo dodow nkɔanim a ɛsen biara 80 na wɔkɔɔ asɛnka wɔ July mu. Bible adesua dodow a wɔyɛ—382 wɔ July mu—da no adi sɛ asasesin yi ahoa ampa ama otwa kɛse.